Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Onyankopɔn Ani Sɔ Yɛn a, Ɛbɛma Yɛanya Daa Nkwa

Sɛ Onyankopɔn Ani Sɔ Yɛn a, Ɛbɛma Yɛanya Daa Nkwa

Sɛ Onyankopɔn Ani Sɔ Yɛn a, Ɛbɛma Yɛanya Daa Nkwa

“O Yehowa, wo na wubehyira obiara a ɔyɛ adetrenee; wode anisɔ begye ne ho ban ahyia sɛ ɔkyɛm kɛse.”—DW. 5:12.

1, 2. Dɛn na Elia srɛ fii ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarefat no hɔ, na Elia maa no awerɛhyem bɛn?

NÁ ƆKƆM de ɔbea kunafo no ne ne ba no, na saa ara na na ɔkɔm de Onyankopɔn diyifo no nso. Bere a saa ɔbea kunafo yi a ofi Sarefat no yɛe sɛ ɔrebɛsɔ ogya anoa aduan no, odiyifo Elia srɛɛ no sɛ ɔmma no nsu ne paanoo. Ná ɔbea no pɛ sɛ ɔma no biribi nom, nanso na n’aduan a ɔwɔ nyinaa yɛ “esiam nsa mã pɛ na aka wɔ kuku mu ne ngo kakraa bi a ɛwɔ ahina mu.” Ná ɔbea no susuw sɛ onni aduan biara a ɔde bɛma odiyifo no, enti ɔka kyerɛɛ no.—1 Ahe. 17:8-12.

2 Elia kɔɔ so ara ka kyerɛɛ no sɛ: “Di kan fa nea ɛwɔ hɔ no bi yɛ paanoo ketewaa bi brɛ me ansa na woayɛ bi ama wo ne wo ba no. Na asɛm a Yehowa, Israel Nyankopɔn aka ni, ‘Esiam a ɛwɔ kuku mu no rensã, na ngo a ɛwɔ ahina mu no nso rensã.’”—1 Ahe. 17:13, 14.

3. Asɛm a ɛho hia bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa si ho gyinae?

3 Ná ɛsɛ sɛ okunafo no si gyinae bi a ɛho hia paa sen n’aduan kakra a aka no a na ɔbɛma odiyifo no bi anaasɛ ɔremma no no. So na obenya Yehowa mu ahotoso sɛ obegye ɔne ne ba no nkwa, anaasɛ na ɔde nea ohia wɔ honam fam bedi kan sen sɛ ɔbɛma Onyankopɔn ani asɔ no na wafa no adamfo? Ɛsɛ sɛ yɛn nso yesi gyinae a ɛte saa. So yɛbɛma Yehowa ani a ɛbɛsɔ yɛn no ho ahia yɛn kɛse asen ahonyade a yɛbɛhwehwɛ? Yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu awerɛhyem na yɛsom no. Na nneɛma bi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ na ama Onyankopɔn ani asɔ yɛn.

‘Wofata sɛ Yɛsom Wo’

4. Dɛn nti na ɛfata sɛ yɛsom Yehowa?

4 Yehowa wɔ hokwan sɛ ɔhwehwɛ sɛ nnipa bɛsom no wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. N’asomfo a wɔwɔ soro no mu bi de nokoro sii saa asɛm yi so dua sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔe.” (Adi. 4:11) Esiane sɛ Yehowa yɛ Ɔbɔadeɛ nti, ɔfata sɛ yɛsom no.

5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no ka yɛn ma yɛsom no?

5 Ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛsom Yehowa ne sɛ ɔdɔ yɛn sen sɛnea obi foforo biara dɔ yɛn. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ ne suban so, Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ no; ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” (Gen. 1:27) Onyankopɔn ama nnipa hokwan ma wotumi si gyinae sɛ wɔbɛsom no anaasɛ wɔrensom no. Nkwa a Yehowa de maa yɛn no ma ɔbɛyɛɛ nnipa nyinaa Agya. (Luka 3:38) Sɛnea agya pa biara yɛ no, Yehowa ayɛ biribiara a ne mmabarima ne ne mmabea hia a ɛbɛma wɔn ani agye wɔ wɔn asetena mu ama wɔn. “Ɔma n’awia pue” na “ɔma osu tɔ” sɛnea ɛbɛyɛ a okyinnsoromma a ɛne Asase bɛbɔ aduan pii ama yɛn wɔ asase a ɛso yɛ fɛ so.—Mat. 5:45.

