Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

To Dwom Ma Yehowa!

To Dwom Ma Yehowa!

To Dwom Ma Yehowa!

“Mete ase yi, mɛto dwom ama me Nyankopɔn.”—DW. 146:2.

1. Dɛn na ɛkaa Dawid a na ɔyɛ abofra no ma ɔhyehyɛɛ ne nnwom no mu bi?

BERE a Dawid yɛ abofra no, na ɔde nnɔnhwerew pii hwɛ n’agya nguan wɔ wuram wɔ baabi a ɛbɛn Betlehem. Sɛ na Dawid rehwɛ nguan no a, na otumi hu Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa: nsoromma a ayɛ wim ma, “wuram mmoa,” ne “wim nnomaa.” Nea ohui no kaa no paa ma ɔhyehyɛɛ nnwom a ɛka koma de yii Nea ɔyɛɛ anwonwade yi no ayɛ. Yebetumi ahu nnwom a Dawid hyehyɛe no mu pii wɔ Nnwom nhoma no mu. *Monkenkan Dwom 8:3, 4, 7-9.

2. (a) Nnwom betumi aka onipa bi dɛn? Ma ɛho nhwɛso. (b) Ɔkwan bɛn so na Dwom 34:7, 8 ne Dwom 139:2-8 betumi aboa yɛn ma yɛahu abusuabɔ a na Dawid ne Yehowa wɔ?

2 Ɛda adi sɛ ɛyɛ bere a na Dawid hwɛ nguan no na osuaa nnwonto yiye. Nokwarem no, obehuu nnwonto yiye araa ma wɔtoo nsa frɛɛ no ma ɔkɔbɔɔ sanku maa Ɔhene Saul. (Mmeb. 22:29) Nnwom a na Dawid bɔ no maa ɔhene a na wahaw no ho dwoo no sɛnea nnwom a ɛyɛ dɛ taa ma nkurɔfo ho dwo wɔn nnɛ no. Bere biara a na Dawid bɛbɔ ne sanku no, ‘na Saul ho tɔ no ma n’asom dwo no.’ (1 Sam. 16:23) Nnwom a odwontofo ne dwonkyerɛwfo a osuro Onyankopɔn yi hyehyɛe no ayɛ nea mfaso wɔ so yiye de besi nnɛ. Wo de, susuw ho hwɛ! Ɛnnɛ, bɛboro mfe 3,000 wɔ Dawid awo akyi no, nnipa ɔpepem pii a ɛsono wɔn nsɛm tebea a wɔwɔ wiase afã ahorow nyinaa kenkan Dawid nnwom no daa de hwehwɛ awerɛkyekye ne anidaso.—2 Be. 7:6; monkenkan Dwom 34:7, 8; 139:2-8; Amos 6:5.

Sɛnea Nnwom Ho Hia wɔ Nokware Som Mu

3, 4. Nhyehyɛe bɛn na wɔyɛe de nnwonto kaa nokware som ho wɔ Dawid bere so?

3 Ná Dawid wɔ ɔdom akyɛde, na ɔde ne dom akyɛde no dii dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara so sɛnea obetumi de hyɛɛ Yehowa anuonyam. Bere a Dawid bedii Israel so hene no, ɔyɛɛ nhyehyɛe ma wɔde nnwonto a ɛyɛ dɛ kaa ɔsom adwuma a na wɔyɛ wɔ ntamadan no mu no ho. Wɔ Lewifo a na wɔyɛ adwuma wɔ ntamadan no mu nyinaa mu no, wɔmaa wɔn mu bɛboro du biara mu biako—a na wɔn dodow bɛyɛ 4,000—adwuma sɛ ‘wɔmfa nnwonto nyi Yehowa ayɛ,’ na wɔn mu 288 de, ‘wɔkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔnto nnwom mma Yehowa, na na wɔn nyinaa ho akokwaw.’—1 Be. 23:3, 5; 25:7.

4 Dawid ankasa na ɔhyehyɛɛ nnwom a Lewifo no toe no mu pii. Ɛbɛyɛ sɛ bere biara a wɔtoo nnwom a Dawid hyehyɛe no, ɛkãã Israelni biara a onyaa hokwan tiee bi no koma kɛse. Akyiri yi, bere a wɔde apam adaka no foro baa Yerusalem no, “Dawid ka kyerɛɛ Lewifo atitiriw no sɛ wɔmma wɔn nuanom nnwontofo no mfa wɔn nnwonto nneɛma mmegyinagyina wɔn gyinabea na wɔmfa nto dwom den mma anigye mmra, asanku ahorow nyinaa bi, ne nnawuta.”—1 Be. 15:16.

