Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ogyinaa mu Ɛmfa Ho sɛ Wodii no Huammɔ

Ogyinaa mu Ɛmfa Ho sɛ Wodii no Huammɔ

Suasua Wɔn Gyidi

Ogyinaa mu Ɛmfa Ho sɛ Wodii no Huammɔ

SAMUEL huu sɛnea na wɔredi awerɛhow wɔ Silo no. Ná ɛte sɛ nea ɔman mũ no nyinaa retwa adwo. Afie bɛn mu na wɔtee sɛ mmea ne mmofra resu wɔn agyanom, wɔn kununom, wɔn mmabarima, ne wɔn nuabarimanom a na wɔatotɔ wɔ akono no? Nea yenim ara ne sɛ, na Israel asraafo 30,000 ako adi nkogu pasaa wɔ Filistifo no nsam, na na wɔadi kan ahwere nnipa 4,000 wɔ ɔko foforo mu dedaw.—1 Samuel 4:1, 2, 10.

Eyi yɛ ɔhaw ahorow a Samuel hyiae no mu fã ketewaa bi. Ná ɔsɔfo panyin Eli wɔ mmabarima abɔnefo baanu bi a na wɔfrɛ wɔn Hofni ne Pinehas, na na wɔayi apam adaka kronkron no afi Silo de kɔ akono. Ná wɔtaa de si ahyiae ntamadan—ntamadan a ɛte sɛ asɔredan—no mu wɔ kronkronbea hɔ. Ná adaka soronko yi yɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ wɔn ntam. Nkurɔfo no de Adaka no kɔɔ akono dii mfomso susuwii sɛ ɛbɛbɔ wɔn ho ban ma wɔadi nkonim. Nanso Filistifo no faa Adaka no, na wokum Hofni ne Pinehas.—1 Samuel 4:3-11.

Ná wɔde Apam Adaka a esi ahyiae ntamadan mu wɔ Silo no ahyɛ ahyiae ntamadan no anuonyam mfehaha pii. Seesei de, wɔde kɔ. Bere a Eli a na wadi mfe 98 tee asɛm yi no, ofi n’agua so tew faa n’akyi hwee fam na owui. N’asebea a na saa da no wayɛ okunafo no wui bere a na ɔrewo no. Ansa na ɔrewu no ɔkae sɛ: “Anuonyam afi Israel kɔ nkoasom mu.” Nokwasɛm ne sɛ, na Silo rensi ne dedaw mu bio.—1 Samuel 4:12-22.

Ná Samuel bɛyɛ dɛn agyina huammɔdi kɛse yi ano? So ne gyidi bɛboa no ma watumi aboa nnipa a wɔahwere Yehowa anim dom ne n’ahobammɔ yi? Ɛtɔ mmere bi a, yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ yi nso, yehyia amanehunu ne huammɔdi a etumi sɔ yɛn gyidi hwɛ, enti momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Samuel hɔ.

‘Ɔmaa Adetrenee Kɔɔ So’

Ɛde besi ha no, Bible kyerɛwtohɔ no dan adwene fi Samuel so de kɔ apam Adaka no so, na ɛkyerɛ yɛn sɛnea Filistifo no huu amane wɔ Adaka no a wɔfa kɔe no ho ma enti ɛma wɔsan de bae no. Mfe 20 akyi ansa na Bible no resan abɔ Samuel din aka asɛm. (1 Samuel 7:2) Saa bere yi nyinaa na dɛn na ɔyɛ? Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka.

Yebehui sɛ, ansa na saa bere no refi ase no, “Samuel asɛm duu Israel nyinaa nkyɛn.” (1 Samuel 4:1) Kyerɛwtohɔ no ma yehu sɛ, sɛ saa bere no twam a, na afe biara Samuel tu kwan kɔsra Israel nkurow abiɛsa, siesie wɔn ntam akasakasa, na obua wɔn nsɛmmisa ahorow ma wɔn. Owie a, na wasan aba ne kurom wɔ Rama. (1 Samuel 7:15-17) Ɛda adi sɛ, na Samuel yɛ adwuma bere nyinaa, na wɔ saa mfe 20 no mu no, na onni ne ho adagyew koraa.

