Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Eden Turo No—Ɛyɛ Ampa Sɛ Ɛhɔ Na Onyankopɔn De Maa Nnipa Sɛ Wɔntena?

Eden Turo No—Ɛyɛ Ampa Sɛ Ɛhɔ Na Onyankopɔn De Maa Nnipa Sɛ Wɔntena?

Eden Turo No​—Ɛyɛ Ampa Sɛ Ɛhɔ Na Onyankopɔn De Maa Nnipa Sɛ Wɔntena?

FA no sɛ wowɔ turo bi mu. Turo no mu sõ, na ɛhɔ yɛ dinn. Sɛnea sɛ wokɔ nkurow akɛse mu a, ɛhɔ yɛ bagyabagya na kookaa kookaa abu so no, ɛhɔ de, ɛnte saa. Ɛno da nkyɛn a, ɔhaw a ɛde ɔhaw de, wunni bi. Enti, adwennwen biara nna wo so. Wo ho baabiara mmu wo dwɛ.

Woto w’ani a, wuhu sɛ nhwiren fɛfɛɛfɛ atwa wo ho ahyia, na nsu bi nso retene wɔ turo no mu. Afei, afifide a ɛwɔ hɔ no, owia no atɔ so ama wɔn kɔla ayiyi kama. Wote sɛ mframa dɛdɛɛdɛ bi rebɔ fa wo ho, na turo no mu ayɛ huahuaahuam. Wote nnyigyei ahorow pii wɔ turo no mu. Ebi yɛ nhaban, nsu a ɛretene fi mmepɔw mu, nnomaa, ne nkoekoemmoa sũ. Wote baabi saa a, anka wompɛ?

Wokɔ wiase baabiara a, ebinom gye di sɛ mfiase no, baabi saa na na nnipa te. Wɔn a wɔwɔ Yudasom mu, asɔrekɔfo, ne Nkramofo de, mfe pii ni, wɔakyerɛkyerɛ wɔn sɛ, Eden turo no na Onyankopɔn de maa Adam ne Hawa sɛ wɔntena. Bible no ma yehu sɛ, na Adam ne Hawa asom dwo wɔn, na na wɔn ani gye. Ná wati me waka me biara nni wɔn ntam, na na wɔne mmoa no nso te hɔ kama. Afei nso, na wɔne Onyankopɔn ntam yɛ papa. Ɔno na ɔde saa nneɛma pa yi nyinaa maa wɔn, na ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ, sɛ wɔyɛ aso tie no a, wɔbɛtena ase daa.—Genesis 2:15-24.

Hindufo nso gye di sɛ tete no, na paradise bi wɔ hɔ. Nanso, sɛnea wɔkyerɛkyerɛ mu no yɛ soronko kakra. Buddhafo nso gye di sɛ ɛwom ara a, wiase no tumi yɛ sɛ paradise. Wogye di sɛ edu saa bere no a, ɔkwankyerɛfo anaa Buddha bi yi ne ti bɛkyerɛ wɔn kwan. Ɔsom ahorow pii a ɛwɔ Afrika no nso, wutietie wɔn nkyerɛkyerɛ mu a, wuhu sɛ ebi ne Adam ne Hawa asɛm no reyɛ asɛ.

Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wohwɛ nnipa amanne ne wɔn amammerɛ, ne nea ɔsom ahorow kyerɛkyerɛ a, wuhu sɛ Eden turo no ne paradise asɛm no nyɛ ade foforo mma wɔn. Nhomakyerɛwfo bi kaa sɛ: “Wohwɛ nnipa abakɔsɛm mu a, wubehu sɛ, nkurɔfo nyaa gyidi sɛ na Paradise bi wɔ hɔ no nyɛ nnɛ. Wogye di sɛ na asomdwoe, anigye, aduan, ne ahotɔ wɔ hɔ, na na ateetee, wati me ne waka me, ne nhyɛso nni hɔ. Saa gyidi no nti, wonyae a, anka wɔte baabi a ɛte saa. Na wɔayɛ nea wobetumi biara sɛ wɔn nsa bɛsan aka saa paradise no.”

Yemmisa sɛ, ɛyɛɛ dɛn na Paradise ho asɛm ahyeta baabiara saa? Ebetumi aba sɛ na biribi saa wɔ hɔ, enti na ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa ɛho asɛm da so ara wɔ nkurɔfo adwene mu no anaa? Ɛyɛ nokware sɛ na nnipa bi wɔ hɔ a yɛfrɛ wɔn Adam ne Hawa a na wɔte Eden turo bi mu anaa?

Ebinom te Eden turo no ho asɛm a, na wɔda fam. Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ anibue aba, enti wɔte nsɛm saa a, wohu no sɛ ɛyɛ anansesɛm bi. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, wɔn a wonnye nni sɛ na Eden turo bi wɔ hɔ no, ebi koraa yɛ nyamesomfo. Wɔn mu pii kyerɛkyerɛ afoforo sɛ Eden turo biara nni hɔ. Nea wɔka ne sɛ, egyina hɔ ma biribi, ɛyɛ mfatoho, anaa ɛyɛ anansesɛm bi kɛkɛ.

Ɛwom, wohwɛ Bible no mu a, mfatoho pii wom. Mfatoho a ɛwɔ Bible mu a agye din a nkurɔfo nim paa no, Yesu na ɔmae. Nanso, wohwɛ sɛnea Bible no ka Eden turo no ho asɛm a, wuhu sɛ ɛnyɛ mfatoho, mmom ɛyɛ biribi a esii ankasa, na ɛyɛ nokware turodoo. Wo de, susuw ho hwɛ, nea Bible ka fa Eden turo no ho no, sɛ ɛnyɛ nokware a, ɛnde dɛn bio na yebetumi agye adi wɔ Bible mu? Ma yɛnhwɛ nea enti a ebinom nnye nni sɛ na Eden turo bi wɔ hɔ, na yɛnhwɛ sɛ nea wogyina so ka saa no tɔ asom anaa. Afei, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma asɛm a esii wɔ Eden turo no mu no ho hia yɛn.