6, 7. (a) Ɔhaw bɛn na Adam de baa n’asefo nyinaa so? (b) Dɛn na Kristo afɔrebɔ no bɛyɛ ama wɔn a wɔpɛ sɛ Onyankopɔn ani sɔ wɔn no?

6 Yehowa agye yɛn afi amanehunu kɛse a bɔne de bae no nso mu. Adam nam bɔne a ɔyɛe so bɛyɛɛ te sɛ obi a ɔtow kyakya a owia n’abusua sika de kɔtow kyakya. Esiane sɛ Adam tew Yehowa so atua nti, Adam maa anigye a ne mma benya daa bɔɔ wɔn. Adam pɛsɛmenkominya ama adesamma atɔ sin. Ɛno nti, nnipa nyinaa tumi yare, wodi awerɛhow, na awiei koraa no, wowuwu. Sɛ wɔpɛ sɛ wogye obi fi nkoasom mu a, gye sɛ wotua biribi, na Yehowa atua ade a ebetumi agye yɛn afi saa amanehunu kɛse a bɔne de bae no mu no. (Monkenkan Romafo 5:21.) Yesu Kristo de ‘ne kra yɛɛ agyede de gyee nnipa bebree’ de yɛɛ n’Agya apɛde. (Mat. 20:28) Ɛrenkyɛ, wɔn a Onyankopɔn ani sɔ wɔn no benya saa agyede a wotuae no so mfaso koraa.

7 Yɛn Bɔfo Yehowa ayɛ nneɛma pii a ɛbɛma yɛanya asetena a ɛyɛ anigye na atirimpɔw wom sen nea obi foforo biara betumi ayɛ ama yɛn. Sɛ Yehowa ani sɔ yɛn a, yebehu ɔkwan a ɔbɛfa so ayi ɔhaw a aba adesamma so no nyinaa afi hɔ. Yehowa bɛkɔ so ama yɛn mu biara ahu sɛnea ɔyɛ “wɔn a wɔn ani abere rehwehwɛ no no katuafo.”—Heb. 11:6.

“Wo Man Betu Wɔn Ho Ama Koraa”

8. Dɛn na Yesaia asɛm no ma yehu fa Onyankopɔn a yɛbɛsom no no ho?

8 Sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ yɛn a, gye sɛ yɛde hokwan a yɛwɔ sɛ yetumi fi yɛn pɛ mu yɛ ade no di dwuma yiye. Nea enti a eyi te saa ne sɛ Yehowa nhyɛ obiara sɛ ɔnsom no. Yehowa bisae wɔ Yesaia bere so sɛ: “Hena na mensoma no, na hena na ɔbɛkɔ ama yɛn?” Yehowa dii odiyifo no ni bere a ɔmaa no kwan ma ɔno ankasa sii gyinae no. Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesaia de anigye gyee so sɛ: “Mini, soma me.”—Yes. 6:8.

9, 10. (a) Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde som Onyankopɔn? (b) Dɛn nti na ɛfata sɛ yefi ɔkra nyinaa mu som Yehowa?

9 Nnipa wɔ hokwan sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛsom Onyankopɔn anaasɛ wɔrensom no. Yehowa pɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu som no. (Monkenkan Yosua 24:15.) Obiara a ɔde amemenemfe bɛsom Onyankopɔn no rentumi nsɔ n’ani; saa ara nso na n’ani nsɔ nnipa a wɔn adwene ara ne sɛ wɔbɛyɛ ade de asɔ nnipa ani no som. (Kol. 3:22) Sɛ yɛma wiase nneɛma twitware yɛn som mu na ‘yɛtwentwɛn yɛn nan ase’ wɔ ɔsom kronn a yɛde ma Onyankopɔn no ho a, n’ani rensɔ. (Ex. 22:29) Yehowa nim sɛ eye ma yɛn sɛ yebefi ɔkra nyinaa mu asom no. Mose hyɛɛ Israelfo no nkuran sɛ ‘wɔnnɔ Yehowa wɔn Nyankopɔn na wontie n’asɛm na wɔmfa wɔn ho mfam ne ho’ na ama wɔanya nkwa.—Deut. 30:19, 20.

