Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Ma Wommu Ade

Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Ma Wommu Ade

Monkyerɛkyerɛ Mo Mma Ma Wommu Ade

GERMANFO bu ɛbɛ bi sɛ: “Sɛ wutu wo kyɛw a, wutumi kɔ baabiara.” Wɔ aman pii so no, sɛ onipa bi rekɔ obi fie anaasɛ ɔrekyia obi na otu ne kyɛw a, na wobu no sɛ ɛyɛ nidi, na saa a ɔyɛ no ma afoforo bu no. Enti, nea ɛbɛ a yɛaka ho asɛm no kyerɛ ne sɛ nkurɔfo da ayamye adi kyerɛ wɔn a wobu ade, na wɔtew wɔn anim ma wɔn.

Sɛ mmofra bu ade a, hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye! Ɔmansin sohwɛfo bi a ɔwɔ Honduras a ɔne adawurubɔfo a ɛsono mfe a wɔadi yɛ asɛnka adwuma no wɔ afie afie mu no ka sɛ, “Mahu mpɛn pii sɛ sɛ me ne abofra a wɔatete no yiye na obu ade kɔ asɛnka a, abofra no nneyɛe ka afiewuranom paa sen asɛm a meka no.”

Wɔ ɛnnɛ mmere yi a nnipa dodow no ara mmu ade no, sɛ yehu sɛnea yɛne afoforo bedi a, eye na mfaso wɔ so. Nea ɛsen saa no, Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ ‘yɛmma yɛn abrabɔ mfata Kristo asɛmpa no.’ (Filip. 1:27; 2 Tim. 3:1-5) Ɛho hia sɛ yɛkyerɛkyerɛ yɛn mma ma wobu afoforo. Yɛbɛyɛ dɛn atumi akyerɛkyerɛ wɔn sɛ ɛnyɛ wɔn anim kɛkɛ na ɛsɛ sɛ wɔtew, na mmom ɛsɛ sɛ wobu ade ankasa nso? *

Wosua Obu Fi Afoforo Hɔ

Mmofra nam nea wohu so na wosua ade. Enti, ɔkwan titiriw a awofo betumi afa so aboa wɔn mma ma wɔabu ade ne sɛ wɔn ankasa bebu ade. (Deut. 6:6, 7) Ɛho hia sɛ wo ne wo ba susuw ɔkwan a ɔbɛfa so abu ade ho, nanso ɛno nkutoo nnɔɔso. Nsɛm a wo ne no besusuw ho akyi no, ɛho hia paa sɛ woyɛ nhwɛso pa nso.

Susuw Paula * a ɔwofo biako tetee no wɔ Kristofo abusua bi mu no asɛm no ho hwɛ. Ɔbɛyɛɛ obi a obu nnipa nyinaa. Dɛn ntia? Ɔka sɛ, “Maame yɛɛ nhwɛso pa maa yɛn, enti anyɛ den amma yɛn a yɛyɛ ne mma no sɛ yebebu ade.” Kristoni bi a ne din de Walter kyerɛkyerɛɛ ne mmabarima sɛ wommu wɔn maame a ɔnyɛ gyidini no. Walter ka sɛ, “Mede m’ankasa me nhwɛso na ɛkyerɛkyerɛɛ me mma no sɛ wommu wɔn maame, na manka me yere ho asɛmmɔne da.” Walter kɔɔ so de Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛɛ ne mmabarima no, na ɔbɔɔ mpae hwehwɛɛ Yehowa mmoa. Seesei wɔn mu biako som wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea bi, na nea ɔka ne ho no nso yɛ ɔkwampaefo. Ne mmabarima no dɔ wɔn awofo baanu no nyinaa, na wobu wɔn.

Bible ka sɛ: “Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom asomdwoe Nyankopɔn.” (1 Kor. 14:33) Yehowa yɛ ne nneɛma nyinaa pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden suasua saa su pa yi na wɔma wɔn afie mu tew. Awofo binom akyerɛ wɔn mma ma wɔto wɔn mpa da biara ansa na wɔakɔ sukuu, wɔakyerɛ wɔn ma wɔde wɔn ntade gu baabi a ɛfata, na mmofra no boa ma wɔyɛ ofie nnwuma. Sɛ mmofra hu sɛnea wɔahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn fie ne sɛnea ofie hɔ nyinaa tew no a, ɛda adi paa sɛ wɔn nso besiesie wɔn dan mu ne wɔn ankasa nneɛma kama.