5, 6. (a) Dɛn nti na na wobu nnwonto sɛ biribi a ɛho hia saa wɔ Dawid bere so? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ na wobu nnwonto sɛ ade a ɛho hia wɔ ɔsom mu wɔ tete Israel?

5 Dɛn nti na na wobu nnwonto sɛ biribi a ɛho hia saa wɔ Dawid bere so? Esiane sɛ na ɔhene no yɛ odwontofo nti anaa? Dabi, ná biribi foforo wɔ hɔ a wɔdaa no adi akyiri yi bere a Ɔhene Hesekia a ɔyɛ ɔtreneeni no san hyehyɛɛ asɔrefie hɔ som adwuma no. Yɛkenkan wɔ 2 Beresosɛm 29:25 sɛ: “[Ná Hesekia ama] Lewifo no abegyinagyina Yehowa fie hɔ, na wokurakura nnawuta, asanku ne asankuten sɛnea Dawid ne ɔhene [no] dehufo Gad ne odiyifo Natan hyɛe no, efisɛ Yehowa nam n’adiyifo no so na ɔhyɛe.”

6 Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa nam n’adiyifo no so ka kyerɛɛ n’asomfo sɛ wɔnto nnwom nyi no ayɛ. Woyii nnwontofo a na wofi asɔfo abusua mu no fii nnwuma a na wɔhwehwɛ sɛ Lewifo a wɔaka no yɛ mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii de ahyehyɛ nnwom, na ebia wɔde abobɔ so mpo.—1 Be. 9:33.

7, 8. Sɛ yɛreto yɛn Ahenni nnwom a, dɛn na ɛho hia koraa sen to a yɛbɛto no ahokokwaw so?

7 Ebia wobɛka sɛ, “Sɛ yɛreka nnwonto ho asɛm a, me de, anka wɔremfa me nka wɔn a na wɔto nnwom wɔ ntamadan no mu a na wɔn ho akokwaw no ho da!” Nanso, na ɛnyɛ Lewifo nnwontofo no nyinaa na na wɔn ho akokwaw. Sɛnea 1 Beresosɛm 25:8 kyerɛ no, na wɔn a ‘wɔresua’ nnwonto nso wɔ hɔ. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow nso sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ nnwom hyehyɛ ne ne to mu wɔ Israel mmusuakuw foforo mu, nanso, Lewifo no na Yehowa de wɔn dii dwuma ma wɔtoo nnwom. Yebetumi anya ahotoso sɛ, sɛ́ ebia na Lewifo anokwafo no yɛ wɔn a wɔn ho ‘akokwaw’ anaa ‘asuafo’ no, na wɔn nyinaa fi wɔn koma mu yɛ wɔn som adwuma no.

8 Ná Dawid ani gye nnwom ho, na na onim to paa. Nanso, so ɔdom akyɛde a obi wɔ nkutoo na ɛho hia Onyankopɔn? Dawid kyerɛwee Dwom 33:3 sɛ: “Momfa mo koma nyinaa mmɔ sanku na mommɔ ose nka ho.” Asɛm no mu da hɔ fann sɛ: Ade a ɛho hia ne sɛ ‘yebefi yɛn koma nyinaa mu’ ayi Yehowa ayɛ.

Sɛnea Wɔde Nnwom Dii Dwuma wɔ Dawid Nna no Akyi

9. Ka nea sɛ wokɔɔ asɔrefie no a wohyiraa so wɔ Solomon nniso no mu no bi a anka wubehu ne nea anka wobɛte ho asɛm.

9 Wɔ Solomon nniso no mu no, wɔde nnwom dii dwuma kɛse wɔ nokware som mu. Bere a wɔrehyira asɔrefie no so no, na nnwontofo a wɔasiesie wɔn ho a na nnipa 120 a wɔhyɛn ntorobɛnto ka wɔn ho wɔ hɔ. (Monkenkan 2 Beresosɛm 5:12.) Bible ka sɛ, “na mmɛnhyɛnfo [a na wɔn nyinaa yɛ asɔfo] ne nnwontofo no de nne biako maa nnwom so de yii Yehowa ayɛ, daa no ase . . . sɛ, ‘oye na n’adɔe wɔ hɔ daa.’” Bere a nnwontofo no maa wɔn nne so too nnwom anigye so no, “omununkum bɛhyɛɛ ofie no . . . mã” de kyerɛe sɛ Yehowa ani asɔ nnwom a wɔtoe no. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ na ɛyɛ anigye ne nwonwa sɛ wobɛte sɛ nnwontofo mpempem pii reto nnwom na mmɛnhyɛnfo nso ka wɔn ho rehyɛn wɔn torobɛnto ma ne nyinaa kɔ kama!—2 Be. 5:13.

