Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Wo Koma Nyinaa Dɔ Trenee

Fa Wo Koma Nyinaa Dɔ Trenee

Fa Wo Koma Nyinaa Dɔ Trenee

“Wodɔɔ trenee.”—DW. 45:7.

1. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛafa ‘ɔkwantrenee no so’?

YEHOWA nam n’Asɛm ne ne honhom kronkron so de ne nkurɔfo refa “ɔkwantrenee so.” (Dw. 23:3) Nanso esiane sɛ yɛtɔ sin nti, yɛtaa man fi ɔkwantrenee no so. Na egye mmɔdenbɔ paa ansa na yɛatumi asan afa saa kwan no so bio. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ saa? Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛdɔ trenee sɛnea Yesu yɛe no.—Monkenkan Dwom 45:7.

2. Dɛn ne “ɔkwantrenee” no?

2 Dɛn ne “ɔkwantrenee” no? Ɛno ne sɛ yɛbɛbɔ yɛn bra ma ɛne Yehowa trenee gyinapɛn ahyia. Wɔ Hebri ne Hela kasa mu no, ‘trenee’ kyerɛ ade a “ɛteɛ,” a nea ɛkyerɛ ne sɛ obi bedi abrabɔ pa ho mmara so pɛpɛɛpɛ. Esiane sɛ Yehowa yɛ “trenee tenabea” nti, n’asomfo ani gye ho sɛ wɔbɛma wakyerɛ wɔn ɔkwan a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ wɔfa so bɔ wɔn bra.—Yer. 50:7.

3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi asua Onyankopɔn trenee ho ade pii?

3 Sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu yere yɛn ho di Onyankopɔn gyinapɛn a ɛteɛ no so nkutoo a, ɛnna n’ani bɛsɔ yɛn koraa. (Deut. 32:4) Nea ɛbɛma yɛayɛ saa ne sɛ yɛbɛbɔ mmɔden asua nea yebetumi nyinaa afa Yehowa Nyankopɔn ho wɔ n’Asɛm Bible mu. Dodow a yesua ne ho ade na yɛbɛn no kɛse da biara da no, dodow no ara na yɛbɛdɔ ne trenee. (Yak. 4:8) Saa ara nso na sɛ ɛho behia sɛ yesisi gyinae a ɛho hia wɔ asetena mu a, ɛsɛ sɛ yɛma Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no kyerɛ yɛn kwan.

Hwehwɛ Onyankopɔn Trenee

4. Dɛn na Onyankopɔn trenee a yɛbɛhwehwɛ no kyerɛ?

4 Monkenkan Mateo 6:33. Onyankopɔn trenee a yɛbɛhwehwɛ no kyerɛ pii sen yɛn bere a yɛde bɛka Ahenni no ho asɛmpa no. Sɛ Yehowa ani bɛsɔ ɔsom kronn a yɛde ma no no a, ɛsɛ sɛ yɛde Yehowa gyinapɛn a ɛkorɔn no bɔ yɛn bra da biara da. Dɛn na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔrehwehwɛ Yehowa trenee no nyinaa yɛ? Ɛsɛ sɛ ‘wɔhyɛ nipasu foforo a wɔbɔɔ no sɛnea Onyankopɔn pɛ wɔ nokware trenee ne nokwaredi pintinn mu no.’—Efe. 4:24.

5. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi agyina abasamtu ano?

