Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Tow Ahorow ​—So Ɛsɛ Sɛ Wutua?

Tow Ahorow ​—So Ɛsɛ Sɛ Wutua?

Tow Ahorow ​—So Ɛsɛ Sɛ Wutua?

NNIPA dodow no ara mpɛ towtua. Wɔn mu pii te nka sɛ aban mfa wɔn sika no nyɛ ade pa. Wɔkyerɛ sɛ atumfoɔ no nni nhyehyɛe pa, wodi sika, na wɔbɔ afoforo apoo. Esiane eyinom nti, ebinom mpɛ sɛ wotua tow. Bere a nnipa a wɔte Mediterranea man bi mu rekyerɛ nea enti a wɔmpɛ sɛ wotua tow mu no, wɔkae sɛ: “Yɛremfa yɛn sika mma atumfoɔ no mma wɔmfa nkɔtɔ atuo mfa mmekunkum yɛn mma.”

Nsusuwii a ɛte saa no nyɛ ade afoforo. Hindu kannifo Mohandas K. Gandhi kyerɛɛ n’adwene wɔ asɛm yi ho saa kwan yi so sɛ: “Obiara a ɔnam ɔkwan biara so boa sraadi wɔ Ɔman bi mu no ntumi nyi ne ho mfi ɔman no bɔne mu. Ɔpanyin anaa abofra biara a otua tow ma Ɔman no de hwɛ asraafo no nso ayɛ bɔne.”

Saa ara na afeha a ɛto so 19 mu nyansapɛfo Henry David Thoreau kae sɛ akodi nti na ontua tow. Obisae sɛ: “So ɛsɛ sɛ ɔman ba ma kwan ma wɔhyehyɛ mmara ma no wɔ nsɛm a n’ankasa betumi agyina n’ahonim so asisi ho gyinae mu? Sɛ saa a, ɛnde na dɛn nti na obiara wɔ ahonim?”

Saa asɛm yi fa Kristofo ho efisɛ Bible kyerɛkyerɛ mu pefee sɛ, ɛsɛ sɛ wokura ahonim pa mu wɔ ade nyinaa mu. (2 Timoteo 1:3) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible no nso gye hokwan a aban ahorow wɔ sɛ wogyigye tow no tom. Ɛka sɛ: “Momma ɔkra biara mmrɛ ne ho ase nhyɛ atumfoɔ a wɔkorɔn no ase, na tumi biara nni hɔ sɛ nea efi Onyankopɔn; atumfoɔ a wɔwɔ hɔ no, Onyankopɔn na ɔde wɔn asisi wɔn sibea. Enti ntease pa wɔ hɔ sɛ mobrɛ mo ho ase ma wɔn, ɛnyɛ abufuw no nko nti, na mmom mo ahonim nso ntia. Eyi nso nti na muyi tow ahorow; na wɔyɛ ɔman asomfo ma Onyankopɔn na wokura ɔsom yi mu daa. Momfa nea ɛsɛ obiara mma no, tow mma nea tow sɛ no.”—Romafo 13:1, 5-7.

Esiane eyi nti, na wonim Kristofo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu sɛ nnipa a wɔntwentwɛn wɔn nan ase wɔ towtua ho koraa ɛmfa ho sɛ na atumfoɔ no de sika no bi boa sraadi no. Saa ara na Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso te. * Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristoni tua tow, bere a wɔmfa sika no nyɛ nneɛma a Kristofo pene so? Sɛ bere so sɛ ɛsɛ sɛ Kristoni tua tow a, so ɛsɛ sɛ obu n’ani gu n’ahonim so?

Towtua ne Yɛn Ahonim

Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, na wɔde tow a wɔhwɛ kwan sɛ afeha a edi kan Kristofo tua no mu bi hwɛ asraafo. Saa asɛm a ɛfa ahonim ho titiriw yi na akyiri yi ɛkaa Gandhi ne Thoreau ma wɔkae sɛ wɔrentua tow no.