10, 11. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ na tete Kristofo no to nnwom wɔ wɔn som mu?

10 Ná tete Kristofo no nso to nnwom wɔ wɔn som mu. Nokwarem no, na afeha a edi kan no mu asomfo no nyɛ wɔn nhyiam wɔ ntamadan anaa asɔrefie ahorow mu, na mmom, na wohyiam wɔ ankorankoro afie. Esiane ɔtaa ne nneɛma foforo nti, mpɛn pii no, na ɛyɛ den sɛ wɔbɛto nnwom wɔ mmeae a na wohyiam no. Nanso, saa Kristofo no too nnwom de yii Onyankopɔn ayɛ.

11 Ɔsomafo Paulo tuu ne nuanom Kristofo a na wɔwɔ Kolose no fo sɛ: “Monkɔ so mfa nnwom, [Onyankopɔn] ayeyi, ne honhom mu nnwom a ɛho wɔ nyam . . . ntutu mo ho fo.” (Kol. 3:16) Bere a wɔde Paulo ne Silas guu afiase no, ɛwom sɛ na wonni nnwom nhoma biara a wɔbɛhwɛ mu de, nanso wofii ase “bɔɔ mpae too dwom yii Onyankopɔn ayɛ.” (Aso. 16:25) Sɛ ɛba sɛ wɔde wo to afiase a, yɛn Ahenni nnwom no mu ahe na sɛ woanhwɛ nhoma mu a wubetumi ato?

12. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ yɛn Ahenni nnwom no?

12 Esiane sɛ nnwom di dwuma a ɛho hia wɔ yɛn som mu nti, ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ: ‘So mekyerɛ ho anisɔ sɛnea ɛfata? So meyɛ nea metumi biara sɛ medu amansin ne amantam nhyiam, ne asafo nhyiam ase wɔ bere a ɛfata mu na me ne me nuanom mmarima ne mmea abom ato dwom a wɔde fi nhyiam no ase, na afei nso, so meto dwom no anigye so? So mema me mma hu sɛ ɛnsɛ sɛ wobu dwom a yɛto bere a yɛawie Teokrase Ɔsom Sukuu na yɛrebefi Ɔsom Nhyiam ase, anaa nea yɛto bere a yɛawie baguam ɔkasa na yɛrebefi Ɔwɛn-Aban Adesua ase no sɛ ahomegye bere, sɛ ɛyɛ bere a wɔde bɛsɔresɔre afi wɔn nkongua so apue, sɛ ebia wɔrekɔteɛteɛ wɔn anan mu?’ Nnwonto ka yɛn som ho. Nokwarem no, sɛ́ ebia yɛn ho ‘akokwaw,’ anaasɛ yɛyɛ ‘asuafo’ no, yɛn nyinaa betumi abom ato nnwom de ayi Yehowa ayɛ, na saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ.—Fa toto 2 Korintofo 8:12 ho.

Bere Rekɔ So no, Yɛn Ahiade Sesa

13, 14. Mfaso bɛn na ɛwɔ yɛn koma nyinaa mu a yebefi ato nnwom wɔ asafo nhyiam ahorow ase no so? Ma ɛho nhwɛso.

13 Bɛboro mfe 100 ni na Zion’s Watch Tower no kyerɛkyerɛɛ ade biako nti a yɛn Ahenni nnwom no ho hia kɛse mu. Ɛkae sɛ: “Ɔkwan pa a Onyankopɔn nkurɔfo betumi afa so ama nokware no aka wɔn adwene ne wɔn koma mu ne sɛ wɔde nokware no bɛto nnwom.” Woyii yɛn nnwom no pii mu nsɛm fii Kyerɛwnsɛm no mu ma enti ɔkwan a eye paa a yebetumi afa so a ma nokware no akɔ yɛn koma mu tɔnn ne sɛ, anyɛ yiye koraa no, yɛbɛbɔ mmɔden asua yɛn nnwom no bi mu nsɛm. Mpɛn pii na sɛnea asafo no mufo fi wɔn koma mu to nnwom no aka wɔn a wɔba yɛn nhyiam ahorow ase ɛda a edi kan no koma paa.