10 Tete Israel hene Dawid too dwom maa Yehowa sɛ: “Wo man betu wɔn ho ama koraa, da a wobɛkyerɛ wo tumi no. Wo mmerante asafodɔm bɛka wo ho wɔ ahohyehyɛ kronkron mu, sɛ obosu a efi adekyee yam.” (Dw. 110:3) Ɛnnɛ, nnipa pii de sika a wobenya ne anigyede na edi kan wɔ wɔn asetena mu. Nanso, wɔn a wɔdɔ Yehowa no de, ɔsom kronn a wɔde bɛma Yehowa no ne ade a ɛho hia wɔn sen biribi foforo biara. Nsi a wɔde ka asɛmpa no ma yehu nneɛma a ɛho hia wɔn paa wɔ wɔn asetena mu. Wɔwɔ Yehowa mu ahotoso koraa sɛ obetumi ama wɔn nsa aka nea wohia da biara da.—Mat. 6:33, 34.

Afɔre a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

11. Sɛ na Israelfo no bɔ afɔre ma Yehowa a, mfaso bɛn na na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya?

11 Onyankopɔn nkurɔfo bɔɔ afɔre a edi mũ a na ɛsɔ Onyankopɔn ani wɔ Mmara apam no ase. Leviticus 19:5 ka sɛ: “Sɛ morebɔ asomdwoe afɔre ama Yehowa a, mommɔ no sɛnea ɛbɛsɔ n’ani.” Yehu wɔ saa Bible mu nhoma koro no ara mu nso sɛ: “Sɛ mobɔ aseda afɔre ma Yehowa a, mommɔ no sɛnea n’ani bɛsɔ.” (Lev. 22:29) Sɛ na Israelfo no de mmoa bɔ afɔre a edi mũ wɔ Yehowa afɔremuka so a, na wusiw a ɛforo kɔ soro no te sɛ afɔre “huamhuam” ma nokware Nyankopɔn no. (Lev. 1:9, 13) Nneɛma a Yehowa nkurɔfo yɛe de kyerɛe sɛ wɔdɔ no no maa n’ani gyei, na ɛmaa ne koma tɔɔ ne yam. (Gen. 8:21) Yehu nnyinasosɛm bi wɔ saa afɔre a na wɔbɔ a ɛho asɛm wɔ Mose Mmara no mu no, na ɛfa yɛn ho nnɛ. Yehowa ani sɔ wɔn a wɔbɔ afɔre a edi mũ ma no no. Afɔre bɛn na ɛsɔ Yehowa ani? Susuw nneɛma abien a yɛyɛ wɔ asetena mu ho hwɛ: yɛn abrabɔ ne yɛn kasa.

12. Nneyɛe bɛn na ɛremma Onyankopɔn ani rensɔ ‘yɛn nipadua a yɛde rema sɛ afɔrebɔde no’?

12 Ɔsomafo Paulo kyerɛw wɔ krataa a ɔde kɔmaa Romafo no mu sɛ: “Momfa mo nipadua mma sɛ afɔrebɔde a ɛte ase a ɛyɛ kronkron na ɛsɔ Onyankopɔn ani, ɔsom kronn a adwene wom.” (Rom. 12:1) Sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ obi a, ɛsɛ sɛ onipa no de ne nipadua yɛ ade a ɛsɔ Onyankopɔn ani. Sɛ ɔnom tawa, ɔwe betel aba, ɔnom nnubɔne, anaasɛ ɔwe nsa de gu ne ho fĩ a, afɔre a ɔde ne nipadua bɔ no bɛyɛ ɔkwa. (2 Kor. 7:1) Bio nso, esiane sɛ nea “ɔde ne ho hyɛ aguamammɔ mu no yɛ n’ankasa nipadua bɔne” nti, ɔbrasɛe biara a ɔde ne ho behyem no remma afɔre a ɔbɔ no rensɔ Yehowa ani. (1 Kor. 6:18) Sɛ Onyankopɔn ani bɛsɔ obi a, ɛsɛ sɛ ‘ɔyɛ kronkron wɔ ne nneyɛe nyinaa mu.’—1 Pet. 1:14-16.

13. Dɛn nti na ɛfata sɛ yeyi Yehowa ayɛ?

13 Afɔre foforo a Yehowa ani gye ho ne yɛn kasa. Wɔn a wɔdɔ Yehowa aka ne ho asɛm pa wɔ baguam ne wɔn afie mu bere nyinaa. (Monkenkan Dwom 34:1-3.) Kenkan Nnwom 148-150, na hwɛ mpɛn dodow a saa nnwom abiɛsa yi hyɛ yɛn nkuran sɛ yenyi Yehowa ayɛ. Nokwarem no, “ɛfata sɛ teefo yi no ayɛ.” (Dw. 33:1) Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Nhwɛsofo no sii hia a ɛho hia sɛ yɛbɛka asɛmpa no de ayi Onyankopɔn ayɛ no so dua.—Luka 4:18, 43, 44.

