Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mahu Tumi A Bible Mu Nokware Wɔ

Mahu Tumi A Bible Mu Nokware Wɔ

Mahu Tumi A Bible Mu Nokware Wɔ

Sɛnea Vito Fraese Ka Kyerɛe

EBIA wontee kurow a wɔfrɛ no Trentinara din da. Ɛyɛ kurow ketewaa bi a ɛwɔ Naples a ɛwɔ Italy anafo fam. Ɛhɔ na wɔwoo m’awofo ne me nuabarima panyin Angelo. Wɔ Angelo awo akyi no, m’awofo tu kɔɔ United States, na wɔkɔtenaa Rochester a ɛwɔ New York, na ɛhɔ na wɔwoo me wɔ afe 1926 mu. Afe 1922 mu na Paapa dii kan hyiaa Yehowa Adansefo a saa bere no na wɔfrɛ wɔn Bible Asuafo no. Ankyɛ koraa na ɔne Maame bɛyɛɛ Bible Asuafo.

Ná Paapa yɛ obi a odwo, na na osusuw nneɛma ho kɔ akyiri, nanso na n’ani nnye asisisɛm ho koraa. Ná ɛhaw no paa sɛ asɔfo no de nimdeɛ ahintaw nkurɔfo, enti wamma hokwan a na obenya de aka Bible mu nokware akyerɛ nkurɔfo ampa ne ti so da. Bere a ɔkɔɔ pɛnhyen no, ɔde ne ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu, na ɔyɛe araa kosii sɛ yare ne awɔw bere a emu yɛ den ma ogyaee bere a na wadi mfe 74 no. Ɛno mpo no, ɔkɔɔ so de nnɔnhwerew 40 kosi 60 kaa asɛm no ɔsram biara kosii sɛ odii mfe 90 ne akyiri. Paapa nhwɛso no nyaa me so nkɛntɛnso kɛse. Ɛwom sɛ ɛyɛ a na ɔka aseresɛm de, nanso na ɔyɛ obi a n’ani so da hɔ. Ná ɔtaa ka sɛ, “Ɛsɛ sɛ yɛma nokware no ho hia yɛn paa.”

Paapa ne Maame bɔɔ mmɔden sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm no bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma a na yɛyɛ mmofra baanum no nyinaa. Wɔbɔɔ me asu August 23, 1943, na mebɛyɛɛ ɔkwampaefo wɔ June 1944 mu. Ná me nuabea Carmela ne n’adamfo Fern a ne ho yɛ anika no yɛ akwampaefo wɔ Geneva a ɛwɔ New York no. Ankyɛ koraa na mihui sɛ Fern yɛ ababaa a m’ani gye ho sɛ me ne no bɛtena me nkwa nna a aka nyinaa. Enti yɛwaree wɔ August 1946 mu.

Asɛmpatrɛw Adwuma

Yɛyɛɛ yɛn dwumadi abien a edi kan a yɛbɔɔ mu yɛe sɛ akwampaefo atitiriw no wɔ Geneva ne Norwich a ɛwɔ New York no. Wɔ August 1948 mu no, yenyaa hokwan kɔɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 12 no bi. Afei, wɔde yɛne asɛmpatrɛwfo foforo a wɔyɛ awarefo a wɔfrɛ wɔn Carl ne Joanne Ridgeway kɔɔ Naples a ɛwɔ Italy no. Saa bere no, na Naplesfo rebɔ mmɔden sɛ wobesiesie nneɛma a na ɔko no asɛe no no. Ná ɛyɛ den sɛ yebenya ofie atena mu, enti yɛtenaa ofie ketewaa bi a adankora abien na ɛwom mu asram kakra.

