Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Momfa Obu Mma Wɔn A Wɔyɛ Adwumaden Wɔ Mo Mu No’

‘Momfa Obu Mma Wɔn A Wɔyɛ Adwumaden Wɔ Mo Mu No’

‘Momfa Obu Mma Wɔn A Wɔyɛ Adwumaden Wɔ Mo Mu No’

“Momfa obu mma wɔn a wɔyɛ adwumaden wɔ mo mu na wodi mo anim wɔ Awurade mu na wotu mo fo no.”—1 TES. 5:12.

1, 2. (a) Bere a Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan kɔmaa Tesalonika asafo no, na tebea bɛn na asafo no wom? (b) Dɛn na Paulo hyɛɛ Tesalonikafo no nkuran sɛ wɔnyɛ?

FA NO sɛ na wowɔ Tesalonika asafo a na ɛwɔ afeha a edi kan no mu. Ná saa asafo no ka asafo ahorow a wodii kan hyehyɛe wɔ Europa no ho. Ná ɔsomafo Paulo agye bere pii de ahyɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no den. Ɛbɛyɛ sɛ na wapaw mpanyimfo sɛ wonni asafo no anim, sɛnea na wɔayɛ wɔ asafo afoforo mu no. (Aso. 14:23) Nanso bere a wɔhyehyɛɛ asafo no wiei no, Yudafo boaboaa basabasayɛfo bi ano sɛ wɔmpam Paulo ne Silas mfi kurow no mu. Ɛbɛyɛ sɛ Kristofo a wɔkaa kurow no mu no tee nka sɛ wonni ɔboafo biara, na ebi mpo a, ehu kaa wɔn.

2 Bere a Paulo fii Tesalonika no, ɛnyɛ dɛn ara odwen asafo a na wɔahyehyɛ no fororo wɔ hɔ no ho. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsan akɔ hɔ, nanso “Satan twitwaree” n’anan mu. Enti ɔsomaa Timoteo sɛ ɔnkɔhyɛ asafo no den. (1 Tes. 2:18; 3:2) Bere a Timoteo de amanneɛbɔ pa fii hɔ kɔmaa Paulo no, ɛhyɛɛ no nkuran ma ɔkyerɛw krataa kɔmaa Tesalonikafo no. Nsɛm a Paulo kyerɛw wɔ ne krataa no mu bi ne nkuran a ɔhyɛɛ wɔn sɛ ‘wɔmfa obu mma wɔn a wodi wɔn anim no.’—Monkenkan 1 Tesalonikafo 5:12, 13.

3. Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no de nidi soronko ma mpanyimfo no?

3 Ná anuanom a wodi Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no anim no nni osuahu pii te sɛ nea na Paulo ne wɔn a na ɔne wɔn tutu akwan no wɔ no; saa ara nso na na wɔbaa Kristofo asafo no mu nkyɛe sɛnea na mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem no akyɛ no. Ɛnyɛ nwonwa, efisɛ bere a wɔhyehyɛɛ saa asafo no, na ennii afe biako mpo! Nanso, na asafo no mufo wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ mpanyimfo a na ‘wɔreyɛ adwumaden’ na ‘wɔredi’ asafo no “anim” na ‘wɔretu anuanom fo’ no ho anisɔ. Nokwarem no, na wɔwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ ‘wɔde nidi soronko ma mpanyimfo no wɔ ɔdɔ mu.’ Bere a Paulo kaa saa asɛm yi wiei no, ɔde afotu yi toaa so sɛ “mo ne mo ho mo ho ntena asomdwoe mu.” Sɛ na wowɔ Tesalonika a, so anka wubenya anisɔ kɛse ama adwuma a mpanyimfo no yɛ no? Wubu ‘nnipa a wɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ a Onyankopɔn nam Kristo so de wɔn ama w’asafo no dɛn?—Efe. 4:8.

“Wɔyɛ Adwumaden”

4, 5. Dɛn nti na na ɛyɛ adwumaden ma mpanyimfo a na wɔwɔ Paulo bere so no sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ asafo no, na dɛn nti na ɛte saa ara nnɛ?

