Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adehye Asɔfokuw Bi De Nhyira Brɛ Adesamma Nyinaa

Adehye Asɔfokuw Bi De Nhyira Brɛ Adesamma Nyinaa

“Moyɛ ‘abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron, nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko.’”—1 PET. 2:9.

1. Dɛn nti na wɔsan frɛ “Awurade anwummeduan” no Nkaedi? Dɛn nti na wodi saa afahyɛ no?

NISAN 14 afe 33 Y.B. mu anwummere no, Yesu Kristo ne n’asomafo 12 no dii Yudafo Twam afahyɛ no. Ɛno ne nea etwa to a wodii. Yesu pamoo Yuda Iskariot a na ɔrebeyi no ama no, na afei ɔde afahyɛ foforo bi sii hɔ. Akyiri yi wɔbɛfrɛɛ afahyɛ no “Awurade anwummeduan.” (1 Kor. 11:20) Yesu kaa no mprenu sɛ: “Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.” Enti wɔsan frɛ afahyɛ no Nkaedi; ɛyɛ da a yɛde kae Kristo wu no titiriw. (1 Kor. 11:24, 25) Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa di saa ahyɛde no so, enti afe biara wɔkae Kristo wu no. Bible kalenda so no, afe 2012 Nisan 14 fi ase Yawda, April 5 bere a owia akɔtɔ.

2. Dɛn na Yesu ka faa abodoo ne bobesa no ho?

2 Osuani Luka ka nea Yesu yɛe ne nea ɔkae saa bere no tiawa sɛ: “Ɔfaa paanoo daa ase, bubuu mu de maa wɔn kae sɛ: ‘Eyi gyina hɔ ma me nipadua a mo nti wɔde bɛma. Monkɔ so nyɛ eyi mfa nkae me.’ Afei ɔyɛɛ kuruwa no saa ara bere a wowiee anwummeduan no, na ɔkae sɛ: ‘Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforo a ɛnam me mogya so, nea wobehwie agu ama mo no.’” (Luka 22:19, 20) Asomafo no tee saa asɛm no ase dɛn?

3. Asomafo no tee nea Yesu ka faa paanoo ne bobesa no ho ase dɛn?

3 Esiane sɛ na asomafo no yɛ Yudafo nti, na wonim sɛ asɔfo no de mmoa bɔ afɔre ma Onyankopɔn wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. Ná wɔbɔ saa afɔre ahorow no de hwehwɛ Yehowa anim dom, na na wɔde emu pii hwehwɛ bɔne fafiri. (Lev. 1:4; 22:17-29) Enti bere a Yesu kae sɛ wɔde ne nipadua bɛma na wɔahwie ne mogya agu ama wɔn no, asomafo no tee ase sɛ ɔde ne nkwa a ɛyɛ pɛ bɛbɔ afɔre. Ná n’afɔre no bɛsom bo koraa asen mmoa a wɔde bɔ afɔre.

4. Dɛn na na Yesu kyerɛɛ bere a ɔkae sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforo a ɛnam me mogya so” no?

4 Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforo a ɛnam me mogya so” no? Ná asomafo no nim apam foforo no ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yeremia 31:31-33. (Monkenkan.) Asɛm a Yesu kae no ma yehu sɛ na afei na ɔde apam foforo no resi hɔ, na na ɛno besi Mmara apam a Yehowa nam Mose so de maa Israelfo no ananmu. So na apam abien yi wɔ abusuabɔ bi?

5. Hokwan bɛn na Mmara apam no maa Israelfo nyae?

5 Ná apam abien no nyinaa kura atirimpɔw koro. Bere a Yehowa de Mmara apam no rema Israel man no, ɔkae sɛ: “Sɛ mutie m’asɛm na mudi m’apam so a, ɛnde mɛtew mo afi aman nyinaa ho de mo ayɛ m’agyapade titiriw, efisɛ asase nyinaa yɛ me dea. Na mobɛyɛ asɔfo ahemman ne ɔman kronkron ama me.” (Ex. 19:5, 6) Israelfo no tee saa asɛm no ase dɛn?

