Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Munnnyaw Mo Mfɛfo Gyidifo Da

Munnnyaw Mo Mfɛfo Gyidifo Da

Munnnyaw Mo Mfɛfo Gyidifo Da

JAROSŁAW ne ne yere Beata ka sɛ: “Wiase adwuma gyee yɛn adwene mfe du na biribi kakra baa yɛn nsam. Ɛwom sɛ wɔtetee yɛn wɔ nokware no mu de, nanso na yɛatwe yɛn ho afi Yehowa ho koraa, na na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛsan aba ne nkyɛn.” *

Onua foforo a wɔfrɛ no Marek ka sɛ: “Esiane asetena ne amanyɔsɛm mu nsakrae a ɛbaa Poland nti, m’adwuma fii me nsa mpɛn pii. M’abam bui. Ná misuro sɛ mebue m’ankasa m’adwuma, efisɛ na minni ho nimdeɛ biara. Awiei koraa no, meyɛɛ m’adwene sɛ mebue m’ankasa m’adwuma, na na misusuw sɛ ɛno bɛboa me ma mede nneɛma a m’abusua hia wɔ honam fam ama wɔn a ɛrensɛe me ne Yehowa ntam. Bere bi akyi no, mihui sɛ madi mfomso ankasa.”

Wɔ wiase a nneɛma bo kɔ ara na ɛrekɔ soro na nnipa a wonnya adwuma nyɛ nso redɔɔso mu no, ebinom teetee, na ɛno nti wosisi gyinae a nyansa nnim. Anuanom binom asi gyinae sɛ wɔbɛyɛ adwuma aboro bere a ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma no so, wɔbɛyɛ adwuma foforo aka nea wɔyɛ ho, anaasɛ wobebue wɔn ankasa adwuma ɛmfa ho sɛ wonni ho nimdeɛ biara no. Wosusuw sɛ sika a wobenya afi mu no bɛboa wɔn abusua, na ɛrensɛe wɔne Yehowa ntam nso. Nanso, tebea a yɛnhwɛ kwan ne sɛnea sikasɛm tumi yɛ basaa no betumi asɛe nhyehyɛe pa a obi ayɛ. Ɛno ama ebinom abɛyɛ anibere, na wɔde honam fam nneɛma asesa Yehowa som.—Ɔsɛnk. 9:11, 12.

Anuanom mmarima ne mmea binom ama wiase nneɛma a wodi akyi agye wɔn adwene araa ma wonnya bere nsua ade, wɔnkɔ asafo nhyiam, na wɔnkɔ asɛnka nso bio. Ɛda adi pefee sɛ sɛ wobu wɔn ani gu nneɛma a ɛte saa so a, ɛka wɔn som, na ɛsɛe wɔne Yehowa ntam nso. Ebia wobegyaw abusuabɔ foforo a ɛho hia bi nso, ɛno ne abusuabɔ a wɔne nnipa a ‘wɔne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no’ wɔ no. (Gal. 6:10) Ebinom twe wɔn ho fi wɔn nuanom Kristofo ho nkakrankakra. Susuw saa asɛm yi ho anibere so.

Asɛyɛde a Yɛwɔ wɔ Yɛn Mfɛfo Gyidifo Ho

Yɛn a yɛyɛ anuanom mmarima ne mmea no wɔ hokwan pii a yɛde bɛda ɔdɔ adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho. (Rom. 13:8) Ebia woahu ‘mmɔborɔfo a wosu frɛ ɔboafo’ wɔ w’asafo mu. (Hiob 29:12) Ebetumi aba sɛ ebinom nnya wɔn ano aduan. Ɔsomafo Yohane kaee yɛn hokwan a eyi ma yenya. Ɔkae sɛ: “Obiara a ɔwɔ wiase asetenade na ohu sɛ ahia ne nua na onhu no mmɔbɔ no, Onyankopɔn dɔ te ne mu dɛn?”—1 Yoh. 3:17.