Bere a meyɛ abofra no, na mete sɛ m’awofo ka Italia kasa a Naplesfo ka no bi ma enti na mitumi ka Italia kasa no ma nkurɔfo te ase ɛmfa ho sɛ na meka Italia kasa te sɛ Amerikani a ɔreka Italia kasa no. Ná Italia kasa no ka yɛ den ma Fern. Nanso sɛ mɛka a, ankyɛ koraa na otumi kaa kasa no te sɛ me, na akyiri yi, otumi kaa no yiye mpo sen me.

Mfiase no, abusua bi a emufo yɛ nnipa baanan nkutoo na wɔkyerɛɛ asɛm no ho anigye wɔ Naples. Ná wɔtɔn sigaret a mmara mma ho kwan. Da biara da na abusua no muni biako a wɔfrɛ no Teresa sakra ne nipadua ma ɛyɛ nwonwa. Sɛ edu anɔpa a, na ɔde sigaret hyehyɛ n’atade nkotoku pii no mu mama ma ohuhuru yɛ kakraa. Ebedu anwummere no na watwe ayɛ teaa. Nokware no sakraa abusua yi koraa. Awiei koraa no, abusua no mufo 16 bɛyɛɛ Adansefo. Seesei Adansefo bɛyɛ 3,700 na wɔwɔ Naples kurow no mu.

Wɔsɔre Tiaa Yɛn Adwuma No

Bere a yedii asram akron pɛ wɔ Naples no, atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no pamoo yɛn baanan no fii kurow no mu. Yɛkɔɔ Switzerland kodii bɛyɛ ɔsram biako wɔ hɔ, na yɛnam tumi krataa a wɔde kɔ nsrahwɛ so san kɔɔ Italy. Wɔmaa me ne Fern kɔyɛɛ adwuma wɔ Turin. Mfiase no, ɔbea bi maa yɛn dan hanee, nanso na ɛsɛ sɛ yeguare wɔ n’aguaree na yɛnoa aduan wɔ ne gyaade. Bere a Carl ne Joanne Ridgeway baa Turin no, yɛne wɔn bɔɔ mu hanee ofie bi. Bere bi akyi no, asɛmpatrɛwfo du a yɛyɛ awarefo tenaa ofie biako mu.

Bere a atumfoɔ no pamoo yɛn fii Turin wɔ afe 1955 mu no, na yɛahyehyɛ asafo foforo anan wɔ hɔ. Saa bere no, na ɛhɔnom anuanom mmarima a wɔfata wɔ hɔ a wobetumi ahwɛ asafo ahorow no so. Atumfoɔ no ka kyerɛɛ yɛn sɛ, “Yegye di paa sɛ sɛ mo a moyɛ Amerikafo no kɔ a, nea moahyehyɛ biara bɛsɛe.” Nanso, nkɔso a ɛbaa akyiri yi no ma ɛdaa adi sɛ Onyankopɔn na ɔma adwuma no nya nkɔso. Ɛnnɛ, Adansefo bɛboro 4,600 ne asafo ahorow 56 na ɛwɔ Turin.

Florence—Kurow a Ɛyɛ Fɛ

Kurow a edi hɔ a wɔde yɛn kɔɔ mu ne Florence. Ná yɛate saa kurow yi ho nsɛm mpɛn pii, efisɛ ɛhɔ na me nuabea Carmela ne ne kunu Merlin Hartzler yɛɛ wɔn asɛmpatrɛw adwuma. Nanso, twa ɛhɔ a na yɛbɛtena no ho mfonini hwɛ. Ná mmeae bi te sɛ Piazza della Signoria, Ponte Vecchio, Piazzale Michelangelo, ne Palazzo Pitti ma kurow no yɛ fɛ ankasa! Yɛn ani gyei sɛ yehuu sɛnea nnipa a wɔwɔ Florence no mu bi kyerɛɛ asɛmpa no ho anigye.

