Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Bɔne ne Amanehunu Kɔ So?

Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Bɔne ne Amanehunu Kɔ So?

Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Bɔne ne Amanehunu Kɔ So?

Saa asɛm yi bisa nsɛm a ebia woasusuw ho pɛn, na ɛkyerɛ faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo besusuw nsɛmmisa yi ho mmuae ho.

1. Ɛyɛɛ dɛn na bɔne bae?

Bɔne fii ase wɔ asase so bere a Satan dii atoro a edi kan no. Bere a wɔbɔɔ Satan no, na ɔnyɛ ɔbɔnefo. Ná ɔyɛ ɔbɔfo a ɔyɛ pɛ, nanso “wannyina nokware no mu.” (Yohane 8:44) Ɔhwehwɛe sɛ nnipa de ɔsom a ɛfata Onyankopɔn nkutoo no ma no. Satan dii atoro kyerɛɛ ɔbea a odi kan, Hawa, na ɔdaadaa no ma otiee no sen Onyankopɔn. Adam kɔkaa Hawa ho ma wɔyɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Adam gyinaesi no de owu ne amanehunu na aba.—Kenkan Genesis 3:1-6, 17-19.

Bere a Satan ka kyerɛɛ Hawa sɛ ɔnyɛ Onyankopɔn so asoɔden no, na ɔretew Onyankopɔn tumidi so atua. Nnipa dodow no ara akɔka Satan ho ma wɔapow Onyankopɔn sɛ Sodifo. Satan nam saayɛ so abɛyɛ “wiase sodifo.”—Kenkan Yohane 14:30; Adiyisɛm 12:9.

2. So na mfomso wɔ Onyankopɔn abɔde ho?

Ná nnipa ne abɔfo a Onyankopɔn abɔ wɔn no betumi ayɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔyɛ no pɛpɛɛpɛ. (Deuteronomium 32:5) Onyankopɔn bɔɔ yɛn no, ɔde yɛn pɛ maa yɛn sɛ yebetumi apaw sɛ yɛbɛyɛ papa anaasɛ bɔne. Saa ahofadi no ma yenya kwan da no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn.—Kenkan Yakobo 1:13-15; 1 Yohane 5:3.

3. Dɛn nti na Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan?

Yehowa ama ne tumidi a wɔatew so atua no ho kwan kakra. Dɛn ntia? Ɔde rekyerɛ sɛ nnipa ntumi nni ne ho so a ne nsa nnim. (Yeremia 10:23) Wɔ mfe 6,000 a atwam wɔ onipa abakɔsɛm mu no, wɔadi ɔsɛmpɔw no ho dwuma. Nnipa sodifo ntumi nyii ɔko, nsɛmmɔnedi, atɛnkyea, ne yare mfii hɔ.—Kenkan Ɔsɛnkafo 7:29; 8:9; Romafo 9:17.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔn a wogye Onyankopɔn tom sɛ wɔn sodifo no ankasa nya ne tumidi no so mfaso. (Yesaia 48:17, 18) Ɛrenkyɛ, Yehowa bɛsɛe nnipa nniso ahorow nyinaa. Nnipa a wogye Onyankopɔn tom sɛ wɔn sodifo nkutoo na ɛbɛtena asase no so.—Yesaia 2:3, 4; 11:9; kenkan Daniel 2:44.

4. Hokwan bɛn na Onyankopɔn abotare ma yenya?

Satan aka sɛ nnipa biara nni hɔ a obedi Yehowa nokware. Onyankopɔn abotare ama yɛn nyinaa anya hokwan a yɛde bɛkyerɛ sɛ yegye Onyankopɔn anaa nnipa tom sɛ yɛn sodifo.—Kenkan Hiob 1:8-11; Mmebusɛm 27:11.

5. Ɔkwan bɛn so na yɛpaw Onyankopɔn sɛ yɛn Sodifo?

Sɛ yɛhwehwɛ nokware som a egyina n’Asɛm Bible no so na yedi akyi a, na yɛrepaw Onyankopɔn sɛ yɛn Sodifo. (Yohane 4:23) Sɛnea Yesu yɛe no, yɛn nso, yɛmfa yɛn ho nhyɛ amanyɔsɛm ne akodi mu.—Kenkan Yohane 17:14.

Satan de ne tumi hyɛ ɔbrasɛe ne nneyɛe bɔne a epira ho nkuran. Nneyɛe a ɛte saa a yɛbɛpo no betumi ama yɛn nnamfonom ne abusuafo binom adi yɛn ho fɛw anaa wɔasɔre atia yɛn. (1 Petro 4:3, 4) Enti ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ: So yɛne nnipa a wɔdɔ Yehowa bɛbɔ? So yebedi ne mmara a nyansa wom a ofi ɔdɔ mu de ma yɛn no so? Sɛ yɛyɛ saa a, yɛma ɛda adi sɛ Satan dii atoro bere a ɔkae sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ ama no no.—Kenkan 1 Korintofo 6:9, 10; 15:33.w11-E 05/1.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo tintimii yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 11.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Adam ampaw ade pa

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Nea yɛpaw no na ɛbɛkyerɛ sɛ yegye Onyankopɔn tom sɛ yɛn Sodifo anaa