Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛmpa Bi Wɔ Hɔ A Nnipa Nyinaa Hia

Asɛmpa Bi Wɔ Hɔ A Nnipa Nyinaa Hia

Asɛmpa Bi Wɔ Hɔ A Nnipa Nyinaa Hia

‘Nokwarem no, asɛmpa no yɛ Onyankopɔn tumi a ɔde gye nkwa.’—ROM. 1:16.

1, 2. Dɛn nti na woka “ahenni ho asɛmpa no,” na afã bɛn na wusi so dua?

‘M’ANI gye ho sɛ meka asɛmpa no kyerɛ afoforo da biara da.’ Ɛda adi sɛ saa asɛm yi aba w’adwenem anaasɛ apue w’ano pɛn. Esiane sɛ woyɛ Yehowa Dansefo a woahyira wo ho so nti, wunim hia a ehia sɛ woka “ahenni ho asɛmpa” no. Ebia wubetumi afi wo tirim aka Yesu nkɔmhyɛ a ɛka sɛ yɛbɛyɛ saa adwuma no.—Mat. 24:14.

2 Sɛ woreka “ahenni ho asɛmpa no” a, na woretoa adwuma a Yesu fii ase no so. (Monkenkan Luka 4:43.) Akyinnye biara nni ho sɛ, asɛm biako a wusi so dua ne sɛ Onyankopɔn de ne ho begye nnipa nsɛm mu nnansa yi ara. Onyankopɔn nam “ahohiahia kɛse” no so bɛsɛe atoro som na wayi abɔnefosɛm afi asase so. (Mat. 24:21) Ebia wusi so dua nso sɛ Onyankopɔn Ahenni no bɛsan de Paradise aba asase so sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya asomdwoe ne anigye pii. Nokwarem no, “ahenni ho asɛmpa no” a yɛreka no yɛ ‘asɛmpa a wodii kan ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Wo nti aman nyinaa benya nhyira”’ no fã.—Gal. 3:8.

3. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔsomafo Paulo sii asɛmpa no so dua wɔ Romafo nhoma no mu?

3 Nanso, so ebetumi aba sɛ yɛntaa ntwe adwene nsi asɛntitiriw a ɛwɔ asɛmpa no a nkurɔfo hia no mu so? Wɔ krataa a ɔsomafo Paulo kyerɛw Romafo no a ɛwɔ mfitiase Hela kasa a wɔde kyerɛw Kyerɛwnsɛm no mu no, ɔde asɛmfua “Ahenni” dii dwuma pɛnkoro pɛ, nanso ɔde asɛmfua a ɛne “asɛmpa” no dii dwuma mpɛn 12. (Monkenkan Romafo 14:17.) Asɛmpa no fã bɛn na Paulo twee adwene sii so mpɛn pii wɔ saa nhoma no mu? Dɛn nti na saa asɛmpa no ho hia? Na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma saa asɛm no tena yɛn adwenem bere a yɛreka “Onyankopɔn asɛmpa no” akyerɛ nkurɔfo a wɔwɔ yɛn asasesin mu no?—Mar. 1:14; Rom. 15:16; 1 Tes. 2:2.

Nea na Wɔn a Wɔwɔ Roma no Hia

4. Bere a wɔde Paulo too afiase nea edi kan wɔ Roma no, dɛn na ɔkaa ho asɛm?

4 Ɛfata sɛ yɛhyɛ nneɛma a Paulo kaa ho asɛm bere a wɔde no too afiase nea edi kan wɔ Roma no nsow. Yɛkenkan sɛ bere a Yudafo dodow bi kɔsraa Paulo no, ‘odii (1) Onyankopɔn ahenni ho adanse fefeefe, na ɔkaa (2) Yesu ho nsɛm a ɛtɔ asom.’ Nkurɔfo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn no ho? “Ebinom gyee nea ɔkae no dii; ebinom nso annye anni.” Ɛno akyi no, Paulo ‘gyee wɔn a wɔbaa ne nkyɛn nyinaa fɛw so, na ɔkaa (1) Onyankopɔn ahenni ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn (2) Awurade Yesu Kristo ho ade.’ (Aso. 28:17, 23-31) Ɛda adi pefee sɛ Paulo twee adwene sii Onyankopɔn Ahenni no so titiriw. Nanso, ade foforo bɛn na ɔsan twee adwene sii so? Ɛyɛ ade titiriw a ɛfa Ahenni no ho, na ɛno ne dwuma a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu.

