Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra Afã

Hwɛ Wo Ho Yiye Wɔ Ahonhommɔne Ho!

Hwɛ Wo Ho Yiye Wɔ Ahonhommɔne Ho!

Akwankyerɛ: Pɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm tena na kenkan Bible no fa bua nsɛmmisa yi. Bere a worekenkan kyerɛw nsɛm no, fa no sɛ wowɔ hɔ na asɛm no sii. Twa nea ɛkɔɔ so no ho mfonini. Tie nsɛm a na wɔreka no. Hu sɛnea wɔn a wɔwom no te nka fa.

1 DWINNWEN NEA ESII NO HO.—KENKAN GENESIS 6:1-6 NE ASOMAFO NNWUMA 19:11-20.

Twa Nefilim no ho mfonini wɔ w’adwenem na kyerɛ sɛnea na wɔte.

․․․․․

Wohwɛ a, mmarima a wohyiaa honhommɔne a wɔaka ne ho asɛm wɔ Asomafo Nnwuma 19:13-16 no tee nka dɛn?

․․․․․

2 DWINNWEN HO KƆ AKYIRI.

Fa nhoma a wowɔ biara hwehwɛ nsɛm pii fa Nefilim no ho. Wususuw sɛ dɛn nti na na wɔn tirim yɛ den saa?

․․․․․

Adɛn nti na yebetumi aka sɛ ahonhommɔne no gyaw “wɔn ankasa tenabea a ɛsɛ no”? (Kenkan Yuda 6.) Wususuw sɛ dɛn nti na na ɛnyɛ ne kwan so sɛ wɔbɛwareware nnipa mmabea, na dɛn nti na na ɛyɛ bɔne mpo sɛ wɔbɛyɛ saa?

․․․․․

Sɛ wohwɛ Bible mu nsɛm abien a woakenkan no a, wususuw sɛ dɛn nti na ɔbarima ne ɔbea nna ne atirimɔden agye ahonhommɔne no adwene saa?

․․․․․

3 FA NEA WUSUAE NO YƐ ADWUMA. KYERƐW NEA WUSUAE WƆ NEA EDIDI SO YI HO  . . .

Sɛnea ahonhommɔne no tirim yɛ den na wɔyɛ pɛsɛmenkominya.

․․․․․

AKWAN FOFORO A WUBETUMI DE ADI DWUMA.

Esiane sɛ ahonhommɔne ntumi nnan wɔn ho nnipa bio nti, akwan bɛn na wobetumi afa so adaadaa wo?

․․․․․

Ɛnnɛ, nneɛma bɛn na nkurɔfo de gyigye wɔn ani a ɛma yehu ahonhommɔne no suban ne nea wɔn ani gye ho?

․․․․․

Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ woasi wo bo sɛ wobɛko atia ahonhommɔne nnaadaa? (San kenkan Asomafo Nnwuma 19:18, 19.)

․․․․․

4 NSƐM YI AFÃ BƐN NA W’ANI GYE HO PAA, NA DƐN NTIA?

․․․․․

Sɛ wunni bible, a bisa yehowa adansefo, anaa kenkan wɔ intanɛt so wɔ www.watchtower.org