Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkɔmhyɛ 5. Wɔresɛe Asase No

Nkɔmhyɛ 5. Wɔresɛe Asase No

Nkɔmhyɛ 5. Wɔresɛe Asase No

‘[Onyankopɔn bɛsɛe] wɔn a wɔresɛe asase no.’—ADIYISƐM 11:18.

● Owura Pirri twa abɛ wɔ Kpor a ɛwɔ Nigeria. Fango pii a ehwie guu Niger Asubɔnten no mu no sɛee n’adwuma. Ɔka sɛ, “Akunkum yɛn mpataa, asɛe yɛn honam ani, na asɛe yɛn asuten nso. Seesei minni nea mede bɛhwe me ho.”

DƐN NA ADANSE AHOROW NO MA YEHU? Animdefo bi ka sɛ, afe biara, nwura pii a emu duru bɛyɛ tɔn ɔpepem 6.5 na ɛtene kɔ po mu. Wobu akontaa sɛ nwura no mu fã yɛ rɔba a ebegye mfe pii ansa na aporɔw. Asase a wɔresɛe no akyi no, nnipa de anibere refom asase so nneɛma. Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ, egye bɛyɛ afe ne fã ansa na asase atumi asiesie ne ho. Australia atesɛm krataa bi a wɔfrɛ no Sydney Morning Herald bɔ amanneɛ sɛ, “Sɛ nnipa kɔ so dɔɔso na wɔkɔ so fom asase so nneɛma saa a, yebehia asase biako aka nea yɛte so yi ho wɔ afe 2035 mu.”

NSƐM BƐN NA NKURƆFO TAA DE YI WƆN HO ANO? Nnipa tumi siesie nneɛma. Yebetumi asiw ɔhaw ahorow yi kwan de abɔ asase no ho ban.

SO ƐTƆ ASOM? Nkurɔfo pii a wɔyɛ adwumaden ne akuw ahorow atwe adwene asi nneɛma a ɛrekɔ so wɔ asase yi so so. Nanso, wɔda so ara resɛe asase so nneɛma pii.

WUSUSUW HO DƐN? So ɛho hia sɛ Onyankopɔn de ne ho gye nsɛm mu de siesie asase a wɔresɛe no no—sɛnea wahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ no?

Nkɔmhyɛ ahorow anum a yɛasusuw ho akyi no, Bible no kaa nneɛma pa a ɛbɛkɔ so wɔ nna a edi akyiri mu no nso ho asɛm siei. Susuw nhwɛso biako ho hwɛ wɔ nkɔmhyɛ a ɛto so asia no mu.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

“Mete nka sɛ mede paradise a mewɔ no akɔsesa sumina a awuduru ahyɛ so ma.”—ERIN TAMBER, ƆTE GULF COAST, UNITED STATES. NÁ ƆREKA ƆHAW A EFII FANGO A EHWIE GUU PO MU WƆ MEXICO WƆ AFE 2010 MU NO HO ASƐM.

[Adaka wɔ kratafa 8]

So Efi Onyankopɔn?

So yebetumi abɔ Onyankopɔn sobo sɛ tebea bɔne a ɛwɔ hɔ nnɛ no fi no esiane sɛ ɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ Bible mu no nti? So ɔno na ɔma yehu amane? Wubetumi anya nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛka koma wɔ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 11.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

U.S. Coast Guard photo