4 Bere a wɔsomaa Paulo ne Silas kɔɔ Beroia akyi no, ɔkwan bɛn so na na mpanyimfo a wɔwɔ Tesalonika no ‘reyɛ adwumaden’? Akyinnye biara nni ho sɛ, mpanyimfo a na wɔwɔ hɔ no suasuaa Paulo de Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ asafo no. Ebia wubebisa sɛ, ‘So na Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no ani sɔ Onyankopɔn Asɛm no?’ Anyɛ yiye koraa no, Bible ka sɛ na Beroiafo no “wɔ adwempa sen wɔn a wɔwɔ Tesalonika no, . . . na da biara na wɔhwehwɛ Kyerɛwnsɛm no mu yiye.” (Aso. 17:11) Nanso, ɛnyɛ Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no na wɔde Beroiafo no totoo wɔn ho, na mmom, wɔde wɔn totoo Yudafo a na wɔwɔ Tesalonika no nyinaa ho. Wɔn a wɔbɛyɛɛ gyidifo no ‘annye Onyankopɔn asɛm no sɛ nnipa asɛm, na mmom sɛ Onyankopɔn asɛm.’ (1 Tes. 2:13) Ɛbɛyɛ sɛ mpanyimfo no yɛɛ adwumaden de Yehowa asɛm kyerɛkyerɛɛ saafo no.

5 Ɛnnɛ, akoa nokwafo ne ɔbadwemma no rema Onyankopɔn nguankuw “aduan bere a ɛsɛ mu.” (Mat. 24:45) Asafo mu mpanyimfo yɛ adwumaden wɔ akoa no akwankyerɛ ase de ma wɔn nuanom honhom fam aduan. Asafo no mufo betumi anya Bible ho nhoma pii, na yɛwɔ nhoma te sɛ Watch Tower Publications Index ne Watchtower Library wɔ CD-ROM so wɔ kasa ahorow bi mu. Nea ɛbɛyɛ na mpanyimfo no atumi de Onyankopɔn asɛm akyerɛkyerɛ asafo no yiye no, wɔde nnɔnhwerew pii sua dwumadi a wɔbɛyɛ wɔ asafo nhyiam ase no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ no yiye. So woasusuw bere pii a mpanyimfo no de sua dwumadi a wɔde ma wɔn wɔ asafo nhyiam, amansin, ne amantam nhyiam ase no ho pɛn?

6, 7. (a) Dɛn na mpanyimfo a na wɔwɔ Tesalonika no sua fii Paulo hɔ? (b) Dɛn nti na ebetumi ayɛ den ama mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ sɛ wobesuasua Paulo?

6 Mpanyimfo a na wɔwɔ Tesalonika no kaee nhwɛso pa a Paulo yɛe de yɛn nguankuw no. Ná ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ Paulo srasra nguankuw no hyɛ wɔn den nti ara na na ɔyɛ, na mmom ɔdɔ na ɛma ɔyɛɛ saa. Sɛnea yesusuw ho wɔ adesua a edi eyi anim mu no, Paulo ‘yɛɛ wɔn brɛbrɛ sɛnea ɔbaatan ma n’ani kũ n’ankasa mma ho no.’ (Monkenkan 1 Tesalonikafo 2:7, 8.) Ná ɔpɛ mpo sɛ ɔde ‘n’ankasa kra bɛma wɔn’! Sɛ na mpanyimfo no resrasra nguan no ahyɛ wɔn den a, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ no sɛnea Paulo yɛe no.

7 Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ a wɔyɛ ahwɛfo no hwɛ nguankuw no so yiye sɛnea Paulo yɛe no. Nguan no bi wɔ hɔ a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔne afoforo bɛbɔ na wɔne wɔn afa nnamfo. Sɛnea wɔte biara no, mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛda nhumu adi na wɔahwehwɛ adepa a ɛwɔ wɔn ho. Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ mpanyimfo no nyɛ pɛ nti, ebetumi ayɛ den ama ɔpanyin bi sɛ obenya obiara ho adwempa. Nanso, bere a ɔreyɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔbɛyɛ nnipa nyinaa brɛbrɛ no, so ɛnsɛ sɛ yɛkamfo no wɔ mmɔden a ɔrebɔ sɛ ɔbɛyɛ oguanhwɛfo pa wɔ Kristo akwankyerɛ ase no ho?