5 Bere a yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛde Onyankopɔn trenee gyinapɛn bɛbɔ yɛn bra no, ɛtɔ mmere bi a esiane yɛn sintɔ nti, yɛn abam bu. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina abasamtu a emu yɛ den ano na yɛasua sɛ yɛbɛdɔ trenee na yɛayɛ adetrenee? (Mmeb. 24:10) Ɛsɛ sɛ yɛde “nokware koma” kɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu daa “a yɛwɔ gyidi mu awerɛhyem a edi mũ.” (Heb. 10:19-22) Sɛ́ ebia yɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn anaa yɛwɔ anidaso sɛ yɛbɛtena asase so no, yɛwɔ Yesu Kristo agyede afɔre ne adwuma a ɔyɛ sɛ yɛn Sɔfo Panyin kɛse no mu gyidi. (Rom. 5:8; Heb. 4:14-16) Wɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea Yesu mogya a ohwie gui no yɛ adwuma yiye no mu wɔ Ɔwɛn-Aban a edi kan koraa a wotintimii no mu. (1 Yoh. 1:6, 7) Ɔwɛn-Aban no kae sɛ: “Ɛyɛ nokware [sɛ] sɛ yɛde ahwehwɛ kɔkɔɔ hwɛ koogyan anaa kɔben wɔ hann mu a, yehu no fitaa; enti sɛ yɛn bɔne te sɛ koogyan anaa kɔben mpo a, sɛ yɛde adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ yɛn bɔne ho hwɛ yɛn bɔne sɛnea ɔhwɛ wɔ Kristo mogya mu a ohu no fitaa no a, yɛn nso yebehu no saa ara.” (July 1879, kr. 6) Hwɛ sɛnea Yehowa nam ne Dɔba no agyede afɔre no so ayɛ nsiesiei a ɛyɛ nwonwa saa ama yɛn!—Yes. 1:18.

Hwɛ Sɛnea Wo Honhom Fam Akode no Te

6. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛn honhom fam akode no te?

6 Ɛsɛ sɛ ‘yɛhyɛ trenee nkatabo’ no bere nyinaa, efisɛ ɛyɛ honhom fam akode a efi Onyankopɔn hɔ no fã a ɛho hia. (Efe. 6:11, 14) Sɛ́ ebia nnansa yi ara na yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa anaasɛ yɛde mfe pii na asom no no, ɛho hia sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛn honhom fam akode no te da biara da. Dɛn ntia? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, wɔatow Ɔbonsam ne n’adaemone agu asase so. (Adi. 12:7-12) Satan bo afuw, na onim sɛ ne bere a aka yɛ tiaa. Ɛno nti, wamia nhyɛso a ɔde ba Onyankopɔn nkurɔfo so no mu. So yehu sɛnea ɛho hia sɛ yɛhyɛ “trenee nkatabo” no?

7. Sɛ yehu sɛ yehia “trenee nkatabo” no a, yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn?

7 Nkatabo bɔ koma ho ban. Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ nti, yɛn koma taa yɛ okontomponi, na ne ho yɛ ahometew. (Yer. 17:9) Esiane sɛ yɛn koma taa tɔ kɔ bɔne so nti, ɛho hia sɛ yɛtete no na yɛteɛ no so. (Gen. 8:21) Sɛ yehu sɛ yehia “trenee nkatabo” no a, yɛremfa nneɛma a Onyankopɔn kyi nnyigye yɛn ani mfa nyi trenee nkatabo no mfi yɛn ho bere tiaa bi mpo; saa ara nso na yɛrennwinnwen ho sɛ yɛbɛyɛ bɔne. Yɛrensɛe bere pii mfa nhwɛ television. Mmom no, yɛbɛkɔ so ayere yɛn ho ayɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Sɛ ɛba sɛ yedwinnwen nneɛma a ɛnteɛ ho ma yɛfom kwan bere tiaa bi mpo a, Yehowa bɛboa yɛn ma yɛasɔre agyina bio.—Monkenkan Mmebusɛm 24:16.

8. Dɛn nti na yehia “gyidi kyɛm kɛse no”?

8 “Gyidi kyɛm kɛse no” ka honhom fam akode no ho. Ɛboa yɛn ma yetumi ‘dum ɔbɔnefo no mmɛmma a ɛredɛw no nyinaa.’ (Efe. 6:16) Gyidi ne yɛn koma nyinaa a yɛde dɔ Yehowa no nso boa yɛn ma yɛyɛ adetrenee na yɛkɔ so fa ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. Dodow a yesua sɛ yɛbɛdɔ Yehowa no, dodow no ara na yebehu sɛ ne trenee so wɔ mfaso. Na yɛn ahonim nso ɛ? Dɛn na ɛyɛ de boa yɛn wɔ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛdɔ trenee no mu?

