Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Akenkan—Ade A Ahyɛ Me Den Me Nkwa Nna Nyinaa

Bible Akenkan—Ade A Ahyɛ Me Den Me Nkwa Nna Nyinaa

Bible Akenkan—Ade A Ahyɛ Me Den Me Nkwa Nna Nyinaa

Sɛnea Marceau Leroy ka kyerɛe

ME NKUTOO mehyɛɛ me dan mu fii ase kenkan Bible sɛ: “Mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ɔsoro ne asase.” Dɛn nti na na mekenkan Bible wɔ kokoam? Efisɛ na minim adwene a na me papa a obiara nim no sɛ onnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no benya wɔ Bible a na merekenkan no ho.

Ná menkenkan Bible da, enti asɛm a edi kan wɔ Genesis nhoma no mu no maa m’ani so paa gya te sɛ anyinam. Mekae sɛ, ‘Afei na mahu nea enti a abɔde mu nneɛma yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ a na ayɛ me nwonwa bere nyinaa no!’ M’ani gyee ho paa ma mekenkan fii anadwo nnɔnwɔtwe kosii ahemadakye nnɔnnan. Saa na ɛyɛe a mifii Onyankopɔn Asɛm a makenkan wɔ me nkwa nna nyinaa mu no ase. Ma menkyerɛkyerɛ sɛnea Bible akenkan ahyɛ me den me nkwa nna nyinaa no mu.

“Wobɛkenkan no Da Biara Da”

Wɔwoo me wɔ afe 1926 mu wɔ Vermelles a ɛyɛ akuraa bi a wotu biriw wɔ hɔ ase. Saa akuraa no wɔ France atifi fam. Wɔ wiase ko a ɛto so abien mu no, na biriw yɛ ade a ɛho hia ɔman no paa. Esiane sɛ na meyɛ adwuma wɔ baabi a wotu biriw nti, wɔamma mankɔ sraadi. Nanso, esiane sɛ na mepɛ sɛ esi me yiye wɔ asetena mu nti, mifii ase suaa radio ne anyinam ahoɔden ho ade, na ɛma mihui sɛ abɔde mu nneɛma yɛ adwuma pɛpɛɛpɛ. Bere a midii mfe 21 no, me yɔnko sukuuni bi maa me Bible. Ɛno ne Bible a midii kan nyae, na me yɔnko no kae sɛ: “Ɛyɛ nhoma a mfaso wɔ so sɛ wobɛkenkan.” Bere a mekenkan wiei no, migye dii sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm a ɔde ama adesamma.

Esiane sɛ na misusuw sɛ m’afipamfo nso ani begye ho sɛ wɔbɛkenkan Bible nti, migyee awotwe. Anwonwasɛm ne sɛ wodii me ho fɛw, na wɔsɔre tiaa me. M’abusuafo a na wɔwɔ gyidihunu no bɔɔ me kɔkɔ sɛ, “Sɛ wunya fi ase kenkan saa nhoma yi a, ɛnde wobɛkenkan no da biara da!” Mekenkanee, na minnuu me ho da sɛ meyɛɛ saa. Abɛyɛ ade a mayɛ no me nkwa nna nyinaa.

Esiane sɛ m’afipamfo no bi hui sɛ m’ani gye Bible ho nti, wɔde Yehowa Adansefo nhoma ahorow a na wɔwɔ maa me. Nhomawa te sɛ One World, One Government * (ɛno na wɔde akyerɛ a ɛwɔ Franse kasa mu no) kyerɛkyerɛɛ nea enti a Bible ka sɛ Onyankopɔn Ahenni ne adesamma anidaso koro pɛ no mu. (Mat. 6:10) Ná masi me bo denneennen sɛ mɛka saa anidaso yi ho asɛm akyerɛ afoforo.

