Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubetie Kɔkɔbɔ A Emu Da Hɔ A Yehowa De Ma No?

So Wubetie Kɔkɔbɔ A Emu Da Hɔ A Yehowa De Ma No?

So Wubetie Kɔkɔbɔ A Emu Da Hɔ A Yehowa De Ma No?

“Ɔkwan no ni. Momfa so.”—YES. 30:21.

1, 2. Dɛn na Satan awe ahinam so sɛ ɔbɛyɛ, na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm no boa yɛn?

AHYƐNSODE bi a esi kwan ho a wɔde rekyerɛ kwan a wɔadan ani ahwɛ baabi foforo betumi adaadaa wo, na ebetumi de wo ato asiane mu nso. Fa no sɛ w’adamfo bi bɔɔ wo kɔkɔ sɛ onipa bɔne bi na ɔhyɛɛ da de ahyɛnsode no ani kyerɛɛ baabi foforo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma akwantufo ayera. So worentie ne kɔkɔbɔ no?

2 Ɛda adi sɛ Satan yɛ ɔbɔnefo a wawe ahinam so sɛ ɔbɛdaadaa yɛn. (Adi. 12:9) Satan na ɔde nneɛma a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn a yɛkaa ho asɛm wɔ adesua a edi eyi anim mu no nyinaa ba, na ne botae ne sɛ ɔbɛma yɛaman afi ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so. (Mat. 7:13, 14) Anigyesɛm ne sɛ, yɛn Nyankopɔn a ne yam ye no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ mma yɛmfa Satan nnaadaa akwan so. Afei, momma yensusuw nneɛma foforo abiɛsa a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn a Satan de ba ho. Bere a yɛresusuw sɛnea Onyankopɔn Asɛm no boa yɛn na amma wɔannaadaa yɛn ho no, yebetumi afa no sɛ Yehowa di yɛn akyi na ɔrekyerɛ yɛn ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so. Ɔka sɛ: “Ɔkwan no ni. Momfa so.” (Yes. 30:21) Sɛ yesusuw kɔkɔbɔ a emu da hɔ a Yehowa de ma no ho a, ɛbɛma yɛn bo a yɛasi sɛ yebetie kɔkɔbɔ no mu ayɛ den.

Nni “Akyerɛkyerɛfo Atorofo” Akyi

3, 4. (a) Dɛn nti na akyerɛkyerɛfo atorofo te sɛ mmura a emu nsu ayow? (b) Ɛhe na akyerɛkyerɛfo atorofo taa fi ba, na dɛn na wɔpɛ?

3 Fa no sɛ na woretu kwan, na na wonam anhweatam bi so. Wuhui sɛ abura bi wɔ akyirikyiri, na wokɔɔ ho a na wohwɛ kwan sɛ wubenya nsu anom wɔ hɔ. Nanso, bere a wukoduu hɔ no, wuhui sɛ abura no mu nsu ayow. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ wo yaw afa! Akyerɛkyerɛfo atorofo te sɛ mmura a emu nsu ayow. Obiara a ɔbɛkɔ wɔn nkyɛn akɔhwehwɛ nokware nsu no nsa besi fam. Yehowa nam ɔsomafo Paulo ne ɔsomafo Petro so bɔ yɛn kɔkɔ wɔ akyerɛkyerɛfo atorofo ho. (Monkenkan Asomafo Nnwuma 20:29, 30; 2 Petro 2:1-3.) Henanom ne saa akyerɛkyerɛfo no? Nsɛm a Onyankopɔn honhom kaa saa asomafo baanu yi ma wɔkyerɛwee no boa yɛn ma yehu baabi a akyerɛkyerɛfo atorofo fi ba ne ɔkwan a wɔfa so daadaa nnipa.

