Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

OBI a na ɔmpɛ nnipa a atuatew nnwom na na ɔpɛ no, akyiri yi ɔbɛpɛɛ nnipa, na ɔboaa nkurɔfo. Dɛn na ɛkaa no maa no sesae? Dɛn na ɛmaa ɔbarima bi a na ɔwɔ Mexico gyaee brabɔne? Japanni bi a na wagye din wɔ baesakre akansi mu no, ogyaee akyidi sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asom Onyankopɔn. Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Momma yentie wɔn anom asɛm.

“Na mimmu adeɛ, na meyɛ dwɛɛ, na na me koko haw me.”​—DENNIS O’BEIRNE

AFE A WƆWOO NO: 1958

ƆMAN A OFI MU: ENGLAND

KANE NO: NA ƆMPƐ NNIPA, ATUATEW NNWOM NA NA ƆPƐ

ƆBRA A NA MEWOM: Me papa fi Ireland. Minyinii no, na meyɛ Irelandni a mekɔ Katolek asɔre. Me nko ara na na metaa kɔ asɔre, nanso na mempɛ asɔrekɔ. Ne nyinaa akyi no, na m’ani gye nyamesom ho. Na metaa bɔ Awurade Mpaebɔ no, na mekae sɛ, sɛ meda me mpa so anadwo a, na midwen mpaebɔ no ho hwɛ sɛ ɛkyerɛ sɛn. Na mibubu mu nketenkete hwɛ nea emu biara kyerɛ.

Midii bɛyɛ mfe 16 no, mede me ho bɔɔ Rastafo bi. Afei nso, kuw a na wɔsɔre tia Nasi aban no, na m’ani gye ho, enti mehwehwɛɛ wɔn ho nsɛm. Kuw a na wɔto atuatew nnwom no, mefaa wɔn atuatew suban no bi paa. Na menom nnubɔne, ɛnkanka wii. Da biara na metwe bi. Na hwee mfa me ho, enti na mewe nsa paa. Sɛ mewu mpo a, na ɛnyɛ m’asɛm, na na minnwen nnipa ho. Na mempɛ nnipa. Sɛ wuhu sɛ me ne obi gyina hɔ rekasa a, na ɛkyerɛ sɛ asɛm a me ne no reka no hia me paa. Foto koraa na mempene mma obiara ntwa me bi. Seesei sɛ mekae saa bere no a, mihu sɛ na mimmu adeɛ, na meyɛ dwɛɛ, na na me koko haw me. Me ho nnipa nko ara na na midwen wɔn ho yɛ wɔn papa.

Midii bɛyɛ mfe 20 na m’ani begyee Bible ho. M’adamfo bi a na ɔtɔn nnubɔne fii ase kenkan Bible bere a na ɔda afiase; na yɛbɔ nyamesom ne Asɔre ho nkɔmmɔ kyɛ, na nea Satan reyɛ no wiase nso na yedwen ho. Metɔɔ Bible, na me ara mifii ase suae. Me ne m’adamfo no, sɛ obiara kenkan Bible no baabi a, na yɛahyia abɔ nea yɛasua no ho nkɔmmɔ ahu nea ɛrepɛ akyerɛ. Yɛyɛɛ saa abosome bebree.

Bere a me ne m’adamfo no kenkan Bible no, ntease a yenyae no bi ne sɛ, yɛte wiase awiei bere mu; ɛsɛ sɛ Kristofo ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa; Kristofo nka wiase ho, na wɔmfa wɔn ho mfɔrefɔre amanyɔsɛm; abrabɔ pa ho afotusɛm bebree wɔ Bible mu. Yehui paa sɛ Bible mu nsɛm yɛ nokware, enti sɛnea ɛte biara nokware som nso bɛwɔ hɔ. Nanso yɛbɛyɛ dɛn na yɛahu ɔsom a ɛyɛ nokware no? Asɔre akɛse no ho asɛm baa yɛn tirim, ɛnna yehui sɛ wɔpɛ akɛsesɛm ne yɛ-ma-menhwɛ, na afei nso wɔde wɔn ho wurawura amanyɔsɛm mu, nanso saa nneɛma yi nyinaa, Yesu anyɛ bi. Yehui sɛ ɛnyɛ wɔn na Nyankopɔn de wɔn reyɛ adwuma, enti yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛde yɛn ani bɛkyerɛ asɔre nketewa no ahwɛ sɛ ɛhɔ nso te sɛn.

