Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wobɛkyerɛkyerɛ Wo Mma—Akwan Bɛn Na Etu Mpɔn?

Sɛnea Wobɛkyerɛkyerɛ Wo Mma—Akwan Bɛn Na Etu Mpɔn?

Sɛnea Wobɛkyerɛkyerɛ Wo Mma—Akwan Bɛn Na Etu Mpɔn?

“Ma asɛm a mereka akyerɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa dua wo ba komam na ka ho asɛm bere a wote wo fie, bere a wonam kwan so, bere a woda hɔ, ne bere a woasɔre.”—DEUTERONOMIUM 6:6, 7.

ƐTƆ bere bi a, awofo betumi ate nka sɛ nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔatumi atete wɔn mma no dɔɔso dodo. Nanso sɛ wɔhwehwɛ afotu a wɔde bɛtete wɔn mma a, wotumi nya nea ɛboro so araa ma wonhu nea wɔmfa. Mpɛn pii no, abusuafo ne nnamfo ho pere wɔn sɛ wɔde nyansahyɛ ahorow bɛma. Na afotu a awofo taa nya fi nhoma ahorow, nsɛmma nhoma, ne Intanɛt so no pii nso bɔ abira.

Nanso, Bible no de afotu pa a ɛbɛma awofo ahu nea ɛsɛ sɛ wɔde kyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔn, na ɛsan de akwankyerɛ a mfaso wɔ so a ɛbɛma wɔahu ɔkwan a wɔbɛfa so akyerɛkyerɛ wɔn nso ma wɔn. Sɛnea Bible mu asɛm a yɛafa mu asɛm aka no kyerɛ no, ɛsɛ sɛ awofo hwehwɛ ɔkwan bi a wɔbɛfa so aka Onyankopɔn ho asɛm akyerɛ wɔn mma da biara da. Yebesusuw nyansahyɛ ahorow anan a egyina Bible so a aboa awofo pii ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma Onyankopɔn ho asɛm no ho wɔ ase ha.

1. Fa adebɔ ho nsɛm kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn] su horow a wonhu no ada adi pefee fi wiase bɔ so, efisɛ wɔnam nneɛma a wayɛ so na ehu, ɛno ne ne daa tumi ne ne Nyamesu.” (Romafo 1:20) Awofo betumi ayɛ pii de aboa wɔn mma ma wɔahu sɛ wobetumi ne Onyankopɔn anya abusuabɔ denam mmofra no adwene a wɔbɛtwe asi adebɔ so ne ɔkwan a wɔbɛfa so asusuw su a saa adebɔ no da no adi wɔ Onyankopɔn ho no so.

Yesu faa saa kwan yi so kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no. Sɛ nhwɛso no, ɔkae sɛ: “Monhwɛ ewim nnomaa; wongu aba na wontwa na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro Agya ma wɔn aduan. So monsom bo pii nsen wɔn?” (Mateo 6:26) Wɔ eyi mu no, Yesu twee adwene sii Yehowa su a ɛne ɔdɔ ne ayamhyehye no so. Nanso ɛnyɛ ɛno nko. Ɔboaa n’asuafo no ma wosusuw sɛnea Onyankopɔn da saa su no adi kyerɛ ne mma no ho.

Ɔhene Solomon nyansafo no kaa nyansa soronko a Onyankopɔn de maa ntɛtea no ho asɛm na ɔnam aboa ketewaa yi so ma yesua biribi titiriw bi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɔkwadwofo, kɔ ntɛtea nkyɛn; hwɛ n’akwan, na hu nyansa. Onni otitiriw, ɔpanyin anaa sodifo, nanso osiesie n’aduan ahohuru bere mu; na ɔboaboa n’aduan ano twabere mu.” (Mmebusɛm 6:6-8) Hwɛ ɔkwan pa a ɔfaa so kyerɛkyerɛɛ sɛnea ɛsɛ sɛ obi de botae pa sisi n’ani so na ɔma ahoɔden a efi Onyankopɔn hɔ no boa no ma odu ho!

Sɛ awofo yɛ nea edidi so yi a, wobetumi asuasua ɔkwan a etu mpɔn a Yesu ne Solomon faa so kyerɛkyerɛe yi: (1) Ɛsɛ sɛ wobisa wɔn mma ma wɔkyerɛ wɔn dua anaa aboa a wɔn ani gye ne ho. (2) Ɛsɛ sɛ wosua saa mmoa ne nnua no ho ade pii. (3) Ɛsɛ sɛ abɔde ahorow a ɛte saa no ma wonya Onyankopɔn ho nimdeɛ.