5. Ade a ɛho hia paa bɛn na Paulo kaa ho asɛm wɔ Romafo nhoma no mu?

5 Ɛho hia sɛ nnipa nyinaa te Yesu ho asɛm na wogye no di. Paulo kaa ade a ɛho hia yi ho asɛm wɔ Romafo nhoma no mu. Ná wadi kan akyerɛw sɛ, “Onyankopɔn a mede me honhom nyinaa som no denam ne Ba no ho asɛmpa a meka so.” Ɔtoaa so kae sɛ: “M’ani nwu asɛmpa no ho; nokwarem no, ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde gye obiara a ɔwɔ gyidi nkwa.” Akyiri yi, ɔtwee adwene sii bere a “Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bebu adesamma nneɛma a ahintaw ho atɛn sɛnea asɛmpa a meka no te no” so. Ɔsan kae sɛ: “Maka Kristo asɛmpa no awie koraa fi Yerusalem de akɔpem Iliriko akɔ abesi.” * (Rom. 1:9, 16; 2:16; 15:19) Wususuw sɛ dɛn nti na Paulo twee adwene sii Yesu Kristo so kɛse kyerɛɛ Romafo no?

6, 7. Dɛn na yebetumi aka afa sɛnea Roma asafo no fii ase ne nnipa a na wɔwɔ asafo no mu ho?

6 Yennim sɛnea Roma asafo no fii ase. So Yudafo ne wɔn a na wɔasakra abɛyɛ Yudafo a na wɔwɔ Pentekoste afe 33 Y.B. mu afahyɛ no ase no san kɔɔ Roma sɛ Kristofo? (Aso. 2:10) Anaasɛ ɛyɛ aguadifo ne akwantufo a na wɔyɛ Kristofo na wɔtrɛw nokware no mu wɔ Roma? Sɛnea ɛte biara no, bere a Paulo kyerɛw nhoma no wɔ bɛyɛ afe 56 Y.B. mu no, na wɔahyehyɛ Roma asafo no dedaadaw. (Rom. 1:8) Nnipa bɛn na na wɔwɔ saa asafo no mu?

7 Ná ebinom yɛ Yudafo. Paulo kyiaa Androniko ne Yunia sɛ “m’abusuafo,” na ɛda adi sɛ nea na ɔrekyerɛ ne sɛ wɔyɛ n’abusuafo a wɔyɛ ne mfɛfo Yudafo. Ná Akwila a ɔnwene ntamadan no ne ne yere Priskila nso yɛ Yudafo. (Rom. 4:1; 9:3, 4; 16:3, 7; Aso. 18:2) Nanso, ɛda adi sɛ na anuanom mmarima ne mmea pii a Paulo de ne nkyia kɔmaa wɔn no yɛ Amanaman mufo. Ebetumi aba sɛ na ebinom yɛ “wɔn a wɔwɔ Kaesare fie,” ebia na wɔyɛ Kaesare nkoa anaa wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ n’ahemfie hɔ.—Filip. 4:22; Rom. 1:6; 11:13.

8. Ɔhaw bɛn na na wɔn a wɔwɔ Roma no wɔ?

8 Ná Kristoni biara a ɔwɔ Roma no wɔ ɔhaw bi, na yɛn nso yɛwɔ bi saa ara. Paulo kaa ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne na wonnu Onyankopɔn anuonyam ho.” (Rom. 3:23) Ɛda adi pefee sɛ, na ɛho hia sɛ wɔn a Paulo kyerɛw wɔn no nyinaa gye tom sɛ wɔyɛ abɔnefo, na wonya nea Onyankopɔn nam so bɛma wɔadi saa ɔhaw no so no mu gyidi.

Ehia sɛ Yegye Tom sɛ Yɛyɛ Abɔnefo

9. Adepa a ebetumi afi asɛmpa no mu aba bɛn na Paulo kaa ho asɛm?

9 Wɔ krataa a Paulo de kɔmaa Romafo no mfiase mu no, ɔtwee adwene sii adepa a na ebetumi afi asɛmpa a ɔkɔɔ so kaa ho asɛm mu aba no so. Ɔkae sɛ: “M’ani nwu asɛmpa no ho; nokwarem no, ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde gye obiara a ɔwɔ gyidi nkwa, Yudani kan ne afei Helani.” Nokwarem no, na wobetumi anya nkwagye. Nanso, sɛnea nokwasɛm a ɛwɔ Habakuk 2:4 a Paulo fa kaa asɛm no kyerɛ no, na gyidi ho hia. Paulo kae sɛ: “Ɔtreneeni de—ɛnam gyidi so na obenya nkwa.” (Rom. 1:16, 17; Gal. 3:11; Heb. 10:38) Nanso, saa asɛmpa no a ebetumi ama yɛanya nkwagye no fa ‘nnipa nyinaa a wɔayɛ bɔne no ho’ dɛn?