Nea na yɛyɛ ne sɛ, yɛfrɛ wɔn a wɔkɔ asɔre nketewa no bi a, na yɛabisabisa wɔn nsɛm bebree. Nsɛm a yebisaa wɔn no, na yenim nea Bible ka fa emu biara ho dedaw. Enti sɛ yebisa na sɛ nea wɔreka no ne Onyankopɔn Asɛm hyia a, na yehu no ntɛm paa. Sɛ yɛne wɔn hyia wie saa a, mpae a na mebɔ Nyankopɔn ara ne sɛ, ‘Sɛ saa nkurɔfo yi asɔre no ne nokware som a, ɛnde mesrɛ wo ka me koma ma me ne wɔn nhyia bio.’ Yɛde abosome bebree na ɛyɛɛ saa ade no, nanso na minnya nnyaa obiara mmaa yɛn mmuae a efi Bible mu, na na biribiara nkaa me koma sɛ me ne wɔn biara behyia bio.

Akyiri yi, me ne m’adamfo no hyiaa Yehowa Adansefo. Yebisaa wɔn nsɛm a na yɛtaa bisa nkurɔfo no, na wɔn deɛ, nea ɛwɔ Bible mu na wɔka kyerɛɛ yɛn. Nea wɔka kyerɛɛ yɛn ne nea na yɛadi kan asua no, na ne nyinaa yɛ pɛpɛɛpɛ. Enti yebisaa wɔn nsɛm a na yennyaa ho mmuae wɔ Bible mu te sɛ nea ɛfa sigaret ne nnubɔne ho. Ná yɛpɛ sɛ yehu Onyankopɔn adwene wɔ ho. Ɛno nso, wotumi de Onyankopɔn Asɛm no maa yɛn mmuae. Yɛpenee so sɛ yɛbɛkɔ asafo nhyiam wɔ Ahenni Asa so.

Ná ɛyɛ den ma me sɛ mɛkɔ asafo nhyiam. Nnipa a ɛwɔ hɔ no, na wɔpɛ nnipa, na na obiara asiesie ne ho kama. Nanso sɛnea na mempɛ nnipa no nti, na mempɛ sɛ wɔn mu biara bɛbɛn me. Midwen adwemmɔne maa ebinom, na na mempɛ sɛ mekɔ asafo nhyiam no bio. Nanso sɛnea da biara meyɛ no, mebɔɔ Nyankopɔn mpae sɛ, sɛ saa nkurɔfo yi asɔre ne nokware som a, ɛnde ɔnka me koma mma me ne wɔn nhyia bio, na me koma kaa me paa sɛ me ne Yehowa Adansefo besua Bible.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Na minim sɛ ɛsɛ sɛ migyae nnubɔne nom, na mitumi gyaee nom koraa. Ade a na ɛyɛ den sɛ megyae ne sigaretnom. Meyɛɛ biara sɛ megyae, nanso mede tare a na awae. Bere a metee sɛ ebinom atumi agyae sigaretnom na wɔnkɔ ho bio no, mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me. Ɛno akyi no, Yehowa boaa me ma mitumi gyaee sigaretnom. Mahu sɛ mfaso wɔ sɛ meyi me koma mu aka sɛnea mete nka akyerɛ Yehowa.

Nsakrae kɛse a edi hɔ a meyɛe ne sɛ, mesesaa me ntaade ne sɛnea misiesie me ho. Da a edi kan a mekɔɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so no, na me ti nwi gyinagyina so, ɛnna mayɛ baabi bruu te sɛ peacock. Akyiri yi, meyɛɛ me ti nwi nyinaa kɔkɔɔ. Saa da no, na mehyɛ gyens ne gyakɛt bi a yɛde aboa nhoma ayɛ a yɛakyerɛkyerɛw mu. Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo no de abotare tuu me fo sɛ mensesa sɛnea misiesie me ho no, nanso na minhu nea enti a ɛsɛ sɛ mesesa. Ɛnna midwen asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 2:15-17 no ho. Ɛhɔ se: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, Agya no ho dɔ nni ne mu.” Mihui sɛ sɛnea misiesie me ho kyerɛ sɛ medɔ wiase yi, na sɛ mepɛ sɛ mekyerɛ sɛ medɔ Onyankopɔn a, ɛnde ɛsɛ sɛ mesesa. Enti mesesae.