14, 15. Afɔre bɛn na Hosea hyɛɛ Israelfo no nkuran sɛ wɔmmɔ, na asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ wɔn?

14 Sɛ yɛde nsi ka asɛm no a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa na yɛpɛ sɛ yɛsɔ n’ani. Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea odiyifo Hosea de afotu maa Israelfo a na wɔde wɔn ho akɔhyɛ atoro som mu na ama Onyankopɔn ani nsɔ wɔn bio no ho hwɛ. (Hos. 13:1-3) Hosea ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnsrɛ sɛ: “[Yehowa] fa bɔne firi na gye papa, na yɛde yɛn ano bɛbɔ anantwinini afɔre.”—Hos. 14:1, 2.

15 Ná aboa a ne bo yɛn den sen biara a Israelni betumi de abɔ afɔre ama Yehowa ne nantwinini. Enti, asɛm a ɛne sɛ ‘yɛde yɛn ano bɔ anantwinini afɔre’ no kyerɛ nsɛm a efi komam a wosusuw ho yiye a wɔka de yi nokware Nyankopɔn no ayɛ. Asɛm bɛn na Yehowa ka kyerɛɛ wɔn a na wɔbɔ saa afɔre no? Ɔkae sɛ: “Meyi me yam adɔ wɔn.” (Hos. 14:4) Yehowa de wɔn a na wɔbɔ afɔre a ɛte saa no bɔne firii wɔn, na n’ani sɔɔ wɔn, na ɔne wɔn faa adamfo.

16, 17. Sɛ Onyankopɔn mu gyidi ka obi ma ɔka asɛmpa no a, ɔkwan bɛn so na Yehowa gye saa onii no ayeyi tom?

16 Ayeyi a wɔde ma Yehowa wɔ baguam yɛ ade titiriw a akɔ so wɔ nokware som mu bere nyinaa. Ná ɛho hia odwontofo no paa sɛ ɔbɛhyɛ nokware Nyankopɔn no anuonyam ma enti ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, ma w’ani nsɔ m’anom ayɛyɛde.” (Dw. 119:108) Na ɛnnɛ nso ɛ? Yesaia hyɛɛ nnipakuw kɛse bi a na wɔbɛba yɛn bere yi so ho nkɔm sɛ: “Wɔbɛka Yehowa ayeyi akyerɛ. . . . Megye wɔn [akyɛde] atom ma wɔaba [Onyankopɔn afɔremuka] so.” (Yes. 60:6, 7) Saa nkɔmhyɛ no abam efisɛ nnipa ɔpepem pii rebɔ Onyankopɔn ‘ayeyi afɔre a ɛne anofafa aba a wɔde bɔ ne din wɔ baguam no.’—Heb. 13:15.

17 Na wo nso ɛ? So worebɔ afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani? Sɛ wonyɛɛ saa a, so wobɛyɛ nsakrae na woafi ase ayi Yehowa ayɛ wɔ baguam? Sɛ gyidi ma wufi ase ka asɛmpa no a, afɔre a wobɔ no “bɛsɔ Yehowa ani asen nantwi” a wode bɛbɔ afɔre. (Monkenkan Dwom 69:30, 31.) Nya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛte ayeyi afɔre “huamhuam” a wobɔ no, na n’ani bɛsɔ wo. (Hes. 20:41) Na ɛno bɛma woanya anigye a ɛso bi nni.

‘Yehowa na Obehyira Obiara a Ɔyɛ Adetrenee’

18, 19. (a) Adwene bɛn na nnipa pii wɔ wɔ Onyankopɔn som ho nnɛ? (b) Sɛ Onyankopɔn ani ansɔ yɛn a, dɛn na ebefi mu ba?

18 Ɛnnɛ, nnipa pii ka asɛnkoro no ara a ebinom kae wɔ Malaki bere so no bi sɛ: “Onyankopɔn som yɛ ɔkwa; na mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yedi n’ahyɛde so?” (Mal. 3:14, An American Translation) Esiane sɛ nnipa a wɔte saa di ahonyade akyi nti, wɔn adwene yɛ wɔn sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ntumi mma mu, na mfaso nni ne mmara so bio. Wɔn de, wobu asɛmpa a yɛka no sɛ ɛyɛ beresɛe ne ahoguan.

