Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

ƐYƐƐ dɛn na ɔbea bi a wadi bɛyɛ mfe 60 gyae abosonsom? Dɛn na ɛkaa Shinto sɔfo bi ma ogyae adwuma a na ɔyɛ wɔ Shinto asɔredan mu ma ɔbɛyɛɛ Kristoni? Ɛyɛɛ dɛn na ɔbea bi a wɔde no maa abagye wɔ ne mmofraase no tumi gyinaa sɛnea na ɔte nka sɛ obiara apo no no ano? Susuw nea saa nnipa yi kae no ho hwɛ.

“Mensom Abosom Bio.”​—ABA DANSOU

AFE A WƆWOO NO: 1938

ƆMAN A OFI MU: BENIN

SƐNEA NA ƆTE: NÁ ƆYƐ ƆBOSONSOMFO

ME KAN ASETENA: Wɔtetee me wɔ So-Tchahoué, akuraa bi a ɛda ɔwora mu a ɛbɛn ɔtare bi mu. Wɔn a wɔtete akuraa no ase no bi yi mpataa, na afoforo nso yɛn mmoa te sɛ anantwi, nguan, mpɔnkye, mprako, ne ntakraboa. Wonni karkwan wɔ hɔ, enti nnipa a wɔwɔ hɔ no de ahyɛmma ne akorow na edi akɔneaba. Ɛwom sɛ ebinom to ntayaa de si wɔn dan de, nanso wɔn mu dodow no ara de nnua ne sare na esi wɔn adan. Nnipa a wɔwɔ hɔ no mu pii yɛ ahiafo. Nanso, nsɛmmɔnedi nni hɔ te sɛ kurow akɛse mu.

Bere a meyɛ abofra no, me papa de me ne me nuabea kɔɔ abosomfie na wɔde yɛn kɔhyɛɛ abosonsom mu. Nanso bere a minyinii no, mepaw Yorubafo bosom bi a wɔfrɛ no Dudua (Oduduwa) sɛ me nyame. Misii dan maa saa nyame yi, na na metaa de bayerɛ, ngo, nwaw, nkokɔ, aborɔnoma, ne mmoa afoforo bɔ afɔre ma bosom yi. Nneɛma a na mede bɔ afɔre yi bo yɛ den, na mpɛn pii no na edi me sika nyinaa.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Bere a mifii ase suaa Bible no, mibehui sɛ Yehowa nkutoo ne nokware Nyankopɔn. Mihui nso sɛ, n’ani nnye ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu no ho. (Exodus 20:4, 5; 1 Korintofo 10:14) Mihuu nea na ɛsɛ sɛ meyɛ. Enti metoo m’ahoni nyinaa gui, na miyii abosonsom ho nneɛma nyinaa fii me fie. Migyaee adebisa, na m’amfa me ho anhyɛ amanne ahorow ne ayiyɛ mu bio.

Sɛ́ ɔbea a na mewɔ me mfe 60 mu no, na ɛnyɛ mmerɛw koraa sɛ mɛyɛ nsakrae ahorow yi. Me nnamfonom, m’abusuafo, ne m’afipamfo sɔre tiaa me na wɔserew me. Nanso mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma me ahoɔden a mede bɛyɛ nea ɛteɛ. Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 18:10 yi kyekyee me werɛ. Ɛka sɛ: “Abannennen ne Yehowa din. Emu na ɔtreneeni guan kɔ, na onya ahobammɔ.”

Ade foforo a ɛboaa me ne Yehowa Adansefo nhyiam a na mekɔ. Ɛhɔ na mihuu sɛnea Kristofo dɔ te, na m’ani gyei efisɛ saa nkurɔfo yi bɔ mmɔden sɛ wɔde Bible mu gyinapɛn a ɛkorɔn no bɛbɔ wɔn bra. Nea mihui no ma mibegye dii sɛ Yehowa Adansefo som na ɛyɛ nokware som.

