Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔ Ogya Bepɔw Bi Ase

Wɔ Ogya Bepɔw Bi Ase

Krataa A Efi Congo (Kinshasa)

Wɔ Ogya Bepɔw Bi Ase

SƐ OWIA pue wɔ Goma kurow mu a, wim kɔla sakra yɛ kɔkɔɔ ne akokɔsrade fɛfɛɛfɛ. Da biara da, yehu Bepɔw nwonwaso Nyiragongo. Ɛka mmepɔw a ɛtaa puw ogya ne wusiw sen biara wɔ wiase no ho. Daa wuhu sɛ wusiw fi beae a ogya pae fi no. Edu anadwo a, wuhu sɛ wusiw no asɔ kɔɔ na ɛma wuhu sɛnea ogya no redɛw wɔ bepɔw no mu.

Wɔfrɛ bepɔw no wɔ Swahili kasa mu sɛ Mulima ya Moto—Ogya Bepɔw. Afe 2002 mu ne bere a etwa to a Bepɔw Nyiragongo paee. Yɛn afipamfo ne yɛn nnamfonom pii a wɔwɔ Goma ha no hweree wɔn ahode nyinaa. Wɔ mpɔtam ahorow bi a me ne me kunu kɔɔ asɛnka no, yɛkɔfaa atɛkyɛ a apuw aba a na ayɛ den no bi ho, na ɛma misusuw sɛnea ɔsram so nantew bɛyɛ ho. Nnipa a wɔwɔ hɔ no nte sɛ dɔte a ayɛ den no. Wɔyɛ nnipa a wɔn ho yɛ anika, na wɔkyerɛ asɛmpa a yɛka no ho anigye. Ɛma ɛyɛ anigye sɛ obi bɛsom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Ogya Bepɔw yi ase.

Bere a mesɔree Memeneda anɔpa no, na mehwɛ kwan sɛ nneɛma pii bɛkɔ so. Saa da no, na me ne me kunu ne yɛn nnamfo bi a wɔabɛsra yɛn, ne yɛn mfɛfo asɛmpatrɛwfo de da mũ no nyinaa bɛkɔ akɔka asɛm no wɔ aguanfo atenae wɔ Mugunga a ɛwɔ kurow no atɔe fam no. Nnipa a wɔwɔ kurow no mu pii aguan afi wɔn kurom aba hɔ esiane basabasayɛ a ɛwɔ wɔn kurom no nti.

Yɛde Bible ho nhoma ahorow a ɛwɔ Franse kasa, Kiswahili kasa, ne Kinyarwanda kasa mu hyɛɛ yɛn kar no mu ma. Afei yesii kwan so. Bere a yɛnam kwan so na yɛn kar no rehuruhuruw yɛn wɔ Route Sake no, yehuu nneɛma pii a na ɛrekɔ so wɔ kurow no mu. Ná mmerante a wɔwɔ kurow no mu no repia wɔn chukudus (trɔk) a wɔahyehyɛ nneɛma pii wɔ so no. Yɛsan huu mmea a wofurafura ntama a ɛyɛ fɛ sɛ wɔnenam kar kwan ho soso nneɛma pii. Yehui nso sɛ wɔde moto fa nkurɔfo kɔ wɔn nnwuma mu ne gua so. Nnuadan tuntum pii a wɔde kɔla bruu afa ano ano ahyia nso wɔ kwan no so.

Bere a yekoduu Ndosho Ahenni Asa so no, yehyiaa mfɛfo Yehowa Adansefo binom a na wɔne yɛn bɛkɔ asɛnka wɔ aguanfo atenae hɔ. Bere a mihuu mmofra, akunafo, nyisaa, ne wɔn a wɔadi dɛm no, ɛkaa me koma paa. Wɔn mu pii ahu amane ankasa pɛn, nanso esiane Bible nnyinasosɛm a wɔde bɔ wɔn bra nti, wɔn asetena atu mpɔn. Bible mu anidaso a ɛyɛ anigye no ahyɛ wɔn koma ma, na wɔn ho pere wɔn sɛ wɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Bere a yɛyɛɛ nhyiam tiawa bi de susuw Bible kyerɛw nsɛm a nkurɔfo no ani begye ho wiei no, nnipa 130 a na yɛwɔ hɔ no nyinaa kɔtenatenaa bɔs nketewa anum ne kar biako mu tu kɔe.