Hyɛ no nsow sɛ na ɛnyɛ asotwe a Kristofo pɛ sɛ wɔkwati nti na na wotie ahyɛde a ɛwɔ Romafo ti 13 no, na mmom “[wɔn] ahonim nso ntia.” (Romafo 13:5) Yiw, Kristoni ahonim hwehwɛ sɛ otua tow ahorow ɛmfa ho sɛ ebia wɔde boa nnwuma bi a Kristoni no mpene so no. Nea ɛbɛboa ma yɛate asɛm a asɛ ɛbɔ ne ho abira yi ase no, ɛsɛ sɛ yehu ade titiriw a ɛfa yɛn ahonim ho a ɛne ɛnne a ɛkasa kyerɛ yɛn sɛ ebia yɛn nneyɛe bi teɛ anaa ɛnteɛ no.

Sɛnea Thoreau kae no, obiara wɔ ɛnne bi a ɛkasa kyerɛ no, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi de yɛn ho ato so. Sɛ yebetumi asɔ Onyankopɔn ani a, gye sɛ yɛma yɛn ahonim ne Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn hyia. Mpɛn pii no ɛsɛ sɛ yɛsakra yɛn nsusuwii ma ɛne Onyankopɔn de hyia, efisɛ Onyankopɔn adwene korɔn sen yɛn adwene. (Dwom 19:7) Enti ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yɛbɛte sɛnea Onyankopɔn bu nnipa nniso ahorow no ase. Onyankopɔn bu wɔn dɛn?

Yenim sɛ ɔsomafo Paulo kae sɛ nnipa nniso ahorow no yɛ “ɔman asomfo ma Onyankopɔn.” (Romafo 13:6) Dɛn na ɛno kyerɛ? Nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ wɔboa ma nhyehyɛe yɛ adwuma, na wɔyɛ nnwuma a ɛho hia boa ɔmanfo. Nniso ahorow a wonni nokware koraa no mpo taa boa ma yetumi de nneɛma mena afoforo, wɔma yenya sukuu ahorow, wɔbɔ yɛn ho ban fi ogya a ebetumi ahyew yɛn nneɛma ho, na wɔhwɛ ma mmara yɛ adwuma nso. Ɛwom sɛ Onyankopɔn nim paa sɛ atumfoɔ a wɔyɛ nnipa no tɔ sin de, nanso wama wɔn bere kakra sɛ wɔntena hɔ, na ɔhyɛ sɛ yɛnkyerɛ obu mma ne nhyehyɛe na yentua tow ahorow mma atumfoɔ no a ɛno kyerɛ sɛ wama atumfoɔ no kwan sɛ wonni adesamma so.

Nanso, ma a Onyankopɔn ama nnipa nniso kwan sɛ wɔntena hɔ no yɛ bere tiaa bi. Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔde ne soro Ahenni a awiei koraa no ebesiesie ɔhaw a nnipa nniso de aba adesamma so mfehaha pii no besi nnipa nniso ananmu. (Daniel 2:44; Mateo 6:10) Nanso, ansa na eyi bɛba no, Onyankopɔn nhyɛɛ Kristofo sɛ wɔntew atumfoɔ so atua anaa wɔmfa kwan foforo biara so nnyae towtua.

Nanso, te sɛ Gandhi no, sɛ woda so ara te nka sɛ enye sɛ wubetua tow ma wɔde aboa akodi nso ɛ? Sɛnea sɛ yekogyina bepɔw bi so a, yetumi hu beae bi yiye no, saa ara na sɛ yesusuw sɛnea Onyankopɔn adwene korɔn sen yɛn adwene koraa no ho a, ebetumi ama yɛn nsusuwii ne Onyankopɔn de ahyia. Onyankopɔn nam odiyifo Yesaia so kae sɛ: “Na sɛnea ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene korɔn sen mo adwene.”—Yesaia 55:8, 9.

So Atumfoɔ no Wɔ Tumi a Enni Anohyeto?

Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa towtua ho no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ aban ahorow di tumi wɔ nnipa a wɔhyɛ wɔn ase no so sɛnea wɔpɛ biara. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ tumi a Onyankopɔn de ama nniso ahorow yi yɛ bere tiaa mu de. Bere a wobisaa no sɛ ebia ɛyɛ papa wɔ Onyankopɔn ani so sɛ wotua tow ma Roma aban a na wodi tumi saa bere no, Yesu buae pefee sɛ: “Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”—Marko 12:13-17.

