Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ma Yehowa Som Ho Nhia Wo Paa

Ma Yehowa Som Ho Nhia Wo Paa

Ma Yehowa Som Ho Nhia Wo Paa

‘Mompɛɛpɛɛ mu nhu nneɛma a ehia koraa no.’—FILIP. 1:10.

1, 2. Dɛn na ama nnipa pii a wɔwɔ wiase yi mu mmfa wɔn adwene nnsi nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu no so, na nsɛmmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?

YƐTE wiase a asetena mu ayɛ den paa na awerɛhosɛm ahyɛ mu ma sen bere biara mu. Ebetumi ayɛ den paa ama nnipa a wɔne Yehowa nni abusuabɔ a emu yɛ den no sɛ wobegyina saa “mmere a emu yɛ den” yi ano. (2 Tim. 3:1-5) Wɔn ankasa na wɔbɔ mmɔden sɛ wobegyina ɔhaw ahorow a wohyia no da biara da no ano, na wontumi nnyina ano yiye. Nnipa pii wɔ hɔ a nea ɛbɛyɛ na wɔremfa asetena mu nsɛmnsɛm nhaw wɔn ho pii no, bere nyinaa, wɔhwehwɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ anigyede bi mu ma aboa wɔn ma wɔn werɛ afi wɔn haw.

2 Nkurɔfo taa de wɔn ho hyɛ anigyede mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi agyina ɔhaw ahorow a wohyia wɔ asetena mu no ano. Sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no amma yɛn ani anna hɔ a, ebetumi ayɛ mmerɛw koraa sɛ yebefi ase ayɛ yɛn ade saa. Dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛanyɛ saa? So eyi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yegye yɛn ani koraa? Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu ɔkwampa a ɛsɛ sɛ yɛfa so gye yɛn ani na bere koro no ara yɛadi yɛn asɛyɛde ahorow ho dwuma yiye? Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan sɛnea ɛbɛyɛ a bere a yɛreyɛ nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu no, yɛremfa yɛn bere nyinaa nyɛ saa nneɛma no nkutoo?

Sɛnea Yɛbɛma Yɛn Ani Ada Hɔ wɔ Wiase a Ɛdɔ Anigyede Mu

3, 4. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no boa yɛn ma yehu sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu no so?

3 Nokwasɛm ne sɛ, wiase yi ‘dɔ anigyede’ dodo. (2 Tim. 3:4) Sɛnea wiase yi si anigyede so dua no betumi asɛe yɛne Yehowa ntam. (Mmeb. 21:17) Enti, ntease wom paa sɛ ɔsomafo Paulo de yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ anaa yɛn anim a yɛbɛma ayɛ duru ho afotu nso kaa nkrataa a ɔde kɔmaa Timoteo ne Tito no ho. Sɛ yɛde saa afotu no yɛ adwuma a, ɛbɛboa yɛn ma yɛrenyɛ yɛn ho sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no mu a wɔmmfa wɔn adwene nnsi nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu so no.—Monkenkan 1 Timoteo 2:1, 2; Tito 2:2-8.

4 Ná Solomon akyerɛw wɔ mfehaha pii a atwam no mu sɛ, mfaso wɔ so sɛ ɛtɔ mmere bi a yɛde anigyede bɛkame yɛn ho, na yɛde yɛn adwene si nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu no so. (Ɔsɛnk. 3:4; 7:2-4) Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ yɛn nkwa nna yɛ tiaa nti, ehia sɛ ‘yɛyere yɛn ho denneennen’ na ama yɛanya nkwagye. (Luka 13:24) Ɛno nti, ɛsɛ sɛ ‘yɛpɛɛpɛɛ mu hu nneɛma a ehia koraa no’ bere nyinaa. (Filip. 1:10) Ɛno kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛma biribiara a ɛfa Kristofo asetena ho no ho hia yɛn yiye.

