Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔbarima a Yehowa Koma Da no So

Ɔbarima a Yehowa Koma Da no So

Ɔbarima a Yehowa Koma Da no So

SƐ WUSUSUW Dawid a Bible ka ne ho asɛm no ho a, dɛn na ɛba w’adwenem? Nkonim a odii wɔ Filistini ɔbran Goliat so no? Guan a oguan kɔɔ sare so esiane sɛ na Ɔhene Saul mpɛ n’asɛm no nti? Bɔne a ɔne Bat-Seba yɛe ne ɔhaw a efi mu bae no? Anaasɛ ɛyɛ anwensɛm a honhom kaa no ma ɔkyerɛwee a wɔakora so wɔ Bible mu nhoma a ɛne Nnwom mu no?

Dawid nyaa hokwan pii wɔ Yehowa som mu, odii nkonim pii, na ohuu amane nso. Nanso, nea ɛma yɛn ani gye Dawid ho sen biara ne asɛm a odiyifo Samuel kae yi—ɔbɛda ne ho adi sɛ “ɔbarima a [Yehowa] koma da no so.”—1 Samuel 13:14.

Samuel nkɔmhyɛ no baa mu bere a na Dawid yɛ abarimaa no. Sɛ wo na wɔkaa wo ho asɛm sɛ Yehowa koma da wo so a, anka w’ani rennye? Ná Dawid asetena te dɛn wɔ ne mmofraase a enti ebetumi aboa wo ma woayɛ sɛ ɔno? Ma yɛnhwɛ.

N’abusua ne Adwuma a na Ɔyɛ

Ɛda adi sɛ, na Yese a ɔyɛ Dawid papa, na ɔsan yɛ Rut ne Boas nana no yɛ nsi wɔ Yehowa som mu. Bere a Dawid ne ne nuabarimanom baason, ne ne nuabeanom baanu da so ara yɛ mmofra no, Yese de Mose Mmara no kyerɛkyerɛɛ wɔn. Wɔ Dawid nnwom no biako mu no, ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ ɔyɛ Yehowa ‘afenaa’ ba. (Dwom 86:16) Eyi ama ebinom aka sɛ Dawid maame a wɔammɔ ne din wɔ Bible mu no nso boaa no ma onyaa nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Nhomanimfo bi ka sɛ: “Ebetumi aba sɛ Dawid maame na ɔma odii kan tee anwonwakwan a Onyankopɔn ne ne nkurɔfo faa so dii nsɛm” no. Na ɛbɛyɛ sɛ ɔkaa Rut ne Boas ho nsɛm kyerɛɛ no.

Bere a yedii kan tee Dawid ho asɛm no, na ɔyɛ oguanhwɛfo abarimaa a ɔhwɛ ne papa nguan so. Ɛda adi sɛ saa adwuma yi maa ne nkutoo tenaa sare so nna pii. Wode susuw tebea no ho hwɛ.

Ná Dawid abusua no te Betlehem, kurow ketewa bi a na ɛda Yuda mmepɔw so. Ná Betlehem nsase a abo wɔ so no ma wotumi twa awi pii. Ná nnuaba turo, ngodua turo, ne bobeturo wɔ mmepɔw no nsianee no so. Dawid bere so no, ɛda adi sɛ na ɔde mmoa kɔ adidi wɔ mmepɔw a wɔnyɛ so afuw no so. Ná Yuda sare no da anafo fam.

Ná asiane wɔ nguanhwɛ adwuma a Dawid yɛ no mu. Ɛyɛ mmepɔw yi so na ohyiaa gyata ne osisi a na wɔpɛ sɛ wɔkyere ne nguan no bi no. * Aberante a na ne bo yɛ duru yi dii mmoa yi akyi kogyee ne nguan fii wɔn nsam. (1 Samuel 17:34-36) Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no na Dawid suaa sɛnea wɔtow ataabo. Ná Benyaminfo asase bɛn Dawid kurom. Ná Benyaminfo nim ataabo tow yiye ma enti na wɔka sɛ, “Sɛ nhwi mpo sɛn hɔ a, wɔn mu biara betumi atow ɔbo atew a ɔmfom.” Ná Dawid nso ani gyene paa.—Atemmufo 20:14-16; 1 Samuel 17:49.

Ɔde ne Bere Dii Dwuma Yiye

Nguanhwɛfo adwuma no ma wɔn nkutoo taa tew wɔn ho tena baabi koom. Nanso Dawid amma n’ani anhaw ne ho. Mmom no, beae a ɛhɔ yɛ dinn no ma onyaa kwan dwinnwen nneɛma ho. Ɛda adi sɛ nsɛm a Dawid dwinnwen ho a wɔakyerɛw wɔ ne nnwom ahorow mu no bi fi ne mmerantebere mu. So ɛyɛ bere a na watew ne ho rehwɛ mmoa no na odwinnwen baabi a nnipa hyɛ wɔ amansan yi mu ne nneɛma a ɛyɛ nwonwa a ɛwɔ soro te sɛ owia, ɔsram ne nsoromma a ɛyɛ “[Yehowa] nsateaa ano adwuma” no ho? So Betlehem sare so na odwinnwen nsase, anantwi, nantwinini, nnomaa “ne wuram mmoa” ho no?—Dwom 8:3-9; 19:1-6.