Ebia woayɛ biribi wɔ nneɛma a ɛte saa ho, na woayi wo yam aboa afoforo. Nanso, ɛnyɛ honam fam mmoa nko na ɛsɛ sɛ yɛde ma yɛn nuanom. Ebia ebinom resu hwehwɛ mmoa esiane sɛ wɔayɛ ankonam anaa wɔn abam abu nti. Wobetumi ate nka sɛ wɔmfata sɛ wɔsom Yehowa, yare a emu yɛ den bi abɔ wɔn, anaasɛ wɔn dɔfo bi awu. Ɔkwan biako a yebetumi afa so ahyɛ wɔn nkuran ne sɛ yebetie wɔn na yɛne wɔn abɔ nkɔmmɔ, na sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi akyekye wɔn werɛ, na yɛaboa wɔn ma wɔne Yehowa ntam ayɛ papa. (1 Tes. 5:14) Eyi taa ma ɔdɔ a ɛwɔ yɛne yɛn nuanom ntam no mu yɛ den.

Ahwɛfo a wɔwɔ asafo no mu titiriw na wobetumi ada tema adi bere a wɔretie afoforo, na wɔate wɔn ase, na wɔafi ɔdɔ mu de Kyerɛwnsɛm mu afotu ama wɔn. (Aso. 20:28) Sɛ ahwɛfo yɛ saa a, na wɔresuasua ɔsomafo Paulo a na ɔwɔ “ayamhyehye” ma ne nuanom Kristofo mmarima ne mmea no.—1 Tes. 2:7, 8.

Nanso, sɛ Kristoni bi twe ne ho fi nguankuw no ho a, ɔbɛyɛ dɛn atumi adi asɛyɛde a ɔwɔ wɔ ne mfɛfo gyidifo ho no ho dwuma? Wiase ahonyade tumi twetwe ahwɛfo nso. Na sɛ Kristoni bi ma nneɛma a ɛte saa twetwe no nso ɛ?

Asetena mu Dadwen Hyɛɛ Wɔn So

Sɛnea yɛahu no, sɛ yebiri yɛn mogya ani de pɛ nea yɛn abusua hia wɔ honam fam a, ɛtaa de dadwen ba, na ebetumi ama sɛnea yɛyere yɛn ho wɔ ɔsom adwuma no mu no ano abrɛ ase. (Mat. 13:22) Marek a yɛaka ne ho asɛm no ka sɛ: “Bere a m’adwuma no gui no, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ amannɔne akɔhwehwɛ adwuma a wobetua me ka pii ayɛ. Mfiase no, mikodii asram abiɛsa, afei mesan kɔɔ asram abiɛsa bio, ne nea ɛkeka ho, nanso na metaa ba minkyi. Eyi maa me yere a ɔnyɛ gyidini no werɛ howee.”

Ɛnyɛ m’abusua nko na ehuu amane. Marek kɔ so ka sɛ: “Bere tenten a mede yɛɛ adwuma wɔ owia a ano yɛ den so akyi no, me ne nkurɔfo a na wɔn bra asɛe na wɔpɛ sɛ wosisi afoforo na ɛyɛɛ adwuma. Wɔyɛɛ wɔn ade te sɛ apoobɔfo. Ɛhaw me, na ɛhyɛɛ me so nso. Esiane sɛ na minnya bere mma me ho nti, mifii ase nyaa adwene sɛ merentumi nsom afoforo.”

Ɛsɛ sɛ awerɛhosɛm a efi gyinae a Marek sii mu bae no ka yɛn ma yegye bere susuw nneɛma ho. Sɛ ɛte sɛ nea sɛ yehu sɛ yetu kɔ amannɔne a ɛremma yɛn ho nkyere yɛn wɔ sikasɛm mu mpo a, so ɛrenkɔfa ɔhaw foforo mmrɛ yɛn? Sɛ nhwɛso no, ɛbɛka abusuabɔ a yɛn abusua ne Yehowa wɔ ne yɛn abusua no anigye dɛn? Sɛ yetu kɔ amannɔne a, so ɛbɛma yɛne asafo no ntam atetew? So ɛremma hokwan a yɛanya a yɛde som yɛn mfɛfo gyidifo no mmɔ yɛn?—1 Tim. 3:2-5.