5. Ade biako bɛn na yɛyɛ wɔ asetena mu a ɛsɛ sɛ yɛfa no aniberesɛm?

5 Sɛ nhwɛso no, Kristofo fa asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔyɛ adwumaden no aniberesɛm de suasua Yehowa ne Yesu. (Yoh. 5:17) Ɛno nti, nkurɔfo taa kamfo nokware Kristofo sɛ wɔyɛ nnipa a woyi wɔn yam yɛ adwuma na wotumi de wɔn ho to wɔn so. Wɔn a wɔyɛ mmusua ti titiriw na ɛsɛ sɛ wɔma ɛho hia wɔn sɛ wɔbɛyɛ adwumaden de ahwɛ wɔn mmusua. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ obi amma ne fiefo nsa anka wɔn honam fam ahiade a, “wapa gyidi,” na ɛte sɛ nea wapa Yehowa ara pɛ!—1 Tim. 5:8.

Yɛfa Yɛn Som Aniberesɛm Nanso Yɛn Ani Gye Ho

6. Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛsɛ sɛ yɛfa ɔsom a yɛde ma Yehowa no aniberesɛm?

6 Ɔsom a yɛde bɛma Yehowa wɔ ɔkwan a ɛfata so no ayɛ no asɛnhia bere nyinaa. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mose Mmara no ase no, bere a Israelfo twee wɔn ho fii Yehowa som ho no, wohuu amane kɛse. (Yos. 23:12, 13) Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na ɛsɛ sɛ Kristo akyidifo no kõ denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a nkyerɛkyerɛ bɔne ne subammɔne remma nokware som mu. (2 Yoh. 7-11; Adi. 2:14-16) Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso kɔ so fa wɔn som aniberesɛm.—1 Tim. 6:20.

7. Ɔkwan bɛn so na Paulo siesiee ne ho maa asɛnka adwuma no?

7 Asɛnka adwuma no ma yɛn ani gye. Nanso, nea ɛbɛyɛ na yɛakɔ so anya anigye wɔ asɛnka adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye na yedi kan siesie yɛn ho koraa ansa na yɛakɔ. Paulo kyerɛkyerɛɛ sɛnea osusuw nnipa a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ho no mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mayɛ biribiara ama nnipa ahorow nyinaa, sɛnea ɛyɛ dɛn ara a, megye ebinom nkwa. Na asɛmpa no nti na meyɛ ade nyinaa, na ama me ne afoforo anya mu kyɛfa.” (1 Kor. 9:22, 23) Ná Paulo ani gye ho sɛ ɔbɛboa nkurɔfo ma wɔate Onyankopɔn asɛm ase, na osusuw ɔkwan a ɔbɛfa so aboa wɔn a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no ma wɔate nneɛma pɔtee bi ase ho yiye. Enti, otumi hyɛɛ wɔn nkuran, na ɔboaa wɔn ma wɔsom Yehowa.

8. (a) Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ nkurɔfo a yɛkyerɛkyerɛ wɔn wɔ asɛnka mu no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible adesua a yɛbɛyɛ betumi ama yɛn ani agye wɔ asɛnka adwuma no mu?

8 Ná asɛnka adwuma no ho hia Paulo dɛn? Ná n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ “akoa” ama Yehowa ne wɔn a wobetie nokware no ho asɛm a na ɔreka no. (Rom. 12:11; 1 Kor. 9:19) Sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm no rekyerɛkyerɛ nkurɔfo a, so yehu sɛ yɛwɔ asɛyɛde wɔ wɔn a yɛrekyerɛkyerɛ wɔn no ho, sɛ́ yɛreyɛ ofie Bible adesua, Kristofo nhyiam, anaa Abusua Som no? Ebia yɛte nka sɛ ɛyɛ den ma yɛn dodo sɛ yɛbɛyɛ Bible adesua daa. Nokwarem no, mpɛn pii no, ɛhwehwɛ sɛ yegyae nneɛma bi yɛ na yɛde saa bere no boa afoforo. So ɛnyɛ saa na asɛm a Yesu kae sɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye” no hwehwɛ sɛ yɛyɛ? (Aso. 20:35) Sɛ yɛn ankasa kyerɛkyerɛ afoforo ma wohu ɔkwan a wɔbɛfa so anya nkwa a, ɛbɛma yɛanya anigye a adwuma foforo biara ntumi mma yennya.

