Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm A Akenkanfo Bisa . . .

Adɛn nti na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba mmɔ afɔre?

Adɛn nti na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba mmɔ afɔre?

▪ Sɛnea Bible aka ho asɛm wɔ Genesis nhoma mu no, Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba Isak mmɔ afɔre. (Genesis 22:2) Ebinom kenkan Bible a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛte saa asɛm no ase. Ɔbenfo bi a wɔfrɛ no Carol ka sɛ: “Bere a meyɛ abofra a metee saa asɛm no, me ho dwiriw me paa. Onyankopɔn bɛn koraa na ɔbɛka akyerɛ obi sɛ ɔnyɛ saa?” Ntease wom sɛ obi bɛte nka saa, nanso momma yensusuw nsɛm kakra bi ho nhwɛ.

Nea edi kan no, hyɛ no nsow sɛ biribi wɔ hɔ a Yehowa anyɛ. Ɛwom sɛ na Abraham asiesie ne ho sɛ ɔde ne ba no bɛbɔ afɔre de, nanso Yehowa amma wammɔ afɔre no, na efi saa bere no nso Onyankopɔn nka nkyerɛɛ obiara sɛ ɔnyɛ saa. Yehowa pɛ sɛ mpanyin ne mmofra a wɔsom no nyinaa tena nkwa mu na wonya nkwa tenten ne asetena a abotɔyam wom.

Nea ɛto so abien no, Bible kyerɛ sɛ na Yehowa wɔ biribi titiriw nti a ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa Isak mmɔ afɔre. Ná Onyankopɔn nim sɛ mfe pii akyi no, Ɔbɛma n’ankasa Ba * Yesu abewu ama yɛn. (Mateo 20:28) Ná Yehowa pɛ sɛ ɔma yehu sɛnea ne ba no wu bɛyɛ no yaw. Ɔde nea ɔkae sɛ Abraham nyɛ no yɛɛ saa afɔre no ho mfatoho a ɛka koma maa yɛn. Ɔkwan bɛn so?

Wo de, susuw Yehowa nsɛm a ɔka kyerɛɛ Abraham yi ho hwɛ: “Mesrɛ wo, fa wo ba koro a wodɔ no, Isak, . . . kɔbɔ ɔhyew afɔre.” (Genesis 22:2) Hyɛ no nsow sɛ Yehowa kaa Isak ho asɛm sɛ wo ba “a wodɔ no.” Ná Yehowa nim sɛnea Isak som bo ma Abraham. Ná Onyankopɔn nim sɛnea ɔdɔ ne Ba Yesu nso. Yehowa dɔ Yesu paa ma enti ofi soro kaa no mprenu sɛ “woyɛ me Ba a medɔ wo.”—Marko 1:11; 9:7.

Hyɛ no nsow bio sɛ bere a Yehowa ne Abraham rekasa no, ɔkae sɛ “mesrɛ wo.” Bible ho ɔbenfo bi kyerɛ mu sɛ saa asɛm no a Onyankopɔn kae no kyerɛ sɛ na “AWURADE nim sɛ ade a ɔrebisa no yɛ den.” Yetumi hu sɛ ade a Onyankopɔn bisaa Abraham no, na ɛbɛma Abraham werɛ ahow paa. Yehowa nso, bere a ne Ba no huu amane na owui no, yebetumi aka sɛ ɛyɛɛ no yaw paa. Biribiara nni hɔ a ayɛ Yehowa awerɛhow sɛ ne Ba no wu no, na biribiara nso nni hɔ a ɛbɛyɛ no awerɛhow akyɛn saa.

Sɛ yɛte nea Yehowa kae sɛ Abraham nyɛ no a, ebia yɛn ho bedwiriw yɛn de, nanso ɛbɛyɛ papa sɛ yɛkae sɛ Yehowa amma tete agya nokwafo no ammɔ afɔre no. Wamma Abraham ba Isak anwu amma ne papa anni awerɛhow ammoro so; ogyee Isak nkwa. Nanso Yehowa ankame “n’ankasa ne Ba mpo, na mmom yɛn nyinaa nti ɔde no mae.” (Romafo 8:32) Ɛyɛɛ dɛn na Yehowa maa awerɛhosɛm saa too ɔno ankasa? Ɔyɛɛ saa na ama ‘yɛanya nkwa.’ (1 Yohane 4:9) Hwɛ sɛnea ɛma yehu ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn! Ɛnsɛ sɛ eyi ma yɛn nso yɛdɔ no anaa? *

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Bible nkyerɛ sɛ Onyankopɔn ne ɔbea na ɛwoo Yesu. Mmom no, Yehowa bɔɔ honhom abɔde yi, na akyiri yi oyii no baa asase so maa ɔbaabun Maria woo no. Esiane sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ Yesu nti, ɛfata sɛ ɔfrɛɛ no sɛ n’Agya.

^ nky. 8 Sɛ wopɛ sɛ wusua pii fa Yesu wu ho, na wuhu nea enti a na ɛho hia sɛ owu, ne sɛnea yebetumi akyerɛ ho anisɔ a, hwɛ nhoma a wɔato din Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? no ti 5.