Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

ƐDƐN na epusuw obi a ɔtow kyakya na ɔyɛ ɔkorɔmfo ma ɔsesaa n’abrabɔ ne ne suban? Kenkan nea ɔkae no.

“Apɔnkɔ Agokansi Na Na M’ani Gye Ho.”​—RICHARD STEWART

AFE A WƆWOO NO: 1965

ƆMAN A OFI MU: JAMAICA

TEBEA A NA ƆWOM: NÁ ƆTOW KYAKYA SAN DI NSƐMMƆNE

ƆBRA A NA MEWOM: Minyinii wɔ Jamaica ahenkurow Kingston borɔn bi so. Ná ohia wɔ hɔ paa, na na nnipa nso abɔ apee so wɔ hɔ. Ná ɛhɔfo no pii nnya adwuma nyɛ, na na nkurɔfo di nsɛmmɔne paa. Ná nsɛmmɔnedifo akuw hunahuna nkurɔfo. Ɛkame ayɛ sɛ da biara, na mete sɛ nkurɔfo retotow tuo.

Me maame yɛɛ adwumaden paa, na ɔyɛɛ nea obetumi biara de hwɛɛ me ne me nuabarima ketewa ne me nuabea ketewa. Ɔyɛɛ ne fam de sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkɔ sukuu na yɛasua ade yiye. Nanso na mempɛ sukuu koraa. Apɔnkɔ agokansi na na m’ani gye ho. Bere a ɛsɛ sɛ anka mekɔ sukuu no, na mede kɔ baabi a wɔde apɔnkɔ si akan. Ɛtɔ da mpo a, na metena apɔnkɔ no bi so.

Ankyɛ, apɔnkɔ agokansi kyakya anaa bɛɛten bɛyɛɛ ade a midi akyi paa. Ná me bra nso nyɛ koraa; ná mepɛ mmea. Ná mehye wii, na na mebɔ korɔn sɛnea ɛbɛyɛ a menya sika de abu brabɔne. Ná mewɔ atuo bebree, nanso meda Nyankopɔn ase sɛ korɔn bebrebe a mebɔe no nyinaa, obiara anhwere ne nkwa wom.

Me nsɛmmɔne no nti, ewiee ase no, polisifo kyeree me kɔtoo afiase. Bere a woyii me fii afiase no, mesan kɔtoaa abrabɔ bɔne no so. Afei koraa de, na mate nkensen. Wohwɛ m’anim a asɛ ɔbɔfo, nanso na me tirim yɛ den, me koko haw me, na na yɛbɔ me so a ɛmmɔ. Ná memfa obiara ho; me nko ara me ho na na midwen.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Saa bere yi a na nneɛma nkɔ yiye wɔ m’abrabɔ mu no, me maame suaa Bible, na ɔbɛyɛɛ Yehowa Danseni. Mihui sɛ me maame suban asesa, enti na mepɛ sɛ mihu nea ama ne suban ayɛ fɛ saa. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛhwehwɛ mu ahu nea ɛboaa me maame, enti mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible.

Mibehui sɛ Yehowa Adansefo nkyerɛkyerɛ yɛ soronko koraa wɔ ɔsom afoforo ho, na mihui sɛ asɛm biara a wɔbɛka no, na wɔde Bible foa so. Wɔn nko ara ne asɔre a mihui sɛ wɔkɔ afie fie kɔka asɛmpa no sɛnea tete Kristofo no yɛe no. (Mateo 28:19; Asomafo Nnwuma 20:20) Bere a mihuu sɛnea woyi wɔn yam dodɔ wɔn ho no, m’adwene sii me pi sɛ mahu nokware som.—Yohane 13:35.

Bible a na meresua no ma mihui sɛ ɛsɛ sɛ mesesa m’abrabɔ koraa. Mebɛtee ase sɛ, Yehowa Nyankopɔn kyi aguamammɔ, na sɛ mepɛ sɛ meyɛ nea ɔpɛ a, gye sɛ migyae nneyɛe a egu me nipadua ho fĩ. (2 Korintofo 7:1; Hebrifo 13:4) Adesua no boaa me ma mibehui sɛ Yehowa wɔ atenka, enti sɛ meyɛ adepa a, ɛbɛma n’ani agye, na sɛ meyɛ adebɔne nso a, ɛbɛma ne werɛ ahow. Saa asɛm no kaa me koma paa. (Mmebusɛm 27:11) Enti misii me bo sɛ merenhye wii bio, mɛtow atuo a mewɔ no agu, na masesa me suban. Nsakrae a meyɛe no nyinaa, nea mebrɛɛ mu paa ne mmaapɛ ne kyakyatow no.

Ahyɛase no, na mempɛ sɛ me nnamfo behu sɛ me ne Yehowa Adansefo resua Bible. Nanso, bere a mekenkan Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 10:33 no, ɛboaa me paa. Ɛhɔ ka sɛ: “Obiara a ɔpo me wɔ nnipa anim no, me nso mɛpo no wɔ m’Agya a ɔwɔ soro no anim.” Saa asɛm no pusuw me ma meka kyerɛɛ me nnamfonom sɛ me ne Yehowa Adansefo resua ade. Wɔn ho dwiriw wɔn. Wɔanna anso dae da sɛ obi te sɛ me bɛpɛ sɛ ɔyɛ Kristoni. Nanso meka kyerɛɛ wɔn sɛ, kan abrabɔ a na mewom no, magyae.

SƐNEA ABOA ME: Bere a me maame hui sɛ mafi ase de Bible a meresua no rebɔ me bra no, n’ani gyei ara ma na onhu nea ɔnyɛ. Seesei onsuro sɛ mɛkɔ akodi nsɛmmɔne. Yehowa ho dɔ ne ade a ɛka yɛn bom, na ɛyɛ a yɛbɔ ho nkɔmmɔ. Ɛtɔ da na mekae brabɔne a bere bi na mewom no a, nsakrae a Onyankopɔn aboa me ama mayɛ no tumi yɛ me nwonwa paa. Seesei ɔbra a na mewom no, me kɔn nnɔ bio. Sikanibere a na agye m’adwene no nso, seesei afi m’ani so.

Sɛ ɛnyɛ Bible a misua de bɔɔ me bra a, anka ebia mawu anaa meda afiase. Nanso seesei, manya abusua kamakama a anigye wom. Me yere boa me paa, na me babea nso yɛ abofra pa. M’ani agye paa sɛ me ne wɔn nyinaa abom resom Yehowa Nyankopɔn. M’ani asɔ sɛ Yehowa de me aba Kristofo abusua a wɔdodɔ wɔn ho mu. Ɛyɛ me dɛ sɛ obi tuu anammɔn bɛkyerɛkyerɛɛ me Bible mu nokwasɛm. Me nso, hokwan a minya de boa nkurɔfo ma wohu nea Bible kyerɛkyerɛ no, ɛsom bo ma me paa. Ade a Yehowa Nyankopɔn ayɛ ama me a aka me koma paa ne sɛ, ne dɔ a enni huammɔ nti, watwe me aba ne nkyɛn.

[Asɛm a wɔafa aka]

“Mibehui sɛ Yehowa wɔ atenka, enti sɛ meyɛ adepa a, ɛbɛma n’ani agye, na sɛ meyɛ adebɔne nso a, ɛbɛma ne werɛ ahow”

[Mfoni]

Mihui sɛ me maame suban ayɛ fɛ

[Mfoni]

Me ne me yere ne me babea