8, 9. Akwan a mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ fa so ‘hwɛ yɛn kra so’ no bi ne dɛn?

8 Yɛn nyinaa wɔ nea enti a ɛsɛ sɛ ‘yɛbrɛ yɛn ho ase’ ma mpanyimfo no. Sɛnea Paulo kyerɛwee no, mpanyimfo no ‘na wɔhwɛ yɛn kra so.’ (Heb. 13:17) Saa asɛm no ma yɛkae obi a ɔhwɛ nguan ankasa so a ɔde ne nna bɔ afɔre de bɔ ne nguan ho ban. Saa ara na ɛnnɛ nso mpanyimfo no tumi de wɔn nna bɔ afɔre de srasra wɔn a wɔyare, wɔn a wɔahaw, anaa wɔn a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔde Bible mu nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma no. Sɛ nhwɛso no, wɔanyan anuanom a wɔyɛ Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw mufo afi nna mu ma wɔakɔboa wɔn a wɔyare. Nanso, sɛ yɛkɔ tebea a ɛte saa mu a, hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ mmoa a wɔde ma yɛn no!

9 Mpanyimfo a wɔka Ɔmantam Adansi Boayikuw ne atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo boayikuw ho no yɛ adwumaden be boa wɔn nuanom. Ɛfata sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu boa wɔn! Susuw mmoa a atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo de mae bere a ahum kɛse bi a wɔtoo din Cyclone Nargis sɛee nneɛma wɔ Myanmar wɔ afe 2008 mu no ho hwɛ. Nea ɛbɛyɛ na aboafo no adu Bothingone Asafo a ɛwɔ Irrawaddy Delta mantam a na ahum no asɛe ade kɛse paa wɔ hɔ no, wɔfaa baabi a na nneɛma pii asɛe wɔ hɔ a na afunu gugu hɔ pii na ɛkɔe. Bere a anuanom a wɔwɔ hɔ no huu aboafo a wodii kan duu hɔ na wohui sɛ ɔmansin sohwɛfo a na anka ɔsom wɔn no ka wɔn ho no, wɔteɛɛm sɛ: “Monhwɛ! Ɛyɛ yɛn mansin sohwɛfo no a! Yehowa agye yɛn!” So w’ani sɔ adwumaden a mpanyimfo no yɛ awia ne anadwo no? Wɔpaw mpanyimfo binom sɛ asɛnni boayikuw titiriw ma wodi nsɛm a ɛyɛ den. Saa mpanyimfo yi mmfa nea wotumi yɛ no nhoahoa wɔn ho; nanso wɔn a wonya nnwuma a wɔyɛ so mfaso no ani sɔ ankasa.—Mat. 6:2-4.

10. Nnwuma bɛn na mpanyimfo no yɛ a yɛntaa nhu?

10 Asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ hɔ nnɛ pii yɛ nkrataa ho adwuma nso wɔ asafo no mu. Sɛ nhwɛso no, mpanyimfo ntam nkitahodifo no hyehyɛ dwumadi a wɔyɛ no dapɛn biara wɔ asafo nhyiam ase. Asafo mu ɔkyerɛwfo no hyehyɛ ɔsram biara asɛnka akontaabu ne afe afe de no. Sukuu sohwɛfo no susuw sukuu dwumadi a ɔhyehyɛ ma anuanom no ho yiye. Asram abiɛsa biara wɔhwehwɛ asafo no sikasɛm mu. Mpanyimfo no kenkan nkrataa a baa dwumadibea no de brɛ wɔn no, na wɔde akwankyerɛ a ɛboa ma asafo no kɔ so ‘yɛ biako wɔ gyidi mu’ no yɛ adwuma. (Efe. 4:3, 13) Nnwuma a mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden saa yɛ no boa ma ‘biribiara kɔ so fɛfɛɛfɛ a nhyehyɛe da ho.’—1 Kor. 14:40.

