Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Asɛm No?’

‘Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Asɛm No?’

‘Mɛyɛ Dɛn Atumi Aka Asɛm No?’

Anuanom mmarima ne mmea pii wɔ wiase baabiara a wɔde nokwaredi reka asɛm no ɛmfa ho sɛ wɔn apɔwmuden nye koraa. Fa Dalia asɛm no sɛ nhwɛso. Ɔte Lithuania ahenkurow Vilnius mu.

Dalia yɛ onuawa a wadi bɛyɛ mfe 35. Efi bere a wɔwoo no no, yare bi aka n’adwene ma ateetee no araa. Yare no ama wabubu, na ama ne kasa mu ntew koraa. Ɛno nti n’abusuafo nkutoo na wɔte nea ɔka ase yiye. Dalia ne ne maame Galina na ɛte, na ne maame no na ɔhwɛ no. Ɛwom sɛ Dalia afa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu wɔ n’asetena mu de, nanso ɔwɔ anidaso sɛ daakye ɛbɛyɛ yiye. Dɛn na ama wanya saa anidaso no?

Galina ka sɛ: “Me busuani bi a wɔfrɛ no Apolonija bɛsraa yɛn wɔ afe 1999 mu. Ná Apolonija yɛ Yehowa Dansefo, na yehui sɛ onim Bible mu yiye, enti Dalia fii ase bisaa no nsɛm pii. Ankyɛ koraa na ɔne Dalia fii ase suaa Bible. Ɛtɔ bere bi a na metena adesua no mu kyerɛ asɛm a Dalia pɛ sɛ ɔka mu ma Apolonija. Mihui sɛ na biribiara a Dalia resua no boa no paa. Ankyɛ na me nso mekae sɛ wɔne me nsua Bible.”

Bere a Dalia rete Bible mu nokware a na ɔresua ase no, asɛm bi fii ase haw no paa. Akyiri yi obisaa ho asɛm. Obisaa Apolonija sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na obi a wabubu te sɛ me atumi aka asɛm no bi?” (Mat. 28:19, 20) Apolonija kaa Dalia koma too ne yam. Ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro koraa. Yehowa bɛboa wo.” Na Yehowa boaa no ampa.

Ɔkwan bɛn na Dalia fa so ka asɛm no? Ɔfa akwan horow so. Anuanom mmea boa no ma ɔfa Bible mu asɛm bi de kyerɛw nkrataa. Dalia di kan ka asɛm a ɔpɛ sɛ ɔkyerɛw no kyerɛ anuanom mmea no. Afei, wɔde ne nsɛm no kyerɛw krataa. Dalia kyerɛw nsɛm fa ne telefon so nso de di nkurɔfo adanse. Ɛda a ewim ye no, asafo no mufo de no pue ma ɔkɔka asɛm no wɔ baabi a ɔmanfo tena gye wɔn ahome ne kwan ho.

Dalia ne ne maame akɔ so anya nkɔso wɔ nokware no mu. Wɔn baanu nyinaa hyiraa wɔn ho so maa Yehowa, na wɔbɔɔ wɔn asu November 2004. Wɔhyehyɛɛ adesuakuw a wɔka Poland kasa wɔ Vilnius wɔ September 2008 mu. Esiane sɛ na kuw no hia Ahenni no ho adawurubɔfo pii nti, Dalia ne ne maame kɔkaa wɔn ho. Dalia ka sɛ: “Sɛ yewura ɔsram bi mu na menkɔɔ asɛnka a, etumi haw me. Nanso sɛ mebɔ Yehowa mpae a, ɛnkyɛ koraa na obi ne me ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔne me bɛkɔ asɛnka.” Yɛn dɔfo Dalia te nka dɛn wɔ ne tebea no ho? Ɔka sɛ: “Yare no ama mabubu de, nanso emmubuu m’adwene. Ɛyɛ me dɛ paa sɛ mitumi ka Yehowa ho asɛm kyerɛ afoforo!”