Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɛn Onyankopɔn

“W’ani Begyina”

“W’ani Begyina”

ƐYƐ yaw sɛ wubehu sɛ wo dɔfo bi rehu amane na owu. Yɛtaa di adehwere a ɛte saa ho awerɛhow. Nanso ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ, yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, te yɛn awerɛhodi no ase. Nea ɛkyɛn saa no, ne ho pere no sɛ ɔde ne tumi a ɛkyɛn so no benyan awufo aba nkwa mu bio. Hyɛ sɛnea Hiob nsɛm a ɛwɔ Hiob 14:13-15 no ma yenya anidaso no nsow.

Susuw asɛm no ho hwɛ. Hiob, ɔbarima a ɔwɔ gyidi soronko no hyiaa sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den—ɔhweree ne honam fam ahonyade, ne mma a ɔdɔ wɔn nyinaa wuwui, na yare a ɛyɛ yaw bɔɔ no. Bere a n’amanehunu no mu yɛɛ den no, ɔteɛɛm frɛɛ Onyankopɔn sɛ: “O sɛ wode me resie asaman ɛ!” (Nkyekyɛm 13) Hiob buu asaman a na ɔbɛkɔ no sɛ baabi a ɔbɛkɔ akɔhome afi n’amanehunu ho. Sɛ ɔwɔ asaman a, na ɛbɛyɛ te sɛ nea Onyankopɔn de no asie te sɛ ademude bi. *

So Asaman na Hiob bɛtena daa? Ná Hiob gye di sɛ ɛnyɛ hɔ na ɔbɛtena daa. Ɔtoa ne mpaebɔ no so sɛ: “O sɛ . . . worehyɛ me da na woakae me ɛ!” Na Hiob wɔ anidaso a emu yɛ den sɛ ɔrenkyɛ wɔ Asaman, na Yehowa werɛ remfi no. Hiob de bere a obedi wɔ Asaman no totoo ‘afiase nna’ ho—bere a na ɛsɛ sɛ ɔtwɛn. Kosi bere bɛn? Ɔka sɛ, “Akosi sɛ me home bɛba.” (Nkyekyɛm 14) Saa home no kyerɛ sɛ woyi no fi Asaman—wɔ ɔkwan foforo so no, wonyan no fi owu mu!

Dɛn nti na na Hiob gye di sɛ ne home bɛba? Efisɛ, na onim sɛnea yɛn Bɔfo a ɔdɔ yɛn no te nka wɔ n’asomfo anokwafo a wɔawuwu no ho. Hiob ka sɛ: “Wobɛfrɛ, na me nso megye wo so. Efisɛ w’ani begyina wo nsa ano adwuma.” (Nkyekyɛm 15) Hiob gye toom sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nsa ano adwuma. Nkwamafo a ɔnwenee Hiob wɔ awotwaa mu no betumi de no aba nkwa mu bio bere a na wawu no.—Hiob 10:8, 9; 31:15.

Hiob nsɛm no kyerɛ yɛn sɛnea Yehowa dɔ te: Ɔne wɔn a wɔte sɛ Hiob a wɔde wɔn ho ma no ma ɔnwene wɔn ma wɔyɛ sɛ nnipa a ɔpɛ wɔn asɛm no wɔ abusuabɔ soronko. (Yesaia 64:8) Yehowa ani sɔ n’asomfo anokwafo. ‘N’ani gyina’ anokwafo a wɔawuwu no. Nhomanimfo bi kyerɛe sɛ, Hebri asɛmfua a wɔde kyerɛɛ ‘n’ani gyina’ ase no yɛ “asɛmfua a emu dɔ paa a wɔde kyerɛkyerɛ sɛnea obi pɛ sɛ ohu obi a ohuu no akyɛ no mu.” Ɛnyɛ sɛ Yehowa kae n’asomfo nko, na mmom n’ani gyina nso sɛ ɔbɛsan ama wɔaba nkwa mu.

Anigyesɛm ne sɛ, wɔ Hiob nhoma a ɛka Bible nhoma ahorow a wodii kan kyerɛwee ho mu no, Yehowa ma wohuu n’atirimpɔw a ɛne sɛ obenyan awufo no wom. * Ɔpɛ sɛ wo ne w’adɔfo a wɔawuwu no san bom bio. Adwene a ɛte saa no betumi ama worenni awerɛhow pii. Dɛn nti na wunsua pii mfa ɔdɔ Nyankopɔn yi ho na afei womma ɔnwene wo sɛnea ɔpɛ na sɛ N’atirimpɔw ba mu a, woahu?—w11-E 03/1.

March Bible akenkan

Ester 1-10Hiob 1-15

^ nky. 2 Nhoma bi ka sɛ, asɛm a Hiob kae “wode me sie,” no betumi akyerɛ sɛ “fa [me] kosie baabi a ahobammɔ wɔ te sɛ akorade a ɛsom bo.” Nhoma foforo nso ka sɛ saa nsɛm yi kyerɛ “fa me sie te sɛ akorade.”

^ nky. 6 Sɛ wopɛ sɛ wusua pii fa Bible bɔhyɛ a ɛfa awufo a wobenyan wɔn aba trenee wiase foforo no mu ho a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 7.