9, 10. (a) So fa a yɛfa yɛn som aniberesɛm no kyerɛ sɛ yɛrentumi ne nkurɔfo mmom nnye yɛn ani? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Dɛn na ɛbɛboa asafo mu panyin ma watumi ahyɛ afoforo nkuran na nkurɔfo atumi abɛn no?

9 Sɛ yɛyɛ nnipa a yɛfa yɛn som aniberesɛm a, ɛno nkyerɛ sɛ yɛrentumi nnye yɛn ahome na yɛne nkurɔfo mmom nnye yɛn ani. Yesu yɛɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ wɔ sɛnea yebegye bere de akyerɛkyerɛ afoforo, ne sɛnea yebegye yɛn ahome na yɛne afoforo anya abusuabɔ a mfaso wɔ so nso ho. (Luka 5:27-29; Yoh. 12:1, 2) Yɛn som a yɛfa no aniberesɛm no nkyerɛ nso sɛ ɛsɛ sɛ yɛka yɛn anim si so bere nyinaa. Sɛ na Yesu yɛ obi a ɔka n’anim si so na ɔyɛ ne ho sɛ onni adagyew koraa a, akyinnye biara nni ho sɛ anka nkurɔfo remmɛn no. Ná mmofra mpo ani gye ho sɛ wɔbɛkɔ ne nkyɛn. (Mar. 10:13-16) Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua sɛnea na Yesu yɛ ne nneɛma pɛpɛɛpɛ no?

10 Onua bi kaa asafo mu panyin bi ho asɛm sɛ, “Ɔpanyin no hwɛ kwan sɛ n’ankasa bɛyɛ pii, nanso ɔnhwɛ kwan sɛ afoforo bɛyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ da.” So wobetumi aka saa afa wo ho? Ɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ nea afoforo betumi ayɛ mmom fi wɔn hɔ. Sɛ nhwɛso no, sɛ awofo de botae a ɛfata si mmofra ani so na wɔboa wɔn a, ɛma wotumi du ho. Saa ara na asafo mu mpanyimfo betumi ahyɛ ankorankoro a wɔwɔ asafo no mu nkuran ma wɔayere wɔn ho ama abusuabɔ a wɔne Yehowa wɔ no mu ayɛ den, na wɔma wɔn nyansahyɛ pɔtẽẽ a ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi ayɛ saa. Afei nso, sɛ asafo mu panyin bi yɛ n’ade sɛnea ɛfata a, obetumi ahyɛ afoforo nkuran, na ama ayɛ mmerɛw sɛ afoforo bɛbɛn no. (Rom. 12:3) Onuawa bi kae sɛ: “Mempɛ sɛ asafo mu panyin de asɛm biara bɛyɛ aseresɛm. Nanso sɛ ɔka n’anim si so bere nyinaa a, ɛbɛyɛ den sɛ afoforo bɛbɛn no.” Onuawa foforo nso kae sɛ ɔte nka sɛ asafo mu mpanyimfo binom “animkɔ yɛ den paa efisɛ wɔyɛ nnipa a wɔnserew koraa.” Ɛnsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo yɛ biribi a ɛbɛma anigye a ɛsɛ sɛ anuanom nyinaa nya wɔ ɔsom a wɔde ma Yehowa a ɔne “anigye Nyankopɔn” mu no so tew da.—1 Tim. 1:11.

