Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔboa Wɔn a Wɔn Koma Abubu

Ɔboa Wɔn a Wɔn Koma Abubu

Bɛn Onyankopɔn

Ɔboa Wɔn a Wɔn Koma Abubu

KRISTONI bea bi a na ɔde mfe pii ako atia adwenemhaw no kae sɛ: ‘Yehowa rentumi nnɔ me da.’ Onyaa adwene sɛ ɛbɛyɛ sɛ Yehowa ne ne ntam ware yiye. So Yehowa ne n’asomfo a ebia wɔwɔ adwenemhaw no ntam ware? Yebenya asɛm yi ho mmuae a ɛka koma wɔ odwontofo Dawid nsɛm a ɛwɔ Dwom 34:18 no mu.

Ná Dawid nim sɛnea adwenemhaw a emu yɛ den betumi aka obi a ɔde nokwaredi som Yehowa no. Bere a na Dawid yɛ aberante no, ɔyɛɛ ɔkobɔfo esiane sɛ na Ɔhene ninkufo Saul asi ne bo sɛ obekum no nti. Dawid kɔbɔɔ ne ho aguaa wɔ baabi a na osusuw sɛ Saul remmɛhwehwɛ no wɔ hɔ da—atamfo kurow Gat, a ɛwɔ Filistifo asase so. Nanso bere a wohuu onipa ko a Dawid yɛ no, ɔboapa yɛɛ ne ho sɛ ɔbɔdamfo, na onyaa ne ti didii mu. Dawid hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ wagye no nkwa, na ogyinaa saa osuahu yi so kyerɛw asɛm a ɛwɔ Dwom 34 no.

So na Dawid gye di sɛ Onyankopɔn ne wɔn a wɔahaw ma enti wɔabotow na wɔte nka sɛ wɔn ho nhia no no ntam ware? Dawid kyerɛwee sɛ: “Yehowa bɛn wɔn a wɔn koma abubu; ogye wɔn a wɔn honhom abotow.” (Nkyekyɛm 18) Momma yɛnhwɛ sɛnea saa nsɛm no ma yenya awerɛkyekye ne anidaso.

“Yehowa bɛn wɔn.” Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ, kasasin yi “yɛ asɛm a ɛkɔ akyiri a wɔde kyerɛ sɛnea Awurade yɛ aso tie asɛm na ɔhwɛ ne nkurɔfo so, na bere nyinaa wayɛ krado sɛ ɔbɛboa ne nkurɔfo na wagye wɔn.” Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ Yehowa hwɛ ne nkurɔfo so. Onim nea wɔfa mu wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu, na onim wɔn komam tebea nso.—2 Timoteo 3:1; Asomafo Nnwuma 17:27.

“Wɔn a wɔn koma abubu.” Wɔ aman bi so no, sɛ wɔka sɛ obi “koma abubu” a, na ɛkyerɛ sɛ afoforo nkyerɛ ne dɔ ho anisɔ. Nhomanimfo bi kae sɛ, odwontofo no nsɛm no fa “awerɛhow ne yawdi a nnipa pii fa mu” no ho. Yiw, ɛtɔ da bi a, Onyankopɔn asomfo anokwafo mpo tumi hyia ɔhaw a ano yɛ den a ebubu wɔn koma.

“Wɔn a wɔn honhom abotow.” Wɔn a wɔn abam abu no betumi abotow araa ma ɛtɔ bere bi a, ɛbɛyɛ wɔn sɛ wonni anidaso biara. Bible nkyerɛasefo nhoma bi ka sɛ wobetumi akyerɛ saa asɛm yi ase sɛ “wɔn a wɔn anidaso asa.”

Ɔkwan bɛn so na Yehowa tie wɔn a wɔn “koma abubu” ne wɔn a wɔn “honhom abotow” no? So ɔtwe ne ho fi wɔn ho kɔ akyirikyiri, na ɔte nka sɛ wɔmfata sɛ ɔdɔ wɔn na ɔbɛn wɔn? Ɛnte saa koraa! Sɛnea ɔwofo so ne ba a ne werɛ ahow mu na ɔkyekye ne werɛ no, Yehowa nso bɛn n’asomfo a wosu frɛ no no. N’ani gye sɛ ɔbɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu na wɔn honhom abotow no werɛ. Obetumi ama wɔn nyansa ne ahoɔden a wohia na ama wɔatumi agyina ɔhaw biara a ebia wohyia no ano.—2 Korintofo 4:7; Yakobo 1:5.

Dɛn nti na wonhwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so abɛn Yehowa? Mmɔborohunufo Nyankopɔn yi ahyɛ bɔ sɛ: “Me ne nea wabubu na ne honhom abrɛ ase na ɛte, sɛ mɛma abrɛfo honhom ne wɔn a wɔabubu wɔn no koma anya ahoɔden.”—Yesaia 57:15.—w11-E 06/1.