Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anidaso Bi Wɔ Hɔ Ma Awufo Anaa?

Anidaso Bi Wɔ Hɔ Ma Awufo Anaa?

Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

Anidaso Bi Wɔ Hɔ Ma Awufo Anaa?

Saa asɛm yi bisa nsɛm a ebia woasusuw ho pɛn, na ɛkyerɛ faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo besusuw nsɛmmisa yi ho mmuae ho.

1. Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma awufo?

Bere a Yesu duu Betania a ɛbɛn Yerusalem no, na n’adamfo Lasaro awu nnannan. Yesu ne owufo no nuabeanom a wɔne Marta ne Maria kɔɔ beae a wosiee no no. Ankyɛ na dɔm twaa hɔ hyiae. Wubetumi de w’adwene abu sɛnea Marta ne Maria ani gyei bere a Yesu nyanee Lasaro baa nkwa mu bio no?—Kenkan Yohane 11:20-24, 38-44.

Ná Marta gye di sɛ wobenyan awufo. Yehowa asomfo anokwafo nim dedaw sɛ, daakye Onyankopɔn benyan awufo ma wɔabɛtena asase so bio.—Kenkan Hiob 14:14, 15.

2. Tebea bɛn na awufo wom?

Ɛwom sɛ nkwa tumi anaa “honhom” ma nnipa ne mmoa tena ase de, nanso yɛnyɛ ahonhom a nipadua dura yɛn ho. (Ɔsɛnkafo 3:19; Genesis 7:21, 22) Yɛyɛ abɔde a aniwa hu a wɔde dɔte na ɛbɔɔ yɛn. (Genesis 2:7; 3:19) Sɛ yɛn amemene no wu a, yɛn nsusuwii yera. Enti bere a wonyan Lasaro no, wanka sɛ ohuu biribiara bere a na wawu no efisɛ awufo nnim hwee.—Kenkan Dwom 146:4; Ɔsɛnkafo 9:5, 10.

Ɛda adi pefee sɛ, awufo nte nka na wɔahu amane. Enti nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn yɛ nkurɔfo ayayade wɔ wɔn wu akyi no yɛ atoro. Ɛyɛ atosɛm a wɔka to Onyankopɔn so. Onyankopɔn ani nnye adwene a nkurɔfo kura sɛ wɔyɛ nnipa ayayade wɔ ogya mu no ho koraa.—Kenkan Yeremia 7:31.

3. So yebetumi ne awufo akasa?

Awufo ntumi nkasa. (Dwom 115:17) Nanso sɛ abɔfo bɔne kasa kyerɛ nnipa a, wobetumi afa nnnaadaa kwan so aka sɛ wɔyɛ owufo bi honhom. (2 Petro 2:4) Yehowa kyi sɛ obi bɛbɔ mmɔden sɛ ɔne owufo bɛkasa.—Kenkan Deuteronomium 18:10, 11.

4. Hefo na wobenyan wɔn aba nkwa mu bio?

Wɔ wiase foforo a ɛreba no mu no, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ adamoa mu no bɛba nkwa mu bio. Wobenyan nnipa binom mpo a wɔyɛɛ nneɛma bɔne esiane sɛ na wonnim Yehowa no aba nkwa mu.—Kenkan Luka 23:43; Asomafo Nnwuma 24:15.

Wɔn a wobenyan wɔn no betumi asua Onyankopɔn ho nokwasɛm, na wɔatie Yesu de akyerɛ sɛ wogye no di. (Adiyisɛm 20:11-13) Wɔn a wɔbɛsan aba nkwa mu na wɔabɛyɛ nneɛma pa no betumi atena ase daa wɔ asase so. Nanso, wɔn a wobenyan wɔn no mu binom bɛkɔ so ayɛ nneɛma bɔne. Owusɔre a wobenya no bɛyɛ “atemmu sɔre.”—Kenkan Yohane 5:28, 29.

5. Dɛn na owusɔre no ma yehu fa Yehowa ho?

Owusɔre no bɛbam efisɛ, Onyankopɔn somaa ne Ba ma ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn. Enti ɛyɛ Yehowa dɔ ne n’adom a ɔda no adi kyerɛ yɛn.—Kenkan Yohane 3:16; Romafo 6:23.w11-E 06/1.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 6 ne 7.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Wɔde fam dɔte na ɛbɔɔ Adam