ADEHYE ASƆFOKUW HO BƆHYƐ

6. Bɔhyɛ bɛn na na Mmara apam no bɛma aba mu?

6 Sɛ wɔka “apam” a na Israelfo no nim nea ɛkyerɛ, efisɛ na Yehowa ne wɔn nenanom Noa ne Abraham ayɛ apam pɛn. (Gen. 6:18; 9:8-17; 15:18; 17:1-9) Apam a Yehowa ne Abraham yɛe no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “W’aseni so na asase so aman nyinaa nam benya nhyira.” (Gen. 22:18) Yehowa yɛɛ Mmara apam no sɛ ɔde bedi saa bɔhyɛ no so. Apam yi nti, na Israelfo betumi abɛyɛ Yehowa ‘agyapade titiriw a watew wɔn afi aman nyinaa ho.’ Dɛn nti na na ɔde wɔn bɛyɛ agyapade titiriw? Wɔyɛɛ saa sɛnea wɔbɛyɛ “asɔfo ahemman” ama Yehowa.

7. Asɛm “asɔfo ahemman” no kyerɛ dɛn?

7 Ná Israelfo wɔ ahemfo ne asɔfo, nanso Melkisedek nkutoo ne obi a ɔtenaa ase tete mmere mu a Yehowa penee so ma ɔyɛɛ ɔhene na bere koro no ara nso ɔyɛɛ ɔsɔfo. (Gen. 14:18) Afei de, na Yehowa de hokwan bɛma ɔman no ma wɔanya “asɔfo ahemman” afi wɔn mu. Akyiri yi Kyerɛwnsɛm no frɛɛ asɔfo ahemman no sɛ “adehye asɔfokuw,” kyerɛ sɛ na wɔbɛyɛ ahene na wɔasan ayɛ asɔfo.—1 Pet. 2:9.

8. Nnwuma bɛn na na asɔfo a Onyankopɔn apaw wɔn no yɛ?

8 Ɔhene di tumi. Na ɔsɔfo nso adwuma ne dɛn? Hebrifo 5:1 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔsɔfo panyin biara a woyi no fi nnipa mu no, wɔhyɛ no sɔfo ma ɔyɛ Onyankopɔn som adwuma ma nnipa na ɔde bɔne ho ayɛyɛde ne afɔrebɔde ama.” Enti na ɔsɔfo a Yehowa apaw no no gyina nkurɔfo no ananmu kɔ Onyankopɔn anim. Ná ɔbɔ afɔre de srɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri ma ɔman no. Afei nso, na ɔsɔfo no gyina Yehowa ananmu de ne mmara kyerɛkyerɛ ɔman no. (Lev. 10:8-11; Mal. 2:7) Ná ɔsɔfo a Yehowa apaw no no yɛ saa nnwuma yi de ka ɔman no ba Onyankopɔn nkyɛn.

9. (a) Dɛn na na ehia sɛ Israelfo no yɛ na ama wɔanya hokwan abɛyɛ “asɔfo ahemman”? (b) Dɛn nti na Yehowa hyehyɛɛ asɔfodi wɔ Israelfo no mu? (d) Dɛn nti na Israelfo no antumi ammɛyɛ “asɔfo ahemman” wɔ Mmara apam no ase?