10, 11. Dɛn nti na asɛm a ɛwɔ Romafo 3:23 no renyɛ ebinom nwonwa nanso afoforo de, ɛbɛyɛ wɔn nwonwa?

10 Ansa na obi betumi anya gyidi a ɛbɛma wɔagye no nkwa no, ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo. Ɛrenyɛ wɔn a wofi wɔn mmofraase gye Onyankopɔn di na wonim Bible mu kakra no nwonwa sɛ wɔbɛka akyerɛ wɔn sɛ wɔyɛ abɔnefo. (Monkenkan Ɔsɛnkafo 7:20.) Sɛ́ ebia nkurɔfo gye tom sɛ wɔyɛ abɔnefo anaasɛ wonnye ntom no, anyɛ yiye koraa no, wɔwɔ nea na Paulo rekyerɛ yi ho adwene bi bere a ɔkae sɛ: “Wɔn nyinaa ayɛ bɔne” no. (Rom. 3:23) Nanso, sɛ yɛwɔ asɛnka mu a, yebetumi ahyia nnipa pii a wɔnte saa asɛm no ase.

11 Wɔ aman bi so no, wɔnnkyerɛkyerɛ nkurɔfo mma wonhu sɛ wɔwoo wɔn sɛ abɔnefo anaasɛ wɔwoo wɔn bɔne mu. Nokwarem no, ebia wogye tom sɛ wodi mfomso, wɔwɔ su ahorow bi a enye, na ebia wɔayɛ nneɛma bɔne bi. Na wohu sɛ afoforo nso yɛ nneɛma a ɛtete saa ara. Nanso, esiane ntetee a wonyae nti, wɔnte nea enti a wɔne afoforo wɔ tebea a ɛte saa mu no ase ankasa. Nokwarem no, wɔ kasa ahorow bi mu no, sɛ woka sɛ obi yɛ ɔbɔnefo a, afoforo betumi anya adwene sɛ woreka sɛ onii no yɛ ɔsɛmmɔnedifo, anaasɛ ɔyɛ obi a obu mmara bi so. Ɛda adi pefee sɛ, ebia obi a wɔtetee no wɔ baabi a ɛte saa no rennye ntom ntɛm ara sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo sɛnea na Paulo rekyerɛ no.

12. Dɛn nti na nnipa pii nnye nni sɛ nnipa nyinaa yɛ abɔnefo?

12 Wɔ Kristoman nsase so mpo no, nnipa pii nnye nni sɛ wɔyɛ abɔnefo. Dɛn nti na ɛte saa? Sɛ wɔkɔ asɔre bere ne bere mu mpo a, wosusuw sɛ Adam ne Hawa ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no yɛ anansesɛm anaa atosɛm bi kɛkɛ. Afoforo nso wɔ hɔ a, wɔtete wɔn wɔ mmeae a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Enti wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ma enti wɔnte ase sɛ Ɔteasefo Pumpuni bi wɔ hɔ a ɔhyehyɛ abrabɔ ho gyinapɛn ma enti sɛ obi amfa gyinapɛn no anyɛ adwuma a na wayɛ bɔne. Ɔkwan bi so no, wɔte sɛ wɔn a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu a Paulo kaa wɔn ho asɛm sɛ wonni “anidaso biara,” na ‘wonnim Onyankopɔn wɔ wiase’ no.—Efe. 2:12.

13, 14. (a) Ade biako bɛn nti na wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na wonnye nni nso sɛ wɔyɛ abɔnefo no nni anoyi? (b) Dɛn na gyidi a nnipa pii nni ama wɔreyɛ?

13 Wɔ krataa a Paulo de kɔmaa Romafo no mu no, ɔkyerɛɛ nneɛma abien nti a nnipa a wɔatete wɔn ma wɔabegye adi sɛ Onyankopɔn nni hɔ no—wɔn a wɔtenaa ase tete no ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ no—ntumi mfa saa ntetee no nyi wɔn ho ano. Ade a edi kan ne sɛ abɔde ankasa di adanse sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. (Monkenkan Romafo 1:19, 20.) Eyi ne asɛm bi a Paulo kae bere a na ɔwɔ Roma a na ɔrekyerɛw Hebrifo no hyia sɛ: “Ofie biara obi na osi, na nea ɔyɛɛ nneɛma nyinaa ne Onyankopɔn.” (Heb. 3:4) Saa asɛm no kyerɛ sɛ, Ɔbɔadeɛ bi a ɔbɔɔ amansan yi nyinaa wɔ hɔ.