Wo mma bu nneɛma a wɔresua wɔ sukuu no dɛn? So wɔkyerɛ nneɛma a wɔn akyerɛkyerɛfo rekyerɛ wɔn no ho anisɔ? Wo a woyɛ ɔwofo no, so wokyerɛ nneɛma a ɛte saa ho anisɔ? Sɛ wokyerɛ ho anisɔ a, wo mma nso bɛda su a ɛte saa adi wɔ wɔn sukuu dwumadi ne wɔn akyerɛkyerɛfo ho. Dɛn nti na wonhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔntaa nna wɔn akyerɛkyerɛfo ase? Ɔkwan a eye paa a wobetumi afa so akyerɛ sɛ wobu ade ne sɛ wɔbɛda afoforo ase wɔ nneɛma a wɔyɛ ma wɔn ho, sɛ́ ebia onipa no yɛ ɔkyerɛkyerɛfo, oduruyɛfo, sotɔɔwura, anaa obi foforo biara no. (Luka 17:15, 16) Mmofra a wɔyɛ Kristofo a wobu ade na wɔn abrabɔ ma wɔda nsow wɔ wɔn mfɛfo sukuufo mu no fata nkamfo.

Ɛsɛ sɛ Kristofo asafo no mufo yɛ nhwɛso pa wɔ obu a wɔbɛda no adi ho. Hwɛ sɛnea eye sɛ yehu sɛ mmabun a wɔwɔ asafo no mu di afoforo ni denam nsɛm te sɛ “mepa wo kyɛw” ne “meda wo ase” a wɔka so! Sɛ mpanyimfo yɛ aso tie nkyerɛkyerɛ a wɔde ma wɔ asafo nhyiam ase de kyerɛ sɛ wobu Yehowa a, ɛhyɛ mmofra nkuran ma wosuasua wɔn. Sɛ mmofra hu obu a wɔda no adi wɔ Ahenni Asa so no a, ebetumi aboa wɔn ma wɔasua sɛnea wobebu wɔn afipamfo. Sɛ nhwɛso no, Andrew a wadi mfe anan no asua dedaw sɛ sɛ ɔresian mpanyimfo ho a, ɔbɛka sɛ “Mesrɛ mo, mereba kakra.”

Dɛn bio na awofo betumi ayɛ de aboa wɔn mma ma wɔahu sɛnea wɔbɛda su pa adi? Awofo betumi agye bere ne wɔn mma asusuw nhwɛso pii a wɔasua afi Onyankopɔn Asɛm mu no ho, na ɛsɛ sɛ wɔyɛɛ saa.—Rom. 15:4.

Fa Bible Mu Nhwɛso Kyerɛkyerɛ

Ɛda adi paa sɛ Samuel maame kyerɛɛ ne ba no sɛ ɔnkotow Ɔsɔfo Panyin Eli. Bere a ɔde Samuel kɔɔ ntamadan no mu no, ɛbɛyɛ sɛ na wadi mfe abiɛsa anaa anan pɛ. (1 Sam. 1:28) So wubetumi atete wo ba ketewa ma wasua nkyia te sɛ “mema wo akye,” “mema wo aha,” “mema wo adwo,” anaa sɛnea mukyia biara wɔ baabi a mote no? Sɛnea “Yehowa ne nnipa nyinaa pɛɛ” abofra Samuel ‘asɛm’ no, saa ara na wɔbɛpɛ wo mma nso asɛm.—1 Sam. 2:26.

Dɛn nti na womfa Bible mu nsɛm nkyerɛkyerɛ nea obi yɛ a ɛkyerɛ sɛ obu ade anaa ommu ade no mu? Sɛ nhwɛso no, bere a na Israel hene Ahasia a wanni nokware no pɛ sɛ ohu odiyifo Elia no, ɔsomaa ‘aduonum so panyin ne mmarima aduonum’ sɛ wɔnkɔfrɛ no mmra. Ɔpanyin no hyɛɛ odiyifo no sɛ ɔmmɛsen ne wɔn nkɔ. Ná ɛno nyɛ ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so ne Onyankopɔn nanmusifo kasa. Asɛm bɛn na Elia kae? Ɔkae sɛ, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa a, ɛnde ogya mfi soro mmɛhyew wo ne w’aduonum” no. Na saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. “Ogya fii soro bae, na ɛbɛhyew ɔne n’aduonum no.”—2 Ahe. 1:9, 10.

