Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abraham—Ɔbarima Kokodurufo

Abraham—Ɔbarima Kokodurufo

Abraham—Ɔbarima Kokodurufo

Fa w’ani bu sɛ Abraham ne n’abusua ne ne nkoa resiesie wɔn ho akɔ Kanaan. (Genesis 12:1-5) Sɛ Abraham to n’ani hwɛ nnipadɔm a wɔn adidi da no so yi a, ohu sɛ, sɛ nneɛma bɛkɔ yiye ama wɔn a, egyina ne so. Ɔbɛyɛ dɛn ahwɛ wɔn wɔ obi man so? Esiane sɛ na mmoa adidibea, asase pa ne nsu pii wɔ Ur nti, ebia ɛbaa n’adwene mu sɛ, sɛ Ur na ɔwɔ a, anka nnipadɔm no hwɛ bɛyɛ mmerɛw ama no. Na sɛ ɛba sɛ Abraham yare anaasɛ owu wɔ ɔman foforo no so ɛ? Hena na ɔbɛhwɛ n’abusua? Sɛ saa nneɛma no baa Abraham adwenem mpo a, wamma ehu ammunkam no so. Ná wasi ne bo sɛ nea ɛbɛba biara no, obetie Onyankopɔn na wayɛ n’apɛde. Eyi kyerɛ sɛ na ɔyɛ ɔkokodurufo ampa.

DƐN NE AKOKODURU? Yɛka sɛ obi wɔ akokoduru a, ɛkyerɛ sɛ ogyina pintinn, ne bo yɛ duru, ɔnyɛ ohufo, na onsuro ade. Sɛ obi wɔ akokoduru a ɛnkyerɛ sɛ ehu ntumi nka no da. Sɛ obi wɔ akokoduru a efi Onyankopɔn hɔ a, ɔde ehu biara bɛto nkyɛn ayɛ Onyankopɔn apɛde.

DƐN NA ABRAHAM DE KYERƐE SƐ ƆWƆ AKOKODURU? Ná Abraham nsuro sɛ ɔbɛyɛ soronko. Baabi a wɔwoo Abraham no, na ɛhɔfo yɛ abosonsomfo a wɔsom anyame pii. Ne nyinaa mu no, wamma nea nkurɔfo bɛka antwe no amfi adetrenee a ɔbɛyɛ ho. Mmom Abraham de akokoduru twee ne ho fii abosonsom ho na ɔsom “Ɔsorosoroni Nyankopɔn” Yehowa nkutoo.—Genesis 14:21, 22.

Abraham maa nokware Nyankopɔn som hiaa no sen ahonyade. Wansuro sɛ ɔde asetena pa a na ɔwɔ wɔ Ur no bɛbɔ afɔre na ɔde n’ani akyerɛ sare so kwan, efisɛ na ɔwɔ ahotoso kɛse sɛ Yehowa bɛhwɛ no. Sɛnea ɛte biara, na Abraham bɛkaakae nneɛma pa a onyae wɔ Ur no bi. Nanso na Abraham wɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bɛhwɛ ɔne n’abusua daa. Abraham bataa Yehowa ho de no yɛɛ ne biribiara, na ɛma onyaa akokoduru de tiee Onyankopɔn ahyɛde.

DƐN NA YESUA FI MU? Ade a yebetumi ayɛ de asuasua Abraham ne sɛ yɛde akokoduru betie Yehowa, sɛ ɛba sɛ afoforo mpɛ sɛ wɔbɛyɛ saa mpo a. Sɛ nhwɛso no, Bible kyerɛkyerɛ sɛ, sɛ obi yi n’anim sɛ ɔbɛsom Yehowa Nyankopɔn a, ebia ne nnamfo anaa n’abusuafo a wɔpɛ no yiye bɛko atia no. (Yohane 15:20) Nanso sɛ yegye di sɛ nea yɛasua afa Yehowa ho no yɛ nokware a, yɛrensuro sɛ yɛde obu bɛka yɛn gyidi ho asɛm.—1 Petro 3:15.

Yebetumi nso anya Onyankopɔn mu ahotoso sɛ, sɛnea wahyɛ bɔ no, ɔbɛhwɛ wɔn a wogye no di no. Sɛ yenya saa ahotoso no a, ɛbɛma yɛn akokoduru, na ɛbɛma yɛde Onyankopɔn som adi kan wɔ yɛn asetenam sen sɛ yɛde ahonyade bedi kan. (Mateo 6:33) Ma yɛnhwɛ abusua bi a wɔatumi ayɛ saa.