Eli mma no bra a na asɛe no sɛee nkurɔfo gyidi. Na ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa wɔn mu pii de wɔn ho kɔhyɛɛ abosonsom mu. Nanso bere a Samuel de mfe 20 yɛɛ adwumaden akyi no, ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ nkurɔfo no: “Sɛ mo koma nyinaa na mode resan aba Yehowa nkyɛn a, ɛnde munyi ananafo anyame a ɛwɔ mo nkyɛn ne Astoret ahoni no mfi mo mu, na momfa mo koma mũ nyinaa nni Yehowa akyi na monsom ɔno nkutoo, na obegye mo afi Filistifo no nsam.”—1 Samuel 7:3.

Ná Israelfo no ntumi nnye wɔn ho mfi “Filistifo no nsam.” Bere a Filistifo no dii Israel asraafo no so nkonim no, wɔde nhyɛso a emu yɛ den baa Onyankopɔn nkurɔfo no so. Nanso Samuel maa wɔn awerɛhyem sɛ, sɛ wɔsan wɔn akyi ba Yehowa nkyɛn nkutoo a, nneɛma bɛsesa. So na wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa? Ɔman no gyaw wɔn ahoni no hɔ “na wɔsom Yehowa nkutoo” ma Samuel ani gyei. Samuel frɛɛ ɔman no ma wohyiaa mu wɔ Mispa, kurow bi a ɛwɔ mmepɔw so wɔ Yerusalem atifi fam. Nkurɔfo no behyiaam na wodii abuada, na wonuu wɔn ho wɔ bɔne a wɔyɛe kodii abosom akyi no ho.—1 Samuel 7:4-6.

Nanso Filistifo no tee sɛ Israelfo no ahyiam kutuu, na wohui sɛ ɛyɛ hokwan a wɔde benya wɔn. Wɔsomaa wɔn asraafo kɔɔ Mispa sɛ wɔnkɔsɛe Yehowa asomfo no. Israelfo no tee asiane a na ɛreba wɔn so no ho asɛm. Ehu kaa wɔn ma enti wɔsrɛɛ Samuel sɛ ɔmmɔ mpae mma wɔn. Ɔyɛɛ saa, na ɔbɔɔ afɔre nso kaa ho. Bere a ɔman no ahyiam resom no, Filistifo asraafo no bɛtow hyɛɛ wɔn so wɔ Mispa. Ɛhɔ na Yehowa buaa Samuel mpae no. Sɛ yɛbɛka a, Yehowa abufuw pae guu wɔn so. ‘Ɔmaa aprannaa boboom denneennen guu Filistifo no so saa da no.’—1 Samuel 7:7-10.

So ɛsɛ sɛ yesusuw sɛ na Filistifo yi te sɛ mmofra nkumaa a sɛ wɔte sɛ aprannaa rebobom a, woguan kɔhyɛ wɔn maame akyi no anaa? Dabi, na asraafo yi yɛ mmarima akokodurufo a wɔaben wɔ akodi mu. Enti na ɛbɛyɛ sɛ, saa aprannaa no yɛ soronko koraa. Anaa so na ɛyɛ aprannaa a na ɛrebobom “denneennen” no? So wohui sɛ apue afi wim reba, anaa so na ɛregyigye fi mmepɔw no mu? Sɛnea ɛte biara no, ɛmaa Filistifo no adwene tu frae, na ehu kaa wɔn. Esiane sɛ na asisifo yi nhu nea wɔnyɛ nti, afei de woguanee maa Israelfo no mmom taa wɔn so. Israel mmarima no sian fii Mispa bedii wɔn so nkonim, na wotuu mmirika dii wɔn akyi twaa kwantenten kɔfaa Yerusalem anafo atɔe fam.—1 Samuel 7:11.

Saa ɔko no de nsakrae kɛse bae. Efi saa bere no, Filistifo no suroo Israelfo no bere tenten a na Samuel yɛ ɔtemmufo no. Nkurow a wogye fii Onyankopɔn nkurɔfo nsam no de nkakrankakra bedii Israelfo no nsam bio.—1 Samuel 7:13, 14.

Mfe pii akyi no, ɔsomafo Paulo de Samuel din kaa atemmufo anokwafo a “wɔmaa adetrenee kɔɔ so” no din ho. (Hebrifo 11:32, 33) Nokwarem no, Samuel boa maa Israelfo no yɛɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so. Ɔkɔɔ so tuu mpɔn efisɛ ɔtɔɔ ne bo ase twɛnee Yehowa, na huammɔdi nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so de nokwaredi yɛɛ n’adwuma. Afei nso, ɔkyerɛɛ nea Yehowa yɛ maa no no ho anisɔ. Bere a wodii nkonim wɔ Mispa wiei no, Samuel yɛɛ nkaedum bi de kaee sɛnea Yehowa aboa ne nkurɔfo no.—1 Samuel 7:12.

So wopɛ sɛ wo nso, ‘woma adetrenee kɔ so’? Sɛ saa a, ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ wusuasua Samuel abotare, n’ahobrɛase ne sɛnea ɔkyerɛɛ nneɛma ho anisɔ no. Yɛn mu hena na onhia su ahorow a ɛte saa? Na eye sɛ Samuel nyaa su ahorow a ɛte saa na ɔdaa no adi bere a na ɔyɛ abofra no, efisɛ bere a ɔbɔɔ akwakoraa no, ohyiaa huammɔdi kɛse.

‘Wo Mma Amfa W’akwan So’

Bere foforo a wɔkaa Samuel ho asɛm no, na ‘wabɔ akora.’ Ná Samuel wɔ mmabarima mpanyimfo baanu a wɔfrɛ wɔn Yoel ne Abia, na ɔfaa wɔn sɛ wɔmmoa no wɔ atemmu adwuma no mu. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, wɔmaa ne nsa sii fam. Ɛwom sɛ na Samuel yɛ ɔtreneeni ne ɔnokwafo de, nanso ne mma no de hokwan a wonyae no yɛɛ nea wɔn ankasa pɛ, wɔkyeaa atemmu na wogyee adanmude.—1 Samuel 8:1-3.

Da bi, Israel mpanyimfo baa odiyifo a ne mfe akɔ anim yi hɔ bɛbɔɔ ne mma no sobo. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wo mma amfa w’akwan so.’ (1 Samuel 8:4, 5) So na Samuel nim saa? Kyerɛwtohɔ no anka. Nanso, na Samuel nyɛ abahyɛbɔne te sɛ Eli. Yehowa kaa Eli anim na ɔtwee n’aso esiane sɛ wanteɛ ne mma no so wɔ bɔne a wɔyɛe no ho na odii ne mma no ni sen Nyankopɔn no nti. (1 Samuel 2:27-29) Yehowa anhu biribi a ɛte saa wɔ Samuel ho.

Kyerɛwtohɔ no anka animguase, dadwen anaa abasamtu a Samuel faa mu bere a ɔtee nneɛma bɔne a ne mma no yɛe ho asɛm no. Nanso nea ɛyɛ awerɛhow no, awofo pii ahyia tebea a ɛte saa. Wɔ mmere bɔne a yɛte mu yi no, mmofra dodow no ara tew wɔn awofo so atua na wɔmpɛ nteɛso. (2 Timoteo 3:1-5) Awofo a wodi yaw a ɛte saa no betumi anya awerɛkyekye ne akwankyerɛ afi Samuel nhwɛso no mu. Wamma ne mma no atuatew no ansɛe ne gyidi ɔkwan biara so. Ɛsɛ sɛ awofo kae sɛ, sɛ mpo kasakyerɛ ne nteɛso antumi annan wɔn mma no koma a, wɔn nhwɛso pa betumi aboa wɔn. Na bere nyinaa awofo wɔ hokwan a wobetumi ama wɔn ankasa Agya, Yehowa Nyankopɔn ani agye—sɛnea Samuel yɛe no.

“Si Yɛn So Hene”

Samuel mma no ansusuw nea na wɔn anibere ne wɔn pɛsɛmenkominya su no betumi de aba wɔn so no ho. Israel mpanyimfo no kɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Si yɛn so hene na ommu yɛn atɛn sɛ aman a aka no nyinaa.” So wɔn abisade no maa Samuel tee nka sɛ wɔapo no anaa? Anyɛ yiye koraa no na Samuel agyina Yehowa ananmu abu ne nkurɔfo atɛn mfe pii. Nanso seesei de, na ɛnyɛ odiyifo te sɛ Samuel kɛkɛ na wɔhwehwɛ, na mmom na wɔpɛ ɔhene a obebu wɔn atɛn. Ná aman a atwa Israelfo ho ahyia no wɔ ahene, enti na Israelfo no nso pɛ bi! Samuel yɛɛ n’ade dɛn wɔ ho? Yɛkenkan sɛ, ‘ɛyɛɛ n’ani so bɔne.’—1 Samuel 8:5, 6.