4 Paulo ka kyerɛɛ Efeso asafo mu mpanyimfo sɛ: “Mo ara mo mu na mmarima bɛsɔre akasa akyinkyim nsɛm.” Petro kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo Kristofo sɛ: “Akyerɛkyerɛfo atorofo bɛsɔre mo mu.” Enti ɛhe na akyerɛkyerɛfo atorofo fi ba? Wobetumi asɔre afi asafo no mu aba. Wɔn a wɔte saa no yɛ awaefo. * Wɔn botae ne dɛn? Wɔmpɛ sɛ wɔn nkutoo fi ahyehyɛde a bere bi na ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gye ho no mu. Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔn botae ne sɛ ‘wobɛtwe asuafo no adi wɔn akyi.’ Hyɛ sɛnea wɔde asɛmfua a ɛne “no” bataa asɛmfua “asuafoho no nsow. Sɛ́ anka awaefo bɛkɔ akɔhwehwɛ wɔn ankasa asuafo no, wɔbɔ mmɔden sɛ wobɛtwe Kristo asuafo adi wɔn akyi. Akyerɛkyerɛfo atorofo te sɛ “mpataku adifudepɛfo” a wɔpɛ sɛ wɔkyere asafo no mufo we, wɔsɛe wɔn gyidi, na wɔma wofi nokware no mu.—Mat. 7:15; 2 Tim. 2:18.

5. Akwan bɛn na akyerɛkyerɛfo atorofo fa so daadaa nnipa?

5 Ɔkwan bɛn na akyerɛkyerɛfo atorofo fa so daadaa nnipa? Wɔnam anifere akwan so na wɔyɛ saa. Awaefo ‘wiawia wɔn ho’ na wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ a ɛsɛe nnipa adwene ba asafo no mu te sɛ nea nnipa abɔnefo wiawia wɔn ho de nneɛma ba ɔman bi mu no. Awaefo ka “nnaadaasɛm.” Eyi kyerɛ sɛ wɔka wɔn nnaadaasɛm no wɔ ɔkwan bi so ma ɛyɛ te sɛ nea ɛyɛ nokware, na wɔte sɛ nsɛmmɔnedifo a wotumi ma nkrataa a nsɛm a ɛwɔ so nyɛ nokware yɛ te sɛ nea ɛyɛ nokware. Wɔtrɛw “atoro nkyerɛkyerɛ” mu, na “wokyinkyim Kyerɛwnsɛm” no sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo begye wɔn nnaadaasɛm no adi. (2 Pet. 2:1, 3, 13; 3:16) Ɛda adi pefee sɛ awaefo nni yɛn ho adwene pa. Sɛ yedi wɔn akyi a, yɛbɛman afi ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so.

6. Afotu a emu da hɔ bɛn na Bible de ma yɛn wɔ akyerɛkyerɛfo atorofo ho?

6 Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ yɛn ho yiye wɔ akyerɛkyerɛfo atorofo ho? Bible mu afotu a ɛfa sɛnea yɛbɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ wɔn ho no mu da hɔ. (Monkenkan Romafo 16:17; 2 Yohane 9-11.) Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, “Montwe mo ho mfi wɔn ho.” Bible nkyerɛase foforo kyerɛ saa asɛm no ase sɛ “mo ne wɔn mmɔ,” “mo ne wɔn nnantew,” “monnkɔ wɔn nkyɛn!” Saa Bible mu afotu no mu da hɔ fann. Fa no sɛ oduruyɛfo bi ka kyerɛɛ wo sɛ twe wo ho fi obi a wanya nsanyare a etumi kum nnipa ho. Wobɛte nea oduruyɛfo no reka akyerɛ wo no ase, na wubetie ne kɔkɔbɔ no yiye. Awaefo ‘adwene asɛe,’ na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn atoro nkyerɛkyerɛ no bɛsan afoforo. (1 Tim. 6:3, 4) Yehowa a ɔno ne Oduruyɛfo Kɛse no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛntwe yɛn ho mfi wɔn ho. Yenim nea ɛno kyerɛ, nanso so yɛasi yɛn bo sɛ yebetie kɔkɔbɔ a ɔde ma yɛn wɔ ade nyinaa mu no?