19 Su a ɛte saa no fii ase wɔ Eden turo no mu tɔnn. Ɛyɛ Satan na ɔdaadaa Hawa ma obuu n’ani guu mfaso ankasa a ɛwɔ asetena pa a na Yehowa de ama no no so, na ɛno na amma nea ɛsɔ Yehowa ani a ɔbɛyɛ no ho anhia no no. Ɛnnɛ, Satan bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ ɔbɛma nkurɔfo agye adi sɛ mfaso biara nni so sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Nanso, Hawa ne ne kunu behui sɛ Onyankopɔn ani a ansɔ wɔn bio no kyerɛ sɛ na wɔn nkwa bɛbɔ wɔn. Ɛrenkyɛ, awerɛhosɛm a ɛtoo Adam ne Hawa no ara bi bɛto wɔn a wosuasua wɔn nhwɛso bɔne nnɛ no.—Gen. 3:1-7, 17-19.

20, 21. (a) Dɛn na ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarefat no yɛe, na mfaso bɛn na onya fii so? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de suasua ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarefat no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa?

20 Fa awerɛhosɛm a ɛtoo Adam ne Hawa no toto nea efii nsɛm a esisii wɔ Elia ne ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarefat ntam no mu bae a yɛaka ho asɛm dedaw no ho hwɛ. Bere a ɔbea no tee asɛm a ɛhyɛ nkuran a Elia kae akyi no, ɔbea no fii ase too paanoo no, na ɛwom mpo sɛ na n’aduan no sua de, nanso odii kan maa odiyifo no aduan no bi. Afei Yehowa dii ɛbɔ a ɔnam Elia so hyɛe no so. Bible ka sɛ: “Ɔbea no nyaa aduan dii nna pii, ɔne ne fiefo ne odiyifo no. Kuku no mu esiam no ansa, na ahina no mu ngo no nso ansa, sɛnea Yehowa nam Elia so kae no.”—1 Ahe. 17:15, 16.

21 Nnipa ɔpepepem pii a wɔte ase nnɛ no mu kakraa bi na wɔn ani begye ho sɛ wɔbɛyɛ ade a ɔbea kunafo a na ɔwɔ Sarefat no yɛe no bi. Ɔde ne werɛ nyinaa hyɛɛ nkwagye Nyankopɔn no mu, na Onyankopɔn nso amma ne nsa ansi fam. Saa asɛm yi ne Bible mu nsɛm foforo si so dua sɛ ɛfata sɛ yɛde yɛn werɛ hyɛ Yehowa mu. (Monkenkan Yosua 21:43-45; 23:14.) Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ asetena ma yenya adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa remma wɔn a n’ani sɔ wɔn no nsa rensi fam da.—Dw. 34:6, 7, 17-19. *

22. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase koraa sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani?

22 Onyankopɔn atemmu da a ɛbɛba “wɔn a wɔtete asase so baabiara no nyinaa so” no abɛn. (Luka 21:34, 35) Obiara ntumi nguan mfi mu. Sika anaa ahonyade biara nni hɔ a yebetumi de atoto mfaso a ɛwɔ asɛm a yɛbɛte afi Ɔtemmufo a Onyankopɔn apaw no no hɔ no ho da. Ɔbɛka sɛ: “Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, momfa ahenni a wɔasiesie ama mo” no. (Mat. 25:34) Nokwarem no, ‘Yehowa na obehyira obiara a ɔyɛ adetrenee; ɔde anisɔ begye ne ho ban ahyia sɛ ɔkyɛm kɛse.’ (Dw. 5:12) So ɛnsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani?

[Ase hɔ asɛm]

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛfata sɛ yefi ɔkra nyinaa mu som Yehowa?

• Afɔre bɛn na ɛsɔ Yehowa ani nnɛ?

• Asɛm a ɛne ‘yɛn ano a yɛde bɔ anantwinini afɔre’ no kyerɛ dɛn, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ afɔre a ɛte saa ma Yehowa?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Asɛm a ɛho hia bɛn na Onyankopɔn diyifo no de sii ɛna bi a na ahia no anim?

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛ yɛbɔ ayeyi afɔre ma Yehowa a, mfaso bɛn na yenya?

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Sɛ wode wo werɛ nyinaa hyɛ Yehowa mu a, wo nsa rensi fam da