SƐNEA ABOA ME: Bible mu nnyinasosɛm a mede di dwuma no aboa ma me ne me mma anya abusuabɔ pa. Afei nso mete nka sɛ wɔayi adesoa bi afi me so. Kan no, na mesɛe me sika wɔ ahoni a nkwa nnim a wontumi mmoa me ɔkwan biara so no ho. Seesei de, mesom Yehowa a ɔma yenya yɛn haw nyinaa ano aduru prɛko no. (Adiyisɛm 21:3, 4) M’ani agye paa sɛ mensom abosom bio, na mmom mesom Yehowa! Ɔno na wama manya guankɔbea ne ahobammɔ ankasa.

“Mifi Me Mmofraase Ahwehwɛ Onyankopɔn.”​—SHINJI SATO

AFE A WƆWOO NO: 1951

ƆMAN A OFI MU: JAPAN

SƐNEA NA ƆTE: SHINTO SƆFO

ME KAN ASETENA: Wɔtetee me wɔ kuro ketewa bi mu wɔ Fukuoka Mantam mu. Ná m’awofo ani gye nyamesom ho paa; wɔtetee me fi me mmofraase sɛnea ɛbɛyɛ a medi Shinto anyame no ni. Sɛ́ abarimaa no, na metaa dwen me nkwagye ho, na na mewɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mɛboa nnipa a wɔn ho akyere wɔn no. Mekae bere a na mewɔ mfitiase sukuu mu a yɛn kyerɛkyerɛfo no bisaa yɛn nea sɛ yenyin a yɛbɛyɛ ho asɛm no. Ná wɔn a mene wɔn wɔ adesuakuw mu no de botae ahorow asisi wɔn ani so. Ebinom kae sɛ, sɛ wonyin a wɔbɛyɛ nyansahufo. Nanso mekae sɛ, sɛ minyin a mɛsom Onyankopɔn. Wɔn nyinaa serew me.

Bere a miwiee ntoaso sukuu no, mekɔɔ asɔfo sukuu. Bere a mewɔ sukuu mu hɔ no, mihyiaa Shinto sɔfo bi a na ɔde n’ahomegye bere kenkan nhoma bi a akyi yɛ tuntum. Da bi obisaa me sɛ, “Sato, wunim saa nhoma yi?” Ná m’ahu nhoma no akyi, enti mibuae sɛ ɛyɛ “Bible.” Ɔkae sɛ, “Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Shinto sɔfo no kenkan saa nhoma yi bi.”

Ntɛm ara na mekɔtɔɔ Bible. Mede Bible no hyɛɛ baabi a ehia me paa wɔ me nhoma korabea, na mehwɛɛ so yiye. Nanso mannye bere ankenkan, esiane sɛ na adagyew nni sukuu mu hɔ koraa nti. Bere a miwiee sukuu no, mikodii sɔfo wɔ Shinto asɔredan mu. Meyɛ abofra no, ɛno ara ne adwuma a na mepɛ sɛ minyin a meyɛ.

Nanso ankyɛ na mibehui sɛ, ɛnyɛ nea mehwɛɛ kwan sɛ menya sɛ Shinto sɔfo no na minyae. Asɔfo no mu dodow no ara nna ɔdɔ adi, na wonnwen afoforo ho. Ná wɔn mu pii nso nni gyidi. Me mpanyimfo no mu biako mpo ka kyerɛɛ me sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wotena ha de a, ɛnde ɛsɛ sɛ woka nyansapɛ nkutoo ho asɛm. Ɛnsɛ sɛ woka gyidi ho asɛm wɔ ha.”

Nsɛm a ɛte saa no maa anigye a na mewɔ wɔ Shinto som mu no tetew m’ani so. Ɛwom sɛ na meda so ara yɛ adwuma wɔ asɔredan no mu de, nanso mifii ase yɛɛ ɔsom ahorow mu nhwehwɛmu. Nanso, ɛte sɛ nea manhu biribi papa biara wɔ emu biara mu no. Dodow a mehwehwɛɛ nyamesom ahorow mu no, dodow no ara na m’abam bui. Mebɛtee nka sɛ ɔsom biara nyɛ nokware.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Wɔ afe 1988 mu no, mihyiaa Buddhani bi a ɔhyɛɛ me nkuran sɛ menkenkan Bible. Ɛma mekaee Shinto sɔfo a mfe bi a atwam no, ɔka kyerɛɛ me sɛ menyɛ adekoro no ara no. Misii gyinae sɛ metie afotu no. Bere a mifii Bible akenkan ase no, ankyɛ koraa na egyee m’adwene. Ɛtɔ bere bi a, na mekenkan Bible anadwo mũ nyinaa kosi anɔpa a mihu sɛ owia apue wɔ me mfɛnsere mu no.