7, 8. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de twe yɛn ho fi akyerɛkyerɛfo atorofo ho? (b) Dɛn nti na woasi wo bo pintinn sɛ wobɛtwe wo ho afi akyerɛkyerɛfo atorofo ho?

7 Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de twe yɛn ho fi akyerɛkyerɛfo atorofo ho? Ɛnsɛ sɛ yegye wɔn ba yɛn fie, na ɛnsɛ sɛ yekyia wɔn nso. Ɛnsɛ sɛ yɛkenkan wɔn nhoma, yɛhwɛ dwumadi a wɔyɛ wɔ TV so, yɛkɔ wɔn Intanɛt dwumadibea, na saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛw nsɛm bi fa wɔn nsɛm a wɔkyerɛw wɔ Intanɛt so no ho. Dɛn nti na yesi yɛn bo denneennen saa? Ɛyɛ ɔdɔ ntia. Yɛdɔ “nokware Nyankopɔn” no, enti yɛn ani nnye nkyerɛkyerɛ a wɔakyinkyim no a ɛne n’Asɛm a ɛyɛ nokware no nhyia ho. (Dw. 31:5; Yoh. 17:17) Yɛn ani gye Yehowa ahyehyɛde a wɔnam so akyerɛkyerɛ yɛn nokware a ɛyɛ anigye no nso ho. Nokware a wɔakyerɛkyerɛ yɛn no bi ne Yehowa din ne nea edin no kyerɛ, nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase, tebea a awufo wom, ne owusɔre ho anidaso. So wubetumi akae sɛnea w’ani gyei bere a edi kan a wuhuu saa nokware yi ne nokware afoforo a ɛsom bo no? Sɛ saa a, dɛn nti na atosɛm a akyerɛkyerɛfo atorofo ka tia ahyehyɛde no nti wotwe wo ho fi ahyehyɛde a akyerɛkyerɛ wo saa nokware yi no ho?—Yoh. 6:66-69.

8 Ɛmfa ho nea akyerɛkyerɛfo atorofo bɛka biara no, yɛrenni wɔn akyi! Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ mmura a emu nsu ayow yi ho ma wɔdaadaa yɛn ma yɛn nsa si fam? Mmom no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so adi Yehowa ne ahyehyɛde no nokware. Saa ahyehyɛde no akɔ so de nokware nsu a emu tew na ɛma akomatɔyam a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm no a efi honhom mu no akum yɛn sukɔm fi bere tenten.—Yes. 55:1-3; Mat. 24:45-47.

Ntie “Atosɛm”

9, 10. Kɔkɔbɔ bɛn na Paulo de maa Timoteo wɔ “atosɛm” ho, na ɛbɛyɛ sɛ dɛn na na ɛwɔ Paulo adwenem? (Hwɛ asehɔ asɛm no nso.)

9 Ɛtɔ mmere bi a ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛ wɔadan ahyɛnsode bi a ɛkyerɛ kwan ani ahwɛ baabi foforo. Mmere foforo nso wɔ hɔ a, ebetumi ayɛ den sɛ yebehu sɛ wɔadan no. Saa ara na atosɛm a Satan keka no nso te; ebi wɔ hɔ a yetumi hu no ntɛm sen afoforo. Ɔsomafo Paulo bɔ yɛn kɔkɔ wɔ Satan anifere akwan no biako ho, ɛno ne “atosɛm.” (Monkenkan 1 Timoteo 1:3, 4.) Dɛn ne saa atosɛm yi, na dɛn na yebetumi ayɛ na yɛankotie? Ɛho hia sɛ yenya mmuae no na ama yɛatumi akɔ so anantew ɔkwan a ɛkɔ daa nkwa mu no so.