Nanso, ebia sɛnea woahu no, ɛho nhia sɛ obi tu kɔ amannɔne kɔyɛ adwuma ansa na adwuma agye n’adwene. Susuw Jarosław ne Beata ho hwɛ. Jarosław ka sɛ, “Yefii ase no, na yennim sɛ ɔhaw bi befi mu aba. Bere a yɛwaree foforo no, yebuee adwuma ketewaa bi a na yɛtõtõ nam tɔn wɔ beae bi a na wɔtɔ ade paa. Esiane sɛ yenyaa mfaso pii nti, yesii gyinae sɛ yɛbɛtrɛw yɛn adwuma no mu. Nanso, ɛbere a na yenni nti, na yɛntaa nkɔ Kristofo nhyiam. Ankyɛ koraa na migyaee akwampae adwuma, na mede asafo mu somfo a na meyɛ no nso too hɔ. Yɛn ani gyee mfaso a na yenya no ho ma enti yebuee sotɔɔ kɛse bi, na yɛne obi a ɔnyɛ gyidini bɔɔ mu yɛɛ adwuma. Ankyɛ na mifii ase tutuu akwan kɔɔ amannɔne kɔyɛɛ adwuma ho nhyehyɛe a na ɛma minya dɔla ɔpepem pii. Ná mentaa ntena fie, enti na minnya bere ne me yere ne me babea no mmɔ papa. Awiei koraa no, yɛn adwuma no a na ɛrekɔ so yiye no maa yɛde nkakrankakra gyaee Yehowa som. Esiane sɛ na yɛne asafo no mmɔ bio nti, yɛannwen yɛn nuanom ho koraa.”

Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Sɛ Kristoni bi nya ɔpɛ sɛ ɔbɛhyehyɛ n’ankasa “paradise” a, ebetumi ama ne tirim ayɛ no dɛ na asum no afiri, na mpo ama wahwere “n’atade nguguso,” ade a ɛma wohu no sɛ ɔyɛ Kristoni no. (Adi. 16:15) Ɛno betumi ama yɛatwe yɛn ho afi anuanom a bere bi na anka yetumi boa wɔn no ho.

Fa Nokwaredi Hwehwɛ Wo Mu

Ebia yebenya adwene sɛ, ‘Me de, saa asɛm no rentumi nto me.’ Nanso, ɛsɛ sɛ yɛn mu biara susuw nea ehia ankasa wɔ asetena mu no ho anibere so. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛamfa hwee amma wiase, na yɛrentumi nso mfa hwee mfi mu nkɔ. Enti sɛ yɛwɔ yɛn ano aduan ne nea yɛde kata yɛn ho a, yɛbɛma ɛno ara adɔɔso ama yɛn.” (1 Tim. 6:7, 8) Nokwarem no, ɛsono sɛnea ɔman biara mu asetena te. Asetena a wobu no sɛ ɛyɛ asetena a ɛba fam wɔ aman a wodi yiye mu no, wobu no sɛ ɛyɛ asetena pa wɔ aman foforo pii so.

Ɛmfa ho sɛnea asetena te wɔ baabi a yɛwɔ biara no, ma yensusuw Paulo asɛm a edi so yi ho nhwɛ. Paulo kɔɔ so kae sɛ: “Wɔn a wɔn ani bere sɛ wɔbɛyɛ adefo no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a ɛyɛ hu bebree mu, na ɛno na ɛde nnipa kɔ ɔsɛe pasaa mu.” (1 Tim. 6:9) Wosum afiri de hintaw nea wɔpɛ sɛ wɔde yi no no. Wɔhyɛ da sum no sɛnea ebeyi onii no bere a n’ani nni ne ho so. Dɛn na yebetumi ayɛ na amma “akɔnnɔ a ɛyɛ hu” ansum yɛn afiri?

Sɛ yehu nneɛma a ɛho hia yɛn paa wɔ asetena mu a, ebetumi aka yɛn ma yɛahwehwɛ bere pii de asom Yehowa, a ade a yɛn ankasa yebesua nso ka ho. Sɛ Kristoni bi resua ade na ɔbɔ ho mpae a, ebetumi aboa no ma wabɛyɛ obi a ‘ɔfata koraa a wɔasiesie no yiye’ a obetumi aboa afoforo.—2 Tim. 2:15; 3:17.

Wɔ mfe kakraa bi mu no, asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ ɔdɔ hyɛɛ Jarosław den, na wɔhyɛɛ no nkuran nso. Ɛkanyan no ma ɔyɛɛ nsakrae a ɛho hia. Ɔka sɛ: “Wɔ nkɔmmɔ a ɛho hia a yɛbɔe no biako mu no, mpanyimfo no de Kyerɛwnsɛm no mu asɛm a ɛfa aberante bi a na ɔyɛ ɔdefo a na ɔpɛ sɛ ɔtena ase daa nanso na ɔnyɛɛ krado sɛ ɔde n’ahonyade bɛbɔ afɔre no yɛɛ mfatoho maa me. Afei, wɔfaa anifere kwan so bisae sɛ saa asɛm no betumi afa me ho anaa. Ɛno boaa me paa ma mihuu nea na ɛsɛ sɛ meyɛ!”—Mmeb. 11:28; Mar. 10:17-22.

