Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ma Ensi Wo Yiye’​—Ɔkwan Bɛn So?

‘Ma Ensi Wo Yiye’​—Ɔkwan Bɛn So?

‘Ma Ensi Wo Yiye’​—Ɔkwan Bɛn So?

“YIYEDI”—ɛyɛ asɛmfua a ɛtwe adwene! Ebinom anya nkɔanim wɔ adwuma mu ma asi wɔn yiye paa ma wɔayɛ adefo, na wɔagye din nso. Afoforo nso ahwɛ kwan sɛ ebesi wɔn yiye, nanso wɔn nsa asi fam koraa.

Sɛ ebesi wo yiye a, egyina nea wode w’ani si so wɔ asetena mu no so kɛse. Nneɛma foforo abien a ɛho hia ne sɛnea wode wo bere ne w’ahoɔden di dwuma, ne sɛ ebia w’ankasa wudi kan tu nneɛma ho anammɔn.

Kristofo pii ahu sɛ sɛ wɔyɛ nea wobetumi nyinaa wɔ asɛnka adwuma no mu a, ɛma wonya akomatɔyam kɛse. Bere nyinaa som adwuma no a mmofra ne mpanyin nyinaa de ayɛ wɔn adwuma no aboa wɔn ma asi wɔn yiye. Nanso, ebia ebinom bɛte nka sɛ asɛnka adwuma no nyɛ anigye ma enti wɔbɛyɛ nneɛma foforo wɔ wɔn asetena mu ma asɛnka adwuma no abɛyɛ nea ɛho nhia wɔn ahe biara. Dɛn na ebetumi ama aba saa? Dɛn na wubetumi ayɛ na amma woammu w’ani angu nneɛma a ɛho hia ankasa no so? Dɛn na wubetumi ayɛ na ama ‘asi wo yiye’?—Yos. 1:8.

Dwumadi Afoforo ne Nneɛma a Wode Gyigye W’ani

Ɛho hia sɛ Kristofo a wɔyɛ mmabun kari pɛ bere nyinaa wɔ nokware Nyankopɔn no a wɔbɛsom no ne wɔn ho a wɔde bɛhyɛ dwumadi afoforo mu no ho. Ebesi wɔn a wɔyɛ saa no yiye wɔ asetena mu, na wɔfata nkamfo paa.

Nanso, Kristofo a wɔyɛ mmabun binom de wɔn ho hyɛ dwumadi afoforo ne nneɛma a wɔde gyigye wɔn ani mu dodo. Ebetumi aba sɛ mfomso biara nni ho. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ mmabun bisa wɔn ho sɛ: ‘Me bere dodow ahe na saa nneɛma no betumi agye? Fekuw a ɛbɛma mabɔ nso ɛ? Suban bɛn na sɛ mede me ho hyɛ saa nneɛma no mu a, ɛbɛma manya? Dɛn na ebetumi abɛyɛ ade a mede m’ani si so wɔ m’asetena mu?’ Ebia, wuhu sɛ nneɛma a ɛte saa betumi agye obi adwene araa ma bere anaa ahoɔden ketewaa bi na ɛbɛka ma ɔde ayɛ nneɛma a ɛbɛma ɔne Onyankopɔn ntam akɔ so ayɛ papa. Ɛnde, wubetumi ahu nea enti a mfaso wɔ so sɛ wode nneɛma a ɛho hia paa sisi w’ani so no.—Efe. 5:15-17.

Susuw Wiktor * asɛm no ho hwɛ. Ɔkae sɛ: “Bere a midii mfe 12 no, mekɔdɔm kuw bi a wɔbɔ vɔlibɔɔl. Bere rekɔ so no, minyaa akyɛde ne abasobɔde pii. Minyaa hokwan sɛ anka megye din wom.” Bere bi akyi no, sɛnea na agoru a Wiktor de ne ho ahyɛ mu yi resɛe ɔne Yehowa ntam no ho asɛm haw no. Da bi, bere a na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛkenkan Bible no, ɔfaa mu dae. Afei nso, ohui sɛ na onnya anigye ahe biara mfi asɛnka adwuma no mu. Wiktor kae sɛ: “Ná agoru a mede me ho ahyɛ mu no ma mebrɛ, na ankyɛ na mihui sɛ nsi a mede som Yehowa no nso ano abrɛ ase. Ná minim sɛ ɛnyɛ nea metumi ayɛ nyinaa na na mereyɛ no.”

So Ɛsɛ sɛ Wusua Nhoma Kɔ Akyiri?

Kyerɛwnsɛm no ka asɛyɛde a Kristoni wɔ sɛ ɔhwɛ n’abusua ho asɛm, na honam fam nneɛma a ɔde bɛma wɔn ka ho. (1 Tim. 5:8) Nanso, so eyi hwehwɛ ankasa sɛ onya kɔlege anaa sukuupɔn abodin krataa?

Ɛbɛyɛ papa sɛ obi besusuw sɛnea nhoma a obesua akɔ akyiri betumi aka abusuabɔ a ɔne Yehowa wɔ no ho. Ma yensusuw nhwɛso bi a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm no mu ho mfa nkyerɛkyerɛ asɛm yi mu.

Ná Baruk yɛ odiyifo Yeremia kyerɛwfo. Eduu bere bi no, sɛ́ anka Baruk de n’adwene besi hokwan ahorow a na ɔwɔ wɔ Yehowa som mu so no, ɔmaa n’ani beree ade mmom. Yehowa huu eyi, na ɔnam Yeremia so bɔɔ no kɔkɔ sɛ: “Nneɛma akɛse na worehwehwɛ. Gyae hwehwɛ.”—Yer. 45:5.

“Nneɛma akɛse” bɛn na Baruk kɔɔ so hwehwɛe? Ebetumi aba sɛ ɛyɛɛ no sɛ onnye din wɔ Yudafo nhyehyɛe no mu. Anaasɛ na nneɛma akɛse a ɔrehwehwɛ no betumi ayɛ wiase ahonyade. Sɛnea ɛte biara no, na wama n’ani afi nneɛma a ɛho hia paa no so, nneɛma a ɛboaa no ma ɔne Yehowa ntam yɛɛ papa no. (Filip. 1:10) Nanso, ɛda adi sɛ Baruk tiee kɔkɔbɔ a Yehowa nam Yeremia so de maa no no, na ɛma onyaa ne kra sɛ asade.—Yer. 43:6.

Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm yi mu? Afotu a wɔde maa Baruk no ma yehu sɛ na bibiri atõtõ. Ná ɔrehwehwɛ nneɛma akɛse afa. Sɛ wowɔ adwuma a woyɛ de hwɛ wo ho a, so ɛho hia ankasa sɛ wosɛe bere, sika, ne ahoɔden de sua nhoma kɔ akyiri sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ nea wopɛ sɛ woyɛ anaa nea w’awofo anaa w’abusuafo foforo pɛ sɛ woyɛ ara nti?

Susuw Grzegorz a ɔhyehyɛ kɔmputa so dwumadi asɛm no ho hwɛ. Ne mfɛfo adwumayɛfo hyɛɛ no nkuran ma osuaa kɔmputa ho ade kɔɔ akyiri sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛben yiye wɔ mu. Ankyɛ koraa na ohui sɛ onni bere biara a ɔde bedi nneɛma a ɛfa Yehowa som ho ho dwuma. Ɔka sɛ: “Ná meyɛ basaa bere nyinaa. M’ahonim haw me efisɛ na mintumi nnu botae a na mede asisi m’ani so wɔ Yehowa som mu no ho.”

Obi Adwuma a Egye N’adwene

Onyankopɔn Asɛm no hyɛ nokware Kristofo nkuran sɛ wɔnyɛ adwumaden na wɔnyɛ adwumayɛfo ne adwumawuranom a wɔyɛ wɔn adwuma yiye. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Biribiara a moreyɛ no, mumfi ɔkra nyinaa mu nyɛ no sɛ moyɛ ma Yehowa na ɛnyɛ nnipa.” (Kol. 3:22, 23) Ɛwom sɛ wɔn a wɔyɛ adwumaden no fata nkamfo de, nanso biribi foforo ho hia—ɛno ne abusuabɔ pa a yɛne yɛn Bɔfo no benya. (Ɔsɛnk. 12:13) Sɛ Kristoni ma honam fam adwuma a ɔyɛ gye n’adwene a, ɛnyɛ den koraa sɛ obetumi abu nneɛma a ɛfa Yehowa som ho sɛ ɛho nhia ahe biara.

Sɛ Kristoni ma honam fam adwuma a ɔyɛ gye n’adwene a, ɛremma ontumi nnya ahoɔden a ɔde bɛyɛ nneɛma a ɛbɛma ɔne Yehowa ntam akɔ so ayɛ papa na waboa n’abusua. Ɔhene Solomon hui sɛ mpɛn pii no, sɛ obi ‘brɛ’ de ne “nsa mã abien” yɛ adwuma a, ɛma odi ‘adehunu akyi.’ Sɛ Kristoni ma honam fam adwuma a ɔyɛ gye n’adwene dodo a, ebetumi agyaw no adwinnwen bere tenten. Adwuma betumi de onipa a ɔte saa ayɛ akoa araa ma wabrɛ atra so. Sɛ ɔyɛ saa a, so obetumi ‘agye n’ani na wahu adepa, ne brɛ nyinaa mu’ ankasa? (Ɔsɛnk. 3:12, 13; 4:6) Nea ɛho hia sen saa no, so obenya ahoɔden ne anigye a ɛfata a ɔde bedi asɛyɛde a ɔwɔ wɔ n’abusua mu ho dwuma ne nea ɔde bɛyɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho?

Janusz a ɔte Europa Apuei fam no maa turo adwuma a ɔyɛ gyee n’adwene. Ɔka sɛ: “Wiase no mu nnipa ani gyee me ho efisɛ na mitumi fi nneɛma foforo ase, na na mitumi wie adwuma biara a wɔde ma me. Nanso, me ne Yehowa ntam sɛee, na migyaee asɛnkakɔ. Ankyɛ na migyaee asafo nhyiam kɔ. Mebɛyɛɛ ahomaso araa ma mamfa afotu a asafo mu mpanyimfo de maa me anyɛ hwee, na metwee me ho fii asafo no ho.”

Wubetumi Ama Asi Wo Yiye wɔ Asetena Mu

Yɛasusuw nneɛma abiɛsa a Kristoni betumi ama agye n’adwene araa ma asɛe ɔne Yehowa ntam ho. So wode wo ho hyɛ eyinom bi mu? Sɛ saa a, nsɛmmisa, kyerɛw nsɛm, ne nsɛm a nkurɔfo aka a edidi so yi betumi aboa wo ma woahu sɛ ebia woreyɛ ade a ɛbɛma asi wo yiye ankasa anaa.

Dwumadi afoforo ne nneɛma a wode gyigye w’ani: Bere dodow ahe na wode yɛ saa nneɛma yi? So saa nneɛma yi regye bere a na anka wode yɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho no? So wuhu sɛ w’ani nnye fekuw a wo ne wo mfɛfo gyidifo nya no ho ahe biara? Sɛ saa na ɛte a, dɛn nti na wunsuasua Ɔhene Dawid a ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Kyerɛ me ɔkwan a memfa so” no?—Dw. 143:8.

Ɔhwɛfo kwantufo bi boaa Wiktor a yɛadi kan aka ne ho asɛm no. Ɔhwɛfo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wode anigye ka vɔlibɔɔl a wode wo ahyɛ mu no ho asɛm dodo.” Wiktor ka sɛ: “Saa asɛm no maa m’ani baa me ho so. Mihui sɛ makɔ akyiri dodo. Ankyɛ na me ne me nnamfo a wɔwɔ wiase a wɔwɔ kuw no mu twaa fekubɔ mu, na mehwehwɛɛ nnamfo wɔ asafo no mu.” Ɛnnɛ, Wiktor de nsi resom Yehowa wɔ n’asafo mu. Ɔde nyansahyɛ ma sɛ: “Bisa wo nnamfo, w’awofo, anaa asafo mu mpanyimfo sɛ ebia wɔahyɛ no nsow sɛ wo sukuu dwumadi ahorow ma wobɛn Yehowa kɛse anaasɛ ɛma wotwe wo ho fi ne ho?”

Dɛn nti na wonka nkyerɛ w’asafo mu mpanyimfo sɛ wopɛ sɛ wunya ɔsom hokwan pii wɔ Onyankopɔn som mu? So wubetumi aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wohia fekubɔ anaa mmoa, sɛ́ ebia wobɛkɔ akodi gua ama wɔn anaa wobɛyɛ nnwuma bi wɔ wɔn fie ama wɔn? Ɛmfa ho mfe a woadi no, wubetumi de wo ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu, na woaka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ nkurɔfo ma wɔn nso anya anigye a wowɔ no bi.

Nhomasua a ɛkɔ akyiri: Yesu bɔɔ kɔkɔ wɔ ‘w’ankasa anuonyam a wobɛhwehwɛ’ ho. (Yoh. 7:18) Ɛmfa ho gyinae biara a wubesi wɔ baabi a wubesua nhoma akodu ho no, so ‘woapɛɛpɛɛ mu ahu nneɛma a ehia koraa no’?—Filip. 1:9, 10.

Grzegorz a ɔhyehyɛ kɔmputa so dwumadi no yɛɛ nsakrae bi wɔ n’asetena mu. Ɔkae sɛ: “Mefaa asafo mu mpanyimfo afotu no aniberesɛm, na meyɛɛ me ho ɔwiɛmfoɔ. Mihui sɛ na ɛho nhia sɛ metoa me nhomasua so. Sɛ na metoa so a, na ɛbɛsɛe me bere ne m’ahoɔden kɛkɛ.” Grzegorz de ne ho hyɛɛ asafo no dwumadi ahorow mu kɛse. Bere bi akyi no, ɔkɔɔ sukuu a seesei wɔfrɛ no Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo no bi. Nokwarem no, ‘ɔtɔɔ bere’ de suaa Onyankopɔn ho ade kɔɔ akyiri.—Efe. 5:16.

Honam fam adwuma: So w’adwuma agye wo bere araa ma woapia nneɛma a ɛfa Yehowa som ho ato nkyɛn? So wunya bere a ɛfata ne w’abusua bɔ nkɔmmɔ? So woretu mpɔn nso wɔ sɛnea woyɛ dwumadi ahorow a wɔde ma wo wɔ asafo no mu no? So wo ne afoforo bɔ nkɔmmɔ a ɛhyɛ den? “Suro nokware Nyankopɔn no na di ne mmara nsɛm so,” na Yehowa behyira wo pii na ‘woahu adepa wɔ wo brɛ mu.’—Ɔsɛnk. 2:24; 12:13.

Turo adwuma a na Janusz a yɛaka ne ho asɛm dedaw no yɛ no ankɔ yiye amma no; ne nsa sii fam mmom. Esiane sɛ na onnya sika biara mfi adwuma no mu, na ɔbɔɔ ka kɛse nso nti, ɔhwehwɛɛ Yehowa akyi kwan. Janusz siesiee n’akwan, na seesei ɔyɛ daa kwampaefo ne asafo mu panyin. Ɔka sɛ: “Sɛ minya asetena mu nneɛma a ehia na bere koro no ara meyɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho a, minya asomdwoe ne akomatɔyam.”—Filip. 4:6, 7.

Gye bere kakra na fi wo komam hwehwɛ nea enti a woyɛ nneɛma bi ne nneɛma a ɛho hia wo paa no mu. Sɛ wosom Yehowa a, ebesi wo yiye daa. Ma Yehowa a wobɛsom no no nyɛ ade titiriw wɔ w’asetena mu.

Ebia ɛho behia sɛ woyɛ nsakrae bi, na mpo wugyae nneɛma bi a ɛho nhia a woyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛsɔ ahwɛ ahu “Onyankopɔn pɛ a eye na ɛsɔ ani na edi mũ” no. (Rom. 12:2) Nanso, sɛ wufi wo kra nyinaa mu som Onyankopɔn a, wubetumi ‘ama asi wo yiye.’

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Wɔasesa edin ahorow no bi.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 31]

Dɛn na Wubetumi Ayɛ Ma Asi Wo Yiye?

Esiane sɛ nneɛma pii betumi agye w’adwene nti, dɛn na wubetumi ayɛ na amma woammu w’ani angu ade a ɛho hia ankasa so? Gye bere kakra na fi wo komam hwehwɛ nea enti a woyɛ nneɛma bi ne nneɛma a ɛho hia wo paa mu denam nsɛmmisa a edidi so yi a wubesusuw ho no so:

DWUMADI AFOFORO NE NNEƐMA A WODE GYIGYE W’ANI

▪ Suban bɛn na sɛ wode wo ho hyɛ saa nneɛma no mu a, ɛbɛma woanya?

▪ Me bere dodow ahe na saa nneɛma yi gye?

▪ So eyinom betumi abɛyɛ ade a wode w’ani si so wɔ w’asetena mu?

▪ So saa nneɛma yi regye bere a na anka wode yɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho no?

▪ Fekuw a ɛbɛma woabɔ nso ɛ?

▪ So w’ani gye saa fekubɔ yi ho kɛse sen wo mfɛfo gyidifo a wo ne wɔn bɛbɔ no?

NHOMASUA A ƐKƆ AKYIRI

▪ Sɛ wowɔ adwuma a woyɛ de hwɛ wo ho a, so ɛho hia ankasa sɛ wosɛe bere, sika, ne ahoɔden de sua nhoma kɔ akyiri?

▪ So ɛho hia ankasa sɛ wunya kɔlege anaa sukuupɔn abodin krataa ansa na woatumi ahwɛ wo ho?

▪ Ɛbɛka asafo nhyiam a wokɔ dɛn?

▪ So ‘woapɛɛpɛɛ mu ahu nneɛma a ehia koraa no’?

▪ So ɛho hia sɛ wohyɛ ahotoso a wowɔ sɛ Yehowa betumi ahwɛ wo no mu den?

ADWUMA

▪ So adwuma a woyɛ ma ‘w’ani gye, na wuhu adepa wɔ wo brɛ nyinaa mu’?

▪ So wowɔ ahoɔden ne anigye a ɛfata a wode bedi asɛyɛde a wowɔ wɔ w’abusua mu ho dwuma ne nea wode bɛyɛ nneɛma a ɛfa Yehowa som ho?

▪ So wunya bere a ɛfata ne w’abusua bɔ nkɔmmɔ?

▪ So woama adwuma agye w’adwene araa ma woapia nneɛma a ɛfa Yehowa som ho ato nkyɛn?

▪ So aka sɛnea woyɛ wo dwumadi ahorow?

[Mfonini wɔ kratafa 30]

Yehowa bɔɔ Baruk kɔkɔ wɔ n’ani a ɔma ɛberee ade ho