14 Wɔ afe 1869 mu anwummere bi no, na C. T. Russell apɔn adwuma rekɔ fie, na ɔtee sɛ wɔreto nnwom wɔ asa bi a ɛhyɛ ɔdan bi ase so. Saa bere no, na n’abam abu ma ɛyɛ no sɛ ɔrenhu Onyankopɔn ho nokwasɛm da. Enti na wayɛ n’adwene sɛ ɔde ne bere nyinaa bɛyɛ ne honam fam adwuma a na osusuw sɛ sɛ wantumi ammoa nkurɔfo ma wɔannya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ mpo na sɛ onya sika a, anyɛ yiye koraa no, obetumi aboa nkurɔfo ma wɔn nsa aka wɔn honam fam ahiade. Onua Russell kɔɔ asa a na mfutuma wɔ so na ɛhɔ yɛ sum no so, na ohui sɛ wɔreyɛ asɔre wɔ hɔ. Ɔtenaa ase tiee nea ɛkɔɔ so no. Akyiri yi, ɔkyerɛw nea ɔtee saa anadwo no ho asɛm sɛ “na ɛdɔɔso na ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, [ne] gyidi a na ɛrehinhim sɛ ebia Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no san yɛɛ den bio.” Hyɛ no nsow sɛ nnwom no na edii kan twetwee Onua Russell kɔɔ nhyiam no ase.

15. Ntease foforo a yɛanya bɛn na ɛmaa ɛho behiae sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn nnwom nhoma no mu?

15 Bere rekɔ so no, wɔyɛ nsakrae wɔ Kyerɛwnsɛm mu ntease a yɛwɔ no mu. Mmebusɛm 4:18 ka sɛ: “Treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛhyerɛn nkakrankakra kosi awia ketee.” Ntease foforo a yenya ma ɛho ba behia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ ‘nokware no a yɛde to nnwom’ no mu. Mfe 25 ni na Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman pii so de anigye ato nnwom a ɛwɔ nnwom nhoma a wɔato din sɛ Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa * no mu. Efi bere a wodii kan tintim saa nhoma no, yɛanya ntease foforo wɔ nsɛmpɔw pii ho, na yɛmmfa nsɛm a ɛwɔ saa nnwom nhoma no mu bi nni dwuma bio. Sɛ nhwɛso no, seesei yɛka sɛ ‘wɔbɛtew’ Yehowa din ho, na ɛnyɛ sɛ ‘wɔbɛsan’ ho. Enti ɛda adi pefee sɛ, nkyerɛkyerɛ na ama ɛho abehia sɛ yɛyɛ nsakrae wɔ yɛn nnwom nhoma no mu.

16. Ɔkwan bɛn so na yɛn nnwom nhoma foforo no bɛboa yɛn ma yɛde Paulo afotu a ɛwɔ Efesofo 5:19 no ayɛ adwuma?

16 Esiane ntease foforo a yɛanya no nnɛ ne nneɛma foforo nti, Sodikuw no penee so sɛ yentintim nnwom nhoma foforo a wɔato din sɛ To Dwom Ma Yehowa. Wɔatew nnwom dodow a ɛwɔ nhoma foforo no mu so aba 135. Esiane sɛ nhoma foforo no mu nnwom nnɔɔso nti, anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ yetumi kyere nnwom foforo no bi mu nsɛm gu yɛn tirim. Eyi ne Paulo afotu a ɛwɔ Efesofo 5:19 no hyia.—Monkenkan.

Wubetumi Akyerɛ Ho Anisɔ

17. Adwene bɛn na sɛ yenya a ebetumi aboa yɛn ma yɛadi suro a yesuro sɛ yɛn anim begu ase wɔ nnwom a yɛbɛto wɔ asafo no mu no so?

17 So ɛsɛ sɛ yɛma suro a yesuro sɛ yɛn anim begu ase no siw yɛn kwan sɛ yɛbɛto nnwom wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase? Susuw ho wɔ saa kwan yi so hwɛ: So ɛnyɛ nokware sɛ “yɛn nyinaa di mfomso mpɛn pii” wɔ kasa mu? (Yak. 3:2) Nanso, yɛmma mfomso a yedi wɔ kasa mu no nsiw yɛn kwan sɛ yebeyi Yehowa ayɛ wɔ afie afie mu. Sɛ ɛte saa a, ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nne a ɛnyɛ dɛ siw yɛn kwan sɛ yɛbɛto nnwom de ayi Onyankopɔn ayɛ? Yehowa a “ɔyɛɛ ano maa onipa” no ani gye ho sɛ obetie yɛn bere a yɛde yɛn nne yi no ayɛ no.—Ex. 4:11.