Nea mekenkanee no kaa me ma minyaa ɔpɛ sɛ mɛbɔ Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm no mpae. Mede mpaebɔ ho nhwɛso a ɛwɔ Mateo 6:9-13 no na efii ase. Ná mitĩ mpaebɔ yi mu bɔ no dɔnhwerew abien biara—bere mpo a mereyɛ m’asɔfodwuma wɔ Shinto asɔredan mu no.

Ná mewɔ nea merekenkan no ho nsɛmmisa pii. Ebeduu saa bere yi no na m’aware, na na minim sɛ Yehowa Adansefo kyerɛkyerɛ nkurɔfo Bible, efisɛ na wɔabɛsra me yere pɛn wɔ bere bi a atwam. Mehwehwɛɛ Adansefo no bi, na mibisaa no nsɛm pii. M’ani gyei sɛ ɔde Bible no buaa me nsɛmmisa no mu biara. Ɔyɛɛ nhyehyɛe ma Adansefo no ne me besuaa Bible no.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow. Mfiase no de manhu, nanso akyiri yi mibehui sɛ Adansefo a na me ne wɔn ahyiam yi ara bi na bere bi a atwam no mantew m’anim amma wɔn no. Ne nyinaa akyi no, wogyee me fɛw so, na m’ani gyei.

Wɔ nhyiam a ɛtete saa ase no, mibehui sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ okununom dɔ wɔn yerenom na wodi wɔn abusua mufo ni. Saa bere no nyinaa no na mede m’ani asi m’asɔfodi no so araa ma enti na mabu m’ani agu me yere ne yɛn mma baanu no so. Mibehui sɛ na metaa yɛ aso tie nkurɔfo a wɔba asɔredan mu hɔ bɛsom no, nanso na minyaa bere ntiee me yere asɛm da.

Bere a misuaa ade kɔɔ anim kakra no, mihuu Yehowa ho ade pii na ɛma mebɛn no kɛse. Kyerɛwnsɛm biako a ɛkaa me paa ne Romafo 10:13. Ɛhɔ ka sɛ: “Obiara a ɔbɛbɔ Yehowa din afrɛ no no, wobegye no nkwa.” Mifi me mmofraase na ahwehwɛ Onyankopɔn, na afei de, mahu no!

Afei mebɛtee nka sɛ asɔrefie hɔ mfata me. Mfiase no, nea na nkurɔfo bedwen afa me ho bere a mafi Shinto som mu no na na ɛhaw me. Nanso na bere nyinaa meka kyerɛ me ho sɛ baabiara a mehu nokware Nyankopɔn no, megyae asɔfodi akɔsom no. Enti wɔ osutɔ bere mu wɔ afe 1989 mu no, mitiee m’ahonim na migyaee. Mifii asɔrefie hɔ na mede me ho hyɛɛ Yehowa nsa.

Ná ɛyɛ den ma me sɛ mefi asɔrefie hɔ. Asɔre no mu mpanyimfo kasa tiaa me na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛma maka asɔrefie hɔ. Nanso ade biako a na ɛyɛ den ma me paa ne ɔkwan a mɛfa so aka asɛm no akyerɛ m’awofo. Bere a menam kwan so rekɔ m’awofo fie no, me ho yeraw me araa ma na mete nka sɛ me koko yɛ me yaw, na na me nan nyinaa ahodwow! Migyinaa kwan so mpɛn pii bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma me ahoɔden.