Bere a Samuel de asɛm no too Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu no, tie mmuae a Yehowa maa no: “Nea ɔman no aka nyinaa, tie wɔn efisɛ ɛnyɛ wo na wɔapo wo; me mmom na wɔapo me sɛ minnni wɔn so hene.” Hwɛ sɛnea Samuel koma bɛtɔ ne yam afa, nanso hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ atɛnnidi ama Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn! Yehowa ka kyerɛɛ ne diyifo no sɛ ɔmmɔ Israelfo no kɔkɔ wɔ amane a wobehu wɔ onipa a wɔbɛma wadi wɔn so hene no ho. Bere a Samuel ka kyerɛɛ wɔn no, wɔkɔɔ so kae sɛ: “Dabi, ɔhene ara na obedi yɛn so.” Esiane sɛ na Samuel yɛ osetie ma ne Nyankopɔn bere nyinaa nti, ɔkɔsraa ɔhene a na Yehowa apaw no no.—1 Samuel 8:7-19.

Ɔkwan bɛn na Samuel faa so yɛɛ n’ade? So onwiinwii yɛɛ no biara biara? So huammɔ a ɔman no dii no no sɛee ne koma ma ɔde wɔn ho abufuw hyɛɛ ne mu? Wɔ tebea a ɛte saa mu no, nnipa pii betumi ayɛ wɔn ade saa, nanso Samuel anyɛ saa. Ɔsraa Saul na ogyee no toom sɛ nea Yehowa ankasa apaw no. Ofew Saul ano de kyerɛe sɛ wagye no atom na ɔbɛbrɛ ne ho ase ama ɔhene foforo no. Na ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Moahu nea Yehowa apaw no no, sɛ obiara nte sɛ ɔno ɔman yi nyinaa mu?”—1 Samuel 10:1, 24.

Samuel amfa n’ani ansi ɔbarima a Yehowa apaw no no mfomso so, mmom ɔde n’ani sii adepa a ɔyɛ no so. Ɔde n’adwene sii ne mudi mu a obekura ama Nyankopɔn no so sen sɛ ɔde besi nnipa a na wɔn adwene nsi wɔn pi no so. (1 Samuel 12:1-4) Afei nso, ɔde nokwaredi yɛɛ n’adwuma a ɛne sɛ obetu Onyankopɔn nkurɔfo fo wɔ honhom mu asiane a na wohyia no ho, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nni Yehowa nokware. Samuel afotu no kaa nkurɔfo no koma, na wɔpaa no kyɛw sɛ ɔmmɔ mpae mma wɔn. Ɔmaa wɔn mmuae fɛfɛ yi sɛ: “Na me nso, ɛmpare me sɛ mɛyɛ Yehowa bɔne na magyae sɛ mɛbɔ mpae ama mo. Mɛkyerɛ mo nea eye ne ɔkwampa.”—1 Samuel 12:21-24.

So bere a wɔamfa dibea anaa hokwan bi amma wo na wɔde maa obi foforo no, w’abam bui? Samuel nhwɛso no ma yehu ankasa sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma anibere anaa abufuw tena yɛn komam da. Onyankopɔn wɔ nnwuma pii a mfaso wɔ so a ɛma akomatɔyam ma ne nkoa anokwafo nyinaa.

“Wubedi Saul Ho Awerɛhow Akosi Da Bɛn?”

Ɛnyɛ mfomso sɛ Samuel huu ade pa wɔ Saul ho; ná ɔyɛ ɔbarima a ɔda nsow. Ná ɔware, na na ne ho yɛ fɛ. Ná ɔyɛ ɔkokodurufo a n’adwenem abue, na na mfiase no ɔbrɛ ne ho ase. (1 Samuel 10:22, 23, 27) Nea yɛaka ho asɛm yi akyi no, na ɔwɔ akyɛde soronko bi—hokwan a ɛma otumi paw nea ɔpɛ wɔ asetena mu na otumi sisi n’ankasa gyinae ahorow. (Deuteronomium 30:19) So ɔde saa akyɛde no dii dwuma yiye?

Awerɛhosɛm ne sɛ, sɛ obi nya tumi a, su a etumi tu yera wɔ ne ho ne ahobrɛase. Ankyɛ koraa na Saul fii ase maa ne ho so. Ɔpawee sɛ ɔbɛyɛ asoɔden wɔ ahyɛde a Yehowa nam Samuel so de maa no no ho. Bere bi, Saul annya abotare na ɔbɔɔ afɔre a na Samuel nkutoo na ɔwɔ ho kwan sɛ ɔbɔ no. Samuel teɛɛ no so denneennen na ɔhyɛɛ nkɔm sɛ ahenni no rentena Saul abusua mu bio. Sɛ́ anka Saul besua biribi afi nteɛso no mu no, ɔkɔɔ so yɛɛ asoɔden a ɛkyɛn saa.—1 Samuel 13:8, 9, 13, 14.

