Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Honhom No Aba” Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

“Honhom No Aba” Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

“Honhom No Aba” Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam

“Nea ɛhyɛ m’Agya anuonyam ne sɛ mobɛkɔ so asow aba pii.”—YOH. 15:8.

1, 2. (a) Hokwan ahorow bɛn na yɛwɔ a yɛde bɛhyɛ afoforo nkuran? (b) Akyɛde bɛn na Yehowa de ma yɛn a ɛma yetumi som no yiye?

SUSUW nsɛm abien yi ho hwɛ: Kristoni bea bi hyɛɛ no nsow sɛ na ɛte sɛ nea biribi haw onuawa kumaa bi. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ne onuawa kumaa no kɔɔ asɛnka. Sɛ wofi ofie biako mu rekɔ foforo mu a, na wɔbɔ nkɔmmɔ, afei onuawa kumaa no fii ase kaa nea ɛhaw no kyerɛɛ no. Akyiri yi, bere a onuawa kumaa no rebɔ mpae saa da no, ɔdaa Yehowa ase sɛ onuawa a ne ho akokwaw no kyerɛɛ ne ho anigye; ná ɛno ara ne ade a ohia. Wɔ baabi foforo nso, na awarefo bi kɔyɛɛ asɛnka adwuma wɔ amannɔne asase bi so bae nkyɛe. Bere a awarefo no ne afoforo hyiaam a na wɔde anigye reka osuahu a wonyae no, na onuabarima kumaa bi ayɛ komm retie. Mfe bi akyi no, bere a na onuabarima no ankasa resiesie ne ho akɔyɛ ɔsom adwuma no wɔ amannɔne no, osusuw saa awarefo no ne nkɔmmɔ a wɔbɔe a ɛmaa n’ani begyee ho sɛ ɔbɛyɛ ɔsɛmpatrɛwfo no ho.

2 Ebia saa nsɛm abien yi ama woakae obi a ɔboaa wo wɔ w’asetena mu anaa obi a woboaa no. Nokwarem no, nkɔmmɔ biako pɛ a yɛne obi bɛbɔ ntaa nsesa n’asetena de, nanso da biara da yenya hokwan ahorow a yɛde bɛhyɛ afoforo nkuran na yɛde ahyɛ wɔn den. Fa no sɛ biribi wɔ hɔ a ɛbɛboa wo ma woatumi ayɛ biribi a wunim yɛ yiye na ama woanya su pa ahorow a ɛbɛma woatumi aboa wo nuanom kɛse na ama Onyankopɔn nso de wo ayɛ adwuma pii. So anka w’ani rennye ho? Yehowa kyɛ yɛn biribi a ɛte saa ankasa, na ɛno ne ne honhom kronkron. (Luka 11:13) Sɛ Onyankopɔn honhom kronkron yɛ adwuma wɔ yɛn so a, ɛma yenya su ahorow a ɛyɛ fɛ a ɛma yetumi yɛ Onyankopɔn som adwuma no fã biara yiye. Akyɛde a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni!—Monkenkan Galatifo 5:22, 23.

3. (a) Ɔkwan bɛn so na sɛ yenya “honhom no aba” a, ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam? (b) Nsɛmmisa bɛn na yɛrebesusuw ho?

3 Su ahorow a honhom kronkron ma yenya no yɛ Yehowa Nyankopɔn su ankasa, na ɔno ne Onii a saa honhom no fi ne hɔ. (Kol. 3:9, 10) Yesu kyerɛɛ ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobesuasua Onyankopɔn bere a ɔkaa asɛm a edi so yi kyerɛɛ n’asomafo no. Ɔkae sɛ: “Nea ɛhyɛ m’Agya anuonyam ne sɛ mobɛkɔ so asow aba pii.” * (Yoh. 15:8) Sɛ yenya “honhom no aba” a, ɛda adi pefee wɔ sɛnea yɛkasa ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade mu; na ɛno nso hyɛ yɛn Nyankopɔn anuonyam. (Mat. 5:16) Akwan bɛn so na honhom no aba no yɛ soronko wɔ su a Satan wiase no da no adi ho? Yɛbɛyɛ dɛn atumi asow honhom no aba no? Dɛn nti na ebetumi ayɛ den ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ saa? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho bere a yɛresusuw honhom no aba afã abiɛsa a edi kan a ɛne ɔdɔ, anigye, ne asomdwoe ho no.

Ɔdɔ a Nnyinasosɛm a Ɛkorɔn Ma Yɛda no Adi

4. Ɔdɔ bɛn na Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnna no adi?

4 Ɔdɔ a honhom kronkron ma yenya no yɛ soronko koraa wɔ ɔdɔ a nnipa pii da no adi wɔ wiase no ho. Dɛn nti na ɛte saa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ nnyinasosɛm a ɛkorɔn na ɛma yɛda no adi. Yesu maa saa nsonsonoe yi daa adi wɔ Bepɔw so Asɛnka no mu. (Monkenkan Mateo 5:43-48.) Ɔkyerɛe sɛ abɔnefo mpo, sɛnea afoforo ne wɔn di no saa ara na wɔn nso ne wɔn di. Sɛ obi da ‘ɔdɔ’ a ɛte saa adi a, ɛnkyerɛ sɛ ɔde biribi abɔ afɔre ankasa, na mmom nea ɛkyerɛ ne sɛ sɛ obi yɛ no papa nkutoo a, ɛnna ɔno nso yɛ no papa. Sɛ yɛpɛ sɛ ‘yɛkyerɛ sɛ yɛyɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no mma’ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ soronko. Sɛ́ anka yɛne afoforo bedi sɛnea wɔne yɛn di no no, ɛsɛ sɛ yebu afoforo sɛnea Yehowa bu wɔn no, na yɛne wɔn di no sɛnea ɔne wɔn di no. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adɔ yɛn atamfo sɛnea Yesu hyɛe sɛ yɛnyɛ no?

5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn a wɔtaa yɛn?

5 Susuw Bible mu nhwɛso biako ho hwɛ. Bere a na Paulo ne Silas reka asɛm no wɔ Filipi no, wɔkyeree wɔn hwee wɔn paa, na wɔde wɔn guu afiase a ɛhyɛ mfinimfini paa no mu kyekyeree wɔn anan bɔɔ dua mu. Bere a na wɔreyɛ wɔn saa no, ebetumi aba paa sɛ afiasehwɛfo no nso yɛɛ wɔn ayayade. Bere a asasewosow bi sii a ɛma wonyaa hokwan a wɔde bepue bere a na wɔnhwɛ kwan no, so wɔn ani gyee ho sɛ wobetua afiasehwɛfo no so ka? Dabi. Mmom no, sɛnea na afiasehwɛfo no yiyedi ho hia wɔn paa no—ɔdɔ kann a na wɔwɔ ma no no—kaa wɔn ma wɔyɛɛ ade ntɛm so de boaa no, na ebuee kwan maa afiasehwɛfo no ne ne fiefo nyinaa bɛyɛɛ gyidifo. (Aso. 16:19-34) Yɛn nuanom pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ayɛ biribi a ɛte saa ara de ‘ahyira wɔn a wɔtaa’ yɛn.—Rom. 12:14.

6. Akwan bɛn na yebetumi afa so ada ɔdɔ kann adi akyerɛ yɛn nuanom? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 21 no.)

6 Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn mfɛfo gyidifo kɔ akyiri sen saa. Bible ka sɛ: “Ɛyɛ yɛn asɛde sɛ yɛde yɛn kra to hɔ ma yɛn nuanom.” (Monkenkan 1 Yohane 3:16-18.) Nanso, mpɛn pii no, yebetumi ada ɔdɔ adi wɔ akwan nketenkete so. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛka asɛm bi anaa yɛyɛ biribi ma ɛhaw onua bi a, yebetumi atu anammɔn akɔ onua no hɔ ne no akosiesie yɛn ntam de akyerɛ sɛ yɛdɔ no. (Mat. 5:23, 24) Na sɛ obi fom yɛn nso ɛ? So ‘yɛwɔ ɔpɛ sɛ yɛde bɔne befiri,’ anaa ɛtɔ mmere bi a yenya ne ho menasepɔw? (Dw. 86:5) Ɔdɔ a emu yɛ den a honhom kronkron ma yenya no betumi aboa yɛn ma yɛakata mfomso nketenkete a afoforo yɛ tia yɛn so, na yɛde afiri wɔn korakora “sɛnea Yehowa de afiri” yɛn no.—Kol. 3:13, 14; 1 Pet. 4:8.

7, 8. (a) Ɔkwan bɛn so na sɛ yɛdɔ Onyankopɔn a, ɛbɛka yɛn ma yɛadɔ nnipa nso? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no mu ayɛ den? (Hwɛ mfonini a ɛwɔ ase hɔ no.)

7 Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya ɔdɔ kann ama yɛn nuanom? Ɛne sɛ yɛbɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no mu ayɛ den. (Efe. 5:1, 2; 1 Yoh. 4:9-11, 20, 21) Ɛbere a yɛn ankasa nya ma Yehowa de kenkan Bible dwinnwen ho, na yɛde bɔ mpae no hyɛ yɛn nkuran, na ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn soro Agya no mu yɛ den. Nanso, ɛho hia sɛ yɛtɔ bere de bɛn Onyankopɔn.

8 Mfatoho bi ni: Fa no sɛ bere pɔtee bi pɛ na da biara da wunya de kenkan Onyankopɔn Asɛm no dwinnwen ho, na wode bɔ Yehowa mpae. So worenhwɛ saa bere no so yiye sɛnea ɛbɛyɛ a biribi foforo biara ntwitware saa bere a wunya de bɛn Yehowa no mu? Nokwasɛm ne sɛ, obiara ntumi mma yennyae mpae a yɛbɔ Onyankopɔn no, na yɛn mu dodow no ara tumi kenkan Bible bere biara a yɛpɛ. Nanso, ebia ɛho behia sɛ yɛhwɛ sɛ yɛremma nneɛma pii a ɛsɛ sɛ yɛyɛ no da biara da no ntwitware bere a yɛn ankasa de bɛn Onyankopɔn no mu. So wotɔ bere pii da biara da sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de abɛn Yehowa?

“Honhom Kronkron Anigye”

9. Dɛn na ɛma anigye a honhom kronkron ma yenya no da nsow?

9 Ade a ɛda nsow wɔ honhom no aba ho ne sɛnea biribiara ntumi nsɛe no no. Honhom no aba no fã a ɛto so abien a ɛne anigye a yɛrebesusuw ho no ma yehu sɛnea biribiara ntumi nsɛe honhom no aba no. Anigye te sɛ bankye dua, baabiara a wode bɛto biara no, efifi. Onyankopɔn asomfo pii a wɔwɔ wiase nyinaa ‘de honhom kronkron anigye agye asɛm no ahohia pii mu.’ (1 Tes. 1:6) Afoforo nso hyia amanehunu ne ahokyere. Nanso, Yehowa nam ne honhom so hyɛ wɔn den ma ‘wonya boasetɔ kosi ase na wɔde anigye nya abodwokyɛre.’ (Kol. 1:11) Dɛn na ɛma wonya saa anigye no?

10. Dɛn na ɛma yenya anigye?

10 Ademude a Yehowa de ama yɛn no nsɛe da, ɛnte sɛ “ahonyade a enni nnyinaso” a ɛwɔ Satan wiase yi mu no. (1 Tim. 6:17; Mat. 6:19, 20) Yehowa ama yɛanya anidaso a ɛyɛ anigye sɛ yebenya daakye a enni awiei. Yɛn ani agye sɛ yɛka anuanom Kristofo a wɔwɔ wiase nyinaa no ho. Nea ɛsen ne nyinaa no, anigye a yɛwɔ no gyina abusuabɔ a yɛne Onyankopɔn wɔ so. Yɛte nka te sɛ Dawid a wɔma oguan kɔtenaa baabi nanso ɔde nnwonto yii Yehowa ayɛ no. Ɔtoo dwom sɛ: “Esiane sɛ w’adɔe ye sen nkwa nti, m’ano na mede bɛkamfo wo. Saa na mehyira wo me nkwa nna nyinaa.” (Dw. 63:3, 4) Sɛ yɛkɔ ahokyere mu mpo a, anigye a yɛde yi Onyankopɔn ayɛ no ma yɛn koma tɔ yɛn yam.

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde anigye som Yehowa?

11 Ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ: “Munni ahurusi wɔ Awurade mu daa. Meka bio sɛ, munni ahurusi!” (Filip. 4:4) Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo de anigye som Yehowa? Ɛyɛ asɛm a Satan ma ɛsɔree wɔ Yehowa tumidi ho no ntia. Satan kyerɛ sɛ obiara nni hɔ a ofi ne koma mu som Onyankopɔn. (Hiob 1:9-11) Sɛ yɛyere yɛn ho som Yehowa, nanso yɛnyɛ no anigye so a, ayeyi afɔre a yɛbɔ ma no no renni mũ. Enti, yɛbɔ mmɔden sɛ yebetie afotu a odwontofo no de ma yi sɛ: “Momfa anigye nsom Yehowa. Momfa ahurusi dwom mmra n’anim.” (Dw. 100:2) Sɛ yefi yɛn koma mu de anigye som Onyankopɔn a, ɛhyɛ no anuonyam.

12, 13. Dɛn na yebetumi ayɛ de ayi adwene a ɛmfata a yenya afi hɔ?

12 Nokwasɛm ne sɛ, ɛtɔ mmere bi a Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so mpo abam betumi abu na ayɛ den ama wɔn sɛ wɔbɛkɔ so anya adwempa. (Filip. 2:25-30) Dɛn na ebetumi aboa yɛn wɔ mmere a ɛtete saa mu? Efesofo 5:18, 19 ka sɛ: “Monkɔ so mma honhom nhyɛ mo mã, na momfa nnwom ne ayeyi ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho, na monto dwom nnyigye ho mo koma mu mma Yehowa.” Yɛbɛyɛ dɛn atumi de saa afotu no ayɛ adwuma?

13 Sɛ yenya adwene a ɛmfata a, yebetumi abɔ Yehowa mpae ahwehwɛ ne mmoa, na yɛabɔ mmɔden adwinnwen nneɛma a ɛsɛ ayeyi ho. (Monkenkan Filipifo 4:6-9.) Ebinom ahu sɛ sɛ wɔrebɔ yɛn Ahenni nnwom no, na wɔto wɔ wɔn menewa mu di akyi bɔkɔɔ a, ɛhyɛ wɔn den na ɛboa wɔn ma wonya nneɛma ho adwempa. Onua bi a asɛm bi too no a na ɛtaa ma ɔyɛ basaa, na n’abam bui kae sɛ: “Mpae a na mifi koma mu bɔ daa akyi no, mekyeree Ahenni nnwom kakra nso guu me tirim. Sɛ na meto nnwom a ɛyɛ dɛ yi den de yi Yehowa ayɛ anaasɛ meto wɔ me tirim a, na ɛma minya akomatɔyam. Afei nso, saa bere no mu ara na woyii Bɛn Yehowa nhoma no adi. Mekenkan nhoma no mprenu wɔ afe edi hɔ no mu. Ná ɛte sɛ nku a wɔde atwetwe me ma me ho adwo me fɔmm. Minim sɛ Yehowa hyiraa mmɔden a mebɔe no so.”

“Asomdwoe Koroyɛ Hama”

14. Asomdwoe a honhom kronkron ma yenya ho ade bɛn na ɛyɛ nwonwa?

14 Anuanom a wofi aman horow so ne wɔn nuanom Kristofo bɔ ma wɔn ani gye wɔ yɛn amanaman ntam nhyiam ahorow ase. Mmere a ɛtete saa ma yehu asomdwoe a Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nya no ho ade bi, ɛno ne biako a yɛayɛ wɔ wiase nyinaa no. Sɛ nkurɔfo hu sɛ nnipa a anka wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛtentan wɔn ho ‘ayere wɔn ho denneennen de asomdwoe koroyɛ hama retena ase honhom biakoyɛ mu’ a, ɛma wɔn ho taa dwiriw wɔn. (Efe. 4:3) Saa biakoyɛ yi yɛ nwonwa ankasa esiane nneɛma a na ɛsɛ sɛ yɛn mu pii di so nti.

15, 16. (a) Ntetee bɛn na Petro nyae, na ɔkwan bɛn so na ɛno bɛyɛɛ ɔhaw maa no? (b) Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so boaa Petro ma ɔsesaa n’adwene?

15 Ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛka nnipa a wofi aman ahorow so abom ma wɔayɛ biako. Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nneɛma a ɛsɛ sɛ yedi so na ama yɛanya asomdwoe a ɛte saa no, momma yensusuw ɔsomafo Petro a ɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu ho nhwɛ. Yebetumi ahu adwene a na ɔwɔ wɔ Amanaman mufo a na wontwaa twetia ho no wɔ asɛm a ɔkae yi mu sɛ: “Mo ara munim pefee sɛnea mmara mma kwan sɛ Yudani ne abusua foforo muni bɛbɔ anaasɛ ɔbɛbɛn no; nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ ɛnsɛ sɛ mefrɛ onipa biara sɛ ne ho agu fĩ anaa ne ho ntew.” (Aso. 10:24-29; 11:1-3) Esiane adwene a na nnipa pii kura saa bere no nti, ɛda adi sɛ wɔtetee Petro ma obegye dii sɛ na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ ɔdɔ ne mfɛfo Yudafo nkutoo. Ɛbɛyɛ sɛ ɔfaa no sɛ mfomso biara nni ho koraa sɛ obebu Amanaman mufo sɛ wɔyɛ atamfo a ɛsɛ sɛ okyi wɔn. *

16 Wo de, hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ bere a Petro kɔɔ Kornelio fie no na ne ho ntene no. So na onipa a bere bi a atwam no na ɔwɔ Amanaman mufo ho adwene a ɛnteɛ no betumi ne wɔn “akeka atoatoam pɛpɛɛpɛ” wɔ “asomdwoe koroyɛ hama” mu? (Efe. 4:3, 16) Yiw, efisɛ nna kakra a na atwam no, na Onyankopɔn honhom abue Petro koma mu ma aboa no ma wafi ase asesa n’adwene ayi afoforo ho adwene a ɛnteɛ a na ɔwɔ no afi ne mu. Yehowa nam anisoadehu bi so maa Petro hui pefee sɛ sɛnea Onyankopɔn bu nnipa no nnyina ɔman a wofi mu so. (Aso. 10:10-15) Enti Petro tumi ka kyerɛɛ Kornelio sɛ: “Nokwasɛm ni, mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.” (Aso. 10:34, 35) Petro sesaa n’adwene, na ɔne “anuanom nyinaa” bɛyɛɛ biako ankasa.—1 Pet. 2:17.

17. Dɛn na ɛma biakoyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no yɛ nwonwa?

17 Petro asɛm no boa yɛn ma yehu nsakrae akɛse a ɛrekɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu nnɛ. (Monkenkan Yesaia 2:3, 4.) Nnipa ɔpepem pii a “wofi amanaman ne mmusuakuw ne nnipa ne kasa nyinaa mu” asesa wɔn adwene ma ɛne “Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ” no ahyia. (Adi. 7:9; Rom. 12:2) Bere bi a atwam no, na wɔn mu pii da ɔtan, nitan, ne mpaapaemu a ɛwɔ Satan wiase no mu no bi adi. Nanso, wɔnam Onyankopɔn Asɛm no a wosua ne honhom kronkron no mmoa so asua sɛ ‘wobedi nneɛma a ɛde asomdwoe ba’ akyi. (Rom. 14:19) Biakoyɛ a ɛde aba yɛn mu no hyɛ Onyankopɔn anuonyam.

18, 19. (a) Dɛn na yɛn mu biara betumi ayɛ de aboa ma asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no akɔ so atena hɔ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Ɔkwan bɛn so na yɛn mu biara betumi aboa ma asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu no akɔ so atena hɔ? Asafo ahorow pii wɔ hɔ a emufo no bi fi aman foforo so. Ebetumi aba sɛ ɛsono wɔn mu binom amammerɛ anaa wontumi nka yɛn kasa yiye. So yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu saafo no yiye? Saa na Onyankopɔn Asɛm ka sɛ yɛnyɛ. Paulo kyerɛw asafo a ɛwɔ Roma a na Yudafo ne Amanaman mufo a wɔabɛyɛ gyidifo wom no. Ɔkae sɛ: “Munnye mo ho mo ho, sɛnea Kristo nso gyee yɛn no, na ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.” (Rom. 15:7) So obi wɔ w’asafo mu a wubetumi ahu no yiye?

19 Dɛn bio na yebetumi ayɛ na ama honhom kronkron ayɛ adwuma wɔ yɛn asetena mu? Adesua a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ asɛmmisa yi mu bere a yɛresusuw honhom no aba no afã a aka ho no.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 “Honhom no aba” ne “anofafa aba” a Kristofo nam Ahenni asɛnka adwuma a wɔreyɛ no so de ma Onyankopɔn no ka aba a Yesu kaa ho asɛm no ho.—Heb. 13:15.

^ nky. 15 Leviticus 19:18 ka sɛ: “Wo yɔnko yɛ biribi tia wo a, ntua no so ka, na nnya wo nkurɔfo mma ho menasepɔw. Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Ná nyamesom akannifo no ka sɛ “wo nkurɔfo mma” ne “wo yɔnko” no fa Yudafo nkutoo ho. Ná Mose Mmara no hwehwɛ sɛ Israelfo twe wɔn ho fi aman a aka no ho. Nanso, Mmara no amfoa adwene a nyamesom akannifo a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu hyɛɛ ho nkuran no so. Ná wɔka sɛ wɔn a wɔnyɛ Yudafo nyinaa yɛ atamfo, na ɛsɛ sɛ wokyi wɔn sɛ ankorankoro.

Wubebua Dɛn?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada adɔ kann adi akyerɛ yɛn nuanom?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛde anigye som Onyankopɔn?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi aboa ma asomdwoe ne biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no akɔ so atena hɔ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 21]

“Eyinom Ne Nokware Kristofo No”

Nhoma bi ka asɛm a Yudani aberante bi a na ɔyɛ ɔdeduani kae bere a edi kan a ohyiaa Yehowa Adansefo wɔ bere a okoduu Neuengamme nneduaban mu no ho asɛm sɛ:

“Bere a yɛn a yɛyɛ Yudafo no fi Dachau beduu nneduaban mu hɔ pɛ na Yudafo foforo a na wɔwɔ hɔ no fii ase de biribiara a na wɔwɔ siei sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremma yɛn bi. . . . Bere a na yennya mmaa [nneduaban mu hɔ no], na yɛboa yɛn ho yɛn ho. Nanso, bere a yɛbaa ha a na yɛn tebea no abɛyɛ owu ne nkwa asɛm no, ade a na ehia obiara titiriw ne sɛ ɔbɛpere ne ti, na na obi nnwen obi ho. Nanso, susuw nea na Bible Asuafo no reyɛ ho hwɛ. Saa bere no, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwumaden de siesie nnurubɛn a nsu fa mu a apaapae. Ná awɔw wom, na na wɔma wogyina nsu a ɛyɛ nwini paa mu da mũ nyinaa. Obiara ante nea ɛyɛe a wotumi gyinaa saa tebea no ano no ase. Wɔkae sɛ Yehowa na ɔma wɔn ahoɔden. Esiane sɛ na ɔkɔm de wɔn nti, na wohia paanoo paa te sɛ yɛn ara. Nanso, dɛn na na wɔreyɛ? Wɔboaboaa paanoo a na wɔwɔ nyinaa ano, na wɔkyɛɛ mu abien faa fã, na wɔde ɛfã a aka no maa wɔn mfɛfo gyidifo a na afei ara na wofi Dachau abedu hɔ no. Wogyee wɔn fɛw so, na wɔfefee wɔn ano. Wɔbɔɔ mpae ansa na wɔredidi. Ɛno akyi no, wɔn nyinaa meemee, na wɔn ani gyei. Wɔkae sɛ ɔkɔm nne wɔn bio. Enti, woahu, ɛyɛ saa bere no na mekae sɛ: Eyinom ne nokware Kristofo no.”—Between Resistance and Martyrdom—Jehovah’s Witnesses in the Third Reich.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

So wotɔ bere da biara fi nneɛma foforo mu de bɛn Yehowa?