Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

Bible Tumi Sesa Nnipa

DƐN na ɛkaa obi a ɔyɛ tawa afuw ma ogyaee afuw no yɛ na afei nso ɔsesaa ne som a na adidi ne mu no? Ɛyɛɛ dɛn na ɔbea kɔwensani bi tumi sakraa n’abrabɔ? Kenkan saa nnipa yi anom asɛm.

“Ɛyɛ Me Dɛ sɛ Meka Abusua Kɛse Yi Ho.”—DINO ALI

AFE A WƆWOO NO: 1949

ƆMAN A OFI MU: AUSTRALIA

TEBEA A NA ƆWOM: OBI A NA ƆYƐ TAWA AFUW

ME KAN ASETENA: M’awofo tu fii Albania 1939 kɔtenaa Queensland kurow ketewa bi a wɔfrɛ no Mareeba mu wɔ Australia. Nnipa a wɔte Mareeba no bebree nso fi aman bi te sɛ Bosnia, Greece, Italy, ne Serbia, na ɛsono obiara amammerɛ ne sɛnea ɔyɛ n’ade. Ná Mareeba yɛ baabi a wodua tawa, na m’awofo nso duaa bi.

Ankyɛ na wɔwoo me nuabea panyin ne me nuanom mmarima mpanyimfo baanu ne me. Awerɛhosɛm ne sɛ, midii afe biako pɛ na komayare kum Paapa. Maame san waree, na ɔwoo mmarima baanan kaa ho. Yɛn nyinaa nyinii wɔ baabi a na yɛn papa no yɛ tawa afuw no.

Bere a metew me ho no, na minnyaa mfe 20. Midii mfe 20 no, ankyɛ pii na mewaree me yere Saime wɔ Nkramofo asɔredan bi mu wɔ yɛn mpɔtam hɔ, efisɛ na yɛn baanu nyinaa yɛ Nkramofo. Ná me maame ne me papa fiefo nyinaa yɛ nkramofo. Mekenkanee Koran no ne nhoma bi a ɛka odiyifo Muhammad ho nsɛm. Saa bere no ara nso, na mewɔ Bible ketewa bi a mekenkan. Adiyifo a wɔn ho nsɛm wɔ Bible mu no, Koran no nso ka wɔn ho asɛm, na Bible no a mekenkanee no boaa me ma mihuu bere a saa adiyifo no tenaa ase.

Ná Yehowa Adansefo ba me fie, na na wɔtaa ma yɛn nhoma ahorow kenkan, na me ne Saime ani gyee ho. Mekae sɛ na metaa ne Adansefo no bɔ nyamesom ho nkɔmmɔ. Bere biara a mebisa wɔn asɛm no, na wɔde Bible na ɛma me mmuae, na ɛnyɛ nea wɔn adwene kyerɛ wɔn. Ɛno maa m’ani gyee wɔn ho paa.

Adansefo no kae sɛ wɔne me besua Bible, na wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmra asafo nhyiam, nanso bere biara a wɔbɛka ho asɛm no, na memfa me ti nnye. Nea na esi m’ani so paa ne sɛ menya m’ankasa m’afuw na manya abusua kɛse. Afuw no de, mannya bi da, nanso mitumi woo mma baanum.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Ná me ne Yehowa Adansefo no abɔ mfe akron, nanso na mensesaa me gyidi. Nso wɔn nhoma no de, na m’ani gye ho sɛ mɛkenkan ne nyinaa. Kwasida biara na me ne Saime gye bere kenkan nhoma no. Yɛantow nhoma a yegyee no mfe pii no biara angu. Sