Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Yɛkenkan wɔ Genesis 6:3 sɛ: “Me honhom renhwɛ onipa nkosi daa efisɛ ɔyɛ honam. Enti ne mfe bɛyɛ ɔha aduonu.” So na Yehowa retew nnipa nkwa nna so aba mfe 120, na so Noa de mfe dodow a ɛte saa na ɛkaa Nsuyiri a na ɛreba no ho asɛm?

Asɛmmisa no afã abien no nyinaa ho mmuae yɛ dabi.

Nnipa pii tenaa ase mfehaha pii ansa na Nsuyiri no reba. Bere a Nsuyiri no bae no, na Noa adi mfe 600, na mfe a odii nyinaa si 950. (Gen. 7:6; 9:29) Ebinom a wɔwoo wɔn wɔ Nsuyiri no akyi nso di boroo mfe 120. Arfaksad wui no, na wadi mfe 438, na Sela nso dii mfe 433. (Gen. 11:10-15) Nanso, eduu Mose bere so no, na nnipa nkwa nna so atew aba mfe 70 anaa 80. (Dw. 90:10) Enti na ɛnyɛ sɛ Genesis 6:3 rekyerɛ sɛ nnipa nkwa nna tenten bɛyɛ mfe 120.

Ɛnde, so asɛm a ɛwɔ Genesis 6:3 no yɛ asɛm a na Onyankopɔn reka akyerɛ Noa a ɛfa kɔkɔ a na ɔbɛbɔ afoforo wɔ ɔsɛe a na ɛbɛba wɔ mfe 120 ntam no ho? Dabi. Onyankopɔn ne Noa kasae wɔ mmere ahorow bi mu. Yɛkenkan wɔ Genesis 6:13 sɛ: “Onyankopɔn ka kyerɛɛ Noa sɛ: ‘Ɔhonam nyinaa awiei abedu m’anim, efisɛ wɔama amumɔyɛ ahyɛ asase so mã.’” Noa wiee adaka kɛse a na ɔreyɛ no wɔ mfe bi akyi, na saa bere no: “Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ: ‘Wo ne wo fiefo nyinaa nkɔ adaka no mu.’” (Gen. 6:13; 7:1) Yehowa kaa nsɛm bi kyerɛɛ Noa wɔ mmere foforo mu nso.—Gen. 8:15; 9:1, 8, 17.

Nanso, asɛm a ɛwɔ Genesis 6:3 no yɛ soronko; ɛmmɔ Noa din, na saa ara nso na ɛnka sɛ na Onyankopɔn rekasa akyerɛ Noa. Yebetumi afa no sɛ ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw anaa ne tirim a na wabɔ ho asɛm na na ɔreka. (Fa toto Genesis 8:21 ho.) Ɛho hia sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, yehu nsɛm te sɛ: “Onyankopɔn kae sɛ” wɔ abakɔsɛm a ɛfa nsɛm a esisii bere tenten ansa na wɔrebɔ Adam ho no mu. (Gen. 1:6, 9, 14, 20, 24) Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ onipa bi a ɔwɔ asase so na na Yehowa ne no rekasa, efisɛ na wonnya mmɔɔ nnipa.

Enti, ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ na Genesis 6:3 reka sɛnea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne a na ɛwɔ asase so no ho asɛm. Yehowa kae sɛ ɔde atemmu bɛba wɔ mfe 120 ntam, nanso na Noa nnim. Sɛ ɛte saa a, dɛn nti na Yehowa hyɛɛ saa bere no? Dɛn nti na ɔtwɛnee?

Ɔsomafo Petro ma yehu nea enti a ɔyɛɛ saa. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn de abodwokyɛre twɛnee wɔ Noa nna no mu, bere a wɔreyɛ adaka a emu na wɔkoraa nnipa kakra, akra baawɔtwe so, faa nsu no mu no.” (1 Pet. 3:20) Nokwarem no, bere a Onyankopɔn kae sɛ ɔde atemmu bɛba mfe 120 mu no, na nneɛma bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Bɛyɛ mfe 20 akyi no, Noa ne ne yere fii ase woo mma. (Gen. 5:32; 7:6) Wɔn mmabarima baasa no nyinyin warewaree, na ɛmaa abusua no bɛyɛɛ “akra baawɔtwe.” Afei, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adaka no. Na esiane sɛ na adaka no yɛ kɛse na Noa abusua no nso sua nti, na ebegye bere. Nokwarem no, abodwokyɛre a Onyankopɔn nyae mfe 120 no ma wotumi yɛɛ saa nneɛma no de koraa nkwa so, na ɛma wotumi de nnipa anokwafo baawɔtwe “faa nsu no mu.”

Bible nkyerɛ afe pɔtee a Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ Nsuyiri no bɛba. Esiane sɛ na Noa awo ne mmabarima no ma wɔanyinyin awareware nti, ɛbɛyɛ sɛ na aka mfe 40 anaa 50 ansa na Nsuyiri no aba. Afei Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ: “Ɔhonam nyinaa awiei abedu m’anim.” Ɔka kaa ho sɛ ɛsɛ sɛ Noa yɛ adaka kɛse bi a ɔne n’abusua bɛkɔ mu. (Gen. 6:13-18) Wɔ mfe pii a na aka no mu no, Noa yɛɛ adetrenee wɔ n’asetena mu, na na ɔsan yɛ “trenee sɛnkafo” a ɔwɔ asɛm a emu da hɔ a na ɔde rebɔ nkurɔfo kɔkɔ. Asɛm a na ɔde rebɔ kɔkɔ no ne Onyankopɔn tirim a na wabɔ sɛ ɔbɛsɛe abɔnefo a na wɔwɔ hɔ saa bere no. Noa anni kan anhu afe pɔtee a na saa ɔsɛe no bɛba de, nanso na onim sɛ ɛbɛba ɔkwan biara so. Na wunim sɛ ɛbae nso ampa.—2 Pet. 2:5.