Yɛne abusua bi mufo suaa ade, na awofo no bɔɔ asu. Nanso, na agya no nom sigaret. Wɔ afe 1973 mu no, Ɔwɛn-Aban no bɛkae sɛ sigaretnom yɛ suban a ɛho ntew, na ɛhyɛɛ akenkanfo nkuran sɛ wonnyae nom. Mmofra a na wɔn ani afi no paa wɔn papa kyɛw sɛ onnyae sigaretnom. Ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ obegyae, nanso wannyae. Da koro anwummere bi, ne yere ka kyerɛɛ wɔn mma ntafo a na wɔadi mfe akron no sɛ wɔnkɔda a ɔne wɔn ammɔ mpae. Akyiri yi, ɛhaw no sɛ ɔyɛɛ saa, na ɔkɔɔ wɔn dan no mu. Oduu hɔ no, na mmofra no ankasa abɔ wɔn mpae dedaw. Obisaa wɔn sɛ: “Dɛn na mobɔɔ ho mpae?” Wɔkae sɛ, wɔbɔɔ mpae sɛ: “Yehowa, yɛsrɛ wo boa Paapa ma onnyae sigaretnom.” Ɔbea no frɛɛ ne kunu sɛ, “Bra betie mpae a wo mma no abɔ.” Bere a ɔbarima no kotiei no, ofii ase sui, na ɔkae sɛ, “Merennom sigaret bio da!” Odii ne bɔhyɛ so, na seesei saa abusua no mufo bɛboro 15 yɛ Adansefo.

Yɛkɔsomee wɔ Afrika

Wɔ afe 1959 mu no, wɔde yɛne asɛmpatrɛwfo foforo baanu a wɔne Arturo Leveris ne me nuabarima Angelo kɔɔ Mogadishu a ɛwɔ Somalia no. Bere a yeduu hɔ no, na ɔman no amanyɔsɛm ayɛ basaa. Ná Amanaman Nkabom ama Italy aban tumi sɛ anka ɛnhwɛ mma Somalia man no nnya fahodi, nanso na ɛte sɛ nea sɛe ara na tebea no resɛe. Italiafo bi a na yɛne wɔn sua ade no fii ɔman no mu, na na ɛyɛ den sɛ yɛbɛtew asafo wɔ hɔ.

Saa bere no mu no, dantaban sohwɛfo no kae sɛ menyɛ ne boafo. Enti yefii ase srasraa aman a ɛbemmɛn hɔ no. Nnipa a yɛne wɔn suaa ade no nyaa nkɔso, nanso esiane ɔsɔretia nti na ɛsɛ sɛ wɔn mu binom fi wɔn aman mu. Afoforo tenaa hɔ, ɛmfa ho sɛ na ɛsɛ sɛ wogyina amanehunu pii ano no. * Ɛnnɛ mpo, sɛ yedwen ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne amanehunu a wogyinaa ano de dii nokware no ho a, ɛka yɛn koma.

Ná ewim taa yɛ hyew paa wɔ Somalia ne Eritrea. Ná ɛhɔnom nnuan no bi mpo ma ɔhyew de yɛn kɛse. Bere a edi kan a yedii ɛhɔnom aduan no bi wɔ yɛn Bible suani bi fie no, me yere ka de dii agoru sɛ n’aso ayɛ hyew te sɛ ogya!

Bere a wɔmaa Angelo ne Arturo kɔyɛɛ adwuma wɔ baabi foforo no, ɛkaa yɛn nkutoo. Bere a na yennya obiara a ɔbɛhyɛ yɛn nkuran no, ɛyɛɛ den maa yɛn. Nanso, tebea yi a yɛfaa mu no boaa yɛn ma yɛbɛn Yehowa kɛse, na yenyaa ne mu ahotoso paa. Aman a na wɔabara asɛnka adwuma no wɔ hɔ a yɛkɔsraa ɛhɔfo no hyɛɛ yɛn nkuran yiye.