Jarosław de nokwaredi hwehwɛɛ n’asɛm no mu, na osii gyinae sɛ obegyae adwuma kɛse a na ɔyɛ no. Ɔne n’abusua ne Yehowa ntam san yɛɛ papa wɔ mfe abien ntam. Seesei, ɔresom ne nuanom sɛ asafo mu panyin. Jarosław ka sɛ: “Sɛ anuanom de wɔn ho hyɛ adwuma mu ma egye wɔn adwene araa ma wobu wɔn ani gu abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ so a, mede m’ankasa me nhwɛso kyerɛkyerɛ wɔn sɛnea nyansa nnim sɛ yɛne wɔn a wonnye nni bɛtwe kɔndua koro. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛpo adwuma bi a ebetumi ama yɛanya sika pii na yɛatwe yɛn ho afi nneyɛe bɔne ho.”—2 Kor. 6:14.

Biribi kaa Marek nso ani. Ɛwom sɛ adwuma a onyae a na wotua no ka pii a na ɔyɛ wɔ amannɔne no boaa no ma otumi hwɛɛ n’abusua wɔ sika fam de, nanso ɔne Onyankopɔn ne ne nuanom ntam sɛee. Bere bi akyi no, ɔsan hwehwɛɛ nneɛma a ɛho hia no paa wɔ asetena mu no mu. Ɔkae sɛ: “Mfe a abɛsen kɔ no, na tebea a mewom no te sɛ Baruk a ɔtenaa ase tete a ‘ɔkɔɔ so hwehwɛɛ nneɛma akɛse’ no. Awiei koraa no, mekaa me komam asɛm kyerɛɛ Yehowa, na mede me dadwen nyinaa too n’anim, na seesei mete nka sɛ masan agyina me nan so wɔ Yehowa som mu bio.” (Yer. 45:1-5) Seesei, Marek pɛ sɛ ɔyɛ ɔhwɛfo adwuma a ɛyɛ “adwuma pa” wɔ asafo no mu no.—1 Tim. 3:1.

Marek de saa kɔkɔbɔ yi ma wɔn a ebia wɔresusuw ho sɛ wobetu kwan akɔ amannɔne akɔpɛ adwuma a wobetua wɔn ka pii ayɛ no sɛ: “Sɛ wowɔ amannɔne a, ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛtɔ wiase bɔne yi mfiri mu. Esiane sɛ wonte ɛhɔ kasa yiye nti, ɛmma wuntumi ne afoforo mmɔ nkɔmmɔ yiye. Ebia wode sika bɛba fie de, nanso ebetumi agye bere tenten ansa na wo ne Yehowa ntam a asɛe no asan ayɛ yiye.”

Sɛ yɛkari pɛ wɔ adwuma a yɛyɛ ne asɛyɛde a yɛwɔ wɔ yɛn nuanom ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasɔ Yehowa ani. Yebetumi nso ayɛ nhwɛso a ebetumi akanyan afoforo ma wɔasisi gyinae a nyansa wom. Ɛho hia sɛ anuanom mmarima ne mmea boa wɔn a dadwen hyɛ wɔn so, wonya ayamhyehye ma wɔn, na wɔyɛ nhwɛso pa ma wɔn. Asafo mu mpanyimfo ne afoforo a wɔn ho akokwaw betumi aboa wɔn mfɛfo gyidifo ma wɔakari pɛ na amma asetena mu dadwen anhyɛ wɔn so.—Heb. 13:7.

Nokwarem no, mommma adwuma a yɛyɛ nnye yɛn adwene araa ma yennnyaw yɛn mfɛfo gyidifo da. (Filip. 1:10) Mmom no, momma yɛmfa Yehowa som nni kan wɔ yɛn asetena mu na ɛmma yɛnyɛ ‘adefo wɔ Onyankopɔn fam.’—Luka 12:21.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa edin ahorow no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 21]

So adwuma a woyɛ mma wuntumi nkɔ asafo nhyiam?

[Mfonini wɔ kratafa 23]

So wubu hokwan a wunya de boa wo nuanom mmarima ne mmea no sɛ ɛsom bo?