14 Enti na Paulo wɔ nnyinaso pa a ɔde kyerɛw Romafo no sɛ obiara, a tete Israelfo no ka ho, a ɔsom ahoni a nkwa nnim no ‘nni anoyi biara.’ Yebetumi aka saa ara afa wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe a ɛyɛ ɔbarima ne ɔbarima nna ne ɔbea ne ɔbea nna mu no ho. (Rom. 1:22-27) Enti, Paulo kaa no yiye sɛ “Yudafo ne Helafo nyinaa wɔ bɔne mu.”—Rom. 3:9.

Ade a ‘Edi Adanse’

15. Henanom na wɔwɔ ahonim, na dɛn na ɛyɛ ma wɔn?

15 Romafo nhoma no ma yehu ade foforo nti a ɛsɛ sɛ nkurɔfo gye tom sɛ wɔyɛ abɔnefo, na ɛho hia sɛ wogye wɔn fi saa ɔhaw no mu. Paulo kyerɛw faa mmara a Onyankopɔn de maa tete Israelfo no ho sɛ: “Wɔn a wɔhyɛ mmara ase a wɔyɛɛ bɔne no nyinaa, wɔde mmara na ebebu wɔn atɛn.” (Rom. 2:12) Bere a Paulo gu so rekyerɛkyerɛ asɛm no mu no, ɔkae sɛ amanaman mufo anaa mmusua a wonnim saa Onyankopɔn mmara no taa “fi awosu mu yɛ mmara no mu nneɛma.” Dɛn nti na nnipa a wɔte saa no taa bara mogyafra, awudi, ne korɔnbɔ? Paulo kyerɛɛ nea enti a wɔyɛ saa: Ɛne sɛ wɔwɔ ahonim.—Monkenkan Romafo 2:14, 15.

16. Dɛn nti na ahonim a obi wɔ no nkyerɛ sɛ ɔrenyɛ bɔne?

16 Nanso, ɛda adi sɛ woahu sɛ sɛ obi wɔ ahonim a edi no adanse mpo a, ɛno nkyerɛ sɛ onii no de akwankyerɛ a ahonim no de ma no no bɛyɛ adwuma. Nea tete Israelfo no yɛe no ma yehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware. Ɛwom sɛ na Israelfo no wɔ ahonim a Onyankopɔn de ama wɔn ne mmara pɔtee a wonya fii Onyankopɔn hɔ a ɛkasa tia korɔnbɔ ne awaresɛe de, nanso mpɛn pii na wɔanyɛ nea wɔn ahonim ka kyerɛɛ wɔn, na wobuu Yehowa Mmara so nso. (Rom. 2:21-23) Ná wodi nneɛma abien yi nyinaa ho fɔ ma enti na wɔyɛ abɔnefo, na wɔannu Onyankopɔn gyinapɛn ho, na wɔanyɛ n’apɛde nso. Eyi maa wɔne wɔn Yɛfo no ntam sɛee koraa.—Lev. 19:11; 20:10; Rom. 3:20.

17. Nkuranhyɛsɛm bɛn na ɛwɔ Romafo nhoma no mu?

17 Asɛm a yɛasusuw ho wɔ Romafo nhoma no mu no betumi ama ayɛ te sɛ nea nnipa nni gyinabea pa wɔ ade nyinaa so Tumfoɔ no anim, a yɛn nso yɛka ho. Nanso, Paulo amfa asɛm no ansi hɔ ara. Ɔsomafo no faa Dawid asɛm a ɛwɔ Dwom 32:1, 2 no kaa asɛm, na ɔkyerɛwee sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔde wɔn mmarato afiri wɔn na wɔakata wɔn bɔne so; anigye ne onipa a Yehowa mmu ne bɔne ngu no so.” (Rom. 4:7, 8) Nokwasɛm ne sɛ, Onyankopɔn ama ayɛ yiye sɛ ɔbɛpata bɔne a ɔremmu n’ankasa mmara a ɛteɛ so.

Asɛmpa a Egyina Yesu So

18, 19. (a) Asɛmpa no fã bɛn na Paulo twee adwene sii so wɔ Romafo nhoma no mu? (b) Sɛ yebenya Ahenni no mu nhyira no bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom?

18 Ebia wobɛka sɛ, “Ɛyɛ asɛmpa ankasa!” Nokwarem no, ɛyɛ asɛmpa ampa, na ɛsan twe yɛn adwene kɔ asɛmpa no fã a Paulo sii so dua wɔ Romafo nhoma no mu no so. Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, Paulo kyerɛwee sɛ: “M’ani nwu asɛmpa no ho; nokwarem no, ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde gye . . . nkwa.”—Rom. 1:15, 16.

