Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Muntu Mmirika No . . . Na Mo Nsa Aka”

“Muntu Mmirika No . . . Na Mo Nsa Aka”

“Muntu Mmirika No . . . Na Mo Nsa Aka”

“Muntu mmirika no saa na mo nsa aka.”—1 KOR. 9:24.

1, 2. (a) Dɛn na Paulo de hyɛɛ Hebrifo a na wɔyɛ Kristofo no nkuran? (b) Dɛn na wɔka kyerɛ Onyankopɔn asomfo sɛ wɔnyɛ?

ƆSOMAFO Paulo de mmirikatufo a wosi akan yɛɛ mfatoho de hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran. Ɔkaee wɔn sɛ ɛnyɛ wɔn nkutoo na wɔretu nkwa ho mmirika no. Ná “adansefo mununkum kɛse” a wɔatwa wɔn ho ahyia atumi atu mmirika no awie. Sɛ na Hebrifo a wɔyɛ Kristofo no kae nneɛma a wɔn a na wɔatu mmirika no awie no yɛe de kyerɛe sɛ wɔwɔ gyidi ne mmɔden a wɔbɔe de tuu mmirika no wiei no bere nyinaa a, na ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔayere wɔn ho atu mmirika no awie.

2 Yesusuw sɛnea “adansefo mununkum” no mu binom bɔɔ wɔn bra ho wɔ adesua a edi eyi anim no mu. Wɔn nyinaa daa gyidi a emu yɛ den paa adi, na ɛboaa wɔn ma wodii Onyankopɔn nokware kosii owu mu. Yebetumi asua biribi afi nea ɛboaa wɔn ma wotumi tuu mmirika no wiei no mu. Sɛnea yesuae wɔ adesua a edi eyi anim mu no, Paulo de afotu a edi so yi maa ne mfɛfo asomfo a yɛn nso yɛka ho sɛ: “Momma yenyi adesoa biara ne bɔne a etumi kyekyere yɛn ntɛm no ngu, na yɛmfa boasetɔ ntu mmirika a ɛda yɛn anim no.”—Heb. 12:1.

3. Dɛn na Kristofo betumi asua afi nea Paulo ka faa mmirikatufo a na wosi akan wɔ Hela no ho mu?

3 Dɛn nti na Paulo kae sɛ “yenyi adesoa biara” ngu? Nhoma bi a ɛka Kristofo a wɔtenaa ase wɔ Paulo bere so ho asɛm kyerɛkyerɛ sɛnea na mmirikatufo a wɔwɔ Paulo bere so tu mmirika mu. (Backgrounds of Early Christianity) Ɛka sɛ: “Sɛ na Helafo reteɛteɛ wɔn apɔw mu a, na wɔnhyɛ atade biara, saa ara na sɛ na wɔresi akan nso a, na wɔnhyɛ atade biara.” * Ɛnnɛ, ɛbɛyɛ te sɛ nea ɛnyɛ papa sɛ obi betu mmirika bere a ɔnhyɛ atade biara. Nanso, na mmirikatufo no tu mmirika a wɔnhyɛ atade, efisɛ na wɔmpɛ sɛ biribiara siw wɔn kwan a ɛremma wonnya nkonimbo no. Enti, bere a Paulo ka kyerɛɛ Hebrifo a na wɔyɛ Kristofo no sɛ ‘wonyi adesoa biara ngu’ no, na nea ɔrekyerɛ ne sɛ wɔmmɔ mmɔden nyi biribiara a ɛremma wontumi nnya nkonimbo a ɛne daa nkwa no mfi wɔn asetena mu. Ná eyi yɛ afotu pa ma Hebrifo a na wɔyɛ Kristofo no, na ɛyɛ afotu pa ma yɛn nso. Nneɛma bɛn na ebetumi ayɛ te sɛ “adesoa” wɔ yɛn asetena mu a ebetumi ama ayɛ den ama yɛn sɛ yebetu mmirika no awie?

