Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?

Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?

Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

Dɛn Nti na Onyankopɔn Bɔɔ Asase?

Saa asɛm yi bisa nsɛm a ebia woasusuw ho pɛn, na ɛkyerɛ faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo besusuw nsɛmmisa yi ho mmuae ho.

1. Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase?

Asase yɛ onipa fie. Bere a Onyankopɔn bɔɔ abɔfo wɔ soro wiei no, ɔyɛɛ onipa sɛ ɔntena asase so. (Hiob 38:4, 7) Enti, Yehowa de onipa a odi kan no kɔtenaa paradise fɛfɛ bi a wɔfrɛ hɔ Eden, na ɔmaa ɔne ne mma a ɔbɛwo wɔn daakye no anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ asase so.—Genesis 2:15-17; kenkan Dwom 115:16.

Ná Eden turo no yɛ asase no fã ketewaa bi. Ná awarefo a wodi kan, Adam ne Hawa bɛwo mma. Bere a adesamma abusua redɔɔso no, na wobesiesie asase no ayɛ no paradise. (Genesis 1:28) Wɔrensɛe asase no da.—Kenkan Dwom 104:5.

2. Dɛn nti na asase no nyɛ paradise seesei?

Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden ma enti wɔpam wɔn fii Eden. Paradise no yerae, na onipa biara ntumi maa asase no nyɛɛ paradise bio. Bible ka sɛ: “Asase mpo, ɔde ahyɛ ɔbɔnefo nsa.”—Hiob 9:24; kenkan Genesis 3:23, 24.

Nanso Yehowa werɛ mfii nea enti a ɔbɔɔ nnipa, na ɔrenni yɛn huammɔ da. (Yesaia 45:18) Ɔbɛma adesamma abusua no asan ayɛ sɛnea ɔpɛe sɛ ɛyɛ no.—Kenkan Dwom 37:11.

3. Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn bɛfa so de asomdwoe aba asase so?

Sɛ adesamma benya asomdwoe a, ɛnde ɛsɛ sɛ Onyankopɔn di kan yi abɔnefo fi hɔ. Wɔ Harmagedon ko no mu no, Onyankopɔn abɔfo bɛsɛe wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn nyinaa. Wɔde Satan bɛto afiase mfirihyia 1,000, nanso wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn no benya wɔn ti adidi mu atena nhyehyɛe foforo mu wɔ asase so.—Kenkan Adiyisɛm 16:14, 16; 20:1-3; 21:3, 4.

4. Bere bɛn na amanehunu bɛba awiei?

Wɔ mfirihyia 1,000 no mu no, Yesu befi soro adi asase so na wasan ama ayɛ paradise. Bio nso, ɔbɛpopa wɔn a wɔdɔ Yehowa no bɔne. Ne saa nti, Yesu beyi yare, mpanyinyɛ, ne owu afi hɔ.—Kenkan Yesaia 11:9; 25:8; 33:24; 35:1.

Bere bɛn na Onyankopɔn beyi bɔne afi asase so? Yesu kaa “nsɛnkyerɛnne” a ɛbɛkyerɛ sɛ awiei no abɛn ho asɛm. Tebea a ɛwɔ wiase seesei no hunahuna nnipa na eyi kyerɛ sɛ yɛte “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu.—Kenkan Mateo 24:3, 7-14, 21, 22; 2 Timoteo 3:1-5.

5. Henanom na wɔbɛtena Paradise a ɛbɛba daakye no mu?

Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ nkurɔfo n’asuafo na wɔnkyerɛkyerɛ wɔn ma wonhu Onyankopɔn dɔ. (Mateo 28:19, 20) Wɔ wiase nyinaa no,Yehowa retete nnipa ɔpepem pii ma wɔakɔ nhyehyɛe foforo a ɛbɛba asase so no mu. (Sefania 2:3) Nkurɔfo sua sɛnea wobetumi adi wɔn asɛyɛde ho dwuma sɛ okununom, agyanom, ɔyerenom ne maamenom wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Mmofra ne awofo nyinaa bom sua nea enti a ɛsɛ sɛ wonya daakye a anigye wom no mu gyidi.—Kenkan Mika 4:1-4.

Wubehu nkurɔfo a wɔdɔ Onyankopɔn na wɔpɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ n’ani no wɔ Ahenni Asa so.—Kenkan Hebrifo 10:24, 25.w11-E 04/1.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo tintimii yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 3.