Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkwakoraa ne Mmerewa Bɛsan Ayɛ Mmabun

Nkwakoraa ne Mmerewa Bɛsan Ayɛ Mmabun

Bɛn Onyankopɔn

Nkwakoraa ne Mmerewa Bɛsan Ayɛ Mmabun

YƐN mu hena na n’ani gye nea mpanyinyɛ de ba no ho—honam a atwintwam, aniyare, asotiw, ne anan a emu agugow? Ebia wobɛka sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ yɛn na ɔmaa yɛn ahoɔden wɔ yɛn mmabunbere mu, nanso yesuro sɛ yebenyinyin abɔ nkwakoraa ne mmerewa?’ Anigyesɛm ne sɛ, ɛnnyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ne no. Mmom no, ofi ɔdɔ mu abɔ ne tirim sɛ obeyi nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ afi yɛn so! Hyɛ asɛm a ɔka kyerɛɛ tete agya Hiob, a ɛwɔ Hiob 33:24, 25 no nsow.

Susuw Hiob, ɔbarima nokwafo a na Yehowa dɔ no no tebea ho hwɛ. Bere a na Hiob nnim ho hwee no, Satan maa asɛm baa Hiob nokwaredi ho, na ɔkae sɛ pɛsɛmenkominya nti na ɔsom Onyankopɔn. Esiane ahotoso a na Yehowa wɔ wɔ Hiob mu, ne tumi a n’ankasa wɔ sɛ obetumi ayi ɔhaw biara a Satan de bɛba Hiob so afi hɔ nti, ɔmaa Satan kwan sɛ ɔnsɔ Hiob nhwɛ. Enti Satan ‘de mpɔmpɔ yayaayaw kɔbobɔɔ Hiob fi ne nan ase kosii ne mpampam.’ (Hiob 2:7) Hiob honam dɔree mmoa, etwintwamee, ɛyɛɛ tumm, na ɛwaawae fii ne ho. (Hiob 7:5; 30:17, 30) Wubetumi atwa yaw a ɔkɔɔ mu no ho mfonini? Nanso, Hiob kɔɔ so dii Onyankopɔn nokware, na ɔkae sɛ: “Enkosi sɛ megyaa mu no, merennyaa me nokwaredi mu da!”—Hiob 27:5.

Nanso, Hiob dii mfomso kɛse bi. Bere a na ɛyɛ no sɛ obewu no, odwen n’ankasa ho, na ‘obuu ne kra bem sen Onyankopɔn.’ (Hiob 32:2) Onyankopɔn kasamafo Elihu kaa Hiob anim. Nanso Elihu san kaa asɛmpa a efi Onyankopɔn hɔ kyerɛɛ Hiob: “Gye no [Hiob] na wankɔ amoa mu [ɔdamoa]! Manya agyede! Ma ne honam nyɛ frɔmfrɔm nsen mmofra de; Ma ɔnsan nkɔ ne mmeranteberem ahoɔden mu.” (Hiob 33:24, 25) Ɛbɛyɛ sɛ saa nsɛm no hyɛɛ Hiob anidaso mu den. Ná ɛnsɛ sɛ ɔkɔ so hu amane kosi sɛ obewu. Sɛ Hiob sakra a, na Onyankopɔn ani begye ho sɛ obegye ne ho agyede na wama wanya ahotɔ afi ne haw ahorow no ho. *

Hiob fii ahobrɛase mu gyee nteɛso toom, na ɔsakrae. (Hiob 42:6) Ɛda adi sɛ Yehowa gyee Hiob ho agyede no, na ɔma ɛpataa ne bɔne, na ebuee hokwan maa Onyankopɔn hyiraa no. Yehowa “hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase.” (Hiob 42:12-17) Wɔ nhyira a Hiob nyae nyinaa akyi no, twa sɛnea ne ho bɛtɔ no bere a ne yare bɔne no kɔe na ne honam yɛɛ ‘frɔmfrɔm sen mmofra de’ no ho mfonini hwɛ!

Agyede a Onyankopɔn gye fii Hiob hɔ no so mfaso antena hɔ daa, efisɛ na Hiob da so ara tɔ sin na akyiri yi owui. Yɛwɔ agyede a ɛsom bo sen Hiob de no. Yehowa fi ɔdɔ mu de ne Ba, Yesu, ama yɛn sɛ agyede. (Mateo 20:28; Yohane 3:16) Wɔn a wɔkyerɛ saa agyede no mu gyidi nyinaa wɔ anidaso sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ paradise wɔ asase so. Wɔ saa wiase foforo a ɛreba no mu no, Onyankopɔn beyi nnipa anokwafo afi ɔhaw a onyin de ba no mu. Dɛn nti na wunsua pii mfa sɛnea wubetumi de w’ani ahu bere a nkwakoraa ne mmerewa behu sɛ wɔn “honam ayɛ frɔmfrɔm sen mmofra de” no?—w11-E 04/1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Asɛmfua “agyede” a wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ “sɛ wɔrekata biribi so.” (Hiob 33:24) Wɔ Hiob fam no, na agyede no betumi ayɛ aboa a wɔde bɛbɔ afɔre a Onyankopɔn begye de apata ama Hiob anaa ɔde bɛkata Hiob bɔne so.—Hiob 1:5.