‘Yenyi Adesoa Biara Ngu’

4. Dɛn na nnipa a wɔtenaa ase wɔ Noa bere so no ma egyee wɔn adwene?

4 Afotu a Paulo de mae ne sɛ ‘yenyi adesoa biara ngu.’ Saa adesoa no bi ne biribiara a ɛremma yentumi mfa yɛn adwene nyinaa nsi mmirika a yɛretu no so, na ɛremma yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa ntu mmirika no nwie. Dɛn ne nneɛma a ebetumi ayɛ te sɛ adesoa no bi? Yesu boa yɛn ma yehu bi. Ɔkaa Noa bere so ho asɛm. Ná Noa ka nnipa a na wɔwɔ gyidi a Paulo kaa wɔn ho asɛm no ho. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea ɛyɛe wɔ Noa nna no mu no, saa ara na ɛbɛyɛ wɔ onipa Ba no nna no nso mu.” (Luka 17:26) Ná ɛnyɛ ɔsɛe a ebi mmae da a ɛreba no ho asɛm titiriw na na Yesu reka; mmom no, na ɔreka sɛnea nkurɔfo bɛbɔ wɔn bra ho asɛm. (Monkenkan Mateo 24:37-39.) Nnipa dodow no ara a wɔtenaa ase wɔ Noa bere so no ani annye ho sɛ wobesua Onyankopɔn ho ade na kampɛsɛ wɔayɛ nea ɛsɔ n’ani. Dɛn na ɛtwetwee wɔn adwene? Ɛnyɛ biribi titiriw biara. Ná ɛyɛ nneɛma a yɛyɛ no daa wɔ yɛn asetena mu te sɛ adidi, ɔnom, ne aware. Nanso, wɔmaa saa nneɛma no ho hiaa wɔn sen Onyankopɔn asɛm a na wobetie. Yesu kae sɛ “wɔanhu.”

5. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛatu mmirika no awie?

5 Yɛn nso yɛwɔ nneɛma pii yɛ da biara da te sɛ Noa ne n’abusua. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma de pɛ sika, na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho ne yɛn mmusua. Ɛno betumi agye yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode pii. Ɛnyɛ den koraa sɛ nneɛma a yehia wɔ asetena mu no begyaw yɛn adwinnwen, titiriw, wɔ mmere a sika ho yɛ den mu. Afei nso, esiane sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa nti, yɛwɔ asɛyɛde foforo a ɛho hia wɔ ne som mu. Yɛyɛ asɛnka adwuma no, yesua nneɛma a yebesusuw ho wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase ansa na yɛakɔ, yɛn ankasa yesua ade, na yɛyɛ abusua som sɛnea ɛbɛyɛ a abusuabɔ a yɛne Yehowa wɔ mu bɛyɛ den. Ɛmfa ho nea na ɛsɛ sɛ Noa yɛ de som Onyankopɔn nyinaa no, “saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe.” (Gen. 6:22) Sɛ yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea Yehowa ka sɛ yɛnyɛ nyinaa na ama yɛatumi atu mmirika no awie a, ɛho hia paa sɛ yɛrensoa adesoa biara a ebetumi ama ayɛ den ama yɛn sɛ yebetu mmirika no awie ngu yɛn ho so.

6, 7. Yesu afotu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem bere nyinaa?

6 Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔkae sɛ yenyi “adesoa biara” ngu no? Nokwarem no, yɛrentumi nyi asɛyɛde biara a yɛwɔ wɔ asetena mu mfi yɛn so koraa. Nanso, kae asɛm a Yesu ka faa nneɛma a ɛho hia wɔ asetena mu ho no. Ɔkae sɛ: “Munnnwinnwen nnka sɛ, ‘Dɛn na yebedi?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛnom?’ anaasɛ, ‘Dɛn na yɛbɛhyɛ?’ Na eyinom nyinaa ne nneɛma a amanaman no di akyi denneennen. Na mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa.” (Mat. 6:31, 32) Ná Yesu reboa yɛn ma yɛate ase sɛ sɛ yɛma nneɛma a ɛho hia wɔ asetena mu mpo te sɛ aduan ne atade yɛ ade a ɛho hia yɛn sen biara wɔ yɛn asetena mu a, ebetumi abɛyɛ te sɛ adesoa ama yɛn. Ebetumi ama yɛagyae mmirika no tu.

