Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere Pa Da Yɛn Anim!

Bere Pa Da Yɛn Anim!

Bere Pa Da Yɛn Anim!

“Aka kakraa bi na ɔdebɔneyɛfo nni hɔ bio, na wohwehwɛ ne tenabea a, na onni hɔ . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—DWOM 37:10, 11.

W’ANI begye sɛ wubehu nkɔmhyɛ a yɛaka ho asɛm yi mmamu? Akyinnye biara nni ho sɛ w’ani begye ho. Adanse a edi mũ wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛrenkyɛ, ɛbɛba mu.

Nsɛm a yɛadi kan asusuw ho no aka Bible nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛma yehu pefee sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu ho asɛm. (2 Timoteo 3:1-5) Onyankopɔn de ne honhom na ɛkaa Bible akyerɛwfo no ma wɔkaa nsɛm yi too hɔ, na ama yɛanya anidaso. (Romafo 15:4) Nkɔmhyɛ ahorow a ɛrenya mmamu no kyerɛ sɛ ɛrenkyɛ, ɔhaw ahorow a yɛrehyia seesei no bɛba awiei.

Dɛn na ebedi awiei bere no akyi aba? Onyankopɔn Ahenni bedi adesamma nyinaa so. (Mateo 6:9) Susuw nea Bible ka sɛ ɛbɛkɔ so wɔ asase so saa bere no ho hwɛ:

Aduankɔm befi hɔ. “Asase no so nnɔbae bɛdɔɔso; ebebu so akodu mmepɔw atifi.”—Dwom 72:16.

Yare befi hɔ. “Ɔmanfo no mu biara renka sɛ: ‘Meyare.’”—Yesaia 33:24.

Asase no bɛyɛ foforo. “Sare ne asase kesee ani begye, na asase pradada bedi ahurusi na apae sɛ nhwiren.”—Yesaia 35:1.

Eyi yɛ Bible mu nkɔmhyɛ a ɛhyɛ nkuran a ɛrenkyɛ ɛbɛbam no kakraa bi. Dɛn nti na wummisa Yehowa Adansefo mma wɔnkyerɛ wo nea enti a wogye di paa sɛ bere pa da yɛn anim no?—w11-E 05/1.