Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So na Abraham wɔ Yoma Ankasa?

So na Abraham wɔ Yoma Ankasa?

So na Abraham wɔ Yoma Ankasa?

BIBLE ka sɛ na Yoma ka afieboa a Farao de maa Abraham no ho. (Gen. 12:16) Bere a Abraham akoa twaa kwantenten kɔɔ Mesopotamia no, ɔde “ne wura yoma no mu du” kɔe. Enti Bible ka pefee sɛ bɛyɛ mfe mpem abien A.Y.B. mu mfiase no, na Abraham wɔ yoma.—Gen. 24:10.

Ebinom nnye saa asɛm yi ntom. Bible nkyerɛase bi ka sɛ: “Nhomanimfo aka sɛ yoma a Bible ka wɔn ho asɛm yi ne abakɔsɛm nhyia, efisɛ nnipa dodow no ara gye di sɛ na wɔnyɛn saa mmoa yi pii wɔ fie kosii bɛyɛ afe 1200 A.Y.B. mu, na eduu saa bere no na Abraham awu dedaadaw.” (New International Version Archaeological Study Bible) Enti nea na wɔrepɛ akyerɛ ne sɛ yoma ho asɛm biara a Bible dii kan kae no rentumi nyɛ nokware, efisɛ na wɔmfa yoma nni dwuma wɔ saa kwan yi so saa bere no.

Nanso, nhomanimfo foforo ka sɛ ɛwom sɛ yoma a wɔyɛn wɔn wɔ fie bɛyɛɛ ade titiriw wɔ bɛyɛ mfe mpem abien A.Y.B. mu awiei mu de, nanso eyi nkyerɛ sɛ na wɔmmfa yoma nni dwuma ansa na saa bere yi reba. Nhoma bi ka sɛ: “Nhwehwɛmu bi a wɔayɛ nnansa yi ama ada di sɛ wofii ase yɛnee yoma wɔ Arabia anafo fam apuei wɔ bɛyɛ mfe mpem abiɛsa [A.Y.B.] mu hɔ baabi. Mfiase no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔyɛn yoma de pɛ ne nufusu, ne ho nhwi, ne nhoma, ne ne nam, nanso ɛbɛyɛ sɛ ankyɛ na nkurɔfo hui sɛ wobetumi de yoma asoa nneɛma.” (Civilizations of the Ancient Near East) Ɛte sɛ nea nnompe mporoporowa ne nneɛma foforo a wɔatutu fam ahu foa so sɛ na wɔyɛn yoma ansa na Abraham reba.

Saa asɛm yi ho kyerɛwtohɔ nso wɔ hɔ. Saa nhoma koro no ara ka sɛ: “Wɔ Mesopotamia no, aboa no [yoma no] ka nneɛma a wɔde cuneiform akyerɛkyerɛw wɔn din no ho, na na ne mfonini wɔ nsɔano pii so, a ɛkyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ saa mmoa no baa Mesopotamia wɔ mfe mpem abien A.Y.B. mu mfiase,” wɔ Abraham bere so.

Nhomanimfo binom gye di sɛ na Arabia Anafo fam aguadifo a wodi aduhuam gua taa de yoma fa wɔn nneɛma fa anhweatam so kɔ atifi fam de wɔn ani kyerɛ mmeae bi te sɛ Egypt ne Siria, na saa na ɛyɛe a yoma kopuee saa mmeae yi. Ɛbɛyɛ sɛ efi afe 2000 A.Y.B. mu tɔnn na wofii ase dii saa gua yi. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Genesis 37:25-28 ka Ismaelfo aguadifo a na wɔde yoma soa aduhuam kɔ Egypt bɛyɛ mfe ɔha wɔ Abraham wu akyi no ho asɛm.

Ɛbɛyɛ sɛ na wɔmfa yoma nni dwuma kɛse wɔ aman a ɛbɛn Mediterranea Supɔw no wɔ mfe mpem abien A.Y.B. mu no mfiase, nanso ɛte sɛ nea adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ na ɛnyɛ sɛ wonnim mmoa no koraa. Nhoma bi ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ka a wɔkae sɛ na wɔde yoma di dwuma wɔ tete agyanom bere so no nyɛ nokware, efisɛ nneɛma a wɔatutu fam ahu pii wɔ hɔ a edi adanse sɛ na wɔyɛn yoma wɔ fie ansa na tete agyanom bere no reba.”—The International Standard Bible Encyclopedia.