Yehyiaa nsɛnnennen pii wɔ Somalia. Ná yenni frigye, enti na yɛtɔ nnuan a yebedi no da no ara, sɛ́ ɛyɛ oboodede nam anaa ɛhɔnom nnuaba te sɛ mango, borɔfere, akutu, kube, anaa kwadu no. Ná nkoekoemmoa taa haw yɛn. Ɛtɔ mmere bi na sɛ yɛreyɛ ofie Bible adesua a, na wobesisi yɛn kɔn ho. Esiane sɛ na yɛwɔ moto nti, na yɛnnantew nnɔnhwerew pii wɔ owia a na ano yɛ hyew paa no so.

Yɛsan Kɔɔ Italy

Esiane yɛn nnamfonom ayamye nti, yenyaa po so hyɛn a wɔde fa kwadu tenaa mu san kɔɔ Italy kɔɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ Turin wɔ afe 1961 mu no bi. Yɛtee sɛ wɔbɛsesa yɛn dwumadi. Wɔ September 1962 mu no, yɛsan kɔɔ Italy, na mifii ase somee sɛ ɔmansin sohwɛfo. Yɛtɔɔ kar ketewa bi a yɛde tutuu akwan mfe anum de som amansin abien.

Bere a yɛtenaa Afrika ɔhyew no mu akyi no, afei de na ɛsɛ sɛ yɛtena awɔw mu. Bere a edi kan a awɔw bere too yɛn wɔ hɔ no, na yɛakɔsra asafo bi a ɛwɔ mmepɔw Alps ase, na yɛdaa ɔdan bi a ɛwɔ baabi a wɔde mmoa aduan gu atifi mu, na na biribiara a ɛma ɔdan mu yɛ hyew nni hɔ. Ná awɔw wom araa ma enti yɛhyɛɛ yɛn ntade nguguso de dae. Saa anadwo no, awɔw no kunkum nkokɔ anan ne nkraman abien wɔ baabi a ɛbɛn yɛn!

Akyiri yi, mesom sɛ ɔmantam sohwɛfo nso. Wɔ saa mfe no mu no, yɛyɛɛ adwuma wɔ Italy man no mu nyinaa. Yɛkɔɔ mmeae bi te sɛ Calabria ne Sicily mpɛn pii. Yɛhyɛɛ mmabun nkuran sɛ wonnya nkɔso wɔ nokware no mu na wɔmfa nyɛ wɔn botae sɛ wɔbɛba abɛyɛ asafo mu ahwɛfo, ahwɛfo akwantufo, anaasɛ wɔbɛkɔ akɔsom wɔ Betel.

Yɛasua nneɛma pii afi yɛn nnamfonom a wɔyɛ anokwafo a wɔafi wɔn koma nyinaa mu asom Yehowa no hɔ. Yɛn ani asɔ su ahorow te sɛ nokware a wofi komam di ma Yehowa, ayamye a wɔda no adi, ɔdɔ a wɔda no adi kyerɛ wɔn nuanom, tebea ahorow biara a wotumi gyina ano, ne ahofama a wɔda no adi no. Yɛakɔ ayeforohyia ahorow a wɔyɛ wɔ Ahenni Asa so. Adansefo a wogye wɔn tom wɔ mmara mu sɛ Onyankopɔn asomfo a wɔhwɛ ma wɔde aware hyɛ mmara ase na wɔhwɛɛ so. Na mfe bi a atwam no, na eyi ntumi nyɛ yiye koraa wɔ ɔman no mu. Seesei asafo ahorow no nyɛ wɔn nhyiam wɔ anuanom gyaade na wɔntenatena ntaboo so nso bio sɛnea na wɔyɛ wɔ Turin no. Mmom no, asafo ahorow no mu dodow no ara anya Ahenni Asa ahorow a ɛyɛ fɛ, na ɛhyɛ Yehowa anuonyam. Afei nso, yɛnyɛ amansin nhyiam wɔ adehwɛbea ahorow a emu susua mu, na mmom yɛyɛ wɔ Nhyiam Asa ahorow a ɛhɔ trɛw so. Na hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛahu sɛ adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ dodow boro 243,000. Bere a yɛkɔɔ Italy no, na wɔn dodow yɛ 490 pɛ.

