Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛyɛ Ampa Sɛ Na Turo Bi Wɔ Hɔ a Wɔfrɛ No Eden?

Ɛyɛ Ampa Sɛ Na Turo Bi Wɔ Hɔ a Wɔfrɛ No Eden?

Ɛyɛ Ampa Sɛ Na Turo Bi Wɔ Hɔ a Wɔfrɛ No Eden?

WOATE Adam ne Hawa ho asɛm pɛn? Na Eden turo no nso ɛ? Wokɔ wiase baabiara a, nnipa pii nim Adam ne Hawa ne Eden turo no ho asɛm. Adɛn na w’ankasa wonkenkan ho asɛm? Wubehu wɔ Genesis 1:26–3:24. Ma yɛmmɔ wo mu kakra:

Yehowa Nyankopɔn * de fam dɔte bɔɔ onipa, na ɔtoo ne din Adam. Ɔbɔɔ no wiei no, ɔde no kɔtenaa turo bi mu. Baabi a na turo no wɔ no, na yɛfrɛ hɔ Eden. Onyankopɔn ankasa na ɔyɛɛ turo no. Ná nsu abu so wɔ hɔ, na na nnua a ɛyɛ fɛ na ɛsow aba nso nyɛ nna wɔ hɔ. Turo no mfinimfini no, na dua bi si hɔ. Ná wɔfrɛ no “papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no.” Onyankopɔn hyɛɛ mmara sɛ mma obiara nni dua no aba no bi, anyɛ saa a obewu. Eduu baabi no, Yehowa yii Adam mfe dompe no mu baako de bɔɔ ɔbea maa no. Ná ne din de Hawa. Onyankopɔn de adwuma bi hyɛɛ wɔn nsa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ turo no so, na wɔnwo nhyɛ asaase so mma.

Da koro bi, ɔwɔ bi ne Hawa bɛkasae. Ɔmaa Hawa nyaa adwene sɛ Onyankopɔn redaadaa wɔn, na ɔde biribi papa bi asie wɔn. Ɔmaa ohuu sɛ aduaba a Onyankopɔn aka sɛ mma wonni no, sɛ odi bi a, ɔbɛba abɛyɛ sɛ Onyankopɔn. Hawa anhyɛ ne ho so; odii aduaba a Onyankopɔn kaa sɛ mma wonni no bi. Akyiri yi, Adam nso yɛɛ asoɔden dii aduaba no bi. Yehowa buu Adam, Hawa ne ɔwɔ no atɛn. Ɛno akyi no, ɔpamoo Adam ne Hawa fii turo fɛfɛɛfɛ no mu, na ɔmaa abɔfo begyinaa turo no kwan ano.

Kan no, na anka abenfo, animdefo, ne abakɔsɛm ho akyerɛwfo dodow no ara gye tom sɛ, nsɛm a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Genesis mu no sisii ankasa, na ɛyɛ nokware. Nanso nnansa yi, nnipa bebree nnye nni sɛ saa nsɛm no sisii ankasa. Nea Genesis nhoma no ka fa Adam, Hawa, ne Eden turo no ho no, adɛn nti na nnipa bebree nnye nni? Wɔn nnyinaso ne dɛn? Momma yensusuw emu nnan ho.

