Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

So Bible Ka Nea Ebesi Daakye?

So Bible Ka Nea Ebesi Daakye?

Nea yɛrebɛka ho asɛm wɔ ha yi yɛ nsɛmmisa a ebia woabisa pɛn, na ɛbɛkyerɛ wo faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo bɛbɔ ho nkɔmmɔ.

1. So Bible hyɛ nneɛma pɔtee ho nkɔm?

Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn nkutoo na otumi ka nea ebesi daakye pɛpɛɛpɛ. (Amos 3:7) Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, efi tete na ɔka too hɔ sɛ obi a wɔfrɛ no Mesia anaa Kristo bɛba. Ɔma ɛdaa adi sɛ Mesia no bɛyɛ ɔnokwafo Abraham aseni. Ɔkae sɛ ɔbɛyɛ ɔhene, na ɔbɛsan ama nnipa a wotie Onyankopɔn asɛm anya asetena pa a yare nnim. (Genesis 22:18; Yesaia 53:4, 5) Ɔma yehui sɛ nea ɔhyɛɛ ne ho bɔ no, wɔbɛwo no wɔ Betlehem.—Kenkan Mika 5:2.

Yesu bae no, ɛdaa adi sɛ ɔno ne Mesia no. Bible ka too hɔ bɛboro mfe 700 sɛ ɔbaabun na ɔbɛwo Mesia no na wobebu no animtiaa nso. Ɛkae nso sɛ ɔde ne nkwa bɛto hɔ agye nnipa pii afi wɔn bɔne mu, na wobesie no wɔ adefo mu. (Yesaia 7:14; 53:3, 9, 12; Mateo 1:23) Bible san ka too hɔ bɛboro mfe 500 sɛ ɔbɛtena afurum so akɔ Yerusalem, na wobeyi no ama agye nnwetɛbona 30. Ne nyinaa baa mu pɛpɛɛpɛ.—Kenkan Sakaria 9:9; 11:12.

2. Onyankopɔn hyɛ mmere pɔtee ho nkɔm anaa?

Bible hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ bere pɔtee a Mesia no bɛba; ɛhyɛɛ nkɔm no too hɔ bɛboro mfe 500 ansa na ɛreba mu. Mfe a na ebedi ansa na Mesia no aba no, wobuu no mfepɛn mu, kyerɛ sɛ, “dapɛn” biara tenten yɛ mfe ason. Ná ɛbɛyɛ adapɛn 7 ne adapɛn 62 a sɛ yɛka bom a, ɛyɛ adapɛn anaa mfepɛn 69. Enti ne dodow yɛ mfe 483. Bere bɛn na saa mfe no fii ase? Bible kyerɛ sɛ efii ase bere a Onyankopɔn somfo Nehemia koduu Yerusalem na wofii ase kyekyee kurow no bio no. Persiafo abakɔsɛm kyerɛ sɛ saa afe no ne 455 A.Y.B. (Nehemia 2:1-5) Ɛno akyi mfe 483 pɛpɛɛpɛ no, wɔbɔɔ Yesu asu ma ɔbɛyɛɛ Mesia no afe 29 Y.B.—Kenkan Daniel 9:25.

3. Bible nkɔmhyɛ reba mu nnɛ anaa?

Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ nsɛm akɛse besisi yɛn bere yi mu. Nneɛma a ɔhyɛɛ ho nkɔm no bi ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no, na ɔkyerɛe sɛ Ahenni no bɛma nnipa a wɔdɔ Onyankopɔn ho atɔ wɔn wɔ wiase nyinaa. Ɛbɛma nneɛma bɔne nyinaa to atwa wɔ wiase yi mu.—Kenkan Mateo 24:14, 21, 22.

Bible nkɔmhyɛ ma yehu nneɛma pɔtee a ebesisi wiase awiei bere yi mu. Nkɔso a ɛreba wiase no nti anka yɛhwɛ kwan sɛ adepa na ɛbɛba, nanso Bible ka too hɔ sɛ nnipa bɛsɛe asase no. Ɔhaw a akokoakoko, aduankɔm, asasewosow, ne yaredɔm de ba no bebu so. (Luka 21:11; Adiyisɛm 11:18) Ɛkae sɛ nnipa abrabɔ bɛsɛe koraa. Bible san kae sɛ, mmere a emu yɛ den yi mu no, Yesu akyidifo bɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no wɔ amanaman nyinaa mu.—Kenkan Mateo 24:3, 7, 8; 2 Timoteo 3:1-5.

4. Dɛn na ɛwɔ hɔ ma adesamma daakye?

Ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn wɔ nneɛma pa ma adesamma anokwafo daakye. Yesu Kristo, Mesia no, ne wɔn a wɔapaw wɔn no bɛtena soro adi asase so ahene. Wɔbɛbom adi hene mfe apem. Wobenyan awufo, na sɛ wɔbɔ wɔn bra yiye a, wɔabu wɔn atɛn ama wɔn daa nkwa. Afei nso, Ahenni no bɛsa obiara a ɔte ase yare. Wobeyi ɔyare ne owu afi hɔ.—Kenkan Adiyisɛm 5:10; 20:6, 12; 21:4, 5.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo atintim yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? kratafa 23-25 ne 197-201 no.