“Wodi Mo Anim”

11, 12. Henanom na wodi asafo no anim, na ɛno hwehwɛ sɛ wɔyɛ dɛn?

11 Paulo kaa mpanyimfo a na wɔwɔ Tesalonika a na wɔyɛ adwumaden no ho asɛm sɛ “wodi” asafo no “anim.” Wɔ kasa a wodii kan de kyerɛw Bible mu no, nea asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘wodi anim’ no kyerɛ ne “gyina anim,” na wobetumi akyerɛ ase sɛ “kyerɛ kwan” nso. (1 Tes. 5:12) Paulo kaa mpanyimfo koro no ara ho asɛm sɛ “wɔyɛ adwumaden.” Ná ɛnyɛ ɔpanyin biako bi a odi asafo no anim ho asɛm na na Paulo reka, na mmom na ɔreka mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu nyinaa ho asɛm. Ɛnnɛ, mpanyimfo dodow no ara gyina asafo no anim kyerɛkyerɛ wɔ asafo nhyiam ase. Nsakrae a wɔyɛe nnansa yi sɛ yɛmfa asɛm “mpanyimfo ntam nkitahodifo” na enni dwuma no boa yɛn ma yebu mpanyimfo no nyinaa sɛ wɔyɛ kuw biako.

12 Asafo no ‘anim a wodi’ no hwehwɛ sɛ wɔyɛ nneɛma pii sen kyerɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ kɛkɛ. Asɛm a wɔde dii dwuma wɔ 1 Timoteo 3:4 no wɔ ntease koro no ara. Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ obi a “odi n’ankasa fie so yiye, [na] ne mma brɛ wɔn ho ase ma no wɔ nidi nyinaa mu.” Ɛda adi sɛ asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha sɛ ‘di so’ no mmfa kyerɛ a ɔkyerɛkyerɛ ne mma ho nko, na mmom ɛfa di a odi n’abusua anim, ne ‘brɛ a ne mma brɛ wɔn ho ase ma no’ nso ho. Nokwarem no, mpanyimfo no di asafo no anim, na wɔboa wɔn nyinaa ma wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ Yehowa ase.—1 Tim. 3:5.

13. Dɛn nti na ebetumi agye bere ansa na mpanyimfo no atumi asi gyinae wɔ wɔn nhyiam ase?

13 Nea ɛbɛyɛ na mpanyimfo no adi nguankuw no anim yiye no, wɔbom susuw nea asafo no hia ne ɔkwampa a wɔbɛfa so aboa wɔn no ho. Sɛ ɔpanyin biako na osisi gyinae no nyinaa a, ɛte sɛ nea nneɛma betumi akɔ so yiye. Nanso, mpanyimfo akuw a wɔwɔ hɔ nnɛ no suasua nhwɛso a sodikuw a na ɛwɔ afeha edi kan no mu yɛe no, na wosusuw nsɛm ho ma obiara kyerɛ n’adwene, na wɔhwehwɛ akwankyerɛ fi Kyerɛwnsɛm no mu. Mpanyimfo no botae ne sɛ wɔde Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm bɛyɛ adwuma de adi nea wɔn asafo no hia ho dwuma. Sɛ ɔpanyin biara di kan yɛ nsɛm a wobesusuw ho wɔ mpanyimfo nhyiam ase ho nhwehwɛmu, na osusuw Kyerɛwnsɛm no ne akwankyerɛ a akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no de ama ho ansa na wɔakɔ a, ɛma nhyiam no tu mpɔn yiye. Nokwasɛm ne sɛ, saa a wɔbɛyɛ no gye bere. Sɛ wɔn adwene nhyia wɔ asɛm bi ho te sɛ nea ɛbae bere a na sodikuw a ɛwɔ afeha a edi kan no mu resusuw twetiatwa ho no a, ebia ɛho behia sɛ wogye bere pii de yɛ nhwehwɛmu foforo na ama wɔn nyinaa asi gyinae a egyina Kyerɛwnsɛm no so.—Aso. 15:2, 6, 7, 12-14, 28.

