Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ne Me Kyɛfa

Yehowa Ne Me Kyɛfa

Yehowa Ne Me Kyɛfa

“Mene wo kyɛfa ne w’agyapade wɔ Israelfo mu.”—NUM. 18:20.

1, 2. (a) Bere a wɔkyɛɛ asase no maa mmusuakuw no, dɛn na wɔyɛɛ Lewifo no? (b) Ɛbɔ bɛn na Yehowa hyɛɛ Lewifo no?

BERE a Israelfo no ko faa Bɔhyɛ Asase no fã kɛse no ara wiei no, Yosua bɔɔ ntonto de kyɛɛ asase no. Yosua ne Ɔsɔfo Panyin Eleasar ne mpanyimfo a wɔdeda mmusuakuw no ano no na wɔyɛɛ saa adwuma yi. (Num. 34:13-29) Wɔamma Lewifo no asase sɛ wɔn agyapade sɛnea mmusuakuw a aka no nyaa bi no. (Yos. 14:1-5) Dɛn nti na Lewifo no annya asase, anaa kyɛfa wɔ Bɔhyɛ Asase no so? So wobuu ani guu wɔn so?

2 Asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Lewifo no ma yehu mmuae no. Yehowa hyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔrennyaw wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mene wo kyɛfa ne w’agyapade wɔ Israelfo mu.” (Num. 18:20) Yehowa se: “Mene wo kyɛfa,” bɔhyɛ kɛse bɛn ara ni! Sɛ wo na Yehowa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ wo a, anka wobɛte nka dɛn? Ebia asɛm a anka wubedi kan aka ne sɛ, ‘So mefata sɛ ade nyinaa so Tumfoɔ no hyɛ me bɔ a ɛte saa?’ Ebia wubebisa wo ho nso sɛ, ‘So Yehowa betumi ayɛ Kristoni a ɔtɔ sin kyɛfa nnɛ ma ayɛ yiye?’ Saa nsɛmmisa yi fa wo ne w’adɔfo ho. Enti momma yɛnhwehwɛ nea saa asɛm a Onyankopɔn kae no kyerɛ mu. Ɛno bɛboa yɛn ma yɛate sɛnea Yehowa betumi ayɛ Kristofo kyɛfa ɛnnɛ no ase. Ne titiriw no, obetumi ayɛ wo kyɛfa, sɛ́ ebia wowɔ anidaso sɛ wobɛkɔ soro anaasɛ wohwɛ kwan sɛ wubenya nkwa wɔ paradise asase so no.

Yehowa Hwɛɛ Lewifo No

3. Dɛn na ɛmaa Onyankopɔn faa Lewifo no de wɔn yɛɛ ne som adwuma?

3 Ansa na Yehowa de Mose Mmara no rema Israelfo no, na mmusua ti na wɔyɛ asɔfo wɔ wɔn ankasa mmusua mu. Bere a Onyankopɔn de Mose Mmara no maa wɔn no, ɔpaw ebinom fii Lewi abusuakuw no mu sɛ wɔnyɛ asɔfo na ebinom nso nyɛ asɔfo no aboafo. Dɛn na ɛma ɔyɛɛ saa nhyehyɛe yi? Bere a Onyankopɔn sɛee Egyptfo mmakan no, ɔtew Israelfo mmakan ho yii wɔn sii nkyɛn sɛ wɔyɛ ne dea. Afei Onyankopɔn yɛɛ nsakrae titiriw yi sɛ: ‘Mayi Lewifo sɛ wonsi Israelfo mmakan nyinaa ananmu.’ Esiane sɛ bere a wɔkan nnipa no na Israelfo mmakan dodow boro Lewifo no so nti, wotuaa agyede hyɛɛ ananmu. (Num. 3:11-13, 41, 46, 47) Enti, afei na Lewifo no betumi afi ase ayɛ Israel Nyankopɔn som adwuma no.