9 Mmara apam no maa Israelfo no nyaa hokwan sɛ wɔbɛyɛ adehye asɔfokuw na wɔde nhyira abrɛ “aman nyinaa.” Nanso na biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ Israelfo no yɛ ansa na wɔanya hokwan a ɛkyɛn so saa. Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ mutie m’asɛm na mudi m’apam so a.” So na wobetumi ‘atie Yehowa asɛm’? Yiw, na wobetumi nanso na ɛno nkyerɛ sɛ wɔremfom da. (Rom. 3:19, 20) Eyi nti, Yehowa paw asɔfokuw wɔ Israelfo no ara mu ma wɔde mmoa bɔɔ afɔre maa Israelfo no bɔne. Ná saa asɔfo no nyɛ ahemfo. (Lev. 4:1–6:7) Ná asɔfo no bɔ wɔn ankasa bɔne nso ho afɔre. (Heb. 5:1-3; 8:3) Yehowa gyee afɔre a ɛte saa no toom, nanso antumi anyi Israelfo no bɔne amfi hɔ koraa. Asɔfokuw a na wɔwɔ Mmara apam no ase no antumi anka Israelfo anokwafo mpo amma Onyankopɔn nkyɛn korakora. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Anantwinini ne mmirekyi mogya ntumi nyi bɔne mfi hɔ.” (Heb. 10:1-4) Esiane sɛ Israelfo no buu Mmara no so nti, wɔbaa nnome ase. (Gal. 3:10) Ná wɔrentumi nyɛ adehye asɔfokuw mma nnipa nyinaa wɔ saa tebea no mu.

10. Dɛn nti na wɔde Mmara apam no mae?

10 So eyi kyerɛ sɛ bɔ a Yehowa hyɛe sɛ wobetumi anya “asɔfo ahemman” afi Israelfo mu no bɛyɛ kwa? Ɛnte saa koraa. Sɛ wɔyɛɛ aso tiee Yehowa a, na wobenya saa hokwan no, nanso na ɛnyɛ Mmara no ase. Dɛn ntia? (Monkenkan Galatifo 3:19-25.) Nea ɛbɛboa yɛn ma yɛanya mmuae no, ɛsɛ sɛ yehu nea enti a wɔde Mmara apam no mae. Mmara no bɔɔ Israelfo a na wɔyɛ osetie ho ban fii atoro som ho. Ɛsan nso ma wohui sɛ wɔyɛ abɔnefo na wohia afɔre a ɛkyɛn nea wɔn sɔfo panyin bɔ no. Ná Mmara no yɛ kwankyerɛfo a ɛbɛkyerɛ wɔn kwan akɔ Kristo, anaa Mesia, no so. Kristo anaa Mesia kyerɛ “Nea Wɔasra No.” Mesia no ba a, na ɔde apam foforo a Yeremia hyɛɛ ho nkɔm no besi hɔ. Wɔn a wogyee Kristo toom no bɛyɛɛ apam foforo no mufo, na wɔbɛba abɛyɛ “asɔfo ahemman” ankasa. Ma yɛnhwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ saa.

APAM FOFORO NO MA WONYAA ADEHYE ASƆFOKUW

11. Ɔkwan bɛn so na Yesu bɛyɛɛ fapem maa adehye asɔfokuw bi?

11 Afe 29 Y.B. mu no, Yesu a ofi Nasaret puei sɛ Mesia no. Odii bɛyɛ mfe 30 no, ɔde ne ho mae sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde soronko, na ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ ho sɛnkyerɛnne. Yehowa kae sɛ, “oyi ne me Ba, nea medɔ no,” na ɔsraa no. Ɛnyɛ ngo na ɔde sraa no, na mmom honhom kronkron. (Mat. 3:13-17; Aso. 10:38) Onyankopɔn sraa Yesu ma ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfo Panyin na daakye nso wabɛyɛ Ɔhene ama nnipa a wogye no di nyinaa. (Heb. 1:8, 9; 5:5, 6) Enti na ɔbɛyɛ fapem ama adehye asɔfokuw bi.