Bere a miduu m’awofo fie no, na ɛyɛ den ma sɛ mɛka asɛm no akyerɛ wɔn. Ɛkyɛe kakra, nanso esiane sɛ mebɔɔ mpae ntoatoaso nti, awiei koraa no, mekyerɛkyerɛɛ biribiara mu kyerɛɛ me papa. Meka kyerɛɛ me papa sɛ m’ahu nokware Nyankopɔn no ma enti mepɛ sɛ migyae Shinto som na mekɔsom No. Me papa ho dwiriw no, na ne werɛ howee nso. M’abusuafo afoforo baa fie hɔ sɛ wɔne me rebɛkasa ma m’asesa m’adwene. Na mempɛ sɛ mɛyɛ ade ma ahaw m’abusuafo, nanso bere koro no ara mu no, na minim sɛ Yehowa a mɛsom no no ne ade a ɛteɛ a ɛsɛ sɛ meyɛ. Bere bi akyi no, m’abusuafo gyee me gyinaesi no toom.

Ɛwom sɛ na menkɔ asɔredan no mu bio de, nanso na ɛsɛ sɛ mesesa m’adwene. Ná meyɛ m’ade nyinaa te sɛ ɔsɔfo ma enti na ɛyɛ den ma me sɛ mɛsesa. Mebɔɔ mmɔden sɛ meyi m’adwene afi Shinto som no so, nanso baabiara a mɛkɔ no, na ɛte sɛ nea mihu biribi a ɛbɛma m’akae me kan asetena no.

Nneɛma abien na ɛboaa me ma medee me ho. Nea edi kan no, metɔɔ me bo ase hwehwɛɛ biribiara a ɛwɔ me fie a ɛne ɔsom a na mewom kan no wɔ abusuabɔ. Mehyew me nhoma, mfonini, ne mpo ɔsom mu nkae ade a ne bo yɛ den no nyinaa. Nea ɛto so abien no, mebɔɔ mmɔden hwehwɛɛ hokwan a ɛbɛma me ne Adansefo no abɔ fekuw. Wɔn fekubɔ ne mmoa a wɔde maa me no boaa me pii. Nkakrankakra, m’adwene fii me kan asetena no so.

SƐNEA ABOA ME: Ná metaa gyaw me yere ne mmofra no hɔ, na na ɛma wɔyɛ ankonam. Nanso bere a mifii ase nyaa bere maa wɔn sɛnea Bible kyerɛkyerɛ okununom sɛ wɔnyɛ no, ɛkaa yɛn boom. Bere bi akyi no, me yere bɛkaa me ho ma yɛsom Yehowa. Seesei yɛne yɛn babarima, yɛn babea, ne ne kunu abom resom wɔ nokware som mu.

Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi na midwen botae a mede sii m’ani so sɛ mɛsom Onyankopɔn na maboa afoforo no ho a, mihu sɛ me nsa aka nea mehwehwɛe nyinaa—na manya ma aboro so mpo. Minhu asɛm a menka mfa nna Yehowa ase.

“Mihui sɛ Aka Biribi.”​—LYNETTE HOUGHTING

AFE A WƆWOO NO: 1958

ƆMAN A OFI MU: SOUTH AFRICA

SƐNEA NA ƆTE: NÁ METE NKA SƐ WƆAPO ME

ME KAN ASETENA: Wɔwoo me wɔ Germiston, kurow bi a wotu fam agude wom nanso ɛhɔfo no nni sika pii na nsɛmmɔnedi nso nnɔɔso wɔ hɔ mu. Esiane sɛ na m’awofo suro sɛ wontumi nhwɛ me nti, wɔde me kɔmae sɛ obi mmegye me sɛ ɔba. Bere a na madi nnafua 14 pɛ no, awarefo bi a wɔdɔ nnipa a akyiri yi mefaa wɔn sɛ me papa ne me maame begyee me sɛ ɔba. Nanso ne nyinaa akyi no, bere a mihuu me ho abakɔsɛm no, metee nka sɛ wɔapo me. Mebɛtee nka sɛ esiane sɛ awarefo yi nyɛ m’awofo ankasa nti, wɔnte me ase.