Aban ahorow—a wogyina hɔ ma “Kaesare” no—twa sika na wɔde bo to so. Enti wɔ Onyankopɔn ani so no, wɔwɔ hokwan sɛ wɔma wɔsan tua saa sika no ma wɔn sɛ tow. Nanso, Yesu ma ɛdaa adi sɛ nnipa ahyehyɛde biara ntumi nnye nea ɛyɛ “Onyankopɔn de”—yɛn nkwa ne ɔsom a yɛde ma no—no mfi ne nsam. Sɛ nnipa mmara ahorow anaa nea wɔhwehwɛ fi yɛn hɔ no ne Onyankopɔn mmara di asi a, ɛsɛ sɛ Kristofo “tie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.”—Asomafo Nnwuma 5:29.

Nneɛma a wɔde tow ahorow no yɛ no betumi ahaw Kristofo nnɛ, nanso wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛko atia aban nhyehyɛe denam tow ahorow a wontua so. Saa a wɔbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ wonnye nni sɛ Onyankopɔn betumi asiesie adesamma haw ahorow no. Mmom no, wɔtɔ wɔn bo ase twɛn sɛ Onyankopɔn ankasa bere bɛso, na ɔde ne ho agye adesamma nsɛm mu denam ne Ba Yesu a ɔkaa nea edi so yi no nniso so: “M’ahenni mfi wiase.”—Yohane 18:36.

Mfaso Horow a Yenya Fi Bible Nkyerɛkyerɛ So

Wubetumi anya mfaso pii afi Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa towtua ho a wubedi so no so. Wobɛkwati asotwe a ɛwɔ hɔ ma wɔn a wobu mmara so no na worensuro sɛ wɔbɛkyere wo. (Romafo 13:3-5) Nea ehia sen biara no, wubenya ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim na wode wo nneyɛe pa ahyɛ no anuonyam. Ɛwom sɛ, sɛ wode wo ho toto wɔn a wontua tow anaa wonni mu nokware no ho a, ebia wo sika so bɛtew de, nanso wubetumi de wo ho ato Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔbɛhwɛ ne nkoa anokwafo so no so. Bible kyerɛwfo Dawid kaa no saa kwan yi so sɛ: “Mayɛ abofra, na afei mabɔ akwakoraa, nanso minhuu onipa trenee a wɔagyaw no, anaasɛ n’asefo srɛ aduan.”—Dwom 37:25.

Sɛ wote Bible ahyɛde a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ yetua tow no ase na wudi so a, awiei koraa no, w’asom bedwo wo. Onyankopɔn mfa nea wɔde sika no yɛ ho asodi nto wo so sɛnea sɛ wutua wo dan ka a, wɔremfa nea wo fiewura de sika no bɛyɛ no ho asodi nto wo so no. Ansa na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Stelvio resua Bible mu nokware no, na wabɔ mmɔden mfe pii sɛ ɔbɛma wɔayɛ nsakrae wɔ Europa anafo fam amanyɔsɛm mu. Bere a ɔrekyerɛkyerɛ nea enti a ogyaee nea na ɔreyɛ no mu no, ɔkae sɛ: “Migye toom sɛ onipa rentumi mfa atɛntrenee, asomdwoe ne onuadɔ mma wiase yi mu. Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebetumi de nsakrae ne asetena pa aba.”

Sɛ wode nokwaredi ‘tua Onyankopɔn de ma Onyankopɔn’ sɛnea Stelvio yɛe no a, wo nso wubetumi anya saa awerɛhyem no. Sɛ Onyankopɔn bere so ma ɔde trenee nniso ba asase nyinaa so, na oyi ɔhaw ne ntɛnkyea a nnipa nniso de aba no fi hɔ a, wubehu.—w11-E 09/1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ sɛ wuhu kyerɛwtohɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa Adansefo tua tow a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbae November 1, 2002, kratafa 13, nkyekyɛm 15, ne May 1, 1996, kratafa 17, nkyekyɛm 7.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Ɛsɛ sɛ yɛsakra yɛn nsusuwii ma ɛne Onyankopɔn de hyia, efisɛ Onyankopɔn adwene korɔn sen yɛn adwene

Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

Sɛ Kristofo de osetie tua wɔn tow ahorow a, wonya ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim, na wɔda no adi sɛ wɔwɔ ne mu ahotoso sɛ ɔbɛma wɔn nsa aka wɔn ahiade

[Mfonini wɔ kratafa 14]

“Muntua Kaesare de mma Kaesare, na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn”

[Asɛm Fibea]

Copyright British Museum