7 Mma wo werɛ mfi sɛ Yesu kae sɛ: “Mo soro Agya nim sɛ muhia saa nneɛma yi nyinaa.” Eyi kyerɛ sɛ yɛn soro Agya Yehowa bɛyɛ ne fam de ama yɛn nsa aka nea yehia. Nokwasɛm ne sɛ, “saa nneɛma yi nyinaa” a ɔkae no nkyerɛ sɛ wɔde biribiara a yɛpɛ sɛ yenya no bɛma yɛn. Nanso, wɔaka akyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yedwinnwen “nneɛma a amanaman no di akyi denneennen” no ho. Dɛn ntia? Efisɛ akyiri yi Yesu tuu n’atiefo fo sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye na adidi mmoroso ne asanom ntraso ne asetena mu dadwen anhyɛ mo koma so da, na da no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri.”—Luka 21:34, 35.

8. Dɛn nti na ɛnnɛ titiriw na ɛsɛ sɛ yeyi ‘adesoa biara gu’?

8 Yɛabɛn baabi a yɛretu mmirika no akodu no pɛɛ. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ awerɛhow sɛ yɛbɛsoa nnesoa a ɛho nhia agu yɛn ho so a ɛremma yentumi ntu mmirika no nwie wɔ bere tiaa a aka ma yɛatu awie yi mu! Enti, nyansa wɔ afotu a ɔsomafo Paulo de maa yɛn yi mu paa. Ɔkae sɛ: “Mfaso kɛse wɔ onyamesom pa ne nea obi wɔ a ɔma n’ani sɔ so.” (1 Tim. 6:6) Sɛ yetie Paulo asɛm no a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkɔ so atu mmirika no na yɛn nsa aka nkonimbo no.

“Bɔne a Etumi Kyekyere Yɛn Ntɛm No”

9, 10. (a) “Bɔne a etumi kyekyere yɛn ntɛm no” kyerɛ dɛn? (b) Dɛn na ebetumi aba Kristoni bi gyidi so?

9 Paulo kaa ade foforo nso a ɛsɛ sɛ yeyi gu ho asɛm. Ɔkae sɛ, ɛsɛ sɛ yeyi “bɔne a etumi kyekyere yɛn ntɛm no” gu. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ‘etumi kyekyere ntɛm’ no pue pɛnkoro pɛ wɔ Bible mu wɔ Hebrifo 12:1. Ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Albert Barnes kae sɛ: “Ná obi a otu mmirika hwɛ yiye sɛ ɔrenhyɛ atade a sɛ mframa bɔ a ebetumi akyekyere ne nan a ɛbɛma ayɛ den ama no sɛ obetu mmirika, saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo nso yɛ, wɔn titiriw na ɛsɛ sɛ woyi biribiara a ebetumi ama ayɛ den ama wɔn sɛ wobetu mmirika no gu.” Ɛbɛyɛ dɛn na biribi atumi akyekyere Kristoni ma ne gyidi ayɛ mmerɛw?