Yehowa nam Samuel so ka kyerɛɛ Saul sɛ ɔne Amalekfo nkɔko. Yehowa de akwankyerɛ mae nso sɛ, wonkum Amalekfo ne wɔn hene tirimɔdenfo Agag. Nanso Saul ankum Agag, na ogyaw asade a eye sen biara a na ɛsɛ sɛ ɔsɛe no no nso. Bere a Samuel de nteɛso bɛmaa no no, Saul ma ohui sɛ wasesa koraa. Sɛ́ anka ɔde ahobrɛase begye nteɛso no atom no, oyii ne ho ano, buu ne ho bem, buu n’ani guu asɛm no so, na ɔbɔɔ mmɔden sɛ obepia asodi no ato nkurɔfo no so. Bere a Saul bɔɔ mmɔden sɛ obeyi ne ho ano na ɔkae sɛ wɔde asade no bi bɛbɔ afɔre ama Yehowa no, Samuel kaa nsɛm a nnipa pii nim yi kyerɛɛ no: “Hwɛ! Osetie ye sen afɔre.” Samuel de akokoduru kaa ɔbarima no anim, na ɔkaa gyinae a Yehowa asi kyerɛɛ no sɛ: Obegye ahenni no afi Saul nsam de ama onipa foforo—ɔbarima a ɔfata.—1 Samuel 15:1-33.

Mfomso a Saul dii no yɛɛ Samuel yaw yiye. Asɛm no ma osu guu Yehowa so anadwo mũ nyinaa. Na mpo odii asɛm no ho awerɛhow maa ɔbarima no. Samuel de ne werɛ hyɛɛ Saul mu efisɛ na onim sɛ ɔbɛyɛ ɔhene pa, nanso afei de, na n’anidaso nyinaa asa. Seesei de, na Saul a onim no no asesa—ne suban asesa ma wadan n’akyi akyerɛ Yehowa. Enti, Samuel ampɛ sɛ obehu Saul anim bio. Nanso bere bi akyi no, Yehowa fi ayamye mu teɛɛ Samuel so sɛ: “Wubedi Saul ho awerɛhow akosi da bɛn, bere a mapo no sɛ onnni Israel so hene no? Fa ngo gu w’abɛn mu na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mapaw ɔhene.”—1 Samuel 15:34, 35; 16:1.

Yehowa atirimpɔw nnyina nnipa a wɔtɔ sin a wɔntaa nni nokware no so. Sɛ onipa biako anni Yehowa nokware a, Yehowa benya obi foforo ma wadi N’apɛde ho dwuma. Enti Samuel a na wabɔ akora no gyaee Saul ho awerɛhodi. Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔnkɔ Yese fie wɔ Betlehem. Oduu hɔ no, ohuu Yese mmabarima a wɔn ho yɛ fɛ no. Nanso bere a Samuel huu nea odi kan no, Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: “Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse . . . Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ, efisɛ onipa desani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Awiei koraa no, Samuel huu nea osua koraa no, na na ɔno na Yehowa apaw no—ɔne Dawid!

Wɔ Samuel nkwakoraa bere mu no, obehuu sɛnea gyinae a Yehowa sii sɛ wɔmfa Dawid nsi Saul ananmu no teɛ no yiye. Nitan hyɛɛ Saul mã, na ɔbɛyɛɛ ɔwaefo. Nanso Dawid daa su pa ahorow te sɛ akokoduru, mudi mu kura, gyidi, ne nokwaredi adi. Bere a na Samuel nna rekɔ awiei no, ne gyidi mu yɛɛ den. Obehui sɛ huammɔdi biara nni hɔ a ɛsõ ma Yehowa sɛ ebedi ho dwuma, obesiesie, anaa mpo ɔbɛdan no nhyira. Awiei koraa no Samuel dii nna mee, na owui. Na ɛnyɛ nwonwa sɛ Israelfo nyinaa suu ɔbarima nokwafo a na wɔahwere no no! Ɛde besi nnɛ no, ɛsɛ sɛ Yehowa somfo biara bisa ne ho sɛ, ‘So mesuasua Samuel gyidi no bi?’—w11-E 01/1.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ná Samuel bɛyɛ dɛn aboa ne nkurɔfo ma wɔatumi adi adehwere kɛse ne huammɔdi so?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Ɔkwan bɛn so na Samuel yɛɛ n’ade bere a ne mma maa ne nsa sii fam no?