Nnipa a midii kan maa wɔn Bible no mu biako ne Noël a ɔyɛ m’adamfo fi me mmofraase no. Esiane sɛ na ɔyɛ Katolekni nti, ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ yenkohyia ɔbarima bi a na ɔresua asɔfodi. Ehu kaa me, nanso na makenkan Dwom 115:4-8 ne Mateo 23:9, 10 ahu sɛ Onyankopɔn ani nnye ahoni a wɔde di dwuma wɔ ɔsom mu ne abodin a wɔde frɛ asɔfo no ho. Eyi ma minyaa akokoduru de kyerɛkyerɛɛ me gyidi foforo no mu. Enti, Noël gyee nokware no, na ɛde besi nnɛ, ɔda so ara yɛ Ɔdansefo nokwafo.

Mekɔsraa me nuabea nso. Ná ne kunu wɔ ahonhonsɛmdi ho nhoma ahorow, na na adaemone reteetee ne kunu no. Ɛwom sɛ mfiase no na misuro de, nanso Bible mu nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Hebrifo 1:14 no ma mihui sɛ na Yehowa abɔfo taa m’akyi. Bere a m’akonta no de Bible mu nnyinasosɛm yɛɛ adwuma na ɔsɛee biribiara a ɛfa ahonhonsɛm ho a ɔwɔ no, otumi tetew ne ho fii adaemone no ho. M’akonta no ne me nuabea no nyinaa bɛyɛɛ Adansefo a wɔyɛ nsi.

Wɔ afe 1947 mu no, Ɔdansefo bi a ɔyɛ Amerikani a wɔfrɛ no Arthur Emiot baa me fie. M’ani gyei araa ma mibisaa no baabi a Adansefo no hyia. Ɔka kyerɛɛ me sɛ kuw bi wɔ Liévin a efi baabi a mewɔ no rekɔ hɔ bɛyɛ akwansin asia (kilomita 10). Ná ɛyɛ den sɛ yɛbɛtɔ baesekre saa bere no, enti menantew dii akɔneaba kɔɔ asafo nhyiam asram pii. Saa bere no, ná wɔbaraa Yehowa Adansefo adwuma wɔ France no na adi mfe awotwe. Ná Adansefo 2,380 pɛ na wɔwɔ ɔman no mu nyinaa, na na wɔn mu pii yɛ Polandfo a wɔatu aba hɔ. Nanso, wɔ September 1, 1947 no, wɔsan gyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara mu bio wɔ France. Wɔsan buee baa dwumadibea wɔ Paris wɔ Villa Guibert. Esiane sɛ na ɔkwampaefo biako mpo nni France nti, Informant (seesei yɛfrɛ no Yɛn Ahenni Som) a ɛbaa December 1947 no kae sɛ wɔrepɛ daa akwampaefo a wobetumi de nnɔnhwerew 150 aka asɛm no ɔsram biara. Wɔtew nnɔnhwerew no so baa 100 wɔ afe 1949 mu. Esiane sɛ na magye Yesu asɛm a ɛwɔ Yohane 17:17 a ɛka sɛ, “[Onyankopɔn asɛm] yɛ nokware” no atom koraa nti, mebɔɔ asu wɔ afe 1948 mu, na mebɛyɛɛ ɔkwampaefo wɔ December 1949 mu.

Mifii Afiase San Kɔɔ Dunkerque

Wodii kan de me kɔɔ Agen a ɛwɔ France anafo fam, na mankyɛ wɔ hɔ. Esiane sɛ na magyae biriw adwuma no yɛ nti, na wobetumi ama makɔ sraadi. Sraadi a mankɔ nti wɔde me too afiase. Ɛwom sɛ wɔamma mamfa Bible ankɔ hɔ de, nanso mitumi nyaa Nnwom nhoma no nkratafa kakra. Mekenkan ma ɛhyɛɛ me nkuran. Bere a woyii me fii afiase no, na ɛsɛ sɛ misi gyinae bi: So na ɛsɛ sɛ migyae bere nyinaa som adwuma no tena faako bɔ me bra? Bible a mekenkanee no boaa me wɔ eyi mu nso. Midwinnwen Paulo asɛm a ɛwɔ Filipifo 4:11-13 no ho. Ɛhɔ ka sɛ: “Ade nyinaa mu mewɔ ahoɔden, nea ɔhyɛ me den no nti.” Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ so ayɛ akwampae adwuma no. Wɔ afe 1950 mu no, wɔmaa me dwumadi foforo wɔ Dunkerque a ɛyɛ kurow bi a na maka asɛm no wɔ hɔ pɛn mu no.

Bere a mikoduu hɔ no, na minni hwee. Ná Wiase Ko II no asɛe kurow no pasaa, na na ɛyɛ den sɛ menya baabi atena. Meyɛe sɛ mɛkɔ akɔsra abusua bi a na metaa kɔka asɛm no kyerɛ wɔn, na mekɔe no, mekɔtoo ɔyere no, na n’ani gye boroo so ma ɔkae sɛ: “Ei, Owura Leroy, wɔayi wo afi afiase! Me kunu se sɛ mmarima pii te sɛ wo a, anka ɔko rensi da.” Ná wɔwɔ ahɔhodan bi wɔ hɔ, enti wɔde hɔ maa me sɛ mentena mu nkosi sɛ bere a nkurɔfo ba hɔ nsrahwɛ no befi ase. Saa da no ara, Arthur Emiot nua a wɔfrɛ no Evans ma minyaa adwuma. * Ná ɔkyerɛ kasa ase wɔ po so hyɛn gyinabea, na na ɔrehwehwɛ ɔwɛmfo a ɔbɛwɛn po so hyɛn bi anadwo. Ɔde me kyerɛɛ hyɛn no mu adwumayɛfo mpanyimfo no mu biako. Bere a woyii me fii afiase no, na mafɔn aka sɛ prae. Bere a Evans kyerɛkyerɛɛ nea enti a na mafɔn saa mu kyerɛɛ ɔpanyin no, ɔpanyin no ka kyerɛɛ me sɛ metumi adi aduan a ɛwɔ frigye mu no bi. Minyaa ɔdan a mɛtena mu, adwuma, ne aduan saa da no ara! Nokwarem no, na ahotoso a mewɔ wɔ Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:25-33 mu no mu ayɛ den.

Bere a nkurɔfo fii ase baa nsrahwɛ wɔ hɔ no, na ɛsɛ sɛ me ne Simon Apolinarski a ɔyɛ ɔkwampaefo a ɔka me ho no hwehwɛ baabi foforo kɔtena, nanso na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so atena kurom hɔ ayɛ yɛn adwuma no. Yenyaa baabi tenae wɔ mpɔnkɔdan dedaw bi mu, na yɛdaa sɔre-kɔ-adwuma matras so. Ná yɛkɔ asɛnka fi anɔpa kosi anwummere. Yedii mpɔnkɔdan wura no adanse, na ɔka nnipa pii a wogyee nokware no wɔ hɔ no ho. Ankyɛ koraa na asɛm bi baa ɛhɔnom atesɛm krataa bi mu a na ɛrebɔ nkurɔfo a wɔwɔ Dunkerque kurow no mu kɔkɔ sɛ, “Yehowa Adansefo atu agu mmɔnten so reka wɔn asɛm no wɔ mpɔtam ha.” Nanso, na me ne Simon ne adawurubɔfo kakraa bi pɛ na na yɛyɛ Adansefo wɔ hɔ! Sɛ yehyia nsɛnnennen a, na yedwinnwen anidaso a yɛwɔ sɛ Kristofo ne ɔkwan a na Yehowa afa so ahwɛ yɛn no ho ma ɛhyɛ yɛn nkuran. Bere a woyii me kɔɔ baabi foforo wɔ afe 1952 mu no, na adawurubɔfo a wɔkɔ asɛnka ɔsram biara bɛyɛ 30 na wɔwɔ Dunkerque.

Ɛhyɛɛ Me Den Maa Asɛyɛde Foforo

Bere a midii bere tiaa bi wɔ Amiens kurow no mu no, wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo titiriw ma mekɔsomee wɔ Boulogne-Billancourt a ɛyɛ borɔn bi a ɛwɔ Paris no. Ná mewɔ Bible asuafo pii, na akyiri yi, wɔn mu binom yɛɛ bere nyinaa som adwuma no ne asɛmpatrɛw adwuma. Aberante bi a wɔfrɛ no Guy Mabilat gyee nokware no, na ɔkɔsomee sɛ ɔmansin sohwɛfo, na akyiri yi, ɔsomee sɛ ɔmantam sohwɛfo. Akyiri yi, bere a wɔresi nhoma tintimbea a ɛwɔ Betel a ɛwɔ Louviers a seesei a ɛne Paris mu twe kakra no, ɔno na ɔhwɛɛ ɔdan no si so. Bible mu nkɔmmɔ a na metaa ne afoforo bɔ wɔ asɛnka mu no maa Onyankopɔn Asɛm no kaa me tirim yiye, na ɛmaa m’ani gyei, na ɛmaa mituu mpɔn wɔ ɔkwan a na mefa so kyerɛkyerɛ no mu.

Afei wɔ afe 1953 mu no, wɔpaw me sɛ menkɔyɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ Alsace-Lorraine, a ɛyɛ ɔmantam bi a Germany ko fae mprenu wɔ afe 1871 ne afe 1945 ntam hɔ bere a na menhwɛ kwan. Enti na ɛsɛ sɛ mesan sua German kasa no yiye. Bere a mifii ɔmansin adwuma no ase no, na kar, television, anaa mfiri a wɔde kyerɛw kakraa bi na na ɛwɔ saa ɔmantam no mu, na na radio anaa kɔmputa biara nni hɔ. Nanso na m’asetena nyɛ mmɔbɔ, na saa ara nso na na me ho nkyere me. Nokwarem no, m’ani gyei saa bere no paa. Esiane sɛ na nneɛma a ɛtwetwe adwene fi Yehowa som so nni hɔ pii te sɛ ɛnnɛ nti, ɛma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ metie Bible mu afotu a ɛka sɛ yɛmma yɛn ‘aniwa nhwɛ tee’ no.—Mat. 6:19-22.

“Ahenni a Edi Nkonim” Nhyiam a yɛyɛe wɔ afe 1955 mu wɔ Paris no yɛ biribi a me werɛ remfi da. Ɛhɔ na mihyiaa ɔbea a na mɛware no akyiri yi a wɔfrɛ no Irène Kolanski a ofii bere nyinaa som adwuma ase afe biako ansa na merefi ase no. Ná n’awofo a wɔyɛ Polandfo no yɛ Adansefo a wɔde bere tenten asom a wɔyɛ nsi. Adolf Weber na ɔkɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn wɔ France. Ná ɔyɛ Onua Russell turo so hwɛfo, na na waba Europa rebɛka asɛmpa no wɔ hɔ. Mewaree Irène wɔ afe 1956 mu, na ɔne me bɛyɛɛ ɔmansin adwuma no. Hwɛ sɛnea waboa me paa wɔ mfe a abɛsen kɔ no nyinaa mu!

Mfe abien akyi no, me nsa kaa biribi foforo a na menhwɛ kwan—wɔpaw me sɛ ɔmantam sohwɛfo! Nanso esiane sɛ na anuanom a wɔfata pii nni hɔ a wɔbɛyɛ amansin so ahwɛfo nti, na mesan kɔsom asafo ahorow no bi sɛ ɔmansin sohwɛfo. Ná minni adagyew saa bere no koraa! Nnɔnhwerew 100 a na mede ka asɛm no akyi ɔsram biara no, dapɛn biara, na ɛsɛ sɛ mema ɔkasa ahorow, mesrasra nhoma adesua kuw abiɛsa, mehwehwɛ asafo no nkrataa mu, na meyɛ kyerɛwtohɔ ahorow. Ná mɛyɛ dɛn anya bere de akenkan Onyankopɔn Asɛm no? Ɔkwan biako pɛ na mihui sɛ na metumi afa so ayɛ saa. Mitutuu Bible dedaw bi mu nkratafa, na mede bi hyɛɛ me ho. Bere biara a na ɛsɛ sɛ metwɛn obi wɔ baabi no, na miyi bi kenkan. Saa mmere ntiantiaa a na mede kenkan Bible no hyɛɛ me bo a na masi sɛ mɛkɔ so ayɛ me som adwuma no mu den.

Wɔtoo nsa frɛɛ me ne Irène wɔ afe 1967 mu sɛ yɛnkɔka Betel abusua a wɔwɔ Boulogne-Billancourt no ho. Mifii ase yɛɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea, na bɛboro mfe 40 akyi no, meda so ara yɛ saa adwuma no. M’adwuma no fã a m’ani gye ho ne nkrataa a nkurɔfo kyerɛw de bebisa Bible mu nsɛm a mema ho mmuae no. Hwɛ sɛnea m’ani gye ho sɛ mehwehwɛ Onyankopɔn Asɛm no mu, na ‘miyi asɛmpa no ano’! (Filip. 1:7) M’ani gye ho nso sɛ midi anim ma Betel abusua no susuw Bible ho anɔpa ansa na yɛadidi. Wɔ afe 1976 mu no, wɔpaw me sɛ Baa Boayikuw a ɛwɔ France no muni.

Ade a Eye Sen Biara wɔ Asetena Mu

Ɛwom sɛ mahyia tebea horow a ɛyɛ den de, nanso bere a ɛyɛ den paa wɔ m’asetena mu ne seesei a mpanyinyɛ ne yare mma me ne Irène ntumi nyɛ pii no. Nanso, Onyankopɔn Asɛm a yebom kenkan na yesua no ma anidaso a yɛwɔ mu kɔ so yɛ den. Yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛfa bɔs akɔ yɛn asafo no asasesin mu akɔka anidaso a yɛwɔ yi ho asɛm akyerɛ afoforo. Bɛboro mfe 120 a yɛde ayɛ bere nyinaa som adwuma no kanyan yɛn sɛ yemfi koma nyinaa mu nka saa adwuma yi ho asɛm nkyerɛ wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wobenya anigye ankasa wɔ wɔn asetena mu ma ɛso aba wɔn mfaso no. Bere a Ɔhene Dawid kyerɛw Dwom 37:25 no, na ‘wabɔ akwakoraa’ te sɛ me ara, na sɛnea ɔkae no, me nso “minhuu onipa trenee a wɔagyaw no.”

Yehowa nam n’Asɛm no so ahyɛ me den me nkwa nna nyinaa. Bɛboro mfe 60 a atwam ni na m’abusuafo kae sɛ mɛkenkan Bible me nkwa nna nyinaa. Ná asɛm a wɔkae no yɛ nokware. Ayɛ biribi a meyɛ no da biara da, na minnuu me ho da!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Wotintimii wɔ afe 1944 mu, nanso seesei wɔagyae tintim.

^ nky. 14 Sɛ wopɛ Evans Emiot ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban a ɛbaa January 1, 1999, kratafa 22 ne 23.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Me ne Simon

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Bere a meresom sɛ ɔmantam sohwɛfo

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Bible a ɛsɛ nea midii kan nyae no

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Yɛn ayeforohyia da

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Me ne Irène ani gye ho sɛ yɛbɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no na yɛasua