Kɔ So Nya Ahonim Pa

9. Sɛ yɛkɔ so nya ahonim pa a, mfaso bɛn na yenya?

9 Bere a yɛrebɔ asu no, yɛsrɛɛ Yehowa sɛ ɔmma yɛn “ahonim pa.” (1 Pet. 3:21) Esiane sɛ yɛwɔ agyede no mu gyidi nti, Yesu mogya apata yɛn bɔne, na ama yɛanya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim. Nanso, sɛ yɛpɛ sɛ yɛkɔ so nya gyinabea pa wɔ Onyankopɔn anim a, ɛho hia sɛ yɛkɔ so nya ahonim pa. Sɛ ɛtɔ mmere bi na yɛn ahonim bu yɛn fɔ anaa ɛbɔ yɛn kɔkɔ a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye sɛ ɛreyɛ adwuma yiye. Sɛ yɛn ahonim bɔ yɛn kɔkɔ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ahonim nwui, na ɛda so ara kaakae yɛn Yehowa akwantrenee. (1 Tim. 4:2) Nanso, ahonim no betumi ayɛ ade foforo ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdɔ trenee no.

10, 11. (a) Ka osuahu bi a ɛma yehu nea enti a ɛsɛ sɛ yetie yɛn ahonim a yɛde Bible atete no no. (b) Dɛn nti na sɛ yɛdɔ trenee a, ɛbɛma yɛn ani agye kɛse?

10 Sɛ yɛyɛ bɔne a, yɛn ahonim betumi abu yɛn fɔ anaa ateetee yɛn. Aberante bi man fii ‘ɔkwantrenee no so.’ Ɔhwɛɛ aguamansɛm ho mfonini maa ne hwɛ kaa ne hɔ, na ofii ase nom wii. Sɛ ɔkɔ asafo nhyiam a, na n’ahonim bu no fɔ, na sɛ ɔkɔ asɛnka nso a, na ɔte nka sɛ ɔyɛ nyaatwom, enti ogyaee saa Kristofo nnwuma yi yɛ. Ɔkae sɛ, “Nanso, na minnim sɛ m’ahonim bɛteetee me wɔ nea na mereyɛ no ho.” Ɔde kaa ho sɛ, “Mebɔɔ saa ahohwibra yi bɛyɛ mfe anan.” Afei, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛsan aba nokware no mu bio. Ɛwom sɛ na osusuw sɛ Yehowa rentie ne mpaebɔ de, nanso ɔbɔɔ mpae ara, na ɔsrɛɛ bɔne fafiri. Ɔbɔɔ mpae no wiei no, anni simma du koraa na ne maame bɛsraa no, na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnsan nkɔ asafo nhyiam. Ɔkɔɔ Ahenni Asa so, na ɔka kyerɛɛ asafo mu panyin bi sɛ ɔne no mmesua ade. Bere bi akyi no, ɔbɔɔ asu, na ɔda Yehowa ase sɛ wagye no.

11 So yenhui sɛ sɛ yɛyɛ ade a ɛteɛ a, ebetumi ama yɛn ani agye kɛse? Sɛ yesua sɛ yɛbɛdɔ trenee na yɛayɛ adetrenee bere nyinaa a, yɛn ani begye pii sɛ yɛreyɛ ade a ɛsɔ yɛn soro Agya no ani. Wo de, susuw ho hwɛ! Ɛda bi reba a nnipa nyinaa adwene remmu wɔn fɔ bio; wɔbɛda Onyankopɔn suban adi pɛpɛɛpɛ. Enti, momma yennya trenee ho dɔ kɛse wɔ yɛn komam nnɛ na ɛmma Yehowa nni ahurusi.—Mmeb. 23:15, 16.

12, 13. Dɛn na yebetumi ayɛ de atete yɛn ahonim?