10 Kɔkɔbɔ a Paulo de mae wɔ atosɛm ho no wɔ ne krataa a edi kan a ɔde kɔmaa Timoteo a na ɔyɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo mu no mu. Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ ɔntew asafo no ho, na ɔmmoa ne mfɛfo gyidifo ma wɔnkɔ so nni Yehowa nokware. (1 Tim. 1:18, 19) Paulo de Hela asɛmfua a ebetumi akyerɛ ayɛsɛm, anaa anansesɛm na edii dwuma. Nhoma bi ka sɛ, saa asɛmfua yi kyerɛ “(nyamesɛm) a ɛnyɛ nokwasɛm.” (The International Standard Bible Encyclopaedia) Ɛbɛyɛ sɛ na ɔsom mu atosɛm a ɛyɛ atetesɛm a wɔka ma nkurɔfo ho dwiriw wɔn ho asɛm na na ɛwɔ Paulo adwenem. * Nsɛm a ɛte saa ‘de nsɛmmisa a ɛsɛe bere na ɛba.’ Nea ɛkyerɛ ne sɛ, ɛde nsɛmmisa a ɛho nhia a sɛ wɔyɛ ho nhwehwɛmu a mfaso biara mfi so mma na ɛba. Atosɛm yɛ ɔkwan a Satan a ɔyɛ ɔdaadaafo kɛse no fa so de ɔsom mu atosɛm ne anansesɛm di dwuma ma nkurɔfo twe wɔn ho fi nneɛma a ɛho hia paa no ho. Paulo afotu no mu da hɔ. Ɛne sɛ: Ntie atosɛm!

11. Ɔkwan bɛn so na Satan afa anifere kwan so de atoro som adaadaa nnipa, na kɔkɔbɔ bɛn na sɛ yetie a, ɛbɛboa yɛn na wɔannaadaa yɛn?

11 Atosɛm a ebetumi adaadaa obi a n’ani nna ne ho so no bi ne dɛn? Yebetumi aka sɛ “atosɛm” yɛ ɔsom mu nkyerɛkyerɛ biara a ebetumi ama yɛaman “afi nokware no ho.” (2 Tim. 4:3, 4) Satan a ɔyɛ ne ho sɛ “hann bɔfo” no afa anifere kwan so de atoro som redaadaa nkurɔfo. (2 Kor. 11:14) Kristoman mufo ayɛ wɔn ho sɛ wɔyɛ Kristofo, nanso wɔn nkyerɛkyerɛ nyɛ nokware, na ebi ne Baasakoro, hellgya, ne ɔkra a enwu da. Kristoman san nso hyɛ nnapɔnna te sɛ Buronya ne Easter a amanne a ɛbata ho no ayɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho, nanso efi abosonsom ne atetesɛm mu no ho nkuran. Sɛ yetie kɔkɔbɔ a Onyankopɔn de ma yɛn sɛ yɛntwe yɛn ho mfi saa nneɛma no ho, na yetie asɛm a ɛne sɛ “mommfa mo nsa nnka nea ɛho ntew” no a, wɔrentumi mfa atosɛm nnaadaa yɛn.—2 Kor. 6:14-17.

12, 13. (a) Atosɛm bɛn na Satan ahyɛ ho nkuran, na saa atosɛm no mu biara ho nokwasɛm ne dɛn? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ na Satan atosɛm no annaadaa yɛn?