10 Kristoni gyidi nsɛe prɛko pɛ. Ebetumi asɛe nkakrankakra a ebia ɔrenhu mpo sɛ ne gyidi resɛe. Ná Paulo adi kan abɔ Hebrifo a wɔyɛ Kristofo no kɔkɔ wɔ saa asiane yi ho wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa wɔn no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ yiye na ‘wɔantwe wɔn ho’ amfi gyidi no ho da, na wɔamma “koma bɔne a enni gyidi” amma wɔn mu nso da. (Heb. 2:1; 3:12) Sɛ atade a ɛhyɛ mmirikatufo kyekyere ne nan a, mpɛn pii no, ɔhwe ase. Enti, ɛsɛ sɛ mmirikatufo bi hu sɛ sɛ ɔhyɛ atade a ɛmfata de tu mmirika a, obetumi ahwe ase. Dɛn na ebetumi ama mmirikatufo bi abu n’ani agu asiane yi so? Ebetumi aba sɛ ɔnyɛ ahwɛyiye, ogye ne ho di dodo, anaa ɔma nneɛma foforo twetwe n’adwene. Dɛn na yebetumi asua afi Paulo afotu no mu?

11. Dɛn na ebetumi asɛe yɛn gyidi?

11 Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtena yɛn adwenem sɛ nneɛma a Kristoni bi yɛ wɔ n’asetena mu na ɛma ne gyidi sɛe. Ɔbenfo foforo kae sɛ “bɔne a etumi kyekyere yɛn ntɛm no” ne “bɔne a enya yɛn so tumi kɛse paa a ɛne tebea a yɛwom, nnipa a yɛne wɔn bɔ, ne akɔnnɔ bɔne a ɛwɔ yɛn mu.” Nea na ɔrekyerɛ ne sɛ, baabi a yɛte, yɛn ankasa mmerɛwyɛ, ne nnipa a yɛne wɔn bɔ nyinaa betumi anya yɛn so nkɛntɛnso kɛse. Saa nneɛma no betumi ama yɛn gyidi ayɛ mmerɛw anaa asɛe yɛn gyidi mpo.—Mat. 13:3-9.

12. Sɛ yɛmpɛ sɛ yɛn gyidi sɛe a, kɔkɔbɔ bɛn na ɛho hia sɛ yetie?

12 Akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no taa bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ nneɛma a yɛhwɛ ne nea yetie ho, efisɛ saa nneɛma no betumi aka yɛn nsusuwii ne nneɛma a yɛn ani gye ho. Wɔabɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ asiane wom sɛ yɛbɛma sikapɛ ne ahonyade akyi a yebedi agye yɛn adwene. Sɛ yɛma yɛn ani gye nneɛma a wiase no de gyigye nkurɔfo ani ho, anaa yɛpɛ sɛ yenya afiri foforo biara a aba so a, yɛn ani betumi agye saa nneɛma yi ho araa ma yɛrennya bere nyɛ nneɛma a ɛho hia paa no. Ɛbɛyɛ mfomso kɛse sɛ yɛbɛte nka sɛ saa afotu no yɛ den dodo, anaasɛ ɛfa afoforo ho efisɛ yɛn de, yɛrentumi ntɔ saa asiane no mu. Satan ma yenya wiase no adwene, na ɔma yɛn ani gye nneɛma a wiase no ani gye ho ho sɛnea ɛbɛyɛ a yebebu yɛn ani agu kɔkɔbɔ a wɔde ma yɛn no so. Esiane sɛ ebinom anyɛ ahwɛyiye, wogyee wɔn ho dii dodo, anaa wɔmaa wiase mu nneɛma twetwee wɔn adwene nti, wɔn gyidi asɛe. Sɛ biribi a ɛte saa to yɛn a, ɛrentumi mma yennya nkonimbo a ɛne daa nkwa no.—1 Yoh. 2:15-17.

13. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na amma yɛansusuw nneɛma ho te sɛ nnipa a wɔwɔ wiase no mu?

