Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ná Ɛte sɛ Dwom Dɛdɛ wɔ M’asom

Ná Ɛte sɛ Dwom Dɛdɛ wɔ M’asom

Krataa a efi Madagascar

Ná Ɛte sɛ Dwom Dɛdɛ wɔ M’asom

NÁ ME ne me kunu rekɔyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ asasesin foforo so—Madagascar supɔw. Yɛne yɛn abusuafo ne yɛn nnamfonom dii nkra a etwa to na yenyaa akokoduru a yɛde bɛkɔ. Yenyaa Yehowa mu ahotoso sɛ ɔbɛma asi yɛn yiye wɔ baabi a ɔde yɛn rekɔ no.

Yɛn werɛ remfi asafo nhyiam a yedii kan kɔe wɔ yɛn asasesin foforo no mu da. Wɔ yɛn fam no, na Ɔwɛn-Aban sohwɛfo no reyɛ n’ade te sɛ obi a odi nnwontofo kuw bi anim. Esiane sɛ na yɛnte kasa no papa nti, sɛ wɔkasa a na egyigye yɛn asom te sɛ dwom dɛdɛ bi. Ná ebegye bere tenten ansa na yɛatumi ate wɔn kasa no.

Bere a edi kan a metee asɛmmisa bi ase no, meperee me ho maa mmuae a na m’ani nna me ho so. Wɔn a na wɔte bɛn me no tee, enti meserewee nanso mede me nsa kataa m’ano sɛnea ɛbɛyɛ a serew no rempue. Ma’ni wui, nanso na m’ani agye sɛ m’ate biribi a wɔaka ase!

Sɛ́ anka mɛyɛ nhwɛso wɔ asɛnka mu ama afoforo no, metee nka sɛ me mmom na na wɔregyigye me taataa. Anuanom mmarima ne mmea fii ɔdɔ mu kyerɛɛ me sɛnea mɛka asɛm ama nkurɔfo ate ase wɔ asɛnka mu, na wɔkyerɛɛ me nea mɛka ne kyerɛw nsɛm ahorow a memfa nni dwuma.

Mekae sɛ bere bi a na mewɔ asɛnka mu no, abofra bi teɛɛm frɛɛ me sɛ, “Vazaha! Vazaha!” Saa na Malagasyfo taa frɛ “ahɔho.” Yɛmaa yɛn nantew mu yɛɛ hyew sɛnea ɛbɛyɛ a mmofra afoforo nso ntu nni yɛn akyi nteɛteɛm saa ara. Ɛhɔ ara na abarimaa bi kaa nea na ɔreteɛteɛm no anim sɛ, “Ɔnnyɛ ɔhɔho, ɔte yɛn kasa no!” Onuawa a na ɔne me nam no kyerɛɛ me nea wɔkae no ase esiane sɛ na mente wɔn kasa a na ɛkɔ ntɛmtɛm no ase nti. Ne nyinaa akyi no, metee nka sɛ m’anya nkɔanim. Afei de na m’ani afi ase reka Madagascar.

Mpɛn pii no, sɛ mete nka sɛ mayɛ ankonam a, na mmofra no yɛ biribi de kyerɛ me sɛ wɔpɛ m’asɛm ɛmfa ho sɛ na mente wɔn kasa no, na na ɛhyɛ me nkuran. Sɛnea na wɔtaa fi ɔdɔ mu so me nsa no ma mihui sɛ wɔpɛ m’asɛm. Metumi aka sɛ mmofra a wɔwɔ asafo no mu no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ ankasa. Onuawa kumaa bi a wɔfrɛ no Hasina abɛyɛ m’adamfo a ɔkyerɛ nsɛm ase ma me. Sɛ meka biribi na obiara ante m’ase mpo a, ɛte sɛ nea ɔno de ɔte m’ase. Ɔtaa twitwa gye me bere biara a mɛbɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛkyerɛ biribi mu akyerɛ me nnamfonom wɔ asafo no mu no.

Me ne me kunu kodii asafo bi a na ɛrenkyɛ wobekyɛm anya asafo foforo no mu. Enti ɛho behiae sɛ medan me Bible asuafo no ma afoforo ma wɔne wɔn sua ade efisɛ na asuafo no tete asafo foforo no asasesin mu. Onuawa bi hyɛɛ me nkuran sɛ me ne ne Bible asuafo no mu biako nyɛ adesua. Ná misuro, enti mekaa no denneennen sɛ merentumi nyɛ, nanso ɔbɔɔ mmɔden hyɛɛ me nkuran ma mesesaa m’adwene. Ɔmaa me awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa me ma matumi ayɛ. Ofi ɔdɔ mu hwɛɛ m’anim kaa kyerɛɛ me sɛ, ɛrenkyɛ metumi akyerɛkyerɛ afoforo sɛnea mepɛ. Saa nsɛm no hyɛɛ me nkuran yiye.

Efi saa bere no, saa osuani no anya nkɔso fɛfɛɛfɛ. Da bi a na mewɔ adiwo no, metee sɛ ɔrefrɛ me. Ná ɔne ne kunu rekɔ de wɔn aware akɔhyɛ aban mmara ase. Ná ɔbarima no afi ase resua ade, na na wɔde honhom fam botae pii, a ebi ne asubɔ, asisi wɔn ani so a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobedu ho. Ɛno ma m’ani gyei, ɛwom sɛ minim sɛ ɛnnyɛ yɛn na yɛayɛ, na mmom ɛyɛ Yehowa a ɔtwe obi ba ne nkyɛn no.

Yɛasua nneɛma pii wɔ asasesin foforo yi mu. Ɛwom sɛ yɛn ani agyina yɛn nnamfonom ne yɛn abusuafo de, nanso yɛte nka sɛ wɔka yɛn ho wɔ ha. Yɛtaa ka wɔn ho asɛm kyerɛ anuanom, na ama seesei wobisa sɛnea wɔn ho te. Yɛhwɛ kwan sɛ da bi yɛn abusuafo a yegyaa wɔn yɛn kurom ne wɔn a yɛabenya wɔn wɔ ha no nyinaa bɛbom ahyia.

Ɛde besi nnɛ, sɛ nkurɔfo rekasa a, meda so ara te no sɛ “dwom.” Nanso seesei de, mete nsɛm a wɔka no ase. Mehwɛ kwan sɛ bere bi bedu a metumi aka kasa no yiye te sɛ nea me ne nnipakuw bi reto dwom dɛdɛ bi no sen sɛ mɛkasa mmiako mmiako sɛnea torobɛnto gyigye wɔ dwonto mu no. Yesu kae sɛ: “Munnnwinnwen ɔkyena ho, na ɔkyena ankasa benya ne dadwen.” (Mateo 6:34) Enti yɛbɛkɔ so asua kasa a ɛte sɛ dwom wɔ yɛn asom yi nkakrankakra. Nanso seesei de, mɛkɔ so ayere me ho de m’aso, m’adwene, ne me koma adi kasa no akyi sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ne anuanom a wɔwɔ abotare na wɔdɔ me a wɔwɔ Madagascar yi abom ayɛ adwuma.—w11-E 06/1.

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Me ne Hasina wɔ asɛnka mu