Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Mfaso Wɔ Nea Wode Gye W’ani So?

So Mfaso Wɔ Nea Wode Gye W’ani So?

So Mfaso Wɔ Nea Wode Gye W’ani So?

“Monkɔ so nhwehwɛ mu nhu nea ɛsɔ Awurade ani.”—EFE. 5:10.

1, 2. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye wɔ yɛn asetena mu? (b) Sɛ yebu bere a yɛde gye yɛn ani no sɛ “Onyankopɔn akyɛde” a, ɛbɛma yɛayɛ dɛn?

BIBLE da no adi pefee sɛ Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye wɔ yɛn asetena mu. Sɛ nhwɛso no, Dwom 104:14, 15 ka sɛ Yehowa ma ‘aduan fi asase mu ba, ɔde nsã ma ɔdesani ma ne koma ani gye, ne ngo a ɛma nnipa anim yɛ hyɛɛhyɛɛ, ne aduan a ɛwowaw ɔdesani koma.’ Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa na ɔma afifide nyin sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya aduan, ngo, ne nsa a ɛboa yɛn ma yetumi tena ase. Ɛwom sɛ sɛ yɛannom nsa a yebetumi atena ase de, nanso nsa betumi ama ‘ɔdesani koma ani agye.’ (Ɔsɛnk. 9:7; 10:19) Nokwarem no, Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye, ɔpɛ sɛ yɛn koma ‘tɔ yɛn yam.’—Aso. 14:16, 17.

2 Enti, ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ ɛyɛ mfomso sɛ yɛde yɛn bere kakra ‘bɛhwɛ ewim nnomaa’ ne “wuram sukooko.” Sɛ yɛyɛ nneɛma a ɛte saa a, ebetumi ama yɛanya ahoɔden na ama yɛanya anigye kɛse wɔ yɛn asetena mu. (Mat. 6:26, 28; Dw. 8:3, 4) Anigye a yenya wɔ asetena mu ne apɔwmuden yɛ “Onyankopɔn akyɛde.” (Ɔsɛnk. 3:12, 13) Sɛ yebu bere a yɛde gye yɛn ani no sɛ ɛka saa akyɛde no ho a, ɛbɛma yɛde saa bere no agye yɛn ani ma asɔ Onyankopɔn a ɔde saa akyɛde no maa yɛn no ani.

Nneɛma a Yɛde Gye Yɛn Ani Gu Ahorow, na Ɛnyɛ Ne Nyinaa na Ɛfata

3. Dɛn nti na nneɛma a nkurɔfo paw de gye wɔn ani gu ahorow?

3 Wɔn a wɔwɔ anigyede ho adwene a ɛfata nim sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔpaw nea wɔpɛ. Wonim nso sɛ ɛnyɛ biribiara na ɛfata sɛ wɔde gye wɔn ani. Dɛn ntia? Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛanya asɛm yi ho mmuae no, momma yɛmfa anigyede ntoto aduan ho nhwɛ. Ɛsono aduan a nnipa a wɔwɔ wiase no afã biara ani gye ho. Nokwarem no, aduan a baabifo ani gye ho no, ebia ɛrenyɛ nnipa a wɔte baabi foforo akɔnnɔ. Saa ara na ebia nneɛma a Kristofo a wɔwɔ wiase no afã bi de gye wɔn ani no, Kristofo a wɔwɔ wiase no afã foforo ani rennye ho. Kristofo a wɔte faako mpo, ade a obi yɛ de dwudwo ne ho (sɛ́ ebia ɔrekenkan nhoma bi a emu nsɛm yɛ anigye) no, ebia ɔfoforo bebu no sɛ ɛnyɛ anigye; ade a ebia obi bebu no sɛ ɛma abotɔyam (sɛ́ ebia ɔte sakre so rehwɛ mmeae ahorow) no, ebia ɔfoforo nso bebu no sɛ ɛyɛ ɔbrɛ. Sɛnea nkurɔfo tumi paw nnuan a wɔpɛ no, saa ara na wotumi paw nea wɔpɛ sɛ wɔde gye wɔn ani nso.—Rom. 14:2-4.

4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛpaw nneɛma a ɛfata de gye yɛn ani? Ma mfatoho.