12 Satan ahyɛ atosɛm foforo ho nkuran a sɛ yɛanhwɛ yiye a, ebetumi adaadaa yɛn. Susuw nhwɛso ahorow bi ho hwɛ. Wubetumi ayɛ nea wopɛ biara; ɛnyɛ obi na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ wo nea ɛyɛ papa anaa bɔne. Yɛtaa te sɛ wɔka saa asɛm yi wɔ television so, sini mu, nsɛmma nhoma mu, atesɛm nkrataa mu, ne Intanɛt so. Esiane sɛ yɛte saa atosɛm yi bere nyinaa nti, ɛnyɛ den sɛ yebefi ase anya adwene a wiase no wɔ no bi na yɛde yɛn ho ahyɛ ne brasɛe mu. Nokwasɛm ne sɛ ehia paa sɛ yɛma Onyankopɔn kyerɛ yɛn nea ɛyɛ papa ne nea ɛyɛ bɔne. (Yer. 10:23) Onyankopɔn remfa nsakrae biara mma asase so da. Sɛ yenya adwene sɛ nea yebenya no nnɛ nkutoo na ɛho hia yɛn a, ebetumi ama yɛayɛ “mmerɛw anaa wɔn a wɔnsow aba.” (2 Pet. 1:8) Nokwasɛm ne sɛ Yehowa da no reba ntɛmntɛm, na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so hwɛ ɛda no kwan. (Mat. 24:44) Onyankopɔn nnwen wo ho. Sɛ yegye saa atosɛm a Satan ka no di a, ebetumi ama yɛn abam abu, na yɛate nka sɛ Onyankopɔn rennɔ yɛn da. Nokwasɛm ne sɛ Yehowa dɔ yɛn, na ne somfo biara ho hia no.—Mat. 10:29-31.

13 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya adwene a Satan wiase no wɔ no bi. Ɛtɔ mmere bi a, ɛte sɛ nea nsɛm a wɔka ne nea wosusuw ho no yɛ nokware. Nanso, kae sɛ Satan aben wɔ nnaadaa mu. Sɛ yetie afotu ne kɔkɔbɔ a wɔde ma yɛn wɔ Onyankopɔn Asɛm no mu nkutoo a, ɛnna Satan ‘atosɛm a wanwene no anifere kwan so, [“anansesɛm a wɔanwene no anifere so,” The New American Bible]’ rentumi nnaadaa yɛn.—2 Pet. 1:16.

Nni “Satan Akyi”

14. Kɔkɔbɔ bɛn na Paulo de maa akunafo a wonnyinii binom, na dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛn nyinaa tie Paulo asɛm no?

14 Fa no sɛ wɔakyerɛw wɔ ahyɛnsode bi a ɛkyerɛ kwan so sɛ “Fa Ɔkwan Yi So Di Satan Akyi.” Yɛn mu hena na ɔbɛfa ɔkwan a ɛte saa so? Nanso, Paulo bɔ yɛn kɔkɔ wɔ akwan bi a ebetumi ama Kristofo a wɔahyira wɔn ho so “aman akodi Satan akyi” ho. (Monkenkan 1 Timoteo 5:11-15.) Paulo kaa saa asɛm no kyerɛɛ “akunafo a wonnyinii” binom, nanso yɛn nyinaa betumi asua biribi afi mu. Ɛbɛyɛ sɛ saa Kristofo mmea a na wɔwɔ afeha a edi kan no mu no anhu sɛ na wɔredi Satan akyi, nanso wɔn nneyɛe kyerɛe sɛ saa na na wɔreyɛ. Dɛn na yebetumi ayɛ na amma yɛanni Satan akyi a yennim sɛ saa na yɛreyɛ? Momma yensusuw kɔkɔbɔ a Paulo de mae wɔ nseku ho no ho.