1. Ná baabi wɔ hɔ a yɛfrɛ no Eden turo anaa?

Adɛn nti na ebinom nnye nni sɛ na Eden turo no wɔ hɔ ankasa? Ɛbɛyɛ sɛ nkyerɛkyerɛ a egyina nnipa nyansa so ka ho bi. Nea ɛte ne sɛ, nyamesom ho abenfo kaa no mfe pii sɛ, Onyankopɔn turo no da so ara wɔ hɔ. Nanso eduu baabi no, nsɔrensɔre no fii ase gyee nkyerɛkyerɛ ahorow bi toom. Ná saa nkyerɛkyerɛ yi bi fi Greek abenfo bi te sɛ Plato ne Aristotle hɔ. Ná saa abenfo yi ka sɛ biribiara nni asaase yi so a edi mũ, anaa asɛm biara nni ho. Sɛ wopɛ biribi a edi mũ paa a, gye sɛ soro. Ɛno nti, nyamesom ho abenfo benyaa adwene sɛ, saa de a, ɛnde ɛbɛyɛ sɛ paradise a Onyankopɔn yɛe no bɛn soro. * Ná ebinom se Eden turo no si bepɔw tenteenten bi so, na ɛmmɛn asaase yi a atete apansam yi ho baabiara; ebinom nso se, wokɔ asaase no atifi paa anaa n’anaafo paa a, ɛhɔ na Eden turo no wɔ. Afoforo nso kaa sɛ ɛwɔ bosome no so, anaa ɛbɛn bosome no. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ eduu baabi no, sɛ obi reka Eden turo no ho asɛm a, na ɛte sɛ nea ɔreto anansesɛm no. Ɛnnɛ, abenfo binom ka sɛ baabi a nkurɔfo ka sɛ Eden turo no wɔ koraa no, ɛntɔ asom. Wɔn asɛm ara ne sɛ, na Eden turo biara nni hɔ.

Nanso, nea nyamesom ho abenfo keka fa Eden turo no ho no, ɛnyɛ saa koraa na Bible no ka. Sɛ wokenkan Genesis 2:8-14 a, wubehu nneɛma pɔtee bi a Bible no ka fa turo no ho. Ɛma yehu sɛ na turo no wɔ Eden apuei fam. Afei, ɛsan ka sɛ na asubɔnten bi sen fa turo no mu, na emu paapaee bɛyɛɛ nsubɔnten nnan. Nsubɔnten nnan no nyinaa, Bible no bobɔ wɔn din, na baabi a na ɛtene fa nso no, ɛka ho asɛm kakra. Nea Bible no ka fa Eden turo no ho no, ama abenfo pii kɔn adɔ sɛ wobehu baabi a na turo no wɔ. Ɛno nti, mfe pii ni, wɔn mu pii adɔ Bible mu asɛm yi mu asukɔ, na wɔabɔ mmɔden sɛ wobehu biribi wɔ kyerɛwnsɛm no mu a ɛbɛboa wɔn ama wɔahu baabi a na Eden turo no wɔ. Nanso, wubisa abenfo yi sɛ ɛhe na na Eden turo yi wɔ a, wɔn mu biara ne nea ɔka. Ɛnde, yemmisa sɛ, wei kyerɛ sɛ na baabiara nni hɔ a yɛfrɛ no Eden, na turo ne nsubɔnten a Bible ka sɛ na ɛwɔ hɔ no nso, ɛyɛ anansesɛm bi kɛkɛ anaa?

Susuw wei ho hwɛ: Nsɛm a ɛkɔɔ so wɔ Eden turo no mu no, esisii no, bɛyɛ mfe 6,000 ni. Ɛda adi sɛ Mose na ɔkyerɛw saa asɛm no. Ɛbɛyɛ sɛ nea nkurɔfo aka afa Eden turo no ho ne ebia kyerɛwtohɔ ahorow a ɔbɛtoo so no na ogyinaa so kyerɛw saa asɛm no. Ɛno mpo no, bere a Mose rekyerɛw nsɛm a esisii wɔ Eden turo mu ho asɛm no, na bɛyɛ mfe 2,500 atwam. Saa bere no, na Eden akyi ayera dedaadaw. Ɛnde, nsubɔnten a na ɛwɔ Eden mantam no nso ɛ? Yemmisa sɛ, sɛ asubɔnten bi da baabi a, mfe pii akyi no, baabi a ɛda, anaa baabi a ɛtene fa no betumi asesa anaa? Ade baako a ɛwɔ asaase ho ne sɛ, ade rekye a ade resa nyinaa, na ɛresesã. Mantam a ɛbɛyɛ sɛ na Eden wɔ no, asaasewosow taa sisi wɔ hɔ. Asaasewosow akɛseakɛse a asisi wɔ wiase no, sɛ wokyɛ mu ɔha a, emu 17 de, saa mantam mu hɔ na esisii. Enti mmeae a ɛtete saa no, sɛ asubɔnten bi wɔ hɔ a, ɛnyɛ den koraa sɛ baabi a ɛda no bɛsesa. Ɛno da nkyɛn a, nsu kɛse a ɛtɔ yiri faa asaase so wɔ Noa bere so no, ɛsesaa nneɛma pii wɔ asaase so a yennim. *