4 Ɛwom sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛn ankasa yɛpaw nea yɛpɛ de gye yɛn ani de, nanso ɛnsɛ sɛ nea yɛpɛ biara na yɛyɛ. San susuw aduan ho mfatoho a yɛyɛe no ho hwɛ. Ebia yɛn ani begye ho sɛ yebedi nnuan ahorow, nanso yɛrenhyɛ da nni aduan a asɛe. Sɛ yedi aduan a ɛte saa a, ebetumi ama yɛayare. Saa ara na nneɛma pa pii wɔ hɔ a yebetumi ayɛ de agye yɛn ani. Nanso, yɛrenyɛ nneɛma a ɔbrasɛe anaa awudisɛm wom, anaa biribi a ɛde yɛn nkwa bɛto asiane mu. Nneɛma a ɛtete saa a yɛbɛyɛ de agye yɛn ani no ne Bible nnyinasosɛm nhyia. Ɛsɛe yɛne Yehowa ntam, na ebetumi abɔ yɛn yare. Nea ɛbɛyɛ na yɛde nneɛma a ɛfata agye yɛn ani no, ɛsɛ sɛ yedi kan susuw nea yɛpɛ sɛ yɛde gye yɛn ani ho yiye, na afei yɛpaw nea ɛso bɛba yɛn mfaso ne nea ɛsɔ Yehowa ani. (Efe. 5:10) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ nneɛma a yɛde gye yɛn ani sɔ Yehowa ani?

5 Sɛ yebenya nea yɛde gye yɛn ani so mfaso na asɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ ɛne Bible gyinapɛn ahorow hyia. (Dw. 86:11) Nea ɛbɛboa wo ma woasisi nneɛma a wode gye w’ani ho gyinae no, wubetumi akyerɛkyerɛw nsɛm bi agu hɔ. Wubetumi akyerɛw nsɛm abiɛsa a wubetumi abisa wo ho. Nsɛmmisa no ne: dɛn? bere bɛn? ne henanom? Momma yensusuw ho mmiako mmiako.

Dɛn na Ɛwɔ Nea Mede Gye M’ani Mu?

6. Nneɛma bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛde gye yɛn ani da, na dɛn ntia?

6 Ansa na wobɛpaw biribi de agye w’ani no, asɛm a ɛsɛ sɛ wudi kan bisa wo ho ne sɛ: Dɛn?—nea ɛkyerɛ ne sɛ, ‘Nea mepɛ sɛ mede gye m’ani no te dɛn?’ Bere a worehwehwɛ asɛmmisa no ho mmuae no, ɛyɛ papa sɛ wokae sɛ nneɛma a yɛde gye yɛn ani no wɔ afã atitiriw abien. Nea ɛwɔ nea edi kan no mu yɛ nneɛma a yɛrenyɛ da. Nea ɛwɔ nea ɛto so abien no mu yɛ nneɛma a yebetumi asi gyinae de agye yɛn ani. Anigyede a edi kan no yɛ dɛn? Anigyede pii wɔ wiase bɔne yi mu a nneɛma a ɛwom no tia Bible nnyinasosɛm koraa anaasɛ ebu Onyankopɔn mmara so. (1 Yoh. 5:19) Ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo de nneɛma a ɛtete saa gye wɔn ani da. Eyinom yɛ nneɛma biara a nkurɔfo de gye wɔn ani a adaemonesɛm, mmarima a wɔne mmarima da, aguamansɛm ho mfonini, anaa awudisɛm wom. Anigyede biara a nkurɔfo yɛ afoforo ayayade wom de gye wɔn ani, anaa anigyede foforo biara a ɛma ɔbrasɛe yɛ te sɛ nea ɛyɛ adepa nso ka ho. (1 Kor. 6:9, 10; monkenkan Adiyisɛm 21:8.) Ɛmfa ho baabiara a yɛwɔ no, sɛ yɛtwe yɛn ho fi anigyede a ɛte saa ho a, yɛma Yehowa hu sɛ ‘yekyi bɔne.’—Rom. 12:9; 1 Yoh. 1:5, 6.

7, 8. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛasisi gyinae pa wɔ nneɛma a yɛde gye yɛn ani ho? Ma mfatoho.

7 Anigyede a ɛto so abien no yɛ nea ɛfa nneɛma a ɛsɛ sɛ yesusuw ho yiye ansa na yɛasi ho gyinae ho. Ebia Bible nka anigyede a ɛtete saa no ho asɛm pɔtee. Nanso, Bible nnyinasosɛm bɛboa yɛn ma yɛahu nea Yehowa susuw sɛ eye na ɛteɛ. Enti, ansa na yebesi anigyede a ɛtete saa ho gyinae no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ entia Bible nnyinasosɛm. (Mmeb. 4:10, 11) Afei, ɛsɛ sɛ yesi gyinae a ɛbɛboa yɛn ma yɛakura ahonim pa mu. (Gal. 6:5; 1 Tim. 1:19) Yɛbɛyɛ dɛn atumi asi gyinae pa? Susuw eyi ho hwɛ: Ansa na yebedi aduan bi a yennii bi da no, ɛyɛ a yɛpɛ sɛ yehu nneɛma a wɔde yɛe. Saa ara na ansa na yɛde biribi begye yɛn ani no, ɛbɛyɛ papa sɛ yehu nea ɛwom sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi asi ho gyinae.—Efe. 5:17.

