Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ Gehenna?

So wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ Gehenna?

Nsɛm A Akenkanfo Bisa . . .

So wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ Gehenna?

▪ Wɔ Asɛmpa no mu no, Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ wɔ Gehenna atemmu ho. Ɛda adi sɛ, na Yesu pɛ sɛ wɔfa saa kɔkɔbɔ no aniberesɛm. Nanso, so na ɔreka hellgya bi a wɔbɛyɛ nkurɔfo ayayade daa wom no ho asɛm?—Mateo 5:22.

Nea edi kan no, ma yɛnhwɛ asɛm no ankasa. Hela asɛmfua Geʹen·na ne Hebri asɛmfua geh Hin·nomʹ no kyerɛ ade koro, na nea ɛkyerɛ ankasa ne “Hinom bon,” anaa ɔkwan foforo so no geh veneh-Hin·nomʹ, “Hinom mma bon.” (Yosua 15:8; 2 Ahenni 23:10) Beae a ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Wadi er-Rababi, no yɛ amoa kɛse bi a emu dɔ a ɛwɔ Yerusalem kesee fam atɔe.

Wɔ Yuda ahemfo bere so, fi afeha a ɛto so awotwe A.Y.B. mu no, na wɔyɛ abosonsom amanne wɔ hɔ, a ebi ne sɛ na wɔhyew mmofra wɔ ogya mu de bɔ afɔre. (2 Beresosɛm 28:1-3; 33:1-6) Odiyifo Yeremia hyɛɛ nkɔm sɛ, Onyankopɔn nam Babilonfo so bebu Yudafo atɛn wɔ saa bon no mu, na ɛbɛdan okum bon ama Yudafo no. *Yeremia 7:30-33; 19:6, 7.

Yudani nhomanimfo David Kimhi (1160-1235 Y.B.), kae sɛ, akyiri yi saa bon no bɛdanee beae a wɔtow nwura gu wɔ Yerusalem. Ɛbɛyɛɛ sumina kɛse a na wɔhyew nwura wɔ hɔ bere nyinaa. Biribiara a wɔtow gu hɔ no, hyew pasaa ma ɛdan nsow.

Bible asekyerɛfo afi wɔn pɛ mu akyerɛ Geʹen·na ase sɛ “hell.” (Mateo 5:22, King James Version) Dɛn ntia? Efisɛ wɔde abosonsom adwene a ɛne sɛ wɔyɛ abɔnefo ayayade wɔ wɔn wu akyi no toto ogya ankasa a na ɛwɔ Yerusalem bon mu no ho. Nanso Yesu anka da sɛ wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ Gehenna.

Ná Yesu nim sɛ ne soro Agya, Yehowa, ani nnye nnipa a wɔhyew wɔn wɔ ogya mu no ho, na ɛyɛ n’akyiwade koraa. Bere a Onyankopɔn reka dwuma a wodi wɔ Gehenna ho asɛm wɔ Yeremia bere so no, ɔkae sɛ: “Wɔasisi Tofet sorɔnsorɔmmea wɔ Hinom ba bon no mu, de hyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea ogya mu; nanso menhyɛɛ wɔn saa, na ɛmmaa me komam da.” (Yeremia 7:31) Adwene a nkurɔfo wɔ sɛ wɔyɛ awufo ayayade no ne Onyankopɔn su a ɛne ɔdɔ no nhyia, saa ara nso na ɛne Bible nkyerɛkyerɛ a emu da hɔ a ɛka sɛ awufo de “wonnim biribiara” no nhyia.—Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Yesu de “Gehenna” gyinaa hɔ maa ɔsɛe koraa a ebefi Onyankopɔn atemmu mu aba no. Enti, yebetumi de nea “Gehenna” kyerɛ no atoto “ogya tare” a wɔka ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu no ho. Abien no nyinaa gyina hɔ ma daa ɔsɛe a owusɔre biara nni mu.—Luka 12:4, 5; Adiyisɛm 20:14, 15.—w11-E 04/1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Bere a New Catholic Encyclopedia no reka nkɔmhyɛ yi ho asɛm no ɛka sɛ: “Sɛ wɔsɛe Yerusalem a, wobekunkum emu nnipa pii araa ma wɔbɛtow wɔn afunu agu bon no mu anaa wɔbɛhyew wɔn wom a wɔrensie wɔn.”