13 Da biara da, Satan wiase no mu nnipa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛasusuw nneɛma ho te sɛ wɔn. Wɔpɛ sɛ yɛn nso yɛma nneɛma a ɛho hia wɔn no ho hia yɛn bi, na yɛyɛ nneɛma a wɔyɛ no bi. (Monkenkan Efesofo 2:1, 2.) Nanso, sɛ́ wobenya yɛn anaasɛ wɔrennya yɛn no gyina sɛnea yɛn ankasa yɛyɛ yɛn ade wɔ saa nneɛma no ho so. “Mframa” a Paulo kaa ho asɛm no di awu. Sɛnea yɛrempɛ sɛ yɛbɛhome mframa a ebetumi akum yɛn no, saa ara na ɛnsɛ sɛ yɛma kwan ma sɛnea wiase no mu nnipa susuw nneɛma ho no nya yɛn da. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakɔ so atu mmirika no? Ɛyɛ nhwɛso a Yesu yɛe no. Ɔno ne obi a ɔyɛɛ nhwɛso a ɛsen biara a otuu mmirika no wiei, na yebetumi asuasua no. (Heb. 12:2) Paulo nhwɛso nso betumi aboa yɛn. Otuu mmirika a Kristofo retu no bi, na ɔhyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ wonsuasua no.—1 Kor. 11:1; Filip. 3:14.

Mobɛyɛ Dɛn na ‘Mo Nsa Aka’ Nkonimbo No?

14. Ná mmirika no a Paulo betu awie no ho hia no dɛn?

14 Ná mmirika no a Paulo betu awie no ho hia no dɛn? Bere a ɔne asafo mu mpanyimfo a na wɔwɔ Efeso no kasae nea etwa to koraa no, ɔkae sɛ: “Me kra ho nhia me pii sɛ wie a mewie me mmirikatu ne ɔsom adwuma a minya fii Awurade Yesu hɔ” no. (Aso. 20:24) Ná n’ani gye ho sɛ ɔde biribiara bɛbɔ afɔre a na ne nkwa mpo ka ho sɛnea ɛbɛyɛ a obetu mmirika no awie. Wɔ Paulo fam no, sɛ na wantumi antu mmirika no anwie a, na adwumaden ne brɛ a ɔbrɛe wɔ asɛmpa no ho nyinaa ayɛ ɔkwa. Ná onim sɛ ɛsɛ sɛ ɔkɔ so yere ne ho. Wannya adwene sɛ ne nsa aka nkonimbo no dedaw. (Monkenkan Filipifo 3:12, 13.) Nanso, ɛyɛ bere a na aka bere tiaa bi ma wawu no na ɔde ahotoso kae sɛ: “Mako ɔko pa no, matu mmirika no awie, maso gyidi no mu.”—2 Tim. 4:7.

15. Nkuranhyɛ bɛn na Paulo de maa ne mfɛfo a na ɔne wɔn retu mmirika no?

15 Ná Paulo ani gye ho paa nso sɛ obehu sɛ ne mfɛfo Kristofo betu mmirika no awie a wɔrensan wɔ ɔkwan mu. Sɛ nhwɛso no, ɔhyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Filipi no nkuran sɛ wɔnyere wɔn ho nyɛ wɔn ankasa nkwagye ho adwuma. Ná ɛsɛ sɛ ‘woso nkwa asɛm no mu denneennen.’ Paulo toaa so sɛ: “Na ama manya biribi adi ahurusi Kristo da no, sɛ mantu mmirika hunu anaa mammrɛ angu.” (Filip. 2:16) Saa ara na Paulo tuu Kristofo a na wɔwɔ Korinto no fo sɛ: “Muntu mmirika no saa na mo nsa aka [nkonimbo no].”—1 Kor. 9:24.

16. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nkonimbo no tena yɛn adwenem yiye?

16 Wɔ mmirika a wotu twa kwantenten de si akan mu no, nea ɔretu mmirika no nhu baabi a ɔretu mmirika no akodu no gye sɛ ɔrebɛn hɔ ansa. Nanso, bere a mmirikatufo no retu mmirika no nyinaa no, na baabi a obewie no wɔ n’adwenem. Sɛ ohu sɛ ɔreyɛ abɛn baabi a obewie mmirika a ɔretu no a, ɔyere ne ho paa sɛ obewie. Saa ara na ɛsɛ sɛ yetu yɛn mmirika no. Ɛsɛ sɛ yɛma nkonimbo no tena yɛn adwenem yiye. Eyi bɛboa yɛn ma yɛn nsa aka.