14. So w’ani sɔ sɛ mpanyimfo kuw no bom yɛ adwuma wɔ biakoyɛ mu? Dɛn nti na w’ani sɔ sɛ wɔyɛ saa?

14 Sɛ ɔpanyin biako ka no denneennen sɛ wɔmfa nea ɔno aka anaasɛ ɔde ne nsusuwii hyɛ afoforo so a, dɛn na ebetumi afi mu aba? Anaasɛ sɛ obi yɛ n’ade te sɛ Diotrefe a ɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu na ɔde mpaapaemu ba nso ɛ? (3 Yoh. 9, 10) Akyinnye biara nni ho sɛ ɛde ɔhaw bɛba asafo mũ no nyinaa so. Sɛ Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe asafo a na ɛwɔ afeha a edi kan no mu no a, yebetumi agye adi paa sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛsɛe asomdwoe a ɛwɔ asafo no mu nnɛ nso. Obetumi akanyan pɛsɛmenkominya a ɛwɔ nnipa mu a ɛma yɛn ani gye ho sɛ yebegye din no de asum yɛn afiri. Enti, ehia sɛ mpanyimfo no sua ahobrɛase, na ama wɔatumi abom ayɛ adwuma sɛ kuw biako. Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ mpanyimfo a wɔde ahobrɛase bom yɛ adwuma sɛ kuw biako no!

“Wotu Mo Fo”

15. Sɛ mpanyimfo no retu onua anaa onuawa bi fo a, adwene bɛn na wɔde yɛ saa?

15 Afei, Paulo sii adwuma bi a ɛyɛ den nanso ɛho hia a mpanyimfo no yɛ so dua: ɛno ne nguankuw no a wotu wɔn fo no. Paulo nkutoo na ɔde Hela asɛm a ɛne ‘wotu fo’ no yɛɛ adwuma wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Ebetumi akyerɛ afotu a emu yɛ den a wɔde ma obi, nanso ɛnkyerɛ afotu a wɔde ma wɔ ɔtan so. (Aso. 20:31; 2 Tes. 3:15) Sɛ nhwɛso no, Paulo kyerɛw Korintofo no sɛ: “Merenkyerɛw nsɛm yi mmɛhyɛ mo aniwu, na mmom mede rebetu mo fo sɛ me mma adɔfo.” (1 Kor. 4:14) Ɔdɔ a na ɔwɔ ma afoforo nti na ɛma ɔde saa afotu no maa wɔn.

16. Sɛ mpanyimfo no retu afoforo fo a, dɛn na ɛsɛ sɛ wɔma ɛtena wɔn adwenem?

16 Mpanyimfo no ma ɛtena wɔn adwenem sɛ ɔkwan a wɔfa so tu afoforo fo no ho hia. Sɛ wɔretu fo a, wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua Paulo, na wɔda ayamye ne ɔdɔ adi, na wɔma wɔn a wɔretu wɔn fo no hu sɛ wɔpɛ sɛ wɔboa wɔn. (Monkenkan 1 Tesalonikafo 2:11, 12.) Nokwarem no, mpanyimfo no ‘gyina nokwasɛm no so pintinn, na ama wɔatumi de nkyerɛkyerɛ pa no atu fo.’—Tito 1:5-9.

17, 18. Sɛ ɔpanyin bi tu wo fo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woma ɛtena w’adwenem?