12. Dɛn na Yesu afɔre no tumi ma ɛyɛɛ yiye?

12 Afɔre bɛn na na Yesu a ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin no betumi abɔ a ɛbɛpopa bɔne a wɔde woo wɔn a wogye no di no korakora? Bere a Yesu de ne wu ho Nkaedi no sii hɔ no, nea ɔkae no ma yehu sɛ n’ankasa desani nkwa a ɛyɛ pɛ no na ɔde bɔɔ afɔre. (Monkenkan Hebrifo 9:11, 12.) Efi afe 29 Y.B. mu a wɔbɔɔ Yesu asu ma ɔbɛyɛɛ Ɔsɔfo Panyin no, ɔfaa sɔhwɛ mu na onyaa ntetee kosii owu mu. (Heb. 4:15; 5:7-10) Bere a wonyan no fii awufo mu no, ɔkɔɔ soro de n’afɔre no bo kɔmaa Yehowa ankasa. (Heb. 9:24) Ɛno akyi no, na Yesu betumi asrɛ Yehowa ama wɔn a wonya n’afɔre no mu gyidi no na waboa wɔn ma wɔasom Onyankopɔn na wɔanya anidaso sɛ wobenya daa nkwa. (Heb. 7:25) Afɔre a ɔbɔe no nso maa apam foforo no dii mũ.—Heb. 8:6; 9:15.

13. Dɛn na na wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu benya?

13 Ná wɔde honhom kronkron bɛsra wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu no. (2 Kor. 1:21) Ná Yudafo anokwafo ne afei Amanaman mufo ka ho. (Efe. 3:5, 6) Dɛn na na wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu benya? Ná wɔde wɔn bɔne befiri wɔn korakora, efisɛ na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: “Mede wɔn mfomso befiri wɔn, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.” (Yer. 31:34) Afei a na Yehowa de wɔn bɔne afiri wɔn no, na wobetumi abɛyɛ “asɔfo ahemman.” Petro ka kyerɛɛ Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ: “Moyɛ ‘abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron, nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko, sɛ monka’ nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso mu no ‘nneyɛe pa nkyerɛ.’” (1 Pet. 2:9) Bere a Yehowa de Mmara no rema Israel no, asɛm a ɔkae no na Petro tĩĩ mu. Ɔkae sɛ ɛfa Kristofo a wɔwɔ apam foforo no mu ho.—Ex. 19:5, 6.

ADEHYE ASƆFOKUW BI DE NHYIRA BRƐ ADESAMMA NYINAA

14. Ɛhe na adehye asɔfokuw no bɛyɛ wɔn adwuma?

14 Ɛhe na wɔn a wɔwɔ apam foforo no mu no bɛyɛ wɔn adwuma? Wɔbom som sɛ asɔfokuw wɔ asase so, na wogyina Yehowa ananmu ka ‘ne nneyɛe pa kyerɛ’ nkurɔfo, na wɔma wɔn honhom fam aduan. (Mat. 24:45; 1 Pet. 2:4, 5) Sɛ wowu na wonyan wɔn nso a, wɔne Kristo bɛsom sɛ ahene ne asɔfo wɔ soro, na wɔbɛyɛ nnwuma abien no yiye. (Luka 22:29; 1 Pet. 1:3-5; Adi. 1:6) Ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu bi, na ohuu honhom abɔde pii wɔ Yehowa ahengua no nkyɛn wɔ soro. “Wɔtoo dwom foforo” maa “Oguammaa no” sɛ: “Wode wo mogya tɔɔ nnipa fii abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu maa Onyankopɔn, na woyɛɛ wɔn ahemman ne asɔfo maa yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.” (Adi. 5:8-10) Anisoadehu foforo mu no, Yohane kaa ahene no ho asɛm sɛ: “Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi hene mfe apem.” (Adi. 20:6) Wɔne Kristo bom yɛ adehye asɔfokuw a wɔbɛboa adesamma nyinaa.

15, 16. Nhyira bɛn na adehye asɔfokuw no de bɛbrɛ adesamma?