2. Suasua su a Yesu daa no adi wɔ wɔn a ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn no ho. Nnipa a wɔatena asase yi so pɛn nyinaa mu no, Yesu na na ɔwɔ nsɛm a ɛho hia paa a anka obetumi aka ho asɛm. Nanso ɔde ne bere pii bisaa nsɛm. Ná nnipa a ɔkyerɛkyerɛ wɔn no ho asɛm hia no paa. (Mateo 17:24, 25; Marko 8:27-29) Saa ara na awofo nso wɔ nneɛma pii a wobetumi akyerɛkyerɛ wɔn mma. Nanso sɛ wobetu mpɔn a, ehia sɛ wosuasua Yesu na wɔhyɛ wɔn mma nkuran ma wofi wɔn pɛ mu ka sɛnea wɔte nka no ho asɛm kyerɛ wɔn.

Na sɛ ɛba sɛ mmofra da subammɔne adi anaa wɔbrɛ ansa na wɔasua biribi a mfaso wɔ so nso ɛ? Susuw sɛnea Yesu ne asomafo no dii no ho hwɛ. Ɛtɔ bere bi a na wogye wɔn ho akyinnye denneennen, na wɔbrɛe ansa na wɔresua ahobrɛase. Nanso, Yesu nyaa wɔn ho abotare na ɔkɔɔ so kaa hia a ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. (Marko 9:33, 34; Luka 9:46-48; 22:24, 25) Awofo a wosuasua Yesu no bɛtɔ wɔn bo ase de nteɛso ama wɔn mma, na sɛ ɛho hia a, wɔakɔ so atĩ ntetee a wɔde ma wɔn no mu kosi sɛ mmofra no behu nteɛso no so mfaso. *

3. Fa wo nhwɛso kyerɛkyerɛ. Eye sɛ awofo betie afotu a ɔsomafo Paulo de maa Kristofo a na wɔte Roma no. Ɔkyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “So wo a wokyerɛkyerɛ obi no, wonkyerɛkyerɛ wo ho? Wo a woka sɛ ‘Mmɔ korɔn’ no, so wobɔ korɔn?”—Romafo 2:21.

Saa afotu no ho hia efisɛ, awofo nneyɛe nya wɔn mma so nkɛntɛnso koraa sen nsɛm a wɔka kyerɛ wɔn. Nokwarem no, ɛnyɛ den sɛ awofo a wɔde nea wɔka yɛ adwuma no benya mmofra a wotie wɔn asɛm.

4. Fi ase wɔ ne mmofraase pɛɛ. Ná wɔbɔ Paul yɔnko ɔsɛmpatrɛwfo Timoteo din pa wɔ ne mpɔtam. (Asomafo Nnwuma 16:1, 2) Ade biako a ɛboaa no ne sɛ na ‘wofi ne mmofraase’ de “nkyerɛwee kronkron no” atete no. Timoteo maame ne ne nanabea kenkan Kyerɛwnsɛm no kyerɛɛ no na wɔsan boaa no ma odwennwen nokware a ɛwom no ho.—2 Timoteo 1:5; 3:14, 15.

Baabi a Wubetumi Anya Mmoa Afi

Yehowa Adansefo tintim nhoma ahorow a ɛbɛboa awofo ma wɔakyerɛkyerɛ wɔn mma Onyankopɔn ho nokwasɛm. Wɔakyerɛw nhoma no bi nso ama mmofra nkumaa. Nhoma no mu bi kyerɛ sɛnea awofo ne wɔn mma a wonnuu mpanyin afe so bɛbɔ nkɔmmɔ. *

Nokwarem no, sɛ awofo betumi akyerɛkyerɛ wɔn mma Onyankopɔn ho nokwasɛm a, ɛsɛ sɛ wonya nsɛm a ɛyɛ den a ebia mmofra bebisa no ho mmuae. Sɛ nhwɛso no, mmuae bɛn na wode bɛma nsɛmmisa a edidi so yi: Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? Dɛn nti na Onyankopɔn bɔɔ asase? Ɛhe na awufo wɔ? Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woahu saa nsɛmmisa no ne afoforo ho mmuae, sɛnea ɛbɛyɛ a wo ne w’abusua betumi abɛn Onyankopɔn.—Yakobo 4:8.—w11-E 08/1.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Adwene a ɛwɔ Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “fa dua” wɔ Deuteronomium 6:7 mu no ne sɛ wubetĩ asɛm bi mu mpɛn pii.

^ nky. 15 Awofo betumi de Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No nhoma a ɛtwe adwene si Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ so no akyerɛkyerɛ wɔn mma nkumaa anaa wobetumi nso de Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm a ɛka Bible mu nsɛntitiriw ho asɛm wɔ ɔkwan a ɛnyɛ den koraa so akyerɛkyerɛ wɔn mma. Awofo betumi de Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no Po 1 ne 2 no akyerɛkyerɛ wɔn mma a wɔyɛ mmabun.