Asɛyɛde a Yebegye Atom wɔ Asafo no Mu

11. Dɛn na ehia sɛ obi yɛ na ama ‘wabɛyɛ’ ɔhwɛfo anaa ɔsomfo wɔ asafo no mu?

11 Bere a Paulo hyɛɛ mmarima a wɔwɔ asafo no mu nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛfata ma wɔde asɛyɛde akɛse ahyehyɛ wɔn nsa no, na ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔrehyɛ obi nkuran ma wahwehwɛ n’ankasa anuonyam. Mmom no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma a, na wapɛ adwuma pa.” (1 Tim. 3:1, 4) Ehia sɛ Kristofo mmarima nya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛyere wɔn ho anya Kristofo su ahorow a ɛbɛma wɔatumi asom wɔn nuanom na ama ‘wɔabɛyɛ’ ahwɛfo anaa asomfo. Anyɛ yiye koraa no, sɛ onuabarima bi abɔ asu ma adi afe biako, na odu Kyerɛwnsɛm mu ahwehwɛde a ɛbɛma wafata sɛ ɔsom sɛ asafo mu somfo a wɔaka ho asɛm wɔ 1 Timoteo 3:8-13 no ho sɛnea ɛfata a, wobetumi akamfo no akyerɛ ma wɔapaw no. Hyɛ no nsow sɛ nkyekyɛm 8 no ka no pefee sɛ: “Saa ara na asafo mu asomfo nso ani so nna hɔ.”

12, 13. Kyerɛkyerɛ akwan a mmerante betumi afa so ma wɔafata ama ɔsom hokwan ahorow mu.

12 So woyɛ onuabarima a woabɔ asu a woreyɛ adi mfe aduonu a w’ani so da hɔ? Ɛnde, akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so ma woafata ama ɔsom hokwan ahorow. Emu biako ne sɛ wobɛbɔ wo ho mmɔden wɔ asɛnka adwuma no mu. So woyɛ obi a w’ani gye ho sɛ wo ne mmofra ne mpanyin nyinaa bɛbom ayɛ asɛnka adwuma no? So worebɔ mmɔden sɛ wubenya obi a wubetumi ne no asua Bible? Sɛ wode nyansahyɛ ahorow a wɔde ma wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase wɔ sɛnea yɛyɛ Bible adesua ho no yɛ adwuma a, ɛbɛma wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Bio nso, wubesua sɛnea wubenya tema ama nea ɔresua Yehowa akwan ho ade no. Sɛ wo Bible suani fi ase hu sɛ ɛho hia sɛ ɔyɛ nsakrae a, wubehu ɔkwan a wobɛfa so atɔ wo bo ase de anifere aboa no ma ɔde Bible nnyinasosɛm ayɛ dwuma.

13 Anuanom mmerante, mubetumi abɛn asafo no mufo a wɔn mfe akɔ anim no, na moayɛ wɔn mmoa wɔ ɔkwan biara a mubetumi so. Mubetumi nso ama Ahenni Asa no ho a ɛbɛtew ho ahia mo, na moaboa ma ɛhɔ atew kama. Sɛ moboa wɔ ɔkwan biara a mubetumi so a, ɔpɛ a mowɔ no da no adi sɛ mo ani so da hɔ anaa momfa mo som nni agoru. Sɛnea Timoteo yɛe no, mubetumi asua sɛ mubeyi mo yam aboa ma wɔadi asafo no ahiade ho dwuma.—Monkenkan Filipifo 2:19-22.

14. Ɔkwan bɛn so na wobetumi ‘asɔ’ anuanom mmerante ‘ahwɛ sɛ wɔfata’ sɛ wonya ɔsom hokwan wɔ asafo no mu?

14 Asafo mu mpanyimfo, momma mo ani nna hɔ na momfa anuanom mmerante a wɔrebɔ mmɔden sɛ ‘wobeguan mmerantebere mu akɔnnɔ’ a wɔredi “trenee, gyidi, ɔdɔ, asomdwoe” ne suban pa foforo akyi no nyɛ adwuma. (2 Tim. 2:22) Sɛ mode nnwuma hyehyɛ wɔn nsa wɔ asafo no mu a, ɛbɛma wɔatumi ‘asɔ wɔn ahwɛ sɛ wɔfata’ sɛ wɔma wɔn asɛyɛde, na ama wɔn “nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.”—1 Tim. 3:10; 4:15.

Sɛnea Yɛbɛma Yɛn Ani So Ada Hɔ wɔ Asafo no ne Abusua Mu

15. Sɛnea 1 Timoteo 5:1, 2 kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na yebetumi ama yɛn ani so ada hɔ wɔ sɛnea yebu afoforo no ho?