Bere a midii mfe 16 no, mifii ase pue kɔɔ asanombea ahorow, na ɛhɔ na minyaa nnamfo a na me ne wɔn di asaw san tie nnwom. Midii mfe 17 no, mifii ase nom sigaret. Ná mepɛ sɛ meyɛ ateaa donko te sɛ mmea a na wɔde wɔn bɔ sigaretnom ho dawuru no ara pɛ. Midii mfe 19 no, mekɔyɛɛ adwuma wɔ Johannesburg, na ɛhɔ nso ankyɛ koraa na mede me ho hyɛɛ fekubɔne mu. M’ani baa me ho so no, na meka kasa fĩ, menom sigaret yiye, na sɛ edu dapɛn awiei a, ne menom nsa pii.

Eyi nyinaa akyi no, na me ho yɛ den. Ná meteɛteɛ m’apɔw mu daa, na na mebɔ bɔɔl nso. Ná memfa m’adwuma nni agoru koraa ma enti migyee din yiye wɔ kɔmputa ho. Eyi ma minyaa sika pii ma enti na nkurɔfo bu me. Nanso na minni anigye koraa—metee nka sɛ wɔapo me, na ɔbra ne me anni no yiye. Me komam paa no, mihui sɛ aka biribi.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Bere a mifii ase suaa Bible no, mibehui sɛ Yehowa yɛ ɔdɔ Nyankopɔn. Mihui nso sɛ ɔnam n’Asɛm Bible a ɔde ama yɛn no so ada saa ɔdɔ no adi. Ɛte sɛ nea wakyerɛw krataa a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan abrɛ yɛn. (Yesaia 48:17, 18) Mibehui sɛ, sɛ menya Yehowa akwankyerɛ so mfaso a, ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae pii wɔ m’asetena mu.

Ade biako a na ɛsɛ sɛ meyɛ ho nsakrae paa ne nnipa a me ne wɔn bɔ fekuw. Asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 13:20 no kaa me koma paa. Ɛka sɛ: “Nea ɔne anyansafo nantew no bɛyɛ onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no, ebewie no bɔne.” Bible mu nnyinasosɛm yi ma migyaee wɔn a na me ne wɔn bɔ fekubɔne no akyi di, na mepaw nnamfo foforo wɔ Yehowa Adansefo mu.

Ade a na ne gyae yɛ me den paa ne sigaretnom; ná ne nom aka me hɔ paa. Nanso bere a nkakrankakra mitumi gyaee no, mihyiaa ɔhaw foforo. Sigaretnom a migyaee no ma mebɛyɛɛ kɛse dodo! Ɛhaw me yiye efisɛ na m’ani nnye ho, na egyee me bɛyɛ mfe du ansa na meresan asi me dedaw mu. Nanso na minim sɛ, eye sɛ migyaee sigaretnom. Mekɔɔ so ara bɔɔ Yehowa mpae, na ɔmaa me ahoɔden ma mitumi dii me ho so.

SƐNEA ABOA ME: Seesei, mete apɔw paa. Mepene nea mewɔ so—memfa m’adwene nsi adwuma, sika ne akwahosan a menya wɔ wiase no so pii. Mmom no, minya anigye fi Bible mu nokware a mekyerɛkyerɛ afoforo no mu. Ne saa nti, ɛnnɛ, me nnamfonom a kan na me ne wɔn yɛ adwuma no mu baasa, ne me kunu abɛyɛ Yehowa asomfo. Ansa na m’awofo a wogyee me ɔba no mu biara rewu no, mitumi kaa Bible mu bɔhyɛ a ɛne sɛ wobenyan awufo aba paradise wɔ asase so no ho asɛm kyerɛɛ wɔn.

Yehowa a mabɛn no no aboa me ma mente nka sɛ wɔapo me bio. Wama mahu sɛ meka abusua kɛse a wɔwɔ wiase nyinaa a me ne wɔn resom no ho. Mewɔ maamenom, papanom, nuabarimanom, ne nuabeanom pii wɔ wɔn mu.—Marko 10:29, 30.—w11-E 07/1.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Manya Kristofo dɔ mu anigye wɔ Yehowa Adansefo mu

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Shinto asɔredan a na bere bi mesom wom no