8 Sɛ nhwɛso no, ebia w’ani gye agumadi ho. Nnipa pii ani gye ho. Agumadi betumi ayɛ anigye. Nanso, agumadi bi wɔ hɔ a ebetumi akowie basabasayɛ mu anaasɛ ebetumi de obi nkwa mpo ato asiane mu. Agumadi bi yɛ hu, na nkurɔfo tumi pira wom. Wɔ agumadi afoforo mu nso, nkurɔfo yɛ dede ne basabasa bere a wɔredi ho ahurusi, na wobetumi anya adwene sɛ wɔn man ye sen afoforo de. Sɛ w’ani gye agumadi a nkurɔfo yɛ wɔn ade saa wom no ho a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ? Sɛ wususuw nea wɔyɛ wɔ saa agumadi yi mu ho a, ɛda adi sɛ wubesi gyinae sɛ saa anigyede yi ne Yehowa adwene nhyia, na saa ara na ɛne asomdwoe ne ɔdɔ ho asɛm a yɛka kyerɛ afoforo no nso nhyia. (Yes. 61:1; Gal. 5:19-21) Nanso, sɛ wuhu sɛ anigyede no ne Yehowa nnyinasosɛm hyia a, ɛnde ebia ɛbɛboa wo na ama woanya ahoɔden nso.—Gal. 5:22, 23; monkenkan Filipifo 4:8.

Bere Bɛn na Migye M’ani?

9. Dɛn na mmuae a yɛde ma wɔ asɛmmisa a ɛne: ‘Bere bɛn na megye m’ani’ ho no ma yehu?

9 Asɛm a ɛto so abien a ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho ne, Bere bɛn?—nea ɛkyerɛ ne sɛ, ‘Bere bɛn na megye m’ani? Bere dodow ahe na mede begye m’ani?’ Mmuae a yɛma wɔ asɛmmisa a yɛadi kan asusuw ho a ɛne dɛn? no ma nea ɛwɔ yɛn komam da adi—nea yegye tom ne nea yennye nntom. Nanso, mmuae a yɛde ma wɔ asɛmmisa a ɛne bere bɛn? ho no ma yehu nneɛma a yɛma ɛho hia yɛn sen biara wɔ yɛn asetena mu. Ɛnde, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu sɛ ebia sɛnea yɛma anigyede ho hia yɛn no fata anaa ɛmfata?

10, 11. Ɔkwan bɛn so na Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 6:33 no boa yɛn ma yesi bere dodow a ɛsɛ sɛ yɛde gye yɛn ani ho gyinae?

10 Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mar. 12:30) Enti, ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa na yɛde di kan wɔ yɛn asetena mu. Yɛyɛ saa denam afotu a Yesu de mae a yedi so no so. Otuu yɛn fo sɛ: “Enti, monkɔ so nhwehwɛ ahenni no ne Onyankopɔn trenee kan, na ɔde nneɛma a aka yi nyinaa bɛka ho ama mo.” (Mat. 6:33) Ɔkwan bɛn so na saa asɛm no betumi aboa yɛn ma yɛasi bere dodow a yɛde begye yɛn ani ne sɛnea yɛbɛma nneɛma a yɛde gye yɛn ani no ho ahia yɛn ho gyinae?

11 Hyɛ saa nkyerɛkyerɛmu yi nsow: Yesu tuu yɛn fo sɛ ‘yɛnkɔ so nhwehwɛ ahenni no kan.’ Wanka ankyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnkɔ so nhwehwɛ ahenni no nkutoo.’ Ɛda adi sɛ na Yesu nim sɛ ɛho behia sɛ yɛhwehwɛ nneɛma pii wɔ yɛn asetena mu ka Ahenni no ho. Yehia ofie a yɛbɛtena mu, aduan, ntade, nhomasua a ɛfata, adwuma, nneɛma a yɛde begye yɛn ani, ne nea ɛkeka ho. Nanso, nneɛma a yɛhwehwɛ nyinaa mu no, emu biako pɛ na yɛde di kan, na ɛno ne nneɛma a ɛfa Ahenni no ho. (1 Kor. 7:29-31) Sɛ yehu nea ɛsɛ sɛ yɛde di kan wɔ yɛn asetena mu a, yɛbɛma anigyede ne nneɛma foforo a aka nyinaa ayɛ nea ɛto so abien na yɛahwehwɛ Ahenni no kan. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi anya nneɛma a yɛde gye yɛn ani so mfaso.

