Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ná Me Botae Ne Sɛ Me Ne Agodifo Betutu Akwan

Ná Me Botae Ne Sɛ Me Ne Agodifo Betutu Akwan

Ná Me Botae Ne Sɛ Me Ne Agodifo Betutu Akwan

Sɛnea Zoya Dimitrova ka kyerɛe

Bere a midii mfe 15 no, minyaa nea me koma pɛ—ná me ne agodifo tutu akwan kɔ mmeaemmeae kodi agoru. Nanso, wɔ September 4, 1970 mu no, asɛnkɛse bi sii. Bere a agodi no rekɔso no, na matu nenam wim redannan me ho. Nanso m’ani baa me ho so no, na menyɛ nna wɔ fam.

WƆWOO me December 16, 1952 mu, na na me ne m’awofo ne me nuabea panyin na ɛte Sofia a ɛwɔ Bulgaria no. Saa bere no, na Bulgaria hyɛ Komunis nniso ase na na wɔma nyamesom ho kwan, nanso na wɔnhyɛ ho nkuran koraa. Ná nnipa no mu dodow no ara nnye Onyankopɔn nni, enti wɔn a na wogye no di no mu pii ampɛ sɛ afoforo behu. Ɛwom sɛ na m’abusuafo ka sɛ wɔyɛ Ortodɔksfo de, nanso wɔantete me wɔ ɔsom biara mu, na m’ansusuw Onyankopɔn ho da.

Ɛbɛdaa adi wɔ me mmofraase pɛɛ sɛ na m’ani gye agumadi ho paa, ne titiriw, afunibu. Bere a midii mfe 13 no, owura bi baa yɛn sukuu mu sɛ ɔrebɛpɛ abeawa bi atete no ama wabu afuni. Ɔkyerɛkyerɛfo a na ɔkyerɛ sɛnea wobu afuni wɔ yɛn sukuu mu no kamfoo me kyerɛɛ no. M’ani gyei sɛ owura no de me tenaa ne kar fɛfɛ a efi Amerika no mu na ɔne nkurɔfo a wɔkyerɛ agumadi no kobisabisaa me nsɛm na wɔsɔɔ me hwɛe. M’ani gyei sɛ wɔpaw me kaa agumadifo a na wɔrehwehwɛ no ho. Eyi na mede fii bɛboro mfe abien a wɔde maa me ntetee a emu yɛ den no ase. Afei bere a midii mfirihyia 15 no, miwiee me ntetee no, na mifii agodi ne akwantu no ase—ná me ne agodifo kyinkyin agoruhwɛbea ahorow kodi agoru. Mfiase no, mitutuu akwan kɔɔ Bulgaria nkurow nyinaa ne aman a na ɛhyɛ kan Soviet Union ase no, ne Algeria mpo, na mekɔɔ Hungary, ne kan Yugoslavia nso.

Mfe abiɛsa a edi kan no de, mihui sɛ nea me koma pɛ ara na na mereyɛ no. Afei, bere a na meredi agoru wɔ Titov Veles a ɛwɔ Macedonia no, akwanhyia a mekaa ho asɛm mfiase no sii. Ná matu nenam wim redannan me ho wɔ nnipadɔm anim. Ná nea ɔka me ho no sensɛn wim, na sɛ mifi soro reba a, na wasɔw me wɔ wim asan ato me kɔ soro. Mifi soro reba saa bere yi de, wantumi ansɔw me, na bere a hama a mesɛn so no tewee no, mifi soro bɛyɛ anammɔn 20 bɛhwee fam. Wɔyɛɛ ntɛm de me kɔɔ ayaresabea, na ɛhɔ na wohui sɛ me nsa, me mfe mparow ahorow, ne m’akyi berɛmo mu abu. Metɔɔ mum nna kakra ma enti manhu nea ɛkɔɔ so biara. Bere a afei m’ani so tetew me no, mihui sɛ mabubu fi me sisi kosi me nan ase. Nanso esiane sɛ na me da so ara yɛ ɔbabun nti, na migye di sɛ sɛ wɔyɛ me nnuru anaa oprehyɛn a, metumi anantew bio, na ebi mpo a, masan ne m’agodifo no akɔtoa yɛn adwuma so.

Wɔ mfe abien ne fa a edi hɔ no, wɔde me kɔɔ ayaresabea ahorow, na na meda so ara wɔ anidaso sɛ metumi anantew bio. Awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ migye tom sɛ me daeso no aba awiei. Seesei nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, ɛho abehia sɛ meyɛ m’adwene yiye “tena kar foforo” koraa—mmubuafo akongua mu—di akɔneaba.