15 Nea yɛyɛ a ɛkyerɛ sɛ yɛn ani so da hɔ no bi ne sɛ yebedi yɛn nuanom mmarima ne mmea ni. Paulo kaa sɛnea ɛsɛ sɛ yebu afoforo ho asɛm wɔ afotu a ɔde kɔmaa Timoteo no mu. (Monkenkan 1 Timoteo 5:1, 2.) Bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa titiriw ne bere a yɛne nnipa a ɛsono wɔn bɔbeasu redi no. Ɛfata paa sɛ yesuasua sɛnea Hiob dii mmea ni no, ne titiriw, ne yere. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔremfa akɔnnɔ bɔne nhwɛ ɔbea foforo. (Hiob 31:1) Sɛ yebu yɛn nuanom mmarima ne mmea a, yɛrenhyɛ da nyɛ biribi a ɛbɛma wɔanya yɛn ho akɔnnɔ anaa yɛrenyɛ biribi a sɛ yɛn nuabarima anaa yɛn nuabea bi wɔ yɛn nkyɛn a, ɛbɛma wayɛ basaa. Afoforo a yebedi wɔn ni ho hia titiriw paa bere a nnipa baanu afa nnamfo a wɔpɛ sɛ wɔware no. Kristoni a n’ani so da hɔ remfa obi koma nni agoru da.—Mmeb. 12:22.

16. Kyerɛ nsonsonoe a ɛwɔ sɛnea nnipa a wɔwɔ wiase no mu binom bu asɛyɛde a okunu anaa agya wɔ ne sɛnea Bible ka asɛyɛde a okunu anaa agya wɔ ho asɛm no mu.

16 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nso sɛ yɛbɛkɔ so afa asɛyɛde a Onyankopɔn de ama yɛn wɔ abusua no mu aniberesɛm. Satan wiase no mfa asɛyɛde a okunu anaa agya wɔ no aniberesɛm. Nnwumakuw a wɔyɛ nneɛma de gyigye nkurɔfo ani no ani gye ho sɛ wɔbɛma mmusua ti abɛyɛ nkurɔfo a wodi wɔn ho fɛw na wobu wɔn animtiaa. Nanso, Kyerɛwnsɛm no de asɛyɛde kɛse to okunu so, ɛka sɛ ɔne “ne yere ti.”—Efe. 5:23; 1 Kor. 11:3.

17. Kyerɛkyerɛ sɛnea abusua som a yɛde yɛn ho behyem no betumi akyerɛ sɛ yedi yɛn asɛyɛde ahorow ho dwuma anibere so no mu.

17 Ebia okunu de nea n’abusua hia wɔ honam fam bɛma wɔn. Nanso, sɛ wamfa Onyankopɔn Asɛm no ankyerɛkyerɛ n’abusua a, na ɛkyerɛ sɛ ɔnna nhumu ne nyansa adi. (Deut. 6:6, 7) Enti, 1 Timoteo 3:4 ka sɛ, sɛ woyɛ abusua ti na wopɛ sɛ wunya ɔsom hokwan foforo wɔ asafo no mu a, ɛsɛ sɛ woyɛ ɔbarima a “odi n’ankasa fie so yiye, [wo] mma brɛ wɔn ho ase ma [wo] wɔ nidi nyinaa mu.” Sɛ woyɛ abusua ti a, bisa wo ho sɛ, ‘So miyi bere si hɔ daa ne me fiefo yɛ abusua som?’ Ɛkame ayɛ sɛ Kristofo binom a wɔyɛ mmea awarefo pa wɔn kununom kyɛw ansa na wɔadi abusua no anim ma wɔasua Onyankopɔn asɛm. Ɛsɛ sɛ okunu biara susuw sɛnea n’ankasa bu saa asɛyɛde yi ho anibere so. Nanso, ɛsɛ sɛ ɔyere a ɔyɛ Kristoni boa Abusua Som nhyehyɛe no na ɔboa ne kunu ma ɛkɔ so yiye.