15. Dɛn na Satan pɛ sɛ yɛyɛ, na ɔkwan bɛn so na Paulo ma yehu Satan akwan?

15 Satan mpɛ sɛ yɛka yɛn gyidi ho asɛm kyerɛ afoforo. Ɔpɛ sɛ yegyae asɛmpa no ka. (Adi. 12:17) Ɛno nti, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛadi nneɛma a ɛsɛe bere anaa ɛde mpaapaemu ba yɛn mu akyi. Hyɛ sɛnea Paulo ma yehu Satan akwan no nsow. Ɔkae sɛ ná akunafo a wɔwɔ ne bere so no yɛ ‘anihaw, na na wɔnenam kwa.’ Sɛ nhwɛso no, wɔ ɛnnɛ mmere yi a wɔanya nkɔanim wɔ mfiridwuma mu no, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛw nsɛm a ɛho nhia anaa nea ɛnyɛ nokware mpo afa kɔmputa so akɔma afoforo de asɛe yɛne wɔn bere. Ɔkae nso sɛ “wodi nseku.” Nsekudi betumi asɛe obi din, na ɛtaa de ntɔkwaw ba. (Mmeb. 26:20) Sɛ́ wɔn a wɔsɛe nkurɔfo din no nim anaa wonim no, wosuasua Satan Ɔbonsam. * Paulo kae sɛ na akunafo no “de wɔn ho gyigye nkurɔfo nsɛm mu” nso. Ɛnyɛ yɛn asɛm sɛ yɛbɛkyerɛ afoforo sɛnea ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra. Saa anihaw ne subammɔne yi nyinaa betumi ama yɛayi yɛn adwene afi Ahenni asɛnka adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn no so. Sɛ yegyae Yehowa adwuma a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ no a, ɛnde na yɛafi ase redi Satan akyi. Enti, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ sɛ yegyina Yehowa afã anaa Satan afã. Adantam biara nni hɔ.—Mat. 12:30.

16. Afotu bɛn na sɛ yetie a ebetumi aboa yɛn na amma ‘yɛamman ankodi Satan akyi’?

16 Sɛ yetie Bible afotu a, ebetumi aboa yɛn na amma ‘yɛamman ankodi Satan akyi.’ Susuw afotu pa a Paulo de mae no bi ho hwɛ. Yɛ “pii wɔ Awurade adwuma no mu.” (1 Kor. 15:58) Sɛ yɛyere yɛn ho yɛ nneɛma a ɛfa Ahenni no ho a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi nneɛma a ɛho nhia na ɛsɛe bere a ebetumi ayɛ asiane ama yɛn no ho. (Mat. 6:33) Ka asɛm a “eye ma nkɔso.” (Efe. 4:29) Si wo bo sɛ worentie nseku na worentrɛw mu nso. * Nya wo mfɛfo gyidifo mu ahotoso na bu wɔn. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛaka nsɛm a ɛma nkɔso, na ɛnyɛ nea ebu abam. ‘Fa yɛ wo botae sɛ wubedi w’ankasa wo fie asɛm.’ (1 Tes. 4:11) Ma nkurɔfo nhu sɛ wudwen wɔn ho, nanso yɛ no wɔ ɔkwan a ɛremma womfa wo ho nhyehyɛ wɔn kokoam nsɛm mu, na ɛremma wummu wɔn animtiaa so. Kae nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yesi gyinae ma afoforo wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ankasa si ho gyinae ho.—Gal. 6:5.

17. (a) Dɛn nti na Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ wɔ nneɛma a ɛnsɛ sɛ yedi akyi ho? (b) Dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ wɔ ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so no ho?

17 Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase sɛ ɔka nneɛma a ɛnsɛ sɛ yedi akyi kyerɛ yɛn pefee! Nanso, mommma yɛn werɛ mmfi da sɛ ɛyɛ ɔdɔ kɛse a Yehowa wɔ ma yɛn nti na ɔde kɔkɔbɔ a yɛasusuw ho wɔ adesua yi ne nea edi eyi anim mu no ma yɛn. Ɔmpɛ sɛ yedi Satan nnaadaa akwan akyi na yedi awerɛhow ne yaw. Ɛwom sɛ ɔkwan a Yehowa pɛ sɛ yɛfa so no yɛ ɔkwan hihiaa de, nanso ɛno nkutoo na ɛde yɛn bɛkɔ daa nkwa mu. (Mat. 7:14) Mommma yennhinhim da wɔ yɛn bo a yɛasi sɛ yebetie Yehowa afotu a edi hɔ yi mu. Ɔka sɛ: “Ɔkwan no ni. Momfa so.”—Yes. 30:21.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 “Ɔwae” yɛ man a obi man fi nokware som ho, ɔtwe ne ho fi ho, ɔtew atua, anaa ogyaw nokware som.