12. Ɔkwan bɛn so na Luka 14:28 betumi aboa yɛn ma yɛasisi nea yɛyɛ de gye yɛn ani ho gyinae?

12 Ansa na yebesisi nneɛma a yɛde gye yɛn ani ho gyinae no, ɛyɛ papa sɛ yedi kan susuw bere dodow a yɛde bɛyɛ saa ho. (Luka 14:28) Ɛsɛ sɛ yehu bere dodow a nneɛma a yɛpɛ sɛ yɛde gye yɛn ani no begye. Afei, ɛsɛ sɛ yesi gyinae wɔ bere dodow a ɛfata sɛ yɛde gye yɛn ani no ho. Ɛnsɛ sɛ yɛde bere pii gye yɛn ani a ɛremma yennya bere a ɛfata nyɛ nneɛma a ɛho hia paa te sɛ Bible a yɛn ankasa yebesua, abusua som a yɛbɛyɛ, Kristofo nhyiam a yɛbɛkɔ, anaa Ahenni no ho asɛm a yɛbɛka. (Mar. 8:36) Nanso, sɛ yɛn ani a yebegye bɛma yɛanya ahoɔden akɔ so ayɛ Ahenni no ho adwuma a, ɛnde yebetumi asi gyinae sɛ mfaso wɔ so sɛ yɛde yɛn ho hyɛ saa anigyede no mu.

Henanom Ne Me Nnamfo?

13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw wɔn a yɛne wɔn bɛbom agye yɛn ani no ho yiye?

13 Asɛm a ɛto so abiɛsa a ɛsɛ sɛ wubisa wo ho ne sɛ, Henanom?—nea ɛkyerɛ ne sɛ, ‘Henanom na mepɛ sɛ me ne wɔn bom gye m’ani?’ Ɛho hia sɛ yesusuw nnipa a yɛne wɔn bom gye yɛn ani no ho. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ nea yɛyɛ de gye yɛn ani no so bɛba yɛn mfaso a, egyina wɔn a yɛne wɔn bom gye yɛn ani no so kɛse. Sɛnea sɛ yɛne yɛn nnamfo pa bom didi a yɛn ani taa gye paa no, saa ara nso na sɛ yɛne yɛn nnamfo pa bom gye yɛn ani a, yɛn ani taa gye paa. Enti ntease wom sɛ yɛn mu pii, titiriw, mmabun ani gye ho sɛ wɔne afoforo bɛbom agye wɔn ani. Nanso, nea ɛbɛyɛ na yɛanya nneɛma a yɛde gye yɛn ani so mfaso no, ɛfata sɛ yedi kan hu wɔn a ɛyɛ papa sɛ yɛne wɔn bɛbom agye yɛn ani ne wɔn a ɛnyɛ papa sɛ yɛne wɔn bɛyɛ saa.—2 Be. 19:2; monkenkan Mmebusɛm 13:20; Yak. 4:4.

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn na Yesu faa so paw ne nnamfo a sɛ yesuasua a, ɛbɛboa yɛn ma yɛafa nnamfo pa? (b) Sɛ yɛrepaw nnamfo a, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

14 Sɛ yesuasua ɔkwan a Yesu faa so paw ne nnamfo no a, ɛbɛboa yɛn paa. Yesu adɔ nnipa fi bere a wɔbɔɔ ade. (Mmeb. 8:31) Bere a ɔbaa asase so no, ɔdaa ɔdɔ ne obu adi kyerɛɛ obiara. (Mat. 15:29-37) Nanso, na Yesu nim nsonsonoe a ɛwɔ sɛnea ɔbɛtew n’anim ama nnipa ne sɛnea ɔde obi bɛyɛ n’adamfo paa ntam. Ɛwom sɛ Yesu tew n’anim maa obiara de, nanso na ɛnyɛ obiara na ɔyɛ n’adamfo paa. Bere a na Yesu ne n’asomafo anokwafo 11 no rekasa no, ɔkae sɛ: “Sɛ moyɛ nea merehyɛ mo no a, na moyɛ me nnamfo.” (Yoh. 15:14; hwɛ Yohane 13:27, 30 nso.) Ɛyɛ wɔn a wodii Yesu akyi na wɔsom Yehowa no nkutoo na ɔfaa wɔn nnamfo paa.