Nkakrankakra mihui sɛ, ɛnyɛ Yehowa Adansefo no nko ara na na wɔpɛ sɛ mekɔ Kristofo nhyiam. Hebrifo 10:24, 25 boaa me ma mihui sɛ ɛyɛ biribi a Onyankopɔn pɛ sɛ meyɛ. Bere a mifii ase kɔɔ asafo nhyiam no nyinaa a mihuu nnipa no yiye no, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛbɔ asu de akyerɛ sɛ mahyira me ho so ama Yehowa.

SƐNEA ABOA ME: Sɛnea Yehowa ma kwan ma yetumi ne no fa adamfo no, sɛ midwen ho a ɛka me koma paa. Sɛnea odwen yɛn ho na ɔhwɛ yɛn no, apusuw me ama mayɛ m’adwene sɛ mesuasua no na madi ne Ba Yesu Kristo akyi abɔ me bra sɛnea ɔyɛe no. (1 Petro 2:21) Masua ahu sɛ, bere a migu so rebɔ me ho mmɔden sɛ mɛbɔ me bra sɛ Kristoni no, me suban a ɛnto Nyankopɔn mmara no deɛ enhia sɛ mesesa. Obiara hu me a, obehu sɛ ɛyɛ me a. Mabɔ mmɔden asua sɛnea mɛdɔ nnipa na mayɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ midwen wɔn ho. Me yere ne me babarima nso, mebɔ mmɔden suasua Kristo na me ne wɔn tena fɛfɛɛfɛ. Anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu nso, midwen wɔn ho paa. Esiane sɛ misuasua Kristo nti, manya nidi ne obu, na ɛma mitumi kyerɛ sɛ medɔ afoforo.

“Wɔde nidi maa me.”​—GUADALUPE VILLARREAL

AFE A WƆWOO NO: 1964

ƆMAN A OFI MU: MEXICO

KANE NO: NA OBU BRABƆNE

ƆBRA A NA MEWOM: Me ne me nuanom nyinaa, na yɛyɛ nson, na wɔtetee yɛn wɔ Mexico kurow bi a yɛfrɛ no Hermosillo a ɛwɔ Sonora. Na ohia wɔ hɔ paa. Bere a me papa wui no, na meyɛ akwadaa paa. Enti me maame na na ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma de hwɛ yɛn. Na yenni sika a yɛde bɛtɔ mpaboa, enti na me nan gu fam. Bere a meyɛ akwadaa no na mehyɛɛ ase yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a menya biribi kakra aboa me maame ne me nuanom. Sɛnea na nnipa abɔ apee so wɔ mmusua bebree mu no, saa ara na na yɛn nso yɛte; na yɛabɔ apee so.

Sɛ ade kye na me maame dɔ mu a, na ɔmma ntɛm koraa, enti na onni hɔ na wahwɛ me ne me nuanom. Bere a midii mfe 6 no, abarimaa bi a na wadi mfe 15 de n’ani sii me so na ɔtoo me mmɔnnaa. Ɔyɛɛ me saa kyɛe. Ade baako a ɛde bae ne sɛ, na minni mmea ho akɔnnɔ, na ɛmaa m’adwene tu frae. Ɛyɛɛ me sɛ mmarima ho akɔnnɔ a ɛwɔ me mu no nyɛ hwee. Enti mekɔɔ adɔkotafo ne asɔfo hɔ sɛ wɔmmoa me, nanso wɔma metee ase sɛ minni haw biara, na sɛnea mete nka no, asɛm biara nni ho.

Bere a midii mfe 14 no, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛma obiara ahu sɛ meyɛ barima a me ne barima da. Mibuu saa bra no mfe 11. Saa bere no, ɛtɔ da mpo a na me ne mmarima bebree da. Akyiri yi mikosuaa sɛnea yɛyɛ ti, na mibuee baabi a meyɛ ti. Nanso na m’ani nnye. Ɔbra a na mewom no nti, mihuu amane na mihui sɛ ɛnyɛ ɔbrapa. Mihui sɛ nea na mereyɛ no mfata. Mifii ase bisaa me ho sɛ, ‘Enti nnipa papa bi wɔ hɔ a wɔbɔ bra pa?’