15 Nhyira bɛn na 144,000 no de bɛbrɛ wɔn a wɔwɔ asase so? Adiyisɛm ti 21 ka asɔfokuw yi ho asɛm sɛ ɔsoro kurow, Yerusalem Foforo, a wɔfrɛ no “Oguammaa no yere.” (Adi. 21:9) Adiyisɛm 21:2-4 ka sɛ: “Afei nso mihuu kurow kronkron, Yerusalem Foforo no, sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn wɔ ɔsoro resian a wɔasiesie no sɛ ayeforo a wɔahyehyɛ no ama ne kunu. Afei metee nne kɛse bi fii ahengua no so sɛ: ‘Hwɛ! Onyankopɔn ntamadan wɔ adesamma mu, na ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne man. Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtena. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.’” Nhyira bɛn ara ni! Nusu, awerɛhow, ne ɛyaw befi hɔ efisɛ wobetu owu kɔfabae no ase. Nnipa anokwafo bɛyɛ pɛ na wɔaka wɔn abata Onyankopɔn ho korakora.

16 Adiyisɛm 22:1, 2 ka nhyira foforo a adehye asɔfokuw no bɛma yɛanya. Ɛka sɛ: “Ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew te sɛ ahwehwɛbo a ɛsen fi Onyankopɔn ne Oguammaa no ahengua no mu ba [Yerusalem Foforo] kwantempɔn mfinimfini no. Na nkwa nnua a ɛsow aba ahorow dumien sisi asubɔnten no afanu nyinaa, na ɛsow aba ɔsram biara. Na nnua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.” Saa anisoadehu yi ma yehu sɛ sintɔ a “amanaman no” anaa adesamma mmusua nya fii Adam hɔ no befi hɔ korakora. Ampa ara, saa bere no na “kan nneɛma no atwam.”

ADEHYE ASƆFOKUW NO WIE WƆN ADWUMA

17. Mfe 1,000 no bɛba awiei no, na dɛn na adehye asɔfokuw no ayɛ?

17 Mfe 1,000 no bɛba awiei no, na adehye asɔfokuw no aboa adesamma ma wɔabɛyɛ pɛ. Afei Kristo a ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin ne Ɔhene no de adesamma abusua a wɔayɛ pɛ no bɛma Yehowa. (Monkenkan 1 Korintofo 15:22-26.) Saa bere no, na adehye asɔfokuw no awie wɔn adwuma koraa.

18. Sɛ adehye asɔfokuw no wie wɔn adwuma a, dɛn bio na Yehowa bɛma wɔayɛ?

18 Ɛno akyi no, adwuma bɛn na Yehowa de Kristo mfɛfo a wɔanya hokwan a ɛte saa no bɛyɛ? Adiyisɛm 22:5 ka sɛ “wobedi hene daa daa.” Henanom na wobedi wɔn so? Ɛno de, Bible nkyerɛ. Nanso tebea a wɔwom ne osuahu a adesamma a wɔtɔ sin a wɔaboa wɔn ama wɔanya no bɛma wɔn so aba Yehowa mfaso. Enti wɔbɛkɔ so anya tumi sɛ ahene, na Yehowa de wɔn bedi dwuma daa ma n’atirimpɔw abam.

19. Dɛn na wɔn a wɔbɛkɔ Nkaedi no bɛkae?

19 Sɛ yehyiam Yawda, April 5, 2012 sɛ yɛrekae Yesu wu no a, yɛbɛkae Bible nkyerɛkyerɛ yi. Kristofo a wɔasra wɔn kakra a wɔda so ara wɔ asase so no bedi paanoo a mmɔkaw nnim na wɔanom bobesa kɔkɔɔ de akyerɛ sɛ wɔka apam foforo no ho. Eyi bɛma wɔakae hokwan ne asɛyɛde kɛse a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn daa atirimpɔw mu. Momma yɛn nyinaa nkɔ Nkaedi no ase na yɛnkyerɛ anisɔ kɛse mma adehye asɔfokuw a Yehowa Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnyɛ nhyira mma adesamma nyinaa no.

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Adehye asɔfokuw no de nhyira bɛbrɛ adesamma daa