Mifii Asetena Foforo Ase

Esiane sɛ na mentaa ntena faako nti, na ɛyɛ me sɛ merentumi nyɛ nsakrae yi wɔ m’asetena mu. Bere a mihui sɛ anidaso asa no, ɛtoo me adwennwen. Afei wɔ afe 1977 mu no, aberante bi a wɔfrɛ no Stoyan baa me fie bɛbɔɔ me pon mu. Bere a mihui sɛ ɔyɛ obi a na kan no me ne no yɛ adwuma no nuabarima no, ɛhɔ ara na mekae sɛ ɔmmra mu. Wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ mu no, na ɔpɛ sɛ ohu sɛ mewɔ anidaso bi sɛ me ho bɛtɔ me da bi anaa. Esiane sɛ na m’abam abu nti, meka kyerɛɛ no sɛ anidaso biara nni hɔ. Bere a ɔka kyerɛɛ me sɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi aboa me no, mede abufuw kae sɛ, “Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, dɛn nti na wɔama tebea a ɛte saa ato me?”

Eyi buee hokwan maa Stoyan a na ɔbɛyɛɛ Yehowa Ɔdansefo nkyɛe no fii ayamye mu kyerɛkyerɛɛ Bible mu anidaso a ɛka koma no mu kyerɛɛ me. Bere a Stoyan bɛyɛɛ Ɔdansefo no na ɔyɛ adwuma wɔ Amerika sɛ ogumadifo. M’ani gyei sɛ mihui sɛ ɛrenkyɛ asase bɛdan paradise. Bɔhyɛ a ɛne sɛ “owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio” no kaa me koma. (Adiyisɛm 21:4) Mehwɛ kwan denneennen sɛ menya apɔwmuden bio! Mepenee so ntɛm ara sɛ ɔne me mmɛyɛ Bible adesua. Ɛno ma mifii asetena foforo ase. Awiei koraa no, mibenyaa anidaso ankasa!

Dapɛn biara, na mede ahopere hwɛ kwan sɛ mesua Bible no. Me ne Stoyan na edii kan suaa ade, na akyiri yi Ɔdansefo ɔyamyefo bi a wɔfrɛ no Totka ne me toaa so. Ɛdenam Tokta mmoa so no, minyaa Bible mu nimdeɛ ntɛmntɛm, na mihyiraa me nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn. Saa bere no, na obiara nni Sofia a ɔfata sɛ ɔbɔ me asu, enti na ɛsɛ sɛ metwɛn kosi sɛ onua bi befi Macedonia aba. Bere a misuaa Bible no afe akyi no, wɔbɔɔ me asu wɔ m’aguasɛn mu wɔ September 11, 1978 mu. Asu a mebɔe sɛ Yehowa Ɔdansefo no ma minyaa anigye kɛse, na mibenyaa atirimpɔw ankasa wɔ asetena mu.

Bible mu nokware a misuae no dɛwee sɛ ogya wɔ me mu. Mede nsi kaa me gyidi foforo no ho asɛm kyerɛɛ obiara a ɔbaa me fie. Awerɛhosɛm ne sɛ, na ɛte sɛ nea obiara mfa m’asɛm no aniberesɛm, efisɛ na wosusuw sɛ esiane m’akwanhyia no nti, gyama m’adwene ho aka kakra.

Midii Mfomso Kɛse Bi

Saa bere no, na Bulgaria aban no abara Yehowa Adansefo, na na Adansefo kakraa bi pɛ na wɔwɔ ɔman no nyinaa mu. Ná wɔnyɛ asafo nhyiam biara wɔ hɔ ma enti na minnya bi nkɔ, na afei nso na mentaa nnya anuanom ne wɔn mmɔ fekuw. Adesua a na minnya nkɔ ne bu a mibuu m’ani guu nnipa a wɔmfa Bible gyinapɛn ahorow mmɔ wɔn bra fekubɔ so no ma midii mfomso kɛse bi.

M’ahonim haw me bere nyinaa, na Yehowa Nyankopɔn a na matwe me ho afi ne ho no nti, midii yaw kɛse. M’ani wui na meyɛɛ basaa, enti mifi me komam bɔɔ Yehowa mpae, srɛɛ no sɛ ɔmfa me bɔne nkyɛ me. Akyiri yi Kristofo mpanyimfo fi ɔdɔ mu boaa me ma mene Yehowa san nyaa abusuabɔ, na minyaa anigye wɔ Yehowa som mu bio. M’ani gye hokwan a m’anya de ahonim pa resom Yehowa wɔ n’ahyehyɛde a ɛho tew yi mu!

Mintumi Nyɛ Pii Nanso Mewɔ Anigye

Akwanhyia a minyae mfe 40 a atwam no maa botae a mede sii m’ani so sɛ medi agoru na m’atutu akwan no yɛɛ ɔkwa, na nnɛ maka mmubuafo akongua mu. Nanso, sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi a, me werɛ nhow, na minnuu me ho nso te sɛ nea ebia mammɔ bra. Bible mu nokware aboa me ama m’ahu sɛ asetena a na merehwehwɛ wɔ agumadi mu no so mfaso sua. Mahu sɛnea asetena adi agumadifo a na mene wɔn di agoru a me pira akyi no, wɔkɔɔ so dii agoru no huammɔ kɛse. Nea ɛne eyi bɔ abira no, manya agyapade a ɛsen biara a ɛne sɛ me ne yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, anya abusuabɔ. Eyi ama manya anigye kɛse sen sɛnea anka menya bere a na mitutu akwan di agoru de gyigye nkurɔfo ani no.