Me nuabea ho asɛm baa me tirim. Ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible, ɛnna ɔbɔɔ asu. Nea na ɔresua no, na ɔtaa ka bi kyerɛ me, nanso na memfa me ti nnye. Ne nyinaa akyi no, n’abrabɔ ne n’aware deɛ, na ɛyɛ me fɛ. Na mitumi hu sɛ ɔne ne kunu dɔ wɔn ho paa, na obiara bu ne yɔnko. Na obiara dwen ne yɔnko ho. Akyiri yi, Yehowa Danseni bi ne me fii ase suaa Bible. Ahyɛase no, na misua no saa ara kɛkɛ; na me koma nnim. Nanso ɛsesae.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Yehowa Adansefo no ka kyerɛɛ me sɛ memmra wɔn asafo nhyiam no bi, na mekɔe. Nea ɛkɔɔ so wɔ hɔ no, na minhuu bi da. Sɛ menam a, na nkurɔfo serew me, nanso Yehowa Adansefo no deɛ, wɔanyɛ me saa. Wɔtew wɔn anim kyiaa me kama na wɔde nidi maa me. Ɛkaa me koma paa.

Bere a me ne Yehowa Adansefo kɔɔ nhyiam no, mihui sɛ, sɛɛ wɔyɛ nnipa paa. Mihui sɛ, sɛ wohyiam pii saa mpo a, wɔn tirim fitaa te sɛ me nuabea no ara. Mekaa sɛ, ɛbɛyɛ sɛ weinom ne nnipa papa a wɔbɔ bra pa a merehwehwɛ wɔn no. Ɔdɔ ne baakoyɛ a ɛwɔ wɔn mu no yɛɛ me nwonwa. Ade baako nso a na ɛyɛ me nwonwa ne sɛ, asɛm a wubebisa biara, wɔde Bible bɛma wo mmuae. Mihui sɛ Bible na ama wɔn abrabɔ ayɛ papa saa, na mesan nso hui sɛ, ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae pii ansa na matumi ayɛ sɛ wɔn.

Nokware deɛ, ɛyɛ dɛ. Na ehia sɛ meyɛ nsakrae kɛse paa, efisɛ na mayɛ me ho ɔbea. Me kasa ne me nneyɛe, me ntaade, sɛnea na meyɛ me ti, ne me nnamfo nyinaa, na ɛsɛ sɛ mesesa mu koraa. Me nnamfo a na me ne wɔn bɔ kane no fii ase serew me, na wɔkaa sɛ: “Dɛn na woreyɛ wo ho yi? Woresɛe wo ho. Bible a woresua no, gyae. Wunhia hwee.” Nea na ɛyɛ den ma me paa sɛ megyae ne brabɔne a na mewom no.

Ne nyinaa mu no, na minim sɛ nsakrae biara nni hɔ a mintumi nyɛ, efisɛ Bible mu asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 6:9-11 no kaa me koma paa. Ɛhɔ se: “Anaa munnim sɛ wɔn a wɔnteɛ no rennya Onyankopɔn Ahenni? Mommma wɔnnnaadaa mo. Aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, mmarima a wɔma mmarima ne wɔn da, mmarima a wɔne mmarima da, . . . rennya Onyankopɔn Ahenni no. Saa na na mo mu binom te. Nanso wɔaguare mo kama.” Wɔn a Bible reka wɔn ho asɛm yi, Yehowa boaa wɔn maa wotumi sesae, na me nso, ɔboaa me ma mesesae. Egyee mfe pii ne mmɔdenbɔ pii, nanso Yehowa Adansefo no akwankyerɛ ne wɔn dɔ boaa me paa.

SƐNEA ABOA ME: Seesei m’abrabɔ ayɛ kama. Maware, na me ne me yere de Bible mu akwankyerɛ rekyerɛkyerɛ yɛn babarima. Abrabɔ a na mewom kane no, magyae ne nyinaa. Manya nhyira pii wɔ Yehowa som mu. Meyɛ asafo mu panyin, na maboa ebinom ama wɔasua Onyankopɔn Asɛm ahu sɛ ɛyɛ nokware. Nsakrae a meyɛe no nti, me maame ani gyei ara ma ofii ase suaa Bible, na seesei wabɔ asu abɛyɛ Kristoni. Me nuabea bi nso a na obu brabɔne nso abɛyɛ Yehowa Danseni.