Wɔsomaa 50 so panyin a ɔto so abien kɔɔ Elia nkyɛn. Ɔno nso bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyɛ Elia ma ɔne no akɔ. Ogya san fii soro bɛhyew wɔn nso. Wɔsan nso somaa 50 so panyin a ɔto so abiɛsa kɔɔ Elia nkyɛn. Saa ɔbarima yi daa obu adi. Sɛ́ anka ɔbɛhyɛ Elia no, obuu nkotodwe paa no kyɛw sɛ: “Nokware Nyankopɔn nipa, mesrɛ wo, ma me kra ne wo nkoa aduonum yi akra nsom bo w’ani so. Hwɛ, ogya fi soro bɛhyew aduonum so mpanyimfo baanu a wodii kan bae no ne wɔn aduonum aduonum no. Na me de, ma me kra nsom bo w’ani so.” So na Onyankopɔn diyifo no bɛma ogya fi soro abɛhyew obi a ɛbɛyɛ sɛ na wabɔ hu nanso ɔkasae obu so no? Ná ɔrenyɛ saa da! Mmom no, Yehowa bɔfo ka kyerɛɛ Elia sɛ ɔne saa ɔpanyin yi nkɔ. (2 Ahe. 1:11-15) So saa asɛm yi nsi so dua sɛ mfaso wɔ obu a yɛbɛda no adi so?

Bere a Roma asraafo kyeree ɔsomafo Paulo wɔ asɔrefie hɔ no, Paulo amfa no sɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔkasa. Obisaa ɔsraani panyin no obu so sɛ: “Mewɔ hokwan sɛ meka asɛm bi kyerɛ wo anaa?” Ɛno nti, ɔmaa Paulo kwan ma oyii ne ho ano.—Aso. 21:37-40.

Bere a na wɔredi Yesu asɛm no, obi bɔɔ n’asom. Nanso, na Yesu nim ɔkwampa a ɔbɛfa so aka biribi de akyerɛ sɛ n’ani nnye nea ɔde yɛɛ no no ho. Ɔkae sɛ: “Sɛ mekaa no bɔne a, di bɔne no ho adanse; na sɛ mekaa no yiye a, adɛn nti na wobɔɔ me?” Obiara antumi annya ɔkwan a Yesu faa so kasae no ho asɛm biara anka.—Yoh. 18:22, 23.

Nhwɛso pii nso wɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛma yehu sɛnea yebetumi ayɛ yɛn ade wɔ nteɛso bi a emu yɛ den a wɔde bɛma yɛn ho ne sɛnea yebetumi afi obu mu agye mfomso bi a yɛadi wɔ bere bi a atwam anaa anidahɔ a yɛamfa anyɛ adwuma atom. (Gen. 41:9-13; Aso. 8:20-24) Sɛ nhwɛso no, Abigail paa kyɛw wɔ aniammɔho a ne kunu Nabal yɛ kyerɛɛ Dawid no ho. Ɔpaa Dawid kyɛw san kyɛɛ no nneɛma pii. Dawid ani gyee nea Abigail yɛe no ho paa ma Nabal wu akyi no ɔwaree no.—1 Sam. 25:23-41.

Kyerɛkyerɛ wo mma ma wɔnna obu adi, sɛ́ ɛyɛ obu a wɔreda no adi wɔ tebea ahorow a emu yɛ den mu anaa wɔ nneɛma a yɛyɛ no daa mu. Sɛ ‘yɛma yɛn kanea hyerɛn nnipa anim’ wɔ saa kwan yi so a, ‘yɛhyɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.’—Mat. 5:16.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ awofo boa wɔn mma ma wohu nsonsonoe a ɛwɔ sɛnea wobebu mpanyimfo ne wɔn ho ase a wɔbɛbrɛ ama obi a obetumi apira wɔn no ntam. Hwɛ October 2007, Awake!, kratafa 3-11.

^ nky. 7 Wɔasesa edin ahorow no bi.