18. Ma nyansahyɛ ahorow fa kyerɛ sɛnea wosua nnwom no mu nsɛm.

18 Wɔakyere yɛn nnwom no agu apaawa (CD) so wɔ kasa pii mu, na wɔato din Sing to Jehovah—Vocal Renditions. Wɔde asanku nnyigyei ne nnwontofo nne na ayɛ nnwom foforo no dɛdɛɛdɛ agu apaawa no so. Sɛnea wɔahyehyɛ nnwom no ma ne tie yɛ anigye paa. Tie mpɛn pii; sɛ woyɛ saa a, ɛrenkyɛ koraa, wubehu yɛn nnwom foforo no bi mu nsɛm. Wɔahyehyɛ nnwom no pii mu nsɛm wɔ ɔkwan bi so a sɛ woto ɔfã biako wie a, ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu nea edi hɔ no mu nsɛm. Enti sɛ worebɔ apaawa no a, dɛn nti na wommɔ mmɔden nto nni akyi? Sɛ wusua nnwom no mu nsɛm yiye wɔ fie a, akyinnye biara nni ho sɛ, wubetumi de ahotoso ato bere a wowɔ Ahenni Asa so no.

19. Nnwuma bɛn na wɔyɛ de siesie yɛn Ahenni nnwom a wɔde asanku ahorow bɔ no?

19 Ɛnyɛ den koraa sɛ wubebu w’ani agu nnwom a wɔde asanku ahorow ayɛ a wɔbɔ wɔ da koro nhyiam titiriw, amansin, ne amantam nhyiam ahorow ase no so. Adwuma pii na wɔyɛ de hyehyɛ saa nnwom no. Sɛ wɔpaw nnwom a wɔde bedi dwuma no wie a, ɛsɛ sɛ wɔde ahwɛyiye hyehyɛ nnwom no sɛnea Watchtower asankubɔfo a wɔn dodow yɛ 64 no betumi ahwɛ so de asanku abɔ. Afei, nnwontofo no de nnɔnhwerew pii hwɛ nnwom a wɔakyerɛw a wɔbɛbobɔ so no mu, na awiei koraa no, wɔkyere gu apaawa so wɔ yɛn adwumayɛbea a ɛwɔ Patterson, New York no. Saa anuanom mmarima ne mmea no mu du nte United States. Wɔn nyinaa bu no sɛ ɛyɛ hokwan na wɔanya sɛ wɔbɛboa ma yɛanya nnwom atie wɔ yɛn teokrase dwumadi ahorow ase. Yebetumi akyerɛ adwuma a wofi ɔdɔ mu yɛ no ho anisɔ. Sɛ yɛkɔ amansin ne amantam nhyiam ase na oguamtenani no ka sɛ yɛntena ase ntie nnwom a wɔrebɛbɔ no a, momma yɛn nyinaa ntena ase ntɛm ara na yɛnyɛ komm ntie nnwom a wɔafi ɔdɔ mu asiesie ama yɛn no.

20. Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

20 Yehowa tie nnwom a yɛto de yi no ayɛ no. Ɛho hia no paa. Enti sɛ yehyiam bere biara sɛ yɛrebɛsom a, yebetumi afi yɛn koma nyinaa mu ato nnwom ama ne koma atɔ ne yam. Nokwarem no, sɛ́ yɛn ho akokwaw wɔ nnwonto mu, anaasɛ yɛyɛ asuafo no, momma ‘yɛnto nnwom mma Yehowa’!—Dw. 104:33.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, mfe apem wɔ Dawid wu akyi no, abɔfo bi kɔka kyerɛɛ nguanhwɛfo bi a na wɔrehwɛ wɔn nguan wɔ wuram wɔ baabi a ɛbɛn Betlehem no sɛ wɔawo Mesia no.—Luka 2:4, 8, 13, 14.

^ nky. 15 Ná nnwom 225 no nyinaa wɔ kasa bɛboro 100 mu.

Wudwen Ho Dɛn?

• Nhwɛso ahorow bɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ nnwom di dwuma a ɛho hia wɔ yɛn som mu?

• Abusuabɔ bɛn na wuhu sɛ ɛwɔ ahyɛde a Yesu de mae wɔ Mateo 22:37 no so a yebedi ne yɛn koma nyinaa mu a yebefi ato Ahenni nnwom no mu?

• Akwan a yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ yɛn Ahenni nnwom no yiye no bi ne dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

So woma wo mma hu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔsɔresɔre fi wɔn nkongua so bere a yɛreto dwom?

[Mfonini wɔ kratafa 24]

So woresua yɛn nnwom foforo no mu nsɛm wɔ fie?