17 Nokwarem no, mpanyimfo no nyɛ pɛ, na wobetumi aka asɛm bi a sɛ wonyae a anka wɔanka. (1 Ahe. 8:46; Yak. 3:8) Bio nso, mpanyimfo no nim sɛ mpɛn pii no, ɛnyɛ wɔn nuanom mmarima ne mmea “anigye” sɛ wobegye afotu atom, na ‘mmom ɛma wɔn werɛ how.’ (Heb. 12:11) Enti sɛ ɔpanyin bi rekotu obi fo a, ɛda adi sɛ osusuw asɛm no ho yiye bɔ ho mpae ansa na wayɛ saa. Sɛ ɔpanyin bi atu wo fo a, so wokyerɛ ɔdɔ a ɔwɔ ma wo no ho anisɔ?

18 Fa no sɛ na yare bi a wuntumi nhu ne yareban rehaw wo. Ɛnna oduruyɛfo bi huu yare kõ no, nanso na ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye nea ɔyɛɛ nhwehwɛmu hui no atom. So wobɛma wo bo afuw oduruyɛfo no? Dabida! Sɛ ɔka sɛ wɔnyɛ wo oprehyɛn mpo a, ɛda adi sɛ wubegye atom, efisɛ wunim sɛ ɛbɛboa wo. Ebia ɔkwan a oduruyɛfo no faa so de asɛm no too w’anim no haw wo de, nanso so ɛno na wubegyina so asi gyinae? Ɛda adi sɛ worenyɛ saa. Saa ara nso na sɛ wɔn a ebia Yehowa ne Yesu nam wɔn so reboa wo ma woahu ɔkwan a wubetumi afa so anya nkɔso wɔ nokware no mu anaa ama woabɔ abusuabɔ a wo ne Yehowa wɔ ho ban no retu wo fo a, ɛnsɛ sɛ woma ɔkwan a wɔfa so tu wo fo no ma woyɛ w’adwene sɛ worentie wɔn.

Kyerɛ Mpanyimfo a Yehowa De Wɔn Ama Yɛn no Ho Anisɔ

19, 20. Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ ‘nnipa a wɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ no?

19 Sɛ wo nsa ka akyɛde bi a wɔahyɛ da ayɛ ama wo a, dɛn na wobɛyɛ? So wode bedi dwuma de akyerɛ sɛ w’ani sɔ? ‘Nnipa a wɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ no na Yehowa nam Yesu Kristo so de wɔn ama wo. Ade biako a wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ saa akyɛde yi ne sɛ, sɛ mpanyimfo no rema ɔkasa a, wubetie no yiye na woabɔ mmɔden de nsɛm a wɔka no ayɛ adwuma. Wubetumi ama mmuae a ɛtɔ asom wɔ asafo nhyiam ahorow ase nso de akyerɛ sɛ w’ani sɔ akyɛde no. Boa adwuma a mpanyimfo no di anim te sɛ asɛnka adwuma no. Sɛ ɔpanyin bi atu wo fo ma aboa wo a, dɛn nti na wonka ho asɛm nkyerɛ no? Bio nso, dɛn nti na wonkyerɛ mpanyimfo no mmusua ho anisɔ? Kae sɛ sɛ ɔpanyin bi betumi ayɛ adwumaden de aboa asafo no a, na n’abusua de bere a ɛsɛ sɛ onya ma wɔn no rebɔ afɔre.

20 Nokwarem no, yɛwɔ nea enti paa a ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ mpanyimfo a wɔyɛ adwumaden wɔ yɛn mu, wodi yɛn anim, na wotu yɛn fo no ho anisɔ. Nokwasɛm ne sɛ, ‘nnipa a wɔde wɔn ama sɛ akyɛde’ yi yɛ nsiesiei a ɔdɔ wom a Yehowa ayɛ ama yɛn ampa!

So Wokae?

• Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Tesalonika no kyerɛ mpanyimfo a na wodi wɔn anim no ho anisɔ?

• Adwumaden bɛn na mpanyimfo a wɔwɔ w’asafo mu yɛ ma wo?

• Mfaso bɛn na wunya fi mpanyimfo a wodi mo anim no hɔ?

• Sɛ ɔpanyin bi tu wo fo a, dɛn na ɛsɛ sɛ woma ɛtena w’adwenem?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 27]

So w’ani sɔ akwan pii a mpanyimfo no fa so hwɛ asafo no so no?