Bɛyɛ simma 30 akyi no, yeduu aguanfo atenae hɔ. Ná wɔasisi ntamadan mfitamfitaa pii wɔ atɛkyɛ a ayɛ den no so. Yehuu ɔmanfo tiafidan a ɛyɛ fɛ ne mmeae a wosi nneɛma wɔ nsraban no mfinimfini. Yɛto yɛn ani a yehu nnipa wɔ baabiara—wɔn a wɔresi nneɛma, wɔrenoa aduan, wɔreboro adua, ne wɔn a wɔreprapra wɔn ntamadan anim.

Yehyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Papa Jacques a ɔno na ɔhwɛ aguanfo atenae no fã bi so. Ná ne mma a ɔbɛtetew wɔn wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no ho asɛm hia no paa. Bere a yɛde Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no maa no no, n’ani gyei paa na ɔkae sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔkenkan na afei ɔboaboa kuw ketewaa bi ano na ɔka emu asɛm kyerɛ wɔn.

Yɛkɔɔ yɛn anim kakra no, yɛkɔtoo awuraa bi a wɔfrɛ no Mama Beatrice. Obisaa nea enti a Onyankopɔn ama amanehunu ho kwan. Ná osusuw sɛ ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn retwe n’aso. Wokum ne kunu wɔ ɔko no mu, asetenam ayɛ den ama ne babea a w’awo foforo nanso onni kunu no, na asram kakra a atwam ni no, nsɛmmɔnedifo bi kyeree ne babarima kosiei. Ɛde besi nnɛ no, onnim baabi a ɔwɔ.

Sɛnea Mama Beatrice bɔɔ abubuw no ma mekaee sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Hiob tee nka bere a wɔde nkra a ɛyɛ awerɛhow brɛɛ no no. Yɛkyerɛɛ no nea enti a amanehunu wɔ hɔ, na yɛma ohui sɛ n’amanehunu no nkyerɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na ɔretwe n’aso. (Hiob 34:10-12; Yakobo 1:14, 15) Afei nso, yɛma ohuu nsakrae titiriw a ɛrenkyɛ Onyankopɔn nam n’Ahenni no so de bɛba asase so no. N’anim sesae na ɛyɛɛ sereserew na ɔkae sɛ wasi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so asua Bible no, na ɔbɛkɔ so abɔ mpae ahwehwɛ Onyankopɔn mmoa.

Yɛn a yɛkɔe nyinaa ani gyei saa da no, na yɛn nyinaa tee nka sɛ Yehowa aboa yɛn ma yɛahyɛ nnipa a yehyiaa wɔn no nkuran, na yɛama wɔanya anidaso nso. Bere a yɛrefi aguanfo atenae hɔ no, wɔn a wɔwɔ hɔ no mu pii de nkratawa, nsɛmma nhoma, ne nhoma ahorow a yɛde maa wɔn no yɛɛ yɛn baabae.

Bere a yɛte kar mu rekɔ fie no, yenyaa bere dwinnwen nea ɛkɔɔ so no ho. Sɛ mekae saa da titiriw no a, ɛma m’ani gye pii. Mekae sɛnea Papa Jacques kyerɛɛ asɛm no ho anisɔ no, sɛnea Mama Beatrice anim yɛbea sesae ma ɛyɛɛ sereserew, ne sɛnea aberewa bi de serew ne anigye kyiaa me no. Ɛwom wom a, midwinnwen mmerante ne mmabaa a wɔn adwene mu abue a na wobisabisa nsɛm a ɛtɔ asom no ho. M’ani gye sɛnea wɔn amanehunu nyinaa akyi no, wɔda so ara wɔ suban pa a enti wotumi tew wɔn anim na wɔserew kyerɛɛ yɛn no.

Yehuu sɛnea nnipa a wɔwɔ saa beae hɔ no mu pii rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔrehu amane no. Ɛnnɛ, yɛanya hokwan ankasa sɛ yɛde Bible no bedi dwuma de aboa nnipa ma wɔahu ɔkwan a wɔbɛfa so adi wɔn haw ahorow ho dwuma koraa ama wɔn. Ɛyɛ me anigye paa sɛ me nso meka honhom fam adwuma kɛse a ɛso bi mmae da a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa de aboa nnipa no ho.—w11-E 09/1.