Bio nso, m’ani agye sɛ mihu sɛ nnipa afoforo pii sua Bible mu nokware no na wohyira wɔn nkwa so ma yɛn Nyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ, Yehowa no. Bere a mifii ase suaa Bible no wɔ 1977 mu no, na Yehowa Adansefo kakraa bi na wɔwɔ Bulgaria. Enti wɔ afe 1991 mu bere a Komunis aban no gui na wogyee Yehowa Adansefo toom no, na Adansefo a wɔwɔ ɔman no nyinaa mu no dodow yɛ ɔha. Ɛyɛ me anigye paa sɛ mihu sɛ Ahenni adawurubɔfo dodow anya nkɔanim ma seesei wɔn dodow reyɛ adu 1,800!

Adwuma pii da so ara wɔ Bulgaria a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Nnipa pii rehwehwɛ Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ. Yetumi hu eyi wɔ nnipa dodow a ɛsen biara 3,914, a wɔbaa afe 2010 Kristo wu ho Nkaedi no ase no. Sɛ midwen sɛnea Yehowa ahyira adwuma no so wɔ Bulgaria no ho a, minhu nea menyɛ! Wɔ mankasa m’ani so no, mahu sɛ “nea ɔyɛ ketewa koraa no” abɛyɛ “ɔman kɛse,” sɛnea Yesaia 60:22 hyɛɛ ho nkɔm no.

Ade foforo a ama m’ani agye paa na me werɛ remfi da wɔ m’asetenam ne Kyerɛw Kronkron Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no a wɔayi no adi wɔ Bulgaria kasa mu no. Woyii Bible yi adi wɔ August 2009 wɔ “Monkɔ So Nwɛn!” Ɔmantam Nhyiam a wɔyɛɛ wɔ Sofia no ase. Bible a woyii no adi wɔ me kurom kasa mu no yɛ nea na yɛahwɛ kwan akyɛ enti ɛma yɛn ani gyei! Akyinnye biara nni ho sɛ ɛbɛboa nnipa pii wɔ Bulgaria ma wɔanya Bible mu nimdeɛ.

Ɛwom sɛ dɛm a madi no mma mintumi nka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no pii de, nanso m’ani gye sɛ mitumi ka asɛmpa no bi kyerɛ m’afipamfo ne obiara a ɔba me fie no. Da bi a na mete m’abranaa so no, mefrɛɛ me fipamfo bi a na ɔretwam. Ɔbae, na bere a mene no bɔɔ Bible mu nkɔmmɔ a ɛhyɛ nkuran pii wiei no, ɔpenee so sɛ me ne no nsua Bible. M’ani gye boroo so bere a akyiri yi ɔbɛbɔɔ asu na ɔbɛyɛɛ me honhom mu nuabea no. Manya hokwan aboa nnipa baanan ama wɔahyira wɔn nkwa so ama Yehowa.

Mitumi hu sɛ minya anigye ne nkuranhyɛ kɛse fi Kristofo nhyiam a mekɔ ne anuanom a wɔn dodow bɛboro ɔha a mihyia wɔn wɔ hɔ a wɔabɛyɛ sɛ m’abusuafo no mu. Esiane sɛ ɔman a mete mu no nni kar ho nhyehyɛe ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wɔadi dɛm nti, ɛtɔ da bi a, ɛyɛ den ma me sɛ mɛkɔ asafo nhyiam. Nanso m’ani sɔ sɛnea onua aberantewa bi hwɛ me na ɔda ɔdɔ adi kyerɛ me no paa. Da biara a yɛbɛkɔ asafo nhyiam no, ɔbɛfa me fi me dan mu de me kɔtena ne kar mu, na sɛ yedu Ahenni Asa so a wayi me asi. Sɛ yɛpɔn nso a, na wasan de me kɔ fie. Bere nyinaa meda Yehowa ase sɛ wama manya honhom fam abusua a ɛte saa a wɔdɔ me!

Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi a, mitumi hu sɛ m’asetena asesa koraa afi nea mede yɛɛ me botae bere a na meyɛ abofra no ho. Yehowa a mesom no no ama manya anigye kɛse seesei, na manya daakye ho anidaso nso. M’ani gye asase so paradise ho bɔhyɛ a Onyankopɔn de ama a ɛka sɛ, “apakye behuruw sɛ ɔforote” no ho. (Yesaia 35:6) Mehwɛ kwan denneennen sɛ bere bi bedu a mehuruw afi mmubuafo akongua a mete mu no mu, na manya ahoɔden bio sɛ ababaa.—w11-E 06/1

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

‘Minya anigye ne nkuranhyɛ kɛse fi Kristofo nhyiam a mekɔ no mu’

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 21]

‘Ade a me werɛ remfi da wɔ m’asetenam ne Kyerɛw Kronkron Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no a wɔayi no adi wɔ Bulgaria kasa mu no’

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Mifii ase de me ho hyɛɛ agumadi mu bere a na m’adi mfe 15