^ nky. 10 Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛw atosɛm nhoma a ɛne Tobit (Tobias) wɔ afeha a ɛto so abiɛsa A.Y.B. mu. Enti ɛda adi sɛ na wɔde di dwuma wɔ Paulo bere so. Wɔka gyidihunu, ntafoayi, ne asumansɛm a enni nnyinaso ho asɛm te sɛ nokwasɛm wɔ saa nhoma no mu.—Hwɛ Insight on the Scriptures nhoma no Po 1, kratafa 122.

^ nky. 15 Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ɔbonsam” ne di·aʹbo·los, na ɛkyerɛ “otwirifo.” Saa asɛmfua yi yɛ abodin foforo a wɔde frɛ Satan a ɔne otwirifo panyin no.—Yoh. 8:44; Adi. 12:9, 10.

Wubebua Dɛn?

Wobɛyɛ dɛn atumi de kɔkɔbɔ a ɛwɔ kyerɛw nsɛm a edidi so yi mu ayɛ adwuma?

2 Petro 2:1-3

1 Timoteo 1:3, 4

1 Timoteo 5:11-15

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 19]

 Ntakra a Wɔtow Gu Mframa Mu

Tete Yudafo anansesɛm bi ma yehu nea sɛ obi trɛw nseku mu a, efi mu ba. Wɔato anansesɛm no wɔ akwan pii so, na asɛntitiriw a ɛwɔ anansesɛm no mu na edi so yi.

Ɔbarima bi kyinkyin kurow bi mu sɛee onyansafo a ɔwɔ kurow no mu din. Akyiri yi, dinsɛefo no hui sɛ wayɛ bɔne, enti ɔkɔɔ onyansafo no hɔ kɔsrɛɛ no bɔne fafiri, na ɔkae sɛ ɔbɛyɛ biribiara a ɛho hia sɛ ɔyɛ de asiesie mfomso a wadi no. Onyansafo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ ade biako: Ɔka kyerɛɛ dinsɛefo no sɛ ɔnkɔfa sumii a ntakra wom na ɔmpae mu, na ɔntow ntakra a ɛwom no ngu mframa mu. Ɛwom sɛ asɛm a ɔkae no yɛɛ dinsɛefo no nwonwa de, nanso ɔyɛɛ nea ɔka kyerɛɛ no no, na ɔsan baa onyansafo no nkyɛn.

Dinsɛefo no bisaa no sɛ, “Afei, wode me bɔne akyɛ me?”

Onyansafo no ka kyerɛɛ no sɛ, “Nea edi kan no, kɔ na kɔboaboa ntakra no nyinaa ano.”

Dinsɛefo no bisae sɛ, “Mɛyɛ dɛn atumi aboaboa ano? Mframa de kɔ dedaw.”

Onyansafo no kae sɛ, “Sɛnea ɛyɛ den sɛ wobɛboaboa ntakra no ano no, saa ara na ɛyɛ den sɛ wubesiesie ɔhaw a nsɛm a wokae no de aba no.”

Asuade a ɛwom no mu da hɔ. Sɛ wunya ka asɛm bi wie a, wuntumi nsesa no, na ebetumi ayɛ den sɛ wubeyi ɛyaw a ama obi adi no afi hɔ. Enti ansa na yɛbɛka afoforo ho asɛmmɔne no, ɛyɛ papa sɛ yɛkae sɛ ɛte sɛ nea yɛrebɛtow ntakra agu mframa mu.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ɔkwan bɛn so na ebinom betumi ato nsa afrɛ awaefo aba wɔn afie mu?