4, 5. (a) Ná Onyankopɔn a ɔyɛ Lewifo no kyɛfa no kyerɛ dɛn ma Lewifo no? (b) Dɛn na Onyankopɔn yɛe de hwɛɛ Lewifo no?

4 Bere a Yehowa paw Lewifo no sɛ wɔnyɛ ne som adwuma no, ɔkwan bɛn so na ɔbɛyɛɛ wɔn kyɛfa? Sɛ́ anka Yehowa bɛma wɔn asase sɛ agyapade no, ɔmaa wɔn biribi a ɛsom bo a ɛyɛ adwuma a ɛho hia paa sɛ wɔnyɛ. Ná “Yehowa asɔfodi” ne wɔn agyapade, anaa wɔn kyɛfa. (Yos. 18:7) Numeri ti 18 boa yɛn ma yɛte ase sɛ na wɔn nsa bɛka honam fam nneɛma a wohia no. (Monkenkan Numeri 18:19, 21, 24.) Ná ɛsɛ sɛ wɔde “Israel biribiara mu nkyem du mu biako” ma Lewifo no “sɛ wɔn agyapade” wɔ “adwuma” a wɔyɛ no ho. Ná wɔde Israelfo nnɔbae ne wɔn nyɛmmoa dodow mu ɔha biara mu nkyem 10 bɛma Lewifo no. Ná Lewifo no nso de nea wɔde bɛma wɔn no du mu nkyem biako a ɛyɛ ‘emu nea eye paa’ no bɛma de aboa asɔfodwuma no. * (Num. 18:25-29) Ná wɔde “ntoboa kronkron” a na Israelfo de brɛ Onyankopɔn wɔ n’asɔrefie hɔ “nyinaa” nso ma asɔfo no. Enti, na asɔfo no wɔ nea enti paa a na ɛsɛ sɛ wonya gyidi sɛ Yehowa bɛhwɛ wɔn.

5 Ebinom gye di sɛ Israelfo no yii ntotoso dudu a ɛto so abien. Ná Israelfo mmusua de saa ntotoso dudu yi totɔ nnuan ne anonne, na na wɔde gye wɔn ani wɔ wɔn nhyiam kronkron a na wɔyɛ no afe biara no ase. (Deut. 14:22-27) Nanso, ade foforo wɔ hɔ a na wɔde saa ntotoso dudu yi yɛ. Ná afe a ɛto so ason biara yɛ Israelfo no Home afe. Ná Israelfo de saa ntotoso dudu no boa ahiafo ne Lewifo no nso wɔ afe a ɛto so abiɛsa ne afe a ɛto so asia biara awiei wɔ saa mfe ason no mu. Dɛn nti na wɔde Lewifo kaa ho wɔ saa mmara yi mu? Efisɛ na ‘wonni agyapade no mu kyɛfa’ wɔ Israel.—Deut. 14:28, 29.

6. Ɛwom sɛ Lewi abusua no annya abusua asase wɔ Israel de, nanso na ɛhe na wɔbɛtena?

6 Ebia wubebisa wo ho sɛ, ‘Sɛ wɔamma Lewifo no asase a, ɛnde na ɛhe na wɔbɛtena?’ Onyankopɔn maa wɔn baabi a wɔbɛtena. Ɔmaa wɔn nkurow 48 ne ɛho mfikyisase. Ná guankɔbea nkurow asia no ka ho. (Num. 35:6-8) Enti na Lewifo no wɔ baabi a wɔte bere a na wɔnyɛ adwuma wɔ Onyankopɔn asɔrefie hɔ no. Yehowa maa wɔn a wɔde nsi yɛɛ ne som adwuma no nsa kaa nneɛma a na wohia ma ɛboroo so. Ɛda adi pefee sɛ, Lewifo no nam ahotoso a wonyae sɛ Yehowa betumi ama wɔn nsa aka nea wohia, na Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛhwɛ wɔn no so daa no adi sɛ ɔno ne wɔn kyɛfa.

7. Dɛn na na ɛsɛ sɛ Lewifo no nya na ama Yehowa ayɛ wɔn kyɛfa?

7 Ná asotwe biara nni Mose Mmara no mu a na wɔde ma Israelni bi a wanyi ntotoso dudu no. Nanso, sɛ na nkurɔfo no bu wɔn ani gu ntotoso dudu ho mmara no so a, na asɔfo no ne Lewifo no ho kyere wɔn. Saa na ɛbae wɔ Nehemia bere so. Ɛno nti, Lewifo no gyaee wɔn som adwuma no kɔyɛɛ wɔn nsase so adwuma. (Monkenkan Nehemia 13:10.) Ɛda adi sɛ, ɛyɛ bere a na ɔman no di Yehowa Mmara no so nkutoo na Lewifo no nsa kaa nneɛma a na wohia. Afei nso, na ɛsɛ sɛ asɔfo no ne Lewifo no ankasa nso nya Yehowa ne akwan a na ɔfa so hwɛ wɔn no mu gyidi.

Ankorankoro Nyaa Yehowa sɛ Wɔn Kyɛfa

8. Asɛm bɛn na ɛhaw Lewini Asaf?

8 Ná Lewi abusuakuw no benya Yehowa sɛ wɔn kyɛfa. Nanso, sɛ na Lewifo binom reka adamfofa a wɔn ankasa ne Onyankopɔn wɔ ne sɛnea wɔde wɔn ho to no so ho asɛm a, na wɔka sɛ “Yehowa ne me kyɛfa.” (Kwa. 3:24) Lewini bi a ɔkaa saa asɛm no yɛ odwontofo ne obi a na ɔhyehyɛ nnwom. Yɛbɛfrɛ no Asaf, ɛwom sɛ ebetumi aba sɛ na ɔyɛ obi a ofi Asaf a na odi anim ma wɔto nnwom wɔ Ɔhene Dawid bere so no abusua mu. (1 Be. 6:31-43) Yɛkenkan wɔ Dwom 73 sɛ Asaf (anaa n’asefo no mu biako) ani beree nnebɔneyɛfo, na na ɔnte nea enti a ɛte sɛ nea na nnebɔneyɛfo redi yiye no ase. Ɔkae mpo sɛ: “Ampa matew me komam kwa, na mahohoro me nsa bemdi mu kwa.” Ɛte sɛ nea bere bi Asaf werɛ fii sɛ na adwuma a Yehowa de ama no no yɛ adwuma titiriw paa. Ne werɛ fii sɛ na Yehowa ne ne kyɛfa. Asɛm no haw no ara kosii sɛ ‘ɔkɔɔ Onyankopɔn kronkronbea kɛse no mu.’—Dw. 73:2, 3, 12, 13, 17.

9, 10. Dɛn nti na Asaf tumi kae sɛ Onyankopɔn yɛ ne “kyɛfa daa”?

9 Bere a Asaf kɔɔ asɔrefie hɔ no, ofii ase de Onyankopɔn adwene susuw nneɛma ho. Ebia asɛm a ɛte saa ato wo pɛn. Ebia bere bi wo werɛ fii sɛnea ɔsom a wode ma Yehowa no yɛ biribi titiriw, na wufii ase dwinnwen honam fam nneɛma a wunni ho. Nanso, bere a wusuaa Onyankopɔn Asɛm na wokɔɔ Kristofo nhyiam ahorow no, wufii ase de Yehowa adwene susuw nneɛma ho. Asaf huu nea na awiei koraa no ɛbɛto nnebɔneyɛfo. Osusuw nneɛma pa a ɔwɔ ho, na ohui sɛ Yehowa beso ne nsa nifa mu na wadi n’anim. Enti, Asaf tumi ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “W’akyi no, minni obiara ho anigye asase so.” (Dw. 73:23, 25) Afei, ɔkae sɛ Onyankopɔn ne ne kyɛfa. (Monkenkan Dwom 73:26.) Ɛwom sɛ na odwontofo no ‘honam ne ne koma betumi ayɛ mmerɛw’ de, nanso na Onyankopɔn bɛyɛ ne “kyɛfa daa.” Ná odwontofo no wɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛkae no sɛ n’adamfo, na na ogye di sɛ Yehowa werɛ remfi nokwaredi a ɔde asom no no da. (Ɔsɛnk. 7:1) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ eyi kyekyee Asaf werɛ! Ɔtoo dwom sɛ: “Me de, Onyankopɔn a mɛbɛn no no ye ma me. Awurade Tumfoɔ Yehowa na mede no ayɛ me guankɔbea.”—Dw. 73:28.

10 Ná Yehowa a Asaf de no yɛɛ ne kyɛfa no som bo ma no koraa sen honam fam nneɛma a na onya sɛ Lewini no. Nea na ɔreka ho asɛm titiriw ne ɔsom a na ɔde ma Yehowa ne adamfofa a na ɔne Ɔsorosoroni no wɔ no. (Yak. 2:21-23) Sɛ na odwontofo no bɛkɔ so ne Yehowa afa adamfo a, na ɛsɛ sɛ ɔkɔ so nya ne mu gyidi na ɔde ne ho to no so. Nà ɛsɛ sɛ Asaf nya ahotoso sɛ sɛ otie Yehowa a, na ɔbɛma wanya daakye a ɛyɛ anigye. Wo nso wubetumi de wo ho ato ade nyinaa so Tumfoɔ no so saa ara.

11. Asɛm bɛn na Yeremia bisaa Yehowa, na ɔkwan bɛn so na ɔmaa no mmuae?

11 Lewini foforo a ɔkae sɛ Yehowa yɛ ne kyɛfa ne odiyifo Yeremia. Ma yensusuw nea na ɔkyerɛ bere a ɔkaa saa asɛm no ho nhwɛ. Yeremia tenaa Lewifo kurow Anatot a ɛbɛn Yerusalem no mu. (Yer. 1:1) Bere bi, Yeremia nso bisaa Yehowa nea enti a abɔnefo di yiye na wɔn a wɔyɛ adetrenee hu amane ho asɛm. (Yer. 12:1) Bere a ohuu nea na ɛrekɔ so wɔ Yerusalem ne Yuda no, ɔtee nka sɛ na ɛsɛ sɛ ‘ɔka’ nea ohui no ho asɛm kyerɛ Yehowa. Ná Yeremia nim sɛ Yehowa yɛ ɔtreneeni. Akyiri yi, nkɔm a Yehowa honhom kaa Yeremia ma ɔhyɛe ne sɛnea ɔmaa nkɔmhyɛ no baa mu no maa odiyifo no nyaa asɛm a obisae no ho mmuae a ɛtɔ asom. Sɛnea Onyankopɔn ma wɔhyɛɛ nkɔm no, wɔn a wotiee Yehowa asɛm no ‘nyaa wɔn kra sɛ asade,’ nanso abɔnefo a na wodi yiye no antie kɔkɔbɔ no, na wowuwui.—Yer. 21:9.

12, 13. (a) Dɛn na ɛkaa Yeremia ma ɔkae sɛ: “Yehowa ne me kyɛfa,” na su bɛn na ɔdaa no adi? (b) Dɛn nti na na ɛsɛ sɛ Israel mmusuakuw nyinaa de ntoboase twɛn te sɛ nea Yeremia yɛe no?

12 Akyiri yi, bere a Yeremia hwɛɛ ne kurow a na wɔasɛe no pasaa no, ɛyɛɛ no te sɛ nea ɔnam esum mu. Ɛyɛɛ no sɛ nea na Yehowa ama no ‘atena ase sɛ nnipa a wɔawuwu dedaadaw.’ (Kwa. 1:1, 16; 3:6) Ná Yeremia aka akyerɛ Israelfo a na wɔn aso yɛ den no sɛ wɔnsan mmra wɔn soro Agya no nkyɛn, nanso na wɔn nneyɛe bɔne no adu akyiri ma enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ma wɔsɛe Yerusalem ne Yuda. Ɛwom sɛ na Yeremia nyɛɛ bɔne de, nanso asɛm no yɛɛ no yaw. Bere a na odiyifo no redi awerɛhow mpo no, ɔkaee Onyankopɔn mmɔborɔhunu. Ɔkae sɛ: “Yɛn ase nhyewee.” Nokwarem no, Yehowa mmɔborɔhunu yɛ foforo anɔpa biara! Ɛyɛ saa bere no na Yeremia kae sɛ: “Yehowa ne me kyɛfa” no. Ná Yeremia da so ara reyɛ adwuma titiriw sɛ Yehowa diyifo.—Monkenkan Kwadwom 3:22-24.

13 Ná Israelfo kurow no bɛdan amamfõ mfe 70 a obiara nte mu. (Yer. 25:11) Nanso asɛm a Yeremia kae sɛ, “Yehowa ne me kyɛfa” no ma yehu sɛ na ɔwɔ ahotoso sɛ Yehowa behu wɔn mmɔbɔ, na ɛno na ɛma onyaa ‘ntoboase de twɛn’ Yehowa. Ná Israel mmusuakuw no nyinaa ahwere wɔn agyapade, enti na ɛsɛ sɛ wonya su koro no ara a odiyifo no nyae no bi. Ná Yehowa nkutoo ne wɔn anidaso. Mfe 70 akyi no, wɔsan maa Onyankopɔn nkurɔfo kɔɔ wɔn kurom, na wonyaa hokwan som no wɔ hɔ.—2 Be. 36:20-23.

Ná Afoforo Nso Tumi De Yehowa Yɛ Wɔn Kyɛfa

14, 15. Lewifo no akyi no, hena nso na ɔde Yehowa yɛɛ ne kyɛfa, na dɛn ntia?

14 Ná Asaf ne Yeremia nyinaa fi Lewi abusuakuw mu, nanso so na Lewifo nkutoo na na wobetumi anya hokwan asom Yehowa? Dabida! Aberante Dawid a na ɔbɛyɛ Israel hene daakye no frɛɛ Onyankopɔn sɛ ne “kyɛfa wɔ ateasefo asase so.” (Monkenkan Dwom 142:1, 5.) Bere a Dawid hyehyɛɛ saa dwom no, na ɔnte ahemfie anaa ofie bi mu mpo. Ná waguan n’atamfo akohintaw ɔbodan bi mu. Anyɛ yiye koraa no, Dawid kohintaw abodan mu mprenu. Okohintaw ɔbodan bi a ɛbɛn Adulam mu bere bi, ɛnna bere foforo nso okohintaw nea ɛwɔ En-Gedi sare so mu. Ɛbɛyɛ sɛ ɔhyehyɛɛ Dwom 142 no wɔ saa abodan yi biako mu.

15 Sɛ Dawid hyehyɛɛ saa dwom yi wɔ ɔbodan mu a, na ɔreguan afi Ɔhene Saul anim ntia. Ná Saul pɛ sɛ okum Dawid, enti Dawid guan kɔhyɛɛ ɔbodan bi a ɛhɔ kɔ yɛ den mu. (1 Sam. 22:1, 4) Ɛbɛyɛ sɛ Dawid tee nka sɛ na onni adamfo biara a ɔbɛbɔ ne ho ban wɔ baabi a na atew ne ho saa no. (Dw. 142:4) Ɛyɛ saa bere no na Dawid su frɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa no.

16, 17. (a) Nneɛma bɛn na ɛmaa Dawid abam bui? (b) Hena hɔ na na Dawid betumi ahwehwɛ mmoa?

16 Bere a Dawid hyehyɛɛ Dwom 142 no, ɛbɛyɛ sɛ na Dawid ate asɛm a na ato Ɔsɔfo Panyin Ahimelek a ɔboaa no bere a na onnim sɛ ɔreguan afi Saul anim no. Ɔhene Saul oniberefo no ma wokum Ahimelek ne ne fiefo. (1 Sam. 22:11, 18, 19) Dawid tee nka sɛ ɛyɛ ɔno na wayɛ ma wɔakum wɔn. Ɛyɛɛ no sɛ nea ɔno ankasa na okum ɔsɔfo a ɔboaa no no. Sɛ ɛyɛ wo na asɛm a ɛtoo Dawid no too wo a, so anka wobɛte nka saa? Nea ɛmaa asɛm no yɛɛ den koraa maa Dawid ne sɛ na onnya bere nhome efisɛ na Saul da so taa no so.

17 Bere a wokum Ahimelek no, ankyɛ na odiyifo Samuel a na wasra Dawid sɛ ɔbɛyɛ ɔhene daakye no nso wui. (1 Sam. 25:1) Ɛbɛyɛ sɛ ɛno maa Dawid abam bui kɛse. Nanso, na Dawid nim sɛ Yehowa bɛboa no. Ná Dawid nni ɔsom adwuma titiriw a ɛte sɛ Lewifo de no, nanso na wɔasra no sɛ ɔbɛyɛ ɔsom adwuma foforo a ɛno nso yɛ titiriw. Ɛne sɛ awiei koraa no, na obedi Onyankopɔn nkurɔfo so hene. (1 Sam. 16:1, 13) Enti, Dawid kaa ne komam asɛm kyerɛɛ Yehowa, na ɔkɔɔ so hwehwɛɛ Onyankopɔn akwankyerɛ. Wo nso wubetumi de Yehowa ayɛ wo kyɛfa. Wubetumi de wo ho ato no so bere a wokɔ so yɛ nea wubetumi nyinaa wɔ ne som adwuma mu no.

18. Dɛn na wɔn a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ adesua yi mu no yɛe de kyerɛe sɛ wɔde Yehowa yɛɛ wɔn kyɛfa?

18 Wɔn a yɛasusuw wɔn ho no de Yehowa yɛɛ wɔn kyɛfa a nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔmaa wɔn adwuma wɔ ne som mu. Bere a na wɔresom Onyankopɔn no, wonyaa ahotoso sɛ ɔbɛhwɛ wɔn. Lewifo no ne mmusuakuw a aka no mufo te sɛ Dawid tumi de Onyankopɔn yɛɛ wɔn kyɛfa. Wo nso wobɛyɛ dɛn atumi de Yehowa ayɛ wo kyɛfa? Yebesusuw eyi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Sɛ wopɛ sɛnea na wɔhwɛ asɔfo no ho nkyerɛkyerɛmu a, hwɛ Insight on the Scriptures, Po 2, kratafa 684.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na na Yehowa yɛ Lewifo no kyɛfa?

• Dɛn na Asaf, Yeremia, ne Dawid yɛe de kyerɛe sɛ na Yehowa ne wɔn kyɛfa?

• Sɛ Onyankopɔn bɛyɛ wo kyɛfa a, su bɛn na ɛsɛ sɛ wunya?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Lewifo annya asase sɛ agyapade. Mmom no, na Yehowa ne wɔn kyɛfa, efisɛ wonyaa hokwan kɛse som no

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ɔkwan bɛn so na na Yehowa yɛ asɔfo ne Lewifo no kyɛfa?

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Dɛn na ɛboaa Asaf ma ɔkɔɔ so de Yehowa yɛɛ ne kyɛfa?