18. Mmofra bɛyɛ dɛn atumi asua sɛnea wɔde wɔn adwene besi nneɛma a ɛho hia paa no so?

18 Wɔhyɛ mmofra nso nkuran sɛ wɔmfa wɔn adwene nsi nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu no so. (Ɔsɛnk. 12:1) Mfomso biara nni ho sɛ mmofra nkumaa besua sɛ wɔbɛyɛ adwumaden, na wɔayɛ ofie nnwuma a mfe a wɔadi ne wɔn ahoɔden betumi ama wɔayɛ. (Kwa. 3:27) Bere a na Ɔhene Dawid yɛ abarimaa no, osuae sɛ ɔbɛyɛ oguanhwɛfo pa. Osuae nso sɛ ɔbɛyɛ odwontofo ne obi a ɔhyehyɛ nnwom, na saa nimdeɛ no ma ɔkɔsomee wɔ Israel hene anim. (1 Sam. 16:11, 12, 18-21) Akyinnye biara nni ho sɛ, na abarimaa Dawid nim agorudi, nanso ɔsan suaa nnwuma a mfaso wɔ so a ɔde yii Yehowa ayɛ akyiri yi. Nguanhwɛ adwuma a na onim no boaa no ma ɔde abotare dii Israel man no anim. Mmofra, nneɛma a mfaso wɔ so ahe na moresua a ɛbɛboa mo ma moasom mo Bɔfo no na asiesie mo ma moatumi adi mo asɛyɛde ho dwuma daakye?

Momma Yɛnyɛ Yɛn Ade wɔ Ɔkwan a Ɛfata So

19, 20. Adwene a ɛfata bɛn na woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so anya wɔ nneɛma a woyɛ wɔ asetena mu ne wo som mu ho?

19 Yɛn nyinaa betumi abɔ mmɔden ayɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛfata so a yɛremfa yɛn bere nyinaa nni nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu nkutoo akyi. Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho ‘treneefo dodo.’ (Ɔsɛnk. 7:16) Sɛ yɛyɛ ade anibere so bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, na yɛserew bere a ɛsɛ sɛ yɛserew a, ebetumi ama obiara koma atɔ ne yam wɔ fie, adwuma mu, anaa bere a yɛne yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea redi no. Ɛsɛ sɛ abusua mufo hwɛ yiye na wɔankasa antia wɔn ho wɔn ho denneennen, na amma wɔansɛe asomdwoe a ɛsɛ sɛ wonya wɔ fie no. Asafo no muni biara betumi asua sɛ ɔne afoforo bɛserew, na yɛama yɛn ani agye ho sɛ yɛne afoforo bɛbɔ, na yɛama yɛn nkɔmmɔbɔ ne ɔkwan a yɛfa so kyerɛkyerɛ no ayɛ nea ɛhyɛ den na ɛhyɛ nkuran.—2 Kor. 13:10; Efe. 4:29.

20 Yɛte wiase bi a emu nnipa mmu Yehowa ne ne mmara mu. Nanso, Yehowa nkurɔfo de, wobu osetie a wɔbɛyɛ ama Onyankopɔn na wɔadi no nokware no sɛ ade a ɛho hia paa. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛka nnipadɔm a wɔsom Yehowa “wɔ nidi nyinaa mu” no ho! Momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ama nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu no ne yɛn som ho ahia yɛn.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ho sɛ wiase no mu nnipa a wɔmmfa wɔn adwene nnsi nneɛma a ɛho hia paa wɔ asetena mu so no?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya asɛnka adwuma no ho anigye na yɛasan afa no aniberesɛm?

• Ɔkwan bɛn so na sɛnea yegye asɛyɛde tom no kyerɛ sɛ yɛn ani so da hɔ anaa ɛnte saa?

• Kyerɛkyerɛ nea enti a yɛn nuanom ne yɛn abusuafo a yebedi wɔn ni no yɛ aniberesɛm no mu.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ɛsɛ sɛ okunu de nea n’abusua hia wɔ honam fam ma wɔn, na ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm