Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Worema Onyankopɔn Honhom Akyerɛ Wo Kwan?

So Worema Onyankopɔn Honhom Akyerɛ Wo Kwan?

So Worema Onyankopɔn Honhom Akyerɛ Wo Kwan?

“Wo honhom ye; ma ɛnkyerɛ me kwan wɔ teeyɛ asase so.”—DW. 143:10.

1, 2. (a) Kyerɛ mmere bi a Yehowa de ne honhom kronkron boaa n’asomfo. (b) So mmere titiriw bi mu nkutoo na honhom kronkron yɛ adwuma? Kyerɛkyerɛ mu.

SƐ WUSUSUW sɛnea honhom kronkron yɛ adwuma no ho a, dɛn na ɛba w’adwene mu? So nnwuma akɛse a Gideon ne Samson yɛe no ho mfonini na ɛba w’adwene mu? (Atem. 6:33, 34; 15:14, 15) Ebia wususuw akokoduru a na tete Kristofo no wɔ anaa sɛnea Stefano tumi hyɛɛ ne ho so bere a na ogyina Sanhedrin no anim no ho. (Aso. 4:31; 6:15) Na anigye pii a yenya wɔ amanaman ntam nhyiam ase, yɛn nuanom a esiane sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ amanyɔsɛm mu nti wɔde wɔn agu afiase a wokura wɔn mũdi mu, ne nkɔso kɛse a aba wɔ asɛnka adwuma a yɛyɛ no mu wɔ ɛnnɛ mmere yi mu no nso ɛ? Saa nhwɛso ahorow yi nyinaa di adanse sɛ honhom kronkron reyɛ adwuma.

2 So mmere titiriw bi anaa tebea ahorow a ɛyɛ soronko bi mu nkutoo na honhom kronkron yɛ adwuma? Dabi. Onyankopɔn Asɛm no ka sɛ Kristofo ‘nantew honhom mu,’ ‘honhom kyerɛ wɔn kwan,’ na ‘wɔte ase honhom mu.’ (Gal. 5:16, 18, 25) Saa nsɛm yi ma yehu sɛ honhom kronkron betumi akyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn asetena mu daa. Ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa sɛ ɔmma ne honhom no nkyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn nsusuwii, yɛn kasa, ne yɛn nneyɛe mu da biara da. (Monkenkan Dwom 143:10.) Sɛ yɛma honhom no yɛ adwuma wɔ yɛn asetena mu a, ɛbɛma yɛasow aba a ɛma afoforo bo tɔ wɔn yam na ɛde ayeyi brɛ Onyankopɔn.

3. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan? (b) Nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

3 Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan? Nea enti a ɛte saa ne sɛ tumi foforo bi pɛ sɛ ɛkyerɛ yɛn kwan. Ɛyɛ tumi a ɛne honhom kronkron di asi. Saa tumi foforo no na Kyerɛwnsɛm no frɛ no “ɔhonam” no, na ɛno ne yɛn honam a ɛyɛ mmerɛw a ɛtwetwe yɛn kɔ bɔne ho, sintɔ a yɛanya afi Adam hɔ esiane sɛ yɛyɛ n’asefo nti. (Monkenkan Galatifo 5:17.) Ɛnde, dɛn na Onyankopɔn honhom a yɛbɛma akyerɛ yɛn kwan no kyerɛ? So nneɛma bi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de agyina yɛn honam a ɛyɛ mmerɛw a ɛtwetwe yɛn kɔ bɔne ho no ano? Momma yensusuw saa nsɛmmisa yi ho bere a yɛrehwehwɛ “honhom no aba” no afã asia a aka a ɛne “abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, ahosodi” mu no.—Gal. 5:22, 23.

Odwo ne Abodwokyɛre Ma Asomdwoe Tena Asafo no Mu

4. Ɔkwan bɛn so na odwo ne abodwokyɛre boa ma asomdwoe tena asafo no mu?

4 Monkenkan Kolosefo 3:12, 13. Odwo ne abodwokyɛre boa ma asomdwoe tena asafo no mu. Honhom no aba afã abien yi nyinaa boa yɛn ma yɛne afoforo di no yiye, ɛma yɛyɛ komm bere a obi ahyɛ yɛn abufuw, na sɛ afoforo ka asɛm a ɛnyɛ dɛ kyerɛ yɛn anaa wɔne yɛn anni no yiye a, yɛnyɛ bi ntua wɔn ka. Sɛ yɛne yɛn yɔnko Kristoni bi nya asɛm a, abodwokyɛre anaa abotare bɛboa yɛn na amma yɛanyɛ yɛn adwene sɛ yɛne yɛn nuabarima anaa yɛn nuabea no nyɛ hwee bio, na mmom yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de asiesie yɛne no ntam. So ɛho hia paa sɛ yɛda odwo ne abodwokyɛre adi wɔ asafo no mu? Yiw, efisɛ yɛn nyinaa tɔ sin.

5. Asɛm bɛn na esii wɔ Paulo ne Barnaba ntam, na dɛn na eyi ma yehu?

5 Susuw asɛm a esii wɔ Paulo ne Barnaba ntam no ho hwɛ. Ná wɔabom ayɛ adwuma de atrɛw asɛmpa no mu mfe pii. Ná wɔn mu biara wɔ su pa. Nanso, bere bi, “akasakasa a emu yɛ den” baa wɔn ntam “ma wodii mpaapaemu.” (Aso. 15:36-39) Saa asɛm yi ma yehu sɛ ɛtɔ mmere bi a akasakasa betumi aba Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ ahofama mpo ntam. Sɛ akasakasa ba Kristoni bi ne ne yɔnko gyidini ntam a, dɛn na obetumi ayɛ na amma akasakasa no mu anyɛ den ankodu baabi a ebetumi asɛe wɔn ntam koraa?

6, 7. (a) Kyerɛwnsɛm mu afotu bɛn na yebetumi de ayɛ adwuma na amma asɛm a yɛne yɛn yɔnko gyidini bi resusuw ho ankowie abufuw mu? (b) Sɛ yɛyɛ ‘ntɛm tie asɛm, yɛyɛ nyaa kasa, na yɛyɛ nyaa fa abufuw’ a, mfaso bɛn na yenya?

6 Sɛnea asɛm a ɛne “akasakasa a emu yɛ den” ma yehu no, akasakasa a ɛbaa Paulo ne Barnaba ntam no bae prɛko pɛ, na na emu yɛ den nso. Sɛ Kristoni bi ne ne yɔnko gyidini resusuw asɛm bi ho na ohu sɛ ne bo reyɛ afuw a, ɛyɛ papa sɛ ɔde afotu a ɛwɔ Yakobo 1:19, 20 no yɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: “Obiara nyɛ ntɛm ntie asɛm, ɔnyɛ nyaa nkasa, na ɔnyɛ nyaa mfa abufuw; efisɛ onipa abufuw nna Onyankopɔn trenee adi.” Sɛ ɔhwɛ sɛnea asɛm no rekɔ a, obetumi abɔ mmɔden asesa asɛm a wɔresusuw ho no, anaa ɔde ahyɛ bere foforo, anaasɛ obefi hɔ ansa na asɛm a wɔresusuw ho no akowie abufuw mu.—Mmeb. 12:16; 17:14; 29:11.

7 Sɛ yɛde saa afotu yi yɛ adwuma a, mfaso bɛn na yenya? Sɛ Kristoni twɛn ma ne bo dwo, ɔbɔ asɛm no ho mpae, na osusuw ɔkwampa a obetumi afa so abua asɛm no a, na ɔrema Onyankopɔn honhom akyerɛ no kwan. (Mmeb. 15:1, 28) Honhom no betumi akyerɛ no kwan ma wada odwo ne abodwokyɛre adi. Ɛno betumi aboa no ma ɔde afotu a ɛwɔ Efesofo 4:26, 29 no ayɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: “Mo bo mfuw, nanso monnyɛ bɔne . . . Mommma asɛm a aporɔw mmpue mmfi mo anom, na mmom asɛm biara a eye ma nkɔso a ehia, na ɛde nsɛm a mfaso wɔ so ama atiefo.” Nokwarem no, sɛ yɛhyɛ odwo ne abodwokyɛre a, yɛboa ma asomdwoe ne biakoyɛ tena asafo no mu.

Da Ayamye ne Papayɛ Adi Mma W’abusua Mufo Ho Nnwo Wɔn

8, 9. Dɛn ne ayamye ne papayɛ, na ɛma ofie asetena yɛ dɛn?

8 Monkenkan Efesofo 4:31, 32; 5:8, 9. Sɛnea mframa a ɛbɔ brɛoo ne anonne a emu adwo tumi ma yɛn ho dwo yɛn bere a owia abɔ no, saa ara na ayamye ne papayɛ ma yɛn ho dwo yɛn. Ayamye ne papayɛ ma ofie yɛ anika. Sɛ yefi yɛn komam dwen afoforo ho a, ɛma yɛda ayamye a ɛyɛ su pa adi, ɛma yɛyɛ nneɛma bi de boa wɔn, na yɛka nsɛm a ɛma wɔn koma tɔ wɔn yam. Papayɛ te sɛ ayamye, ɛyɛ su pa a ɛma yɛyɛ nneɛma de boa afoforo. Papayɛ ma yɛda ayamye adi. (Aso. 9:36, 39; 16:14, 15) Nanso, papayɛ ma yɛyɛ nneɛma foforo nso.

9 Papayɛ yɛ suban pa. Ɛnyɛ nea yɛyɛ nko na ɛkyerɛ sɛ yɛyɛ papa, na mmom nea ɛho hia paa no, ɛkyerɛ sɛnea yɛte ankasa nso. Twa ɔbea bi a ɔretwitwa aduaba ama n’abusua ho mfonini hwɛ, sɛ otwa biako biara a ɔhwɛ sɛ aduaba mũ no nyinaa abere na ɛbɛyɛ dɛ, na emu ne ɛho baabiara nso nsɛee. Saa ara na papayɛ a honhom kronkron ma yɛda no adi no da adi wɔ biribiara a Kristoni yɛ wɔ n’asetena mu no mu.

10. Dɛn na mmusua betumi ayɛ ma emufo asow honhom no aba?

10 Dɛn na ebetumi aboa abusua a emufo yɛ Kristofo ma wɔada ayamye ne papayɛ adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho? Ɛho hia paa sɛ wonya Onyankopɔn Asɛm no mu nokware nimdeɛ. (Kol. 3:9, 10) Mmusua ti binom yɛ nhyehyɛe susuw honhom no aba no ho ka nneɛma a wosusuw ho wɔ Abusua Som a wɔyɛ no anwummere dapɛn biara mu no ho. Ɛnyɛ den sɛ yebesua honhom no aba ho ade. Fa nneɛma a yɛde yɛ nhwehwɛmu a ɛwɔ mo kasa mu hwehwɛ nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ honhom no aba no fã biara mu. Mubetumi asusuw nkyerɛkyerɛmu no ho nkakrankakra dapɛn biara, sɛ moyɛ saa a, mode adapɛn dodow bi besua aba no fã biara ho ade. Sɛ moresua a, monkenkan kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni nhoma no mu no, na munsusuw ho. Monhwehwɛ akwan a mubetumi afa so de nea musua no ayɛ adwuma, na mommɔ Yehowa mpae sɛ onhyira mo mmɔdenbɔ no so. (1 Tim. 4:15; 1 Yoh. 5:14, 15) So adesua a ɛte saa betumi aboa paa wɔ sɛnea abusua no mufo ne wɔn ho wɔn ho di no mu?

11, 12. Mfaso bɛn na awarefo baanu bi a wɔyɛ Kristofo nyae wɔ ayamye ho ade a wosuae no so?

11 Awarefo bi a wɔwaree nkyɛe a wɔpɛ sɛ wɔn aware no kɔ yiye no yɛɛ wɔn adwene sɛ wobesua honhom no aba no ho ade akɔ akyiri. Mfaso bɛn na wɔanya? Ɔyere no ka sɛ: “Bere a yehui sɛ ayamye a yɛbɛda no adi kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara fi ne yɔnko akyi na yedi yɛn ho nokware no, aboa yɛn paa wɔ sɛnea yɛne yɛn ho di mu de abesi nnɛ. Ama yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yegyae nsɛm mu na yɛde bɔne firi nso. Asan aboa yɛn ma yɛasua sɛ yɛbɛka sɛ ‘meda wo ase,’ ne ‘mepa wo kyɛw’ wɔ bere a ɛfata mu.”

12 Awarefo foforo a wɔyɛ Kristofo a na wɔrehyia ɔhaw wɔ wɔn aware mu nso hui sɛ na wɔnna ayamye adi wɔ wɔn aware mu. Wɔyɛe sɛ wɔbɛbom asua ayamye ho ade. Dɛn na efii mu bae? Okunu no ka sɛ: “Ayamye ho ade a yesuae no boaa yɛn ma yehuu hia a ehia sɛ yegye yɛn ho yɛn ho di sen sɛ yebenya adwemmɔne ama yɛn ho, na yɛahwehwɛ adepa a ɛwɔ yɛn mu biara ho. Yɛn mu biara fii ase dwen ne yɔnko ahiade ho yiye. Nea ɛka ayamye a medaa no adi ho bi ne sɛ memaa me yere fii ne pɛ mu kaa nea ɛhaw no a mamma me bo amfuw no wɔ nea ɔkae ho. Ná ɛno hwehwɛ sɛ mebrɛ me ho ase. Bere a yefii ase daa ayamye adi wɔ yɛn aware mu no, sɛnea na yeyiyi nsɛm ano no so tewee nkakrankakra. Ɛmaa yɛn ho tɔɔ yɛn.” So w’abusua benya honhom no aba a mubesua ho ade no so mfaso?

Da Gyidi Adi Bere a Wowɔ Kokoam

13. Ade a ebetumi asɛe yɛne Yehowa ntam bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ ho?

13 Ɛsɛ sɛ Kristofo ma Onyankopɔn honhom kyerɛ wɔn kwan wɔ baguam ne kokoam nyinaa. Ɔbrasɛe ho mfonini ne anigyede a ɛmfata abu so wɔ Satan wiase yi mu nnɛ. Eyi betumi asɛe yɛne Yehowa ntam. Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristoni yɛ? Onyankopɔn Asɛm no tu yɛn fo sɛ: “Montow efĩ nyinaa ne bɔne a ɛyɛ adesoa hunu no ngu, na mumfi odwo mu mma wɔntɛw asɛm a ebetumi agye mo kra nkwa no mo mu.” (Yak. 1:21) Momma yensusuw sɛnea gyidi a ɛyɛ honhom no aba no fã foforo betumi aboa yɛn ma yɛn ho akɔ so atew wɔ Yehowa anim no ho.

14. Sɛ yenni gyidi a, ɔkwan bɛn so na ebetumi ama yɛayɛ bɔne?

14 Sɛ yɛwɔ gyidi ankasa a, yebegye atom paa sɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ hɔ. Sɛ yennye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ paa a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yɛbɛyɛ bɔne. Susuw nea ɛkɔɔ so wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu wɔ tete mmere mu no ho hwɛ. Yehowa daa no adi kyerɛɛ odiyifo Hesekiel sɛ wɔreyɛ akyide wɔ kokoam. Ɔkae sɛ: “Onipa ba, woahu nea Israel fie mpanyimfo no reyɛ wɔ sum mu, nea obiara reyɛ wɔ n’abosonnan mu no? Na wɔka sɛ, ‘Yehowa nhu yɛn. Yehowa agyaw asase no.’” (Hes. 8:12) So wohyɛɛ nea ɛma wɔyɛɛ saa no nsow? Ná wonnye nni sɛ Yehowa hu nea wɔreyɛ no. Ná wonnye nni paa sɛ Yehowa wɔ hɔ.

15. Ɔkwan bɛn so na gyidi a emu yɛ den a yɛwɔ wɔ Yehowa mu no bɔ yɛn ho ban?

15 Susuw Yosef nhwɛso no ho hwɛ. Ɛwom sɛ na Yosef mmɛn n’abusuafo ne ne nkurɔfo de, nanso wampene so ne Potifar yere ansɛe aware. Dɛn ntia? Ɔkae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na matumi adi amumɔyɛsɛm a ɛte sɛɛ na mayɛ bɔne atia Onyankopɔn?” (Gen. 39:7-9) Nokwarem no, ná ogye di paa sɛ Yehowa wɔ hɔ. Sɛ yegye di paa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a, yɛrenhwɛ anigyede a ɛmfata anaasɛ yɛrenyɛ biribi foforo biara a yenim sɛ Onyankopɔn ani nnye ho wɔ kokoam. Yebesi yɛn bo te sɛ odwontofo a ɔtoo dwom a edi so yi sɛ: “Me komam nokwaredi mu na mɛnantew me fie. Meremfa adehunu biara nsi m’anim.”—Dw. 101:2, 3.

Nya Ahosodi Fa Bɔ Wo Koma Ho Ban

16, 17. (a) Sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Mmebusɛm nhoma no mu no, ɛyɛɛ dɛn na “aberante a onni ti” no tɔɔ afiri mu? (b) Sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ kratafa 26 no, ɛbɛyɛ dɛn na biribi a ɛte saa ara atumi ato obi nnɛ ɛmfa ho mfe a wadi?

16 Ahosodi a ɛyɛ honhom no aba no fã a etwa to no boa yɛn ma yetumi ka sɛ yɛrenyɛ nneɛma a Onyankopɔn kasa tia. Etumi boa yɛn ma yɛbɔ yɛn koma ho ban. (Mmeb. 4:23) Susuw asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 7:6-23 a ɛka sɛnea “aberante a onni ti” maa aguaman bi adɔkɔdɔkɔsɛm nyaa no no ho hwɛ. “Abɔnten so baabi a ɛbɛn ɔbea no mpɔtam” hɔ a aberante no kɔfae no na ɛma ɔtɔɔ afiri mu. Ɛbɛyɛ sɛ asɛmpɛ na ɛma ɔkɔfaa ɔbea no mpɔtam hɔ. Wanhu koraa sɛ ɔbea no redaadaa no ma wayɛ biribi a nyansa nnim a ‘ɛde ne kra bɛto asiane mu.’

17 Dɛn na na anka aberante no betumi ayɛ na ama wakwati saa asiane kɛse yi? Ná anka ɛsɛ sɛ otie kɔkɔbɔ a ɛka sɛ: “Nkɔfa n’atempɔn so” no. (Mmeb. 7:25) Yebetumi asua biribi afi mu: Sɛ yɛpɛ sɛ Onyankopɔn honhom kyerɛ yɛn kwan a, ɛnsɛ sɛ yɛfa ɔkwan a ɛde yɛn bɛkɔ sɔhwɛ mu so. Ade biako a ebetumi ama obi ayɛ n’ade wɔ ɔkwan a nyansa nnim so te sɛ nea “aberante a onni ti” no yɛe ne sɛ obefi television dwumadibea biako akɔ foforo so anaa obekyinkyin Intanɛt dwumadibea ahorow so kwa. Sɛ́ ɔhyɛ da anaasɛ ɔnhyɛ da no, obetumi akopue mfonini a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ so prɛko pɛ. Bere rekɔ so no, n’ani betumi abegye aguamansɛm ho mfonini a ɔhwɛ ho ma asɛe n’ahonim ne abusuabɔ a ɔne Onyankopɔn wɔ. Ebetumi ama ne nkwa mpo ho aba asɛm.—Monkenkan Romafo 8:5-8.

18. Nneɛma bɛn na Kristoni bi betumi ayɛ de abɔ ne koma ho ban, na ɔkwan bɛn so na ahosodi ho hia wɔ eyi mu?

18 Nokwarem no, sɛ yɛn ani bɔ mfonini bi a ebetumi akanyan nna ho akɔnnɔ so a, yebetumi anya ahosodi de ayɛ ho biribi ntɛm ara, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Nanso, hwɛ sɛnea eye koraa sɛ yɛrenyɛ biribi a ɛbɛma yɛn ani akɔbɔ so mpo! (Mmeb. 22:3) Egye ahosodi na ama yɛatumi ayɛ nhyehyɛe a ɛfata a ɛbɛbɔ yɛn ho ban na yɛadi saa nhyehyɛe no so. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛde kɔmputa no si baabi a afoforo behu a, ebetumi abɔ yɛn ho ban. Ebinom ahu sɛ bere a afoforo wɔ hɔ nkutoo na eye paa sɛ wɔbɛkɔ kɔmputa so anaa wɔbɛhwɛ television. Ebinom asi gyinae sɛ wɔrenkɔ Intanɛt so koraa. (Monkenkan Mateo 5:27-30.) Momma yɛnyɛ biribiara a ɛho hia sɛ yɛyɛ mfa mmɔ yɛne yɛn abusua ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi afi “koma a emu tew, ahonim pa ne gyidi a nyaatwom nnim mu” asom Yehowa.—1 Tim. 1:5.

19. Sɛ yɛma kwan ma honhom kronkron kyerɛ yɛn kwan a, mfaso bɛn na yenya?

19 Aba a honhom kronkron a ɛyɛ adwuma wɔ yɛn so ma yɛsow no ma yenya mfaso pii. Odwo ne abodwokyɛre ma yenya asomdwoe wɔ asafo no mu. Ayamye ne papayɛ ma anigye ba abusua mu. Gyidi ne ahosodi boa yɛn ma yɛkɔ so bata Yehowa ho, na ɛma yɛn ho tew wɔ n’anim. Bio nso, Galatifo 6:8 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Nea ogu ma honhom no fi honhom mu betwa daa nkwa.” Nokwarem no, Yehowa begyina Kristo agyede no so de honhom kronkron adi dwuma de ama wɔn a wɔma honhom no kyerɛ wɔn kwan no anya daa nkwa.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na odwo ne abodwokyɛre boa ma asomdwoe tena asafo no mu?

• Dɛn na ebetumi aboa Kristofo ma wɔada ayamye ne papayɛ adi wɔ fie?

• Ɔkwan bɛn so na gyidi ne ahosodi boa Kristoni ma ɔbɔ ne koma ho ban?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Dɛn na wubetumi ayɛ na sɛ wo ne obi resusuw asɛm bi ho a, ankowie abufuw mu?

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Sɛ wo ne w’abusua sua honhom no aba no ho ade a, ɛbɛboa mo

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Sɛ yenya gyidi ne ahosodi a, dɛn na ɛremma yɛnyɛ?