Nkurɔfo a na wonim ɔbra na mewom no, ebinom ahu sɛ masesa ama m’abrabɔ ayɛ kama. Minim nea aboa me ama matumi ayɛ saa nsakrae yi. Ahyɛase no, mekɔɔ animdefo bi hɔ sɛ wɔmmoa me mma mensesa, nanso wɔmaa me afotu bɔne. Yehowa deɛ, wayɛ bi ama me paa. Na mihu sɛ mensɛ mfata, nanso Yehowa huu me, oyii ne dɔ kyerɛɛ me, na onyaa me ho abotare. Mehwɛ sɛnea Onyankopɔn nwonwafo a onim nyansa, na ɔyɛ ɔdɔ no huu me na ɔboaa me maa m’abrabɔ yɛɛ kama no a, ɛno ara na ɛkaa me maa mesesae.

“Na minni ahotɔ, na mayɛ ankonam, na na minni anigye.”​—KAZUHIRO KUNIMOCHI

AFE A WƆWOO NO: 1951

ƆMAN A OFI MU: JAPAN

KANE NO: NA ƆDE BAESEKRE SI AKAN

ƆBRA A NA MEWOM: Minyinii wɔ Japan kurow bi a yɛfrɛ no Shizuoka Prefecture. Kurow no mu yɛ dinn; po so hyɛn taa gyina hɔ. Me ne me papa ne me maame ne me nuanom nyinaa, na yɛyɛ nnipa nwɔtwe na yɛte efie ketewa bi mu. Ná me papa wɔ sotɔɔ bi a ɔde tɔn baesekre. Meyɛ akwadaa no, sɛ me papa rekɔhwɛ baesekre akansi a, na ɔde me kɔ. Enti ɛmaa m’ani gyee ho. Me papa fii ase de nneɛma guu akwan mu maa me sɛnea ɛbɛyɛ a mɛba abɛyɛ obi a waben wɔ baesekre akansi mu. Ɔhyɛɛ ase kyerɛɛ me baesekre ka denneennen ansa koraa na merekɔ ntoaso sukuu. Bere a mekɔɔ ntoaso sukuu no, baesekre akansi a ɛkɔ so wɔ ɔman no mu afe afe no, migye toaa so mprɛnsa. Akwannya bɛdaa hɔ maa me sɛ mɛkɔ suapɔn, nanso mekɔɔ sukuu a wɔkyerɛ baesekre akansi mmom. Bere a midii mfe 19 no, na maben wɔ baesekre akansi mu paa.

Saa bere no, botae a na esi m’ani so ne sɛ, abasobɔde kɛse paa a ɛda baesekre akansi so wɔ Japan no, mɛyere me ho agye. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛpɛ sika bebree de aboa m’abusua ama wɔanya ahotɔ ne asetena pa. Enti anɔpa oo, awia oo, na mete baesakre so sɛnea ɛbɛyɛ a metumi anya abasobɔde no. Bere a mereboa me ho ama akansi no, ɛtɔ da a na ayɛ den ama me, mede bɔ so a na awae. Nanso ɛyɛ a meka kyerɛ me ho sɛ, yɛwoo me sɛ memmesi baesekre akan, enti ɛsɛ sɛ mepem kɔ m’anim! Metoaa so, mannyae. Mihui sɛ m’adwumaden no reso aba. Afe a edi kan no, migyee abasobɔde a edi kan. Ɛno yɛ wɔn a wɔrefi ase foforo deɛ. Afe a ɛto sɛ mmienu no, minyaa kwan sii akan a ebetumi ama manya abasobɔde kɛse paa wɔ Japan no bi. Metɔɔ so mmienu mpɛn nsia wɔ saa akansi no mu.

Wɔn a wɔbɔ mmɔden paa a na wobetumi anya abasobɔde no, na meka ho. Sɛ yɛreka wɔn a wonim baesekre ka paa wɔ Tokai wɔ Japan a, me na na mete so. Akansi biara mu no, na mawe ataa so sɛ medi nkonim. Eduu baabi deɛ, na nkurɔfo suro me, efisɛ sɛ yɛresi akan a, na minhu obiara mmɔbɔ. Minyaa sika bebree, enti afei deɛ na mitumi tɔ nea mepɛ biara. Metɔɔ fie, ɛnna metɔɔ mfiri papa paa guu mu a mede bɛteɛteɛ m’apɔw mu. Mekɔtɔɔ kar bi fii ɔman foforo so. Sika a mede tɔɔ saa kar no, etumi tɔ fie. Na mempɛ sɛ me sika no hye, enti mede bi sisii adan tɔnee, ɛnna mede bi nso hyehyɛɛ nnwuma akɛse bi mu.

