Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɛn Onyankopɔn

“Me Yehowa Wo Nyankopɔn, Mikura Wo Nsa Nifa Mu”

“Me Yehowa Wo Nyankopɔn, Mikura Wo Nsa Nifa Mu”

AGYA bi a ɔne ne ba retwa kar kwan kɛse bi mu ka kyerɛ ne ba no sɛ: “So me nsa.” Sɛnea agya no aso ne ba no nsa denneennen nti, abofra no nsuro na ɔte nka sɛ ɔwɔ ahobammɔ. Sɛ wunya obi ma oso wo nsa de wo fa asetena mu haw ne abɛbrɛsɛ yi mu a, anka w’ani rennye anaa? Sɛ saa na wote nka a, ɛnde nsɛm a Yesaia kyerɛwee no betumi akyekye wo werɛ.—Kenkan Yesaia 41:10, 13.

Yesaia kaa n’asɛm no kyerɛɛ Israelfo no. Ɛwom sɛ Onyankopɔn buu saa ɔman no sɛ ‘n’agyapade titiriw’ de, nanso na atamfo atwa wɔn ho ahyia. (Exodus 19:5) Ná ɛsɛ sɛ Israelfo no suro anaa? Yehowa nam Yesaia so kaa awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ wɔn. Momma yensusuw nsɛm yi ho, na momma yɛnkae sɛ nsɛm no fa Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso ho.—Romafo 15:4.

Yehowa kae sɛ: “Nsuro.” (Nkyekyɛm 10) Ná Yehowa nim nea ɔreka. Ɔkyerɛɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ ne nkurɔfo suro. Ɔkae sɛ: “Meka wo ho.” Ɔnyɛ ɔboafo a ɔwɔ akyirikyiri a ɔtwɛn ma yɛn ho kyere yɛn ansa na wabɛboa yɛn. Ɔpɛ sɛ ne nkurɔfo hu sɛ ɔka wɔn ho bere nyinaa na wayɛ krado sɛ ɔbɛboa wɔn. Ɛte sɛ nea ogyina wɔn nkyɛn pɛɛ. So eyi nyɛ awerɛkyekyesɛm?

Yehowa san ma n’asomfo awerɛhyem sɛ: “Mma w’ani nnyɛ wo totɔtotɔ.” (Nkyekyɛm 10) Hebri adeyɛ asɛm a wɔde dii dwuma wɔ ha no betumi akyerɛ nnipa a “wɔtoto wɔn ani hwɛ sɛ biribi rebɛyɛ wɔn anaa.” Yehowa kyerɛɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ ehu ka ne nkurɔfo ma wɔtoto wɔn ani. Ɔkae sɛ: “Mene wo Nyankopɔn.” Awerɛkyekyesɛm bɛn ara ni! Yehowa ne “Ɔsorosoroni no” ne “ade nyinaa so Tumfoɔ no.” (Dwom 91:1) Sɛ Yehowa a ɔyɛ tumi nyinaa wura no ne wɔn Nyankopɔn a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosuro?

Dɛn na Yehowa bɛyɛ ama n’asomfo? Ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Mede me trenee nsa nifa beso wo mu denneennen.” (Nkyekyɛm 10) Ɔsan kae sɛ: “Me Yehowa wo Nyankopɔn, mikura wo nsa nifa mu.” (Nkyekyɛm 13) Sɛ wote saa nsɛm no a, dɛn na ɛba w’adwenem? Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ: “Sɛ yɛka kyerɛw nsɛm abien yi bom a, adwene a ɛma yenya ne ɔdɔ a obi wɔ ma ne ba a ɔpɛ n’asɛm. [Agya no] nnyina baabi nka sɛ ɔreboa abofra no, na mmom okura abofra no mu; na ɔrennyae ne mu da.” Wo de, susuw ho hwɛ, sɛ Yehowa nkurɔfo rehu amane sɛ dɛn mpo a, ɔrennyae wɔn mu da.—Hebrifo 13:5, 6.

Ɛnnɛ, Yehowa asomfo betumi anya awerɛkyekye pii afi nsɛm a Yesaia kyerɛwee no mu. “Mmere a emu yɛ den” yi mu no, ɛtɔ da bi a asetenam dadwen betumi ahyɛ yɛn so. (2 Timoteo 3:1) Nanso yɛwɔ ɔboafo. Yehowa pɛ sɛ ɔbɛn yɛn na oso yɛn nsa. Yebetumi aso Yehowa nsa denneennen sɛnea abofra de ahotoso so ne papa nsa no na yɛanya awerɛhyem sɛ ɔbɛkyerɛ yɛn kwan na waboa yɛn bere a yɛn ho akyere yɛn no.—Dwom 63:7, 8.

January Bible akenkan:

Yesaia 24-42