Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Onyankopɔn bu abusua bi sen abusua foforo?

So Onyankopɔn bu abusua bi sen abusua foforo?

Nsɛm A Akenkanfo Bisa . . .

So Onyankopɔn bu abusua bi sen abusua foforo?

▪ Dabi, ɛnte saa. Bible ka no pefee sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.

Onyankopɔn adwene wɔ asɛm yi ho korɔn koraa sen nnipa a wɔnyɛ pɛ de. Nnipa pii gye di sɛ abusua bi (mpɛn pii nea wofi mu) korɔn sen afoforo. Saa nsusuwii yi da Charles Darwin a ɔkyerɛw nea edi so yi adwene adi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mmusua a wɔn ani abue beyi mmusuakuw a wonni ahoɔden dodow bi a enni ano afi hɔ . . . daakye.” Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii ahu amane wɔ mmusua a wosusuw sɛ wɔkorɔn sen wɔn no nsam.

So mfaso wɔ so sɛ obi bɛte nka sɛ n’abusua korɔn sen abusua foforo? Sɛ nhwɛso no, so nyansahufo atumi akyerɛ ampa sɛ mmusua bi fi awosu mu korɔn sen mmusua afoforo bi? Nea ɛne eyi bɔ abira no, awosu ho nimdefo ho ɔbenfo a ɔwɔ Oxford, Bryan Sykes ka sɛ: “Biribiara nni nnipa awosu mu a wobetumi agyina so akyekyɛ mmusua mu. . . . Wɔtaa bisa me sɛ so yɛwɔ Helafo awosu (DNA) anaa Italiafo de, nanso nokwasɛm ne sɛ ebi nni hɔ saa. . . . Yɛne yɛn ho yɛn ho di nsɛ kɛse.”

Nhwehwɛmu a ɛte saa no ne nea yɛkenkan wɔ Kyerɛwnsɛm mu no hyia. Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima biako ne ɔbea biako pɛ, na wɔn mu na nnipa nyinaa fi bae. (Genesis 3:20; Asomafo Nnwuma 17:26) Enti wɔ Onyankopɔn ani so no, nnipa nyinaa fi abusua biako mu.

Yehowa nhwɛ sɛnea obi honam ani hwɛbea te na saa ara na ɔnhwɛ sɛnea obi anim te. Mmom, ade a ɛho hia Yehowa paa ne yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma, anaa sɛnea yɛte ankasa wɔ yɛn mu. Ɔka sɛ: “Nnipa hwɛ sɛnea obi anim te so na obu no atɛn, nanso nea ɛwɔ obi koma mu na migyina so bu no atɛn.” (1 Samuel 16:7, Contemporary English Version) Saa nokwasɛm yi a yɛbɛkae no betumi ahyɛ yɛn nkuran kɛse. Ɔkwan bɛn so?

Ɛmfa ho abusua a yefi mu no, yɛn mu pii ani nnye sɛnea yɛte ho, nanso yɛrentumi nyɛ ho hwee. Mmom no, yebetumi ama yɛn nsusuwii ne sɛnea yɛte nka wɔ yɛn koma mu no atu mpɔn. (Kolosefo 3:9-11) Sɛ yɛbɛka nokware paa a, ɛtɔ da a yetumi te nka sɛ yɛkorɔn kakra sen nnipa a wofi abusua foforo bi mu anaasɛ ebia yɛbɛte nka sɛ saafo no mmom korɔn sen yɛn. Nanso esiane sɛ adwene a ɛte saa no mu biara ne Onyankopɔn nsusuwii nhyia nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara sɛ yebeyi atenka a ɛte saa afi yɛn koma mu.—Dwom 139:23, 24.

Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu yɛn ho sɛnea Yehowa hu yɛn no a, yebetumi anya ahotoso sɛ ɔbɛboa yɛn. N’Asɛm kae yɛn sɛ: “Yehowa de, n’aniwa kyini asase so baabiara sɛ ɔde n’ahoɔden bedi ama wɔn a wɔn koma di mũ wɔ ne ho.” (2 Beresosɛm 16:9) Ɛno yɛ nokware ɛmfa ho abusua biara a yefi mu.—w11-E 07/1.