12 Dɛn na yebetumi ayɛ de atete yɛn ahonim? Sɛ yɛresua Kyerɛwnsɛm no ne yɛn Bible ho nhoma ahorow no a, ɛho hia sɛ yɛkae sɛ “ɔtreneeni koma dwen ansa na ama mmuae.” (Mmeb. 15:28) Susuw sɛnea eyi boa yɛn bere a ɛho abehia sɛ yesisi adwuma ho gyinae no ho hwɛ. Enti sɛ yɛn mu dodow no ara hu no pefee sɛ Kyerɛwnsɛm no mma adwuma bi a yɛpɛ sɛ yɛyɛ ho kwan a, yɛde akwankyerɛ a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no de ma yɛn no yɛ adwuma ntɛm ara. Nanso, sɛ yenhu no yiye sɛ adwuma bi fata anaa ɛmfata a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Bible nnyinasosɛm a ɛfa asɛm no ho, na yesusuw ho na yɛbɔ ho mpae. * Eyi fa nnyinasosɛm a ɛkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛbɛhaw afoforo ahonim ho. (1 Kor. 10:31-33) Nea ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn titiriw ne nnyinasosɛm a ɛfa abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ ho no. Sɛ yegye di sɛ Yehowa wɔ hɔ paa a, yebedi kan abisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ meyɛ saa adwuma yi a, so ɛbɛma Yehowa werɛ ahow na wadi yaw anaa?’—Dw. 78:40, 41.

13 Sɛ yɛresua nneɛma a yebesusuw ho wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua anaa Asafo Bible Adesua ase ansa na yɛakɔ a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ ɛho hia sɛ yedwinnwen asɛm a ɛwom no ho. Sɛ yɛresua ade a, so yɛde ahopere sensan asɛmmisa no ho mmuae ase bere nyinaa, na yɛkɔ nkyekyɛm a edi hɔ no so? Sɛ yesua ade wɔ saa kwan no so a, ɛda adi sɛ ɛremma yennya ɔdɔ kɛse mma trenee anaasɛ ɛremma yennya ahonim a ɛyɛ nnam. Sɛ yebetumi adɔ trenee a, ɛho hia sɛ yɛde nsi sua ade na yedwinnwen nea yɛkenkan wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no ho. Egye mmɔdenbɔ na ama yɛatumi asua sɛnea yɛde yɛn koma nyinaa bɛdɔ trenee!

Wɔn a Trenee Ho Kɔm ne Sukɔm De Wɔn

14. Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo pɛ sɛ yɛte nka dɛn wɔ ɔsom adwuma no ho?

14 Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo pɛ sɛ yɛn ani gye wɔ ɔsom adwuma no mu. Dɛn na ɛbɛma yɛn ani agye? Ɛyɛ ɔdɔ a yebenya ama trenee! Yesu kae wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Anigye ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, efisɛ wɔbɛmee.” (Mat. 5:6) Saa asɛm yi fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdɔ trenee no ho dɛn?

15, 16. Dɛn na wɔbɛyɛ de ama wɔn a honhom fam kɔm ne sukɔm de wɔn no amee?

15 Ɔbɔnefo no na odi wiase a yɛte mu yi so. (1 Yoh. 5:19) Sɛ yɛfa atesɛm krataa wɔ ɔman biara mu a, yehu awudisɛm ne atirimɔdensɛm a ɛrekɔ so a ebi mmae saa da. Sɛ ɔtreneeni dwen atirimɔdensɛm a onipa de yɛ ne yɔnko nipa ho a, ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛte ase. (Ɔsɛnk. 8:9) Yɛn a yɛdɔ Yehowa no de, yenim sɛ Yehowa nkutoo na obetumi ama nnipa a honhom fam kɔm ne sukɔm de wɔn a wɔpɛ sɛ wosua trenee no amee. Ɛrenkyɛ, wobeyi abɔnefo afi hɔ, na wɔn a wɔdɔ trenee renhu mmaratofo ateetee ne wɔn nneɛma bɔne no bio. (2 Pet. 2:7, 8) Hwɛ sɛnea ɛno bɛma yɛn ho atɔ yɛn!