Wei nyinaa akyi, na minni ahotɔ, na mayɛ ankonam, na na minni anigye. Saa bere no, na maware awo mma, nanso na minni m’abusua no ho abotare koraa. Biribi ketewa biara a na m’ani abere me yere ne me mma so denneennen. Afei deɛ na ehu abɛhyɛ wɔn mu, enti ɛyɛ a na wɔabɛhwɛ m’anim ahwɛ sɛ me bo afuw a wɔapɛ baabi agyina.

Eduu baabi no, me yere ne Yehowa Adansefo fii ase suaa Bible. Ɛno de nsesae bebree baa m’abrabɔ mu. Ɔkaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam, enti mekaa sɛ me ne no ne nkwadaa no nyinaa bɛkɔ. Ɛnnɛ nyinaa, mekae sɛ asafo mu panyin bi baa me fie anwummere bi, na ɔne me fii ase suaa Bible. Nea misuae no kaa me koma paa.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Mekan Efesofo 5:5, na sɛnea ɛkaa me no deɛ, me werɛ remfi da. Ɛhɔ ka sɛ: “Oguamammɔfo biara anaa obi a ɔde ne ho hyɛ ɔbra fĩ mu anaa odifudepɛfo biara, kyerɛ sɛ, ɔbosonsonni, rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahenni mu.” Mihui sɛ baesekre akansi no, ɛne kyakyato na ɛnam, na ɛma nnipa yɛ adifudepɛ. Na me tiboa bu me fɔ. Metee nka wɔ me mu sɛ, sɛ mepɛ sɛ meyɛ nea Yehowa Nyankopɔn pɛ a, gye sɛ migyae akansi no. Nanso na ɛyɛ den ma me sɛ megyae.

Nea enti a na ɛyɛ den ma me ne sɛ, afe a misii akan maa m’ani gyei paa no, na anka mepɛ sɛ metoa akansi no so. Nanso mihui sɛ Bible a meresua no ama manya asomdwoe ne akomatɔyam. Sɛ meresi akan a, na minni saa asomdwoe ne akomatɔyam no bi koraa! Bere a mehyɛɛ ase sɛ meresua Bible no, misii akan mprɛnsa pɛ. Nanso me koma deɛ, na minnyaee akansi no. Afei nso na minhu nea mɛyɛ de ahwɛ m’abusua. Na maka nsensɛnmu; mekɔ m’akyi a, ɛnyɛ yiye, mekɔ m’anim a, ɛnyɛ yiye. Me gyidi foforo no nti, m’abusuafo fii ase haw me paa. Ɛyɛɛ me papa yaw paa. M’adwene mu kyɛɛ mmienu, enti adwennwene bɛtɔɔ me so maa me yam twaa kuru.

Bere a nneɛma mu yɛɛ den maa me saa no, ade a ɛboaa me ne sɛ me ne Yehowa Adansefo toaa so suaa Bible na mekɔɔ wɔn asafo nhyiam no bi. Nkakrankakra me gyidi yɛɛ den. Mesrɛɛ Yehowa sɛ ontie me mpaebɔ na ɔmmoa me mma minhu sɛ otie me. Me yere ma minyaa awerɛhyem sɛ enhia sɛ ɔtena fie kɛse mu ansa na n’ani agye. Ɛno nso maa m’adwennwene no so tewee. Nkakrankakra mekɔɔ m’anim.

SƐNEA ABOA ME: Mihuu sɛ Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 no yɛ nokware paa. Ɔkaa sɛ: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ Ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.” Saa “nneɛma a aka” no, kyerɛ sɛ asetenam nneɛma a ehia a Yesu kaa ho asɛm no, ebiara nhiaa yɛn da. Seesei m’akatua nnu nea na minya fi akansi mu no ho baabiara, nanso mfe 20 ni, me ne m’abusua nyinaa, hwee nhiaa yɛn.

Nea ɛkyɛn saa ne sɛ, sɛ me ne me nuanom agyidifo bom yɛ adwuma anaa yɛbom som a, m’ani gye na minya akomatɔyam a minnyaa bi da. Bere kɔ ntɛm. Me yere ne me mma nso anya nkɔanim paa. Me mma mmarima mmiɛnsa no ne wɔn yerenom nyinaa abɛyɛ Yehowa Adansefo, na wɔresom Yehowa kamakama.