19 Saa asɛmpa no gyina dwuma a Yesu di ma Onyankopɔn atirimpɔw bam no so. Ná Paulo betumi ahwɛ ‘da a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so bebu adesamma nneɛma a ahintaw ho atɛn sɛnea asɛmpa no te’ no kwan. (Rom. 2:16) Saa asɛm a ɔkae no nkyerɛ sɛ na ɔrebrɛ “Kristo ne Onyankopɔn ahenni” no ase, anaasɛ na ɔrebrɛ nea Onyankopɔn nam Ahenni no so bɛyɛ no ase. (Efe. 5:5) Mmom no, ɔdaa no adi sɛ sɛ yebenya nkwa na yɛanya nhyira a Onyankopɔn Ahenni no de bɛba no bi a, ɛsɛ sɛ yegye (1) abɔnefo a yɛyɛ wɔ Onyankopɔn ani so no ne (2) nea enti a ɛho hia sɛ yenya Yesu Kristo mu gyidi ansa na wɔde yɛn bɔne akyɛ yɛn no tom. Sɛ obi ba bɛte Onyankopɔn atirimpɔw afã horow yi ase na ogye tom, na ohu sɛnea saa atirimpɔw yi ma onya daakye ho anidaso a, obetumi de anigye aka ma afata sɛ, “Eyi yɛ asɛmpa ampa!”

20, 21. Sɛ yɛreyɛ asɛnka adwuma no a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkae asɛmpa no a wɔasi so dua wɔ Romafo nhoma no mu no, na dɛn na ebetumi afi mu aba?

20 Ɛsɛ sɛ yɛma asɛmpa no fã yi tena yɛn adwenem paa bere a yɛreyɛ asɛnka adwuma no sɛ Kristofo no. Paulo faa Yesaia asɛm de kaa Yesu ho asɛm sɛ: “Obiara a ogye no di no nsa rensi fam.” (Rom. 10:11; Yes. 28:16) Ebia asɛntitiriw a ɛfa Yesu ho yi renyɛ nnipa a wonim nea Bible ka fa bɔne ho no nwonwa. Nanso, ebetumi ayɛ asɛm foforo koraa ama nnipa foforo a wonnim anaa wonnye saa asɛm yi nni wɔ wɔn man mu no. Sɛ nnipa a wɔte saa no ba benya Onyankopɔn ne Kyerɛwnsɛm no mu gyidi a, ɛho behia sɛ yɛkyerɛkyerɛ dwuma a Yesu di no mu kyerɛ wɔn. Adesua a edi hɔ no bɛka sɛnea Romafo ti 5 kyerɛkyerɛ saa asɛmpa no fã mu no ho asɛm. Ebia wubehu sɛ saa adesua no bɛboa wo wɔ asɛnka adwuma no mu.

21 Hwɛ sɛnea mfaso wɔ so sɛ yɛbɛboa nnipa a wɔwɔ koma pa ma wɔate asɛmpa a wɔaka ho asɛm mpɛn pii wɔ Romafo nhoma no mu no ase. Ɛyɛ asɛmpa a “nokwarem no, ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɔde gye obiara a ɔwɔ gyidi nkwa.” (Rom. 1:16) Mfaso a yebenya akyi no, yebehu sɛ afoforo agye asɛm a Paulo fa kaa asɛm wɔ Romafo 10:15 no atom. Ɔkae sɛ: “Wɔn a wɔka nneɛma pa ho asɛmpa no nan ase yɛ fɛ dɛn ara!”—Yes. 52:7.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Nsɛm a ɛte saa ara wɔ nhoma foforo a Onyankopɔn honhom ma wɔkyerɛwee mu.—Mar. 1:1; Aso. 5:42; 1 Kor. 9:12; Filip. 1:27.

So Wokae?

• Asɛmpa no fã bɛn na Romafo nhoma no si so dua?

• Nokwasɛm bɛn na ɛho hia sɛ yɛboa afoforo ma wɔte ase?

• Ɔkwan bɛn so na “Kristo asɛmpa no” betumi ama yɛne afoforo anya nhyira?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 8]

Asɛmpa no a wɔasi so dua wɔ Romafo nhoma no mu no fa dwuma a ɛho hia a Yesu di wɔ Onyankopɔn atirimpɔw mu no ho

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Wɔwoo yɛn nyinaa wɔ sintɔ a ɛne bɔne mu!