16 Yɛn a yɛyɛ Yehowa asomfo ne Yesu Kristo akyidifo no nim sɛ wɔbɛma wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn no nyinaa ‘amee.’ Wɔnam nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ sɛ ɔde ɔsoro foforo ne asase foforo a “trenee bɛtena” mu bɛba no so bɛmee koraa. (2 Pet. 3:13) Enti, mommma yɛn abam mmu anaasɛ ɛnnyɛ yɛn nwonwa sɛ nhyɛso ne atirimɔdensɛm ama trenee ayera afi Satan wiase yi mu. (Ɔsɛnk. 5:8) Yehowa, Ɔsorosoroni no, nim nea ɛrekɔ so, na ɛrenkyɛ obegye wɔn a wɔdɔ trenee no.

Mfaso a Yenya Fi Trenee a Yɛbɛdɔ So

17. Sɛ yɛdɔ trenee a, mfaso a yenya fi so no bi ne dɛn?

17 Dwom 146:8 si mfaso kɛse bi a yenya fi ɔkwantrenee no a yɛbɛfa so no so. Odwontofo no too dwom sɛ: “Yehowa dɔ treneefo.” Wo de, susuw ho hwɛ! Esiane sɛ yɛdɔ trenee nti, amansan Sodifo no dɔ yɛn! Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn nti, yɛwɔ ahotoso sɛ sɛ yɛde Ahenni nneɛma di kan wɔ yɛn asetena mu a, ɔbɛma yɛn nsa aka nneɛma a yehia. (Monkenkan Dwom 37:25; Mmebusɛm 10:3.) Awiei koraa no, nnipa a wɔdɔ trenee na wɔbɛtena asase so nyinaa. (Mmeb. 13:22) Onyankopɔn nkurɔfo dodow no ara a wɔayɛ adetrenee no benya anigye mmoroso ne asetena a enni awiei wɔ paradise asase a ɛyɛ fɛ so sɛ akatua. Ɛnnɛ mpo, wɔma wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn trenee no nya asomdwoe, na ɛma biakoyɛ ba wɔn mmusua ne asafo a wɔwom no mu.—Filip. 4:6, 7.

18. Nneɛma pa bɛn na yebetumi ayɛ bere a yɛretwɛn Yehowa da no?

18 Bere a yɛretwɛn Yehowa da kɛse a ɛreba no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwehwɛ ne trenee. (Sef. 2:2, 3) Enti, momma yɛnna no adi sɛ yefi yɛn koma mu dɔ Yehowa Nyankopɔn akwan a ɛteɛ no. Nea yɛbɛyɛ no bi ne sɛ yɛbɛhyɛ “trenee nkatabo” no denneennen de abɔ yɛn koma ho ban. Ɛho hia nso sɛ yɛkɔ so nya ahonim pa—ahonim a ɛbɛma yɛn ani agye na ama Onyankopɔn koma atɔ ne yam.—Mmeb. 27:11.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ, na dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

19 Yehowa ‘aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.’ (2 Be. 16:9) Hwɛ sɛnea saa asɛm yi kyekye yɛn werɛ bere a yɛreyɛ nea ɛteɛ wɔ wiase a ɔhaw wom yi a nneɛma tumi sesa bere a yɛnhwɛ kwan, na awudisɛm ne abɔnefosɛm nso rekɔ anim wom yi no! Nokwarem no, ebia ɔkwantrenee a yɛnam so no bɛyɛ nnipa dodow no ara a wɔne Onyankopɔn ntam atetew no nwonwa. Nanso, sɛ yɛbata Yehowa trenee ho a, yɛn ankasa na yenya so mfaso kɛse. (Yes. 48:17; 1 Pet. 4:4) Enti, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn koma nyinaa adɔ trenee na yɛayɛ adetrenee, na ama yɛn ani agye. Nanso, koma a edi mũ a yebenya hwehwɛ nso sɛ yekyi mmarato. Adesua a edi hɔ no bɛma yɛahu nea saa asɛm yi kyerɛ.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 Sɛ wopɛ Bible mu nnyinasosɛm a ɛfa adwuma ho gyinae a wubesisi ho a, hwɛ April 15, 1999, Ɔwɛn-Aban, kratafa 28-30.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yenya agyede no ho anisɔ na ama yɛadɔ trenee?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhyɛ “trenee nkatabo” no?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de atete yɛn ahonim?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ahonim a yɛatete no boa yɛn ma yesisi adwuma ho gyinae