Nanso, nokwasɛm ahorow a yenim ni: Genesis nhoma no ma yehu sɛ na Eden turo no yɛ baabi a ɛwɔ hɔ ankasa. Nea ɛtɔ so mmienu, nsubɔnten nnan a na ɛwɔ Eden no, emu mmienu a ɛne Eufrate ne Tigris anaa Hiddekel no de, ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa ɛda so ara wɔ hɔ. Nsubɔnten mmienu yi, sɛ wohwɛ mmeae a ɛtene fi a, ebi bemmɛn paa. Mmeae a na nsubɔnten nnan no tene fa no, Genesis nhoma no bobɔɔ hɔ din. Afei nso, nneɛma pa te sɛ sika kɔkɔɔ a na ɛwɔ saa mmeae hɔ no, Bible no hyɛɛ da kaa bi ho asɛm. Tete Israelfo a wɔkyerɛw saa nsɛm yi maa wɔn no, sɛ wɔkan a, na emu da hɔ ma wɔn.

Saa asɛm yi rentumi nyɛ anansesɛm mma ɛnyɛ yiye. Sɛ obi reto anansesɛm a, ɔnhyɛ da nkyerɛkyerɛ nneɛma mu nkɔ akyiri, anaa ɔnka nneɛma pɔtee bi ho asɛm. Sɛ obi rebɛto anansesɛm a, asɛm a ɔka de fi ase ne “Abra abra oo” anaa “Yɛnsesɛ nsesɛ oo.” Nanso asɛm a asi pɛn de, sɛ obi reka a, ɔka nneɛma pɔtee bi ho asɛm; na saa ara na Mose yɛe bere a na ɔreka Eden turo no ho asɛm no.

2. Asɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn de fam dɔte bɔɔ Adam, na ɔde Adam mfe dompe baako bɔɔ Hawa no, wohwɛ a, ebetumi ayɛ yiye?

Nyansahufo kyerɛ sɛ, wohwɛ nipadua no mu a, nneɛma bi te sɛ hydrogen, oxygen, ne carbon wom. Saa nneɛma yi, ne nyinaa wɔ fam dɔte mu. Nanso, ɛyɛɛ dɛn na Onyankopɔn kekaa saa nneɛma no boom de yɛɛ onipa?

Nyansahufo pii ka sɛ nkwa ankasa na ɛbae. Wɔkyerɛ sɛ, nkwammoaa nketewaa bi na ɛdannanee ara na nkakrankakra nneɛma a atwa yɛn ho ahyia nyinaa bae. Wogye di sɛ wei ansi da koro, na mmom egyee mfe mpempem pii. Nanso, saa asɛm no nyɛ nokware. Efisɛ sɛ wofa nkwammoaa ketekete baako mpo a, sɛnea ɛte no, wutumi hu sɛ obi na ɔhyɛɛ da yɛe. Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ nkwa bae ara kɛkɛ anaa biribi saa betumi ayɛ yiye. Mmom, wohwɛ nneɛma a nkwa wom nyinaa a, wuhu sɛ obi a ɔwɔ nyansa kyɛn nnipa koraa na ɔyɛe anaa ɔbɔe. *Romafo 1:20.