15 Ansa na wobɛfa obi adamfo paa no, ɛyɛ papa sɛ wobɛkae asɛm a Yesu kae no. Bisa wo ho nsɛm bi te sɛ: ‘So onipa no nam ne kasa ne ne nneyɛe so da no adi sɛ ɔredi Yehowa ne Yesu ahyɛde so? So n’ani gye nea ɛteɛ ho, na okyi nea ɛnteɛ? So ɔbɛboa me ma mede Ahenni no adi kan wɔ m’asetena mu, na mayɛ Yehowa somfo a odi nokware?’ Sɛ wubua saa nsɛmmisa yi sɛ yiw a, ɛnde na woanya adamfo pa a wubetumi ne no abom agye mo ani.—Monkenkan Dwom 119:63; 2 Kor. 6:14; 2 Tim. 2:22.

So Nea Yɛde Gye Yɛn Ani Di Mũ?

16. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho wɔ nneɛma a yɛde gye yɛn ani ho?

16 Yɛasusuw nsɛm abiɛsa a ɛfa nneɛma a yɛde gye yɛn ani ho ho. Ɛno ne: Sɛnea nneɛma a yɛde gye yɛn ani no fata, bere dodow a egye, ne wɔn a yɛfa wɔn nnamfo. Sɛ yebenya nneɛma a yɛde gye yɛn ani so mfaso a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ saa nneɛma abiɛsa a ɛfa anigyede ho no mu biara ne nea Bible ka hyia anaa. Enti, ansa na yɛde yɛn ho bɛhyɛ anigyede bi mu no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mu hwɛ. Sɛ yɛresusuw sɛnea nneɛma a yɛde gye yɛn ani fata ho a, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ: ‘Dɛn na ɛwom? So ɛyɛ anigyede a Yehowa ani gye ho, anaa ɛyɛ nea awudisɛm anaa ɔbrasɛe wom?’ (Mmeb. 4:20-27) Sɛ yɛresusuw bere dodow a egye ho a, ɛsɛ sɛ yebisa sɛ: ‘Bere dodow ahe na ebegye? So bere a ebegye no fata anaa ɛmfata?’ (1 Tim. 4:8) Ɛdefa wɔn a yɛfa wɔn nnamfo ho no, ɛsɛ sɛ yedi kan bisa sɛ: ‘Henanom na me ne wɔn bɛbom agye m’ani? So wɔbɛyɛ nnamfo pa ama me, anaasɛ wɔbɛyɛ nnamfo bɔne?’—Ɔsɛnk. 9:18; 1 Kor. 15:33.

17, 18. (a) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwehwɛ mu ahwɛ sɛ nneɛma a yɛde gye yɛn ani ne Bible gyinapɛn hyia anaa enhyia? (b) Gyinae bɛn na wubesi afa nneɛma a wode gye w’ani ho?

17 Sɛ nneɛma a yɛde gye yɛn ani ne nneɛma abiɛsa a yɛaka ho asɛm no mu biara ne Bible gyinapɛn nhyia a, na enni mũ. Nanso, sɛ yehu sɛ nea yɛde gye yɛn ani no ne nneɛma abiɛsa a yɛaka ho asɛm no ne Bible gyinapɛn hyia a, ɛnde na nea yɛde gye yɛn ani no bɛhyɛ Yehowa anuonyam na yɛanya so mfaso.—Dw. 119:33-35.

18 Enti, sɛ yɛresisi nneɛma a yɛde begye yɛn ani ho gyinae a, momma yɛmmɔ mmɔden nyɛ nea ɛteɛ wɔ bere a ɛfata mu, na yɛne wɔn a wɔfata mmɔ. Nokwarem no, momma yɛn mu biara nnya ɔpɛ sɛ obetie Bible afotu a edi so yi. Ɛka sɛ: “Sɛ moredidi oo, morenom oo, moreyɛ biribi foforo biara oo, monyɛ ne nyinaa mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.”—1 Kor. 10:31.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

Ɔkwan bɛn so na nnyinasosɛm a ɛwɔ kyerɛw nsɛm a edidi so yi mu betumi aboa wo ma woasisi gyinae pa wɔ nneɛma a wode gye w’ani ho?

Filipifo 4:8

Mateo 6:33

Mmebusɛm 13:20

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 9]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Dɛn

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 10]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Bere bɛn

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 12]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Henanom

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yesu wɔ sɛnea yɛpaw yɛn nnamfo ne nneɛma a yɛde gye yɛn ani ho?