Doug ne Becky wɔ mma mmarima nkumaa baanu, nanso na wɔpɛ sɛ wotu kɔ ɔman foforo so kɔka Bible mu asɛm, efisɛ na wohia asɛmpakafo wɔ hɔ. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu bɔɔ mpae, na wosii gyinae sɛ wɔbɛkɔ. Doug ka sɛ: “Ná egye akokoduru na yɛatumi ne mmofra no atu akɔ. Ná yennim sɛnea nneɛma bɛkɔ. Nanso yɛrefa ho adwene no, yesusuw nea Abraham ne Sara yɛe no ho. Bere a yɛhwɛɛ sɛnea wɔde wɔn ho too Yehowa so na ɔno nso anni wɔn huammɔ no, ɛhyɛɛ yɛn nkuran.”

Doug ka ɔman foforo no so asetena ho asɛm sɛ: “Yɛanya nhyira pii.” Ɔkyerɛ mu sɛ: “Esiane sɛ yɛmfa nneɛma pii nkyekyere yɛn ho nti, da biara yɛn abusua no taa yɛ nneɛma bom. Yɛbom kɔ asɛnka, yɛbɔ nkɔmmɔ, na yɛne mmofra no nso di agoru. Ahotɔ a ama yɛanya no, yenhu sɛnea yɛnka ho asɛm mpo.”

Ɛwom, ɛnyɛ obiara na obetumi atu akɔtena baabi foforo. Nanso, yɛn nyinaa betumi asuasua Abraham de Onyankopɔn som adi kan na yɛanya ahotoso sɛ ɔbɛhwɛ yɛn. Sɛ yɛyɛ saa a na yɛretie Bible afotu a ese yennya “akokoduru [na yɛnka] sɛ: ‘Yehowa ne me boafo; merensuro.’”—Hebrifo 13:5, 6.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

Obi wɔ akokoduru a efi Onyankopɔn hɔ a, ɔde ehu biara bɛto nkyɛn ayɛ Onyankopɔn apɛde

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 8]

Ɔyere Pa a Otiee Onyankopɔn Asɛm

Ná Sara yɛ ɔbarima bi a ne gyidi yɛ den yere. Nanso, ɔbea nokwafo yi nso bɔɔ bra pa a yebetumi asuasua no. Bible bɔ ne din mprɛnsa mpo ka sɛ ɔyɛɛ nhwɛso a mmea a wɔsom Onyankopɔn betumi asuasua. (Yesaia 51:1, 2; Hebrifo 11:11; 1 Petro 3:3-6) Ɛwom sɛ Kyerɛwnsɛm no nka ɔbea mmɔdenbɔfo yi ho nsɛm pii de, nanso yetumi hu sɛ na ɔwɔ suban pa.

Wo de, hwɛ sɛnea na Sara bɛte nka bere a Abraham ka kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn se wontu mfi Ur no. So obisaa ne ho sɛ ‘Ɛhe na yɛrekɔ na yɛrekɔyɛ dɛn’? Odwinnwen wɔn asetena mu nneɛma ho anaa? Ne werɛ howee sɛ ɔregyaw ne nnamfo ne n’abusuafo hɔ a onnim mpo sɛ ebia ɔbɛsan ahu wɔn bio? Nea ɛbɛyɛ biara, saa nsɛm no bɛba n’adwenem. Ne nyinaa akyi no, ofi ne komam kɔe, na onyaa ahotoso sɛ Yehowa behyira no sɛ wayɛ osetie.—Asomafo Nnwuma 7:2, 3.

Osetie a Sara yɛ maa Onyankopɔn no da nkyɛn a, na ɔyɛ ɔyere pa nso. Sara annye ne kunu dibea wɔ abusua no mu. Mmom no, ofi komam nyaa obu ne ɔdɔ maa ne kunu, na ɔbrɛɛ ne ho ase maa ɔbarima no dii abusua no anim. Saa a ɔyɛe no maa ne ho yɛɛ fɛ, efisɛ ɔdaa suban pa adi.—1 Petro 3:1-6.

Sara nhwɛso no betumi aboa ɔyerenom nnɛ anaa? Ɔbea bi a wɔfrɛ no Jill aware bɛboro mfe 30 ma n’aware rekɔ yiye; ɔka sɛ: “Sara nhwɛso no ama mahu sɛ, sɛ me ne me kunu rekasa a, metumi akyerɛ m’adwene. Nanso me kunu ne abusua no ti, enti ɔno na ɛyɛ n’asɛde sɛ osisi gyinae. Sɛ onya si gyinae a, me de ara ne sɛ mɛboa ama gyinaesi no ayɛ adwuma.”

Ade titiriw paa a yebetumi asua afi Sara hɔ ne sɛ, n’ahoɔfɛ nyinaa akyi no, wamma ne ho so. (Genesis 12:10-13) Mmom no, wɔn asetena nyinaa mu no, ɔde ahobrɛase boaa Abraham mmere pa ne mmere bɔne mu. Enti yetumi hu sɛ na Abraham ne Sara yɛ anokwafo a wɔbrɛ wɔn ho ase, na na wɔdɔ wɔn ho, na wɔn mu biara boaa ne yɔnko kɛse.