Fa no sɛ woate nnwom dɛdɛɛdɛ bi, anaa woakopue mfoni bi a ɛyɛ fɛ so, anaa woahu afiri bi a ɛyɛ nwonwa. Ɛba saa a, wobɛka sɛ ɛno ara na ɛbae? Daabida! Nanso, nneɛma a yɛabobɔ so yi, ebiara nni hɔ a yebetumi de atoto nipadua no ho. Enti sɛ yɛka sɛ ɛnyɛ obi na ɔyɛɛ nipadua no a, wohwɛ a, ntease wom? Ɛno da nkyɛn a, Genesis nhoma no ma yehu sɛ abɔde a nkwa wom a ɛwɔ asaase so nyinaa, nnipa nko ara na wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn suban so. (Genesis 1:26) Ɛno nti, sɛnea Onyankopɔn too ne bo ase bɔɔ nneɛma no, nnipa nso ani gye ho sɛ wɔbɛtena ase adwen biribi ho, na wayɛ. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa betumi atena ase ahyehyɛ nnwom dɛdɛɛdɛ, adrɔ mfoni fɛfɛɛfɛ, anaa wayɛ afiri bi a ɛyɛ nwonwa. Sɛ yɛn nnipa mpo, yetumi yɛ nneɛma a ɛte sei a, ɛnde Onyankopɔn a ɔbɔɔ yɛn no, ɔrentumi nyɛ nneɛma a ɛkyɛn saa anaa?

Enti sɛ Onyankopɔn yii Adam mfe dompe baako de bɔɔ Hawa a, ne nwonwa ne sɛn? * Anka Onyankopɔn betumi afa ɔkwan foforo so abɔ Hawa. Nanso, biribi a ɛho hia nti na ɔfaa saa kwan no so bɔɔ no. Ná ɔpɛ sɛ ɔka wɔn bom sɛ awarefo, na wɔn ntam yɛ den, na wɔyɛ te sɛ “ɔhonam koro.” (Genesis 2:24) Enti wutumi hu sɛ Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbea sɛ obiara mmoa ne yɔnko, na wonnya ayɔnkofa a emu yɛ den a biribiara rentumi ntete wɔn ntam. Wei di adanse sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ nyansa, na ɔwɔ ɔdɔ.

Afei nso, wɔn a wosua nkwammoaa ho ade abehu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ nnipa nyinaa fi ɔbea ne barima baako mu. Enti wo ara wohwɛ nea ɛrekɔ yi a, asɛm a ɛwɔ Genesis no, ɛntɔ asom anaa?

3. Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua ne nkwa dua a Bible ka ho asɛm no, asɛ ɛyɛ anansesɛm.

Nea ɛwom ne sɛ Genesis nhoma no nka sɛ na nnua yi mu biara wɔ tumi soronko bi. Mmom, na saa nnua no gyina hɔ ma biribi.

Ɛtɔ da a, yɛn nnipa koraa, yetumi de biribi gyina hɔ ma biribi. Sɛ nhwɛso no, ɔtemmufo bi betumi aka akyerɛ obi a ɔwɔ kɔɔto dan mu sɛ, ɔnhwɛ na wanka asɛm biara antia kɔɔto no. Sɛ ɔtemmufo no ka saa a, ɛnyɛ nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ onipa no nhwɛ yiye na wankasa antia nkongua ne nneɛma a ɛwɔ kɔɔto dan mu hɔ no. Mmom, kɔɔto a ɔreka ho asɛm no gyina hɔ ma mmara a wɔde yɛ adwuma wɔ kɔɔto dan mu hɔ no. Ahemfo bebree nso taa hyɛ ahenkyɛw kura ahempoma, na wɔde gyina hɔ ma tumi a wɔwɔ wɔ wɔn ahenni no mu.

Ɛnde, saa nnua mmienu no, na egyina hɔ ma dɛn? Ebinom akeka nsɛm nwonworann afa ho. Nanso wo de, yɛnhwɛ nea egyina hɔ ma ankasa. Wubehu sɛ ɛtɔ asom na emu da hɔ. Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua a na ɛwɔ turo no mu no kyerɛ sɛ, Yehowa nko ara na ɔwɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ yɛn nea ɛyɛ papa ne bɔne. (Yeremia 10:23) Ɛno nti na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka no, efisɛ na ɛbɛkyerɛ sɛ wɔabɔ korɔn! Nkwa dua no nso gyina hɔ ma akyɛde bi a Yehowa nko ara na obetumi de ama. Saa akyɛde no ne daa nkwa.—Romafo 6:23.

4. Ɔwɔ a otumi kasa de, asɛ ɛyɛ anansesɛm.