Akyinnye biara nni ho sɛ, Dawid ankasa suahu a onyae sɛ oguanhwɛfo no na ɛma ɔtee sɛnea Yehowa da ayamhyehye adi kyerɛ N’asomfo anokwafo no ase yiye. Eyi maa Dawid too dwom sɛ: “Yehowa ne me Hwɛfo. Hwee renhia me. Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea; ɔde me kɔ homebea a nsu pii wɔ. Sɛ menam esum kabii bon mu mpo a, minsuro bɔne biara, efisɛ woka me ho; w’abaa ne wo poma na ɛkyekye me werɛ.”—Dwom 23:1, 2, 4.

So asɛm yi betumi afa wo ho? Mmuae no ara ne sɛ, ade biako a ɛmaa Dawid ne Yehowa dii atirimsɛm ma enti wɔkaa ne ho asɛm sɛ “ɔbarima a [Yehowa] koma da no so” ne sɛ na wadwinnwen Yehowa nnwuma ho kɔ akyiri na na wasusuw ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ nso ho. So wobetumi aka saa afa wo ho?

So woatɔ wo bo ase asusuw Yehowa nsa ano adwuma afã bi ho ma aka wo sɛ hyɛ Ɔbɔadeɛ no anuonyam na yi no ayɛ pɛn? Bere a wuhuu sɛnea Yehowa da ne su ahorow adi wɔ sɛnea ɔne adesamma di nsɛm ho no, so ɛmaa ɔdɔ a wowɔ ma no no hyɛɛ wo koma ma? Sɛ wubetumi akyerɛ anisɔ a ɛte saa ama Yehowa a, ehia sɛ wuyi bere bi si hɔ de mpaebɔ susuw Onyankopɔn Asɛm ne n’adebɔ ho. Nsɛm ho a wubedwinnwen saa no betumi ama woahu Yehowa yiye na woadɔ no. Mpanyin ne mmofra nyinaa betumi anya saa hokwan yi bi. Ɛda adi paa sɛ Dawid ne Yehowa nyaa abusuabɔ a emu yɛ den fi ne mmofraase pɛɛ. Yɛyɛ dɛn hu eyi?

Wɔsraa Dawid

Bere a Ɔhene Saul kyerɛe sɛ ɔmfata sɛ odi Onyankopɔn nkurɔfo anim no, Yehowa ka kyerɛɛ odiyifo Samuel sɛ: “Wubedi Saul ho awerɛhow akosi da bɛn, bere a mapo no sɛ onnni Israel so hene no? Fa ngo gu w’abɛn mu na sim kɔ, na meresoma wo akɔ Betlehemni Yese nkyɛn, efisɛ ne mma mu na mapaw ɔhene.”—1 Samuel 16:1.

Bere a Onyankopɔn diyifo no koduu Betlehem no, ɔmaa Yese frɛɛ ne mma no bae. Wɔn mu hena na na ɛsɛ sɛ Samuel sra no sɛ ɔhene? Bere a Samuel huu sɛnea Eliab a ɔyɛ Yese ba panyin no ho yɛ fɛ no, ɔkae sɛ: ‘Ɔno ni.’ Nanso Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “Nhwɛ sɛnea ɔte ne ne tenten ne ne kɛse, na mempɛ no. Ɛnyɛ sɛnea onipa hwɛ ade na Onyankopɔn hwɛ, efisɛ onipa desani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.” Saa ara na Yehowa poo Abinadab, Sama ne wɔn nuanom baanan a wɔaka no. Asɛm no toaa so sɛ, “Ɛnna Samuel bisaa Yese sɛ: ‘Wo mmabarima no nyinaa ni anaa?’ Na ɔkae sɛ: ‘Akumaa koraa no nni ha bi; ɔde nguan kɔ adidi.’”—1 Samuel 16:7, 11.

Ɛte sɛ nea mmuae a Yese de mae no kyerɛ sɛ: ‘Dawid rentumi nyɛ onipa a Samuel rehwehwɛ no no.’ Esiane sɛ na Dawid yɛ akumaa koraa wɔ abusua no mu nti, ɔno na na ɔhwɛ nguan no. Na ɔno na na Onyankopɔn apaw no. Yehowa hwɛ komam, na ɛda adi sɛ ohuu adepa bi wɔ aberante yi ho. Enti Yese soma ma wɔkɔfaa Dawid bae, na Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: “‘Sɔre sra no, na ɔno ara ni!’ Enti Samuel faa abɛn a ngo wom no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na Yehowa honhom sii Dawid so fi saa da no rekɔ.”—1 Samuel 16:12, 13.

Bible no ankyerɛ mfe a na Dawid adi bere a asɛm yi sii no. Nanso bere bi akyi no, na Dawid nuanom mpanyimfo baasa yi, Eliab, Abinadab, ne Sama ka Saul asraafo ho. Ebetumi aba sɛ na ne nuanom baanum a wɔaka no nyinii pii sɛ wɔbɛkɔ sraadi. Ebia na ne nuanom baanum a wɔaka no mu biara nnya nnii mfe 20 a obetumi akɔka Israel asraafo no ho. (Numeri 1:3; 1 Samuel 17:13) Ne nyinaa mu no, bere a Yehowa paw Dawid no, na ɔyɛ aberantewaa. Nanso ɛbɛyɛ sɛ na Dawid yɛ obi a Onyankopɔn som ho hia no paa. Esiane sɛ na ɔtaa susuw Onyankopɔn ho nti, ɛda adi sɛ na ɔne Yehowa wɔ abusuabɔ a emu yɛ den.

Ɛsɛ sɛ asɛm yi hyɛ mmabun a wɔwɔ hɔ nnɛ no nkuran ma wɔyɛ saa ara. Enti awofo, so morehyɛ mo mma nkuran ma wɔadwinnwen Onyankopɔn som ho, wɔakyerɛ Onyankopɔn adebɔ ho anisɔ, na wɔasua nea Bible ka fa Ɔbɔadeɛ no ho? (Deuteronomium 6:4-9) Na mo a moyɛ mmabun nso, so mufi mo pɛ mu reyɛ saa ara? Wɔayɛ Bible ho nhoma ahorow te sɛ Ɔwɛn-Aban ne Awake! * a ebetumi aboa mo.

Ná Onim Sankubɔ Yiye

Sɛnea dwom nhoma a ɛwɔ Bible mu ka bere a na Dawid yɛ oguanhwɛfo ho asɛm kyerɛ yɛn no, saa ara na ɛbɛyɛ sɛ na ne ho nsɛm wɔ nnwom ahorow a ɔtoe no mu. Nokwarem no, nnwom a ɔtoe a wɔde kaa dwom nhoma a ɛwɔ Bible mu ho no mu biara nni hɔ a yebetumi ato no nnɛ. Nanso nea yenim ara ne sɛ, na Dawid yɛ odwontofo a ne ho akokwaw yiye. Nokwasɛm ne sɛ, esiane sɛ na Dawid nim sankubɔ yiye nti na wɔkɔfaa no fii sare so bae ma ɔbɛsom Ɔhene Saul.—1 Samuel 16:18-23. *

Ɛhefa na Dawid suaa sankubɔ, na bere bɛn na osuae? Ebia osuae bere a na ɔrehwɛ nguan wɔ sare so no. Ntease wom sɛ yebegye adi sɛ ɛmfa ho sɛ na Dawid yɛ abofra no, na otumi fi komam to ayeyi dwom ma Onyankopɔn. So ɛnyɛ Yehowa na ɔhwɛɛ n’ahofama ne mmɔden a ɔbɔ wɔ Onyankopɔn som mu so paw no na ɔde adwuma hyɛɛ no nsa?

Dawid mmofraase ho asɛm titiriw na wɔaka wɔ asɛm yi mu, na ne ho nsɛm a wɔkae akyiri yi nso kyerɛ sɛ na ɔne Yehowa wɔ abusuabɔ pa. Nanso nsɛm a Dawid kae no ma yehu su a ɔdaa no adi ne osuahu a onyae wɔ ne mmofraase wɔ Betlehem sare so no. Wode susuw dwom a Dawid to maa Yehowa yi ho hwɛ: “Mekae tete nna; midwinnwen wo nnwuma nyinaa ho; metena ase susuw wo nsa ano adwuma ho.” (Dwom 143:5) Sɛnea Dawid dwom yi ne nnwom afoforo a ɔhyehyɛe yɛ dɛ no betumi ahyɛ obiara a ɔpɛ sɛ Yehowa de ne koma to no so no nkuran.—w11-E 09/1.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 9 Ná Siria asisi a wɔn ho yɛ ndodowee a wɔwɔ Palestina no mu duru bɛyɛ kilogram 140, na na wobetumi de wɔn nsa akɛse no akum onipa anaa aboa. Ná agyata nso dɔɔso wɔ saa beae hɔ. Yesaia 31:4 ka sɛ “nguanhwɛfo pii” mpo ntumi mpam “gyatanini” mfi aboa a wakyere no ho.

^ nky. 20 Yehowa Adansefo na wotintimii.

^ nky. 22 Ɔhene Saul fotufo a ɔkamfoo Dawid kyerɛe no kae nso sɛ na Dawid ‘nim kasa, na ɔyɛ ɔbarima mũ, na na Yehowa nso di n’akyi.’—1 Samuel 16:18.