Yesisii Gyinae Pa

Yɛafa ahokyere pii mu, na ebi ne anigyina ne yare. Bere biara a na Fern behu po no, na n’ani gyina fie. Wɔayɛ no oprehyɛn akɛse abiɛsa nso. Bere bi a na ɔnam kwan so rekɔyɛ Bible adesua bi no, ɔsɔretiafo bi de adinam kɛse bi wɔɔ no. Saa asɛm no nso de no kopuee ayaresabea.

Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a na yɛn abam bu de, nanso sɛnea Kwadwom 3:24 kyerɛ no, ‘yɛatwɛn Yehowa.’ Ɔyɛ awerɛkyekye Nyankopɔn. Bere bi a na yɛn abam abu no, Fern nsa kaa krataa bi a emu nsɛm hyɛ nkuran fii Onua Nathan Knorr hɔ. Esiane sɛ wɔwoo Onua Knorr wɔ baabi a ɛbɛn Bethlehem a ɛwɔ Pennsylvania a ɛhɔ na Fern fii akwampae adwuma ase nti, ɔkyerɛwee sɛ onim sɛ mmea te sɛ Fern a wɔn ase fi Germany a wɔte Pennsylvania no ani yɛ den, na wɔmpa abaw. Asɛm a ɔkae no yɛ nokware. Mfe a atwam no, yɛanya nkuranhyɛ wɔ akwan pii so, na nnipa pii nso ahyɛ yɛn nkuran.

Nsɛnnennen a yɛahyia nyinaa akyi no, yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛma nsi a yɛde yɛ asɛnka adwuma no mu akɔ so ayɛ den. Bere bi a Fern de nsiyɛ retoto Italiafo bobesa bi a ani tew gya yerɛyerɛw na ɛyɛ dɛ a wɔfrɛ no Lambrusco ho no, ɔkaa no agoru so sɛ, “Ɛnsɛ sɛ yɛma nsi a yɛyɛ no dum.” Bere a yɛde bɛboro mfe 40 yɛɛ ɔmansin ne ɔmantam adwuma no akyi no, yenyaa hokwan foforo a ɛne sɛ yɛbɛhyehyɛ akuw ahorow ne asafo ahorow a wɔnka Italia kasa na yɛasrasra wɔn. Akuw a ɛtete saa no ka asɛm no kyerɛ nnipa a wofi Bangladesh, China, Eritrea, Ethiopia, Ghana, India, Nigeria, Philippines, Sri Lanka, ne aman foforo so. Sɛ yɛka sɛ yɛrekyerɛw akwan a ɛyɛ anigye a yɛahu sɛnea tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu asesa wɔn a wɔaka Yehowa mmɔborɔhunu ahwɛ no asetena wɔ nhoma mu a, anka ɛrenkɔ mu.—Mika 7:18, 19.

Da biara da, yɛbɔ mpae sɛ Yehowa nkɔ so mma yɛn abotɔyam ne ahoɔden a yɛde bɛyɛ yɛn som adwuma no. Awurade mu anigye ne yɛn ahoɔden. Ɛma yɛn ani gye, na yenya ahotoso sɛ yɛasisi gyinae pa wɔ yɛn asetena mu sɛ yɛreka Bible mu nokware akyerɛ nkurɔfo.—Efe. 3:7; Kol. 1:29.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Hwɛ afe 1992 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no kratafa 95-184.

[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 27-29]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

M’awofo wɔ Rochester, NY

1948

Mewɔ Gilead adesuakuw a ɛto so 12, South Lansing

1949

Me ne Fern ansa na yɛrebɛkɔ Italy

Capri, Italy

1952

Yɛne asɛmpatrɛwfo foforo wɔ Turin ne Naples

1963

Fern ne Bible asuafo bi

“Ɛnsɛ sɛ yɛma nsi a yɛyɛ no dum”