Nokwasɛm ne sɛ, sɛ woankan Bible mũ no nyinaa, na wofa asɛm a Genesis nhoma no ka fa ɔwɔ no ho nko ara a, w’adwenem bɛyɛ wo nãã kakra. Nanso, sɛ wufi ase sɛ worekenkan Bible a, nkakrankakra ebebue asɛm no ani so ama woate ase yiye.

Hena na ɔmaa ɔwɔ no kasae? Tete Israelfo a Mose kyerɛw saa asɛm yi maa wɔn no, na wonim sɛ biribi a ɛte saa betumi asi ama ayɛ yiye. Sɛ nhwɛso no, na wonim sɛ mmoa nkasa. Nanso, obi a ɔyɛ honhom betumi ama aboa bi akasa. Ɛho nhwɛso ne Balaam asɛm a Mose kyerɛwee no. Wokenkan saa asɛm no a, wubehu sɛ Onyankopɔn bɔfo maa Balaam afurum kasae te sɛ nipa.—Numeri 22:26-31; 2 Petro 2:15, 16.

Ahonhommɔne a wɔyɛ Onyankopɔn atamfo nso betumi ayɛ anwonwade anaa? Bere bi, Onyankopɔn somaa Mose sɛ ɔnkɔ Egypt nkɔyɛ anwonwade ahorow bi. Anwonwade ahorow a ɔyɛe no bi wɔ hɔ a Egypt akɔmfo no nso yɛɛ bi. Baako ne sɛ, bere a Mose maa ne poma danee ɔwɔ no, wɔn nso maa wɔn poma danee awɔ. Ahonhommɔne a wɔyɛ Onyankopɔn atamfo no, wɔn ara na wɔmaa saa akɔmfo yi tumi ma wɔde yɛɛ saa anwonwade no.—Exodus 7:8-12.

Ɛda adi sɛ, Onyankopɔn na ɔmaa Mose kyerɛw Hiob nhoma no nso. Sɛ wokenkan Hiob nhoma no a, wubehu sɛ Onyankopɔn tamfo kɛse Satan bɔɔ Onyankopɔn asomfo nyinaa sobo sɛ wɔrentumi nni Yehowa nokware. (Hiob 1:6-11; 2:4, 5) Enti yebetumi aka sɛ na tete Israelfo no nim sɛ Satan na ɔfaa ɔwɔ no so kasa kyerɛɛ Hawa daadaa no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenni Yehowa nokware anaa? Ebetumi aba saa.

Bere a Yesu wɔ asaase so no, ɔkaa sɛ Satan yɛ “ɔtorofo ne atoro agya.” (Yohane 8:44) Sɛ Satan yɛ “atoro agya” a, ɛnde yebetumi aka sɛ ɔno na otwaa atoro a edi kan no. Sɛ wohwɛ asɛm a ɔwɔ no ka kyerɛɛ Hawa no a, wubehu atoro a edi kan no wom. Ná Onyankopɔn adi kan abɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛ wodi aduaba no bi a, wobewu. Nanso, ɔwɔ no ka kyerɛɛ Hawa sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” (Genesis 3:4) Ná Yesu nim paa sɛ Satan na ɔfaa ɔwɔ no so daadaa Hawa. Sɛ wokenkan Adiyisɛm a Yesu de maa ɔsomafo Yohane no a, ɛma asɛm no mu da hɔ fann. Ɔfrɛɛ Satan “ɔwɔ dedaw no.”—Adiyisɛm 1:1; 12:9.

Enti wohwɛ a, ɛyɛ nwonwa sɛ obi a ɔyɛ honhom na ɔwɔ tumi betumi afa ɔwɔ so akasa anaa? Sɛ yɛde nnipa toto honhom abɔde ho a, tumi a nnipa wɔ no nnu ho ahe biara. Nanso yɛn mpo, yetumi yɛ sini ma toys a wɔnyɛ nnipa mpo kasa.

Adanse a Ɛkyɛn Biara

Enti sɛ wohwɛ nea yɛaka yi nyinaa a, wutumi hu sɛ, nsɛm a nkurɔfo keka sɛ asɛm a ɛwɔ Genesis nhoma no mu yɛ anansesɛm no, enni nnyinasosɛm biara. Ɛno da nkyɛn, adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ saa asɛm no sii ankasa.

