Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wunim?

So Wunim?

So Wunim?

Bɔne bɛn na Baraba yɛe?

Nsɛmpa anan no nyinaa ka Baraba, ɔbarima a Roma sodifo Pontio Pilato gyaee no de no sii Yesu ananmu no ho asɛm. Wɔka Baraba ho asɛm sɛ ɔyɛ ‘ɔdeduani a wagye dimmɔne’ na ɔyɛ “odwowtwafo” nso. (Mateo 27:16; Yohane 18:40) Ná ɔne “amammɔfo a wɔnam wɔn amammɔesɛm so adi awu” da Romafo afiase wɔ Yerusalem.—Marko 15:7.

Ɛwom sɛ yenni Baraba bɔne a ɔyɛe no ho adanse biara de, nanso esiane sɛ wɔde no kaa amammɔfo ho nti, nhomanimfo binom de no aka nkurɔfo a na wotutu ɔman ase wɔ afeha a edi kan no mu wɔ Israel ho. Abakɔsɛm kyerɛwfo Flavius Josephus kyerɛwee sɛ, na kuw a wonni mmara so yi di akoten wɔ apereperedi a na ɛrekɔ so saa bere no mu; ná nsɛmmɔnedifo yi kyerɛ sɛ wɔrehwehwɛ atɛntrenee ama Yudafo ahiafo a wɔhyɛ wɔn so no. Ebeduu afeha a edi kan Y.B. ntam hɔ no, na atua a wɔtew tia Romafo ne Yudafo adefo wɔ atɛnkyea a na wosusuw sɛ ɛrekɔ so no agye nsam. Yudafo kuw a wonni mmara so no bɛyɛɛ kɛse, na na wɔka asraafo a wɔpam Romafo fii Yudea wɔ afe 66 Y.B. no ho.

The Anchor Bible Dictionary no ka sɛ, “ɛbɛyɛ sɛ na Baraba ka adwowtwafo a wofi nkuraase no ho. Ná nnipa dodow no ara ani gye adwowtwafo yi ho, efisɛ na wɔde wɔn ani asi adefo a wɔwɔ Israel no so, na na wɔko tia Roma aban no nso.”—w11-E 04/1.

Wɔ tete Roma no, bɔne bɛn na sɛ obi yɛ a na wobu no kumfɔ te sɛ nea wɔyɛɛ Yesu no?

Ɔkwan a na Romafo fa so twe wɔn a wotutu aban ase, wɔn a wonni mmara so, ne atuatewfo afoforo aso ne sɛ wɔbɛkyekyere wɔn asɛn dua so na wɔagyaw wɔn wɔ hɔ kosi sɛ wobewu. Sɛ wɔtwe obi aso saa kwan no so a, na wobu no sɛ animguase wu a ɛsen biara.

Palestine in the Time of Jesus nhoma no ka sɛ, “Ná wɔyɛ no baguam, na ɛhyɛ aniwu, na na ɛyɛ yaw nso. Ná wɔyɛ saa de bɔ nkurɔfo hu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensɔre ntia nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no.” Roma kyerɛwfo bi a ɔtenaa ase tete no kyerɛw sɛnea na wokum nsɛmmɔnedifo no ho asɛm sɛ: “Ná wɔpaw akwantempɔn a nnipa pii fa so, beae a ɔmanfo no mu dodow no ara behu na wɔasuro.”

Sɛnea Josephus kyerɛ no, wokum obi a Titus asraafo faa no dommum bere a wotwaa Yerusalem ho hyiaa wɔ afe 70 Y.B. no wɔ ɔkwan a ɛte saa so wɔ ɔfasu no anim pɛɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde behunahuna asraafo no ma wɔabrɛ wɔn ho ase. Bere a afei wɔfaa kurow no, wokunkum nnipa wɔ saa kwan no so.

Abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ kyerɛ sɛ wokunkum nnipa pii wɔ saa kwan yi so bere a Spartacus (73-71 A.Y.B.) dii nkurɔfo bi anim ma wɔtew atua no. Wokunkum nkoa ne wɔn a wɔne mmoa ko de gyigye nkurɔfo ani no 6,000 guu ɔkwantempɔn a efi Capua kɔ Roma no so.—w11-E 04/1.

[Mfonini wɔ kratafa 14]

“Give us Barabbas” a Charles Muller kyerɛwee wɔ afe 1878 mu