17. Ɔkwan bɛn so na gyidi boa yɛn ma nkonimbo no tena yɛn adwenem?

17 Paulo kyerɛwee sɛ: “Gyidi ne awerɛhyem a yɛde twɛn biribi a yɛn ani da so, nneɛma a yenhu ho adanse a ɛda adi pefee.” (Heb. 11:1) Ná Abraham ne Sara ani gye ho sɛ wobegyaw asetena pa a na wɔwom no hɔ na wɔakɔbɔ wɔn bra sɛ “ahɔho ne amamfrafo wɔ asase no so.” Dɛn na ɛboaa wɔn ma wotumi yɛɛ saa? Nea ɛboaa wɔn ne sɛ ‘wohuu’ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mmamu “wɔ akyirikyiri.” Mose poo ‘bɔne mu anigye a na obenya bere tiaa bi’ ne “Egypt ademude.” Ɛyɛɛ dɛn na onyaa gyidi ne akokoduru de yɛɛ saa? “Ogyen n’ani hwɛɛ akatua no.” (Heb. 11:8-13, 24-26) Enti, ɛfata sɛ bere a Paulo reka saa nnipa yi mu biara ho asɛm no, ɔde asɛm “gyidi nti” na efii ase. Gyidi boaa wɔn ma wɔde wɔn adwene sii nea na Onyankopɔn reyɛ ama wɔn ne nea na ɔbɛyɛ daakye no so, na ɛnyɛ sɔhwɛ ne amanehunu a na wɔrehyia no so.

18. Sɛ yɛpɛ sɛ yeyi “bɔne a etumi kyekyere yɛn ntɛm no” gu a, nneɛma pa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

18 Sɛ yedwinnwen mmarima ne mmea a na wɔwɔ gyidi a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Hebrifo ti 11 no mu ho na yesuasua wɔn a, ebetumi ama yɛanya gyidi na yɛayi “bɔne a etumi kyekyere yɛn ntɛm no” agu. (Heb. 12:1) Afei nso, sɛ yɛne wɔn a wɔrebɔ mmɔden sɛ wobenya gyidi a ɛte saa hyiam a, yebetumi ‘asusuw yɛn ho yɛn ho ho, akanyan yɛn ho yɛn ho akɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’—Heb. 10:24.

19. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so tu mmirika no nnɛ?

19 Aka kakra na yɛatu mmirika no awie. Na ɛte sɛ nea yɛn ani tua baabi a yɛretu mmirika no akodu no. Esiane sɛ Yehowa bɛboa yɛn, na yɛwɔ ne mu gyidi kɛse nti, yebetumi ‘ayi adesoa biara ne bɔne a etumi kyekyere yɛn ntɛm no agu.’ Nokwarem no, yebetumi akɔ so atu mmirika no, na yɛanya nkonimbo a ɛno ne nhyira a yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agya Yehowa de ahyɛ yɛn bɔ no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Ná tete Yudafo no susuw sɛ eyi yɛ asefem paa. Sɛnea 2 Maccabeefo nhoma no kyerɛ no, bere a na ɔsɔfo panyin Yason a na ɔyɛ ɔwaefo no pɛ sɛ osi agumadidan wɔ Yerusalem te sɛ nea na Helafo no wɔ bi no, ɛmaa Yudafo no pii bo fuwii.—2 Macc. 4:7-17.

So Wokae?

• Dɛn na ɛhwehwɛ sɛ yɛyɛ de yi “adesoa biara” gu?

• Dɛn na ebetumi asɛe Kristoni bi gyidi?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma nkonimbo no tena yɛn adwenem?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Dɛn ne “bɔne a etumi kyekyere yɛn ntɛm no,” na ɛbɛyɛ dɛn atumi akyekyere yɛn?