Sɛ nhwɛso no, Bible ka sɛ Yesu yɛ “ɔdansefo nokwafo a onni huammɔ.” (Adiyisɛm 3:14) Esiane sɛ na bɔne biara nni ne ho nti, wantwa atoro da. Bere nyinaa, na ɔka nokware. Ɛno da nkyɛn a, ɔkaa sɛ ansa na ɔreba asaase so no, na ɔwɔ soro dedaadaw. Nokwasɛm ne sɛ na ɔne n’Agya Yehowa na ɛwɔ hɔ “ansa na wiase reba.” (Yohane 17:5) Enti, ansa na Onyankopɔn rebɛbɔ nneɛma wɔ asaase so no, na ɔwɔ hɔ. Enti, sɛ yɛpɛ obi a obetumi adi nea ɛkɔɔ so wɔ Eden no ho adanse a, ɛyɛ Yesu. Dɛn na ɔkae?

Ɔkaa sɛ Adam ne Hawa yɛ nnipa a wɔtenaa ase ankasa. Bere a ebinom bebisaa no aware ho asɛm no, ɔde Adam ne Hawa aware no yɛɛ nhwɛso de kyerɛe sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbarima biara ware ɔbea baako. (Mateo 19:3-6) Enti sɛ anka Adam ne Hawa ne Eden turo no yɛ anansesɛm a, ɛnde yɛbɛka sɛ obi na adaadaa Yesu, anaa Yesu yɛ ɔtorofo. Nanso yɛrentumi nka sɛ Yesu yɛ ɔtorofo, anaasɛ obi na ɛdaadaa no! Efisɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Eden turo mu hɔ nyinaa, na Yesu wɔ hɔ, enti na n’ani tua. Adanse bɛn na ɛkyɛn wei?

Sɛ yɛbɛka paa a, obiara a ɔbɛka sɛ onnye asɛm a ɛwɔ Genesis nhoma no mu nni no, na onnye Yesu nso nni. Sɛ obi nnye Genesis asɛm no nni a, ɛnde nsɛm a ɛho hia paa bi wɔ Bible mu a ɔrentumi nte ase. Afei nso, bɔhyɛ akɛseakɛse bi wɔ Bible mu a ɛbɛyɛ den sɛ obegye adi. Momma yɛnhwɛ nea enti a yɛreka saa.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Bible no ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa.

^ nky. 7 Saa asɛm no ne nea Bible no ka no nhyia. Bible ka sɛ biribiara a Onyankopɔn ayɛ no di mũ, na asɛm biara nni ho; enti biribiara a asɛm wɔ ho no, emfi Onyankopɔn hɔ. (Deuteronomium 32:4, 5) Bere a Yehowa bɔɔ biribiara a ɛwɔ asaase so wiei no, ɔhwɛɛ nea wayɛ no, na ohuu sɛ “eye paa.”—Genesis 1:31.

^ nky. 9 Onyankopɔn ankasa na ɔmaa nsu tɔ yirii asaase so. Saa nsu yi hohoroo Eden turo no ne ɛho biribiara kɔe. Asɛm a ɛwɔ Hesekiel 31:18 no ma yehu sɛ eduu bɛyɛ afe 600 mu hɔ baabi no, na “Eden nnua” no ayera dedaadaw. Enti wɔn a akyiri yi na wɔn ani abere rehwehwɛ baabi a Eden turo no wɔ no, yɛbɛka a, na wodi mframa akyi.

^ nky. 14 Hwɛ nhoma a yɛato din The Origin of Life—Five Questions Worth Asking. Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

^ nky. 16 Nyansahufo abehu sɛ, nnompe a ɛwɔ yɛn mfe no, sɛ ebi ho kã a, ɛno ara tumi siesie ne ho san si ne dedaw mu. Nea ehia ara ne sɛ ntini a ekura dompe no wɔ hɔ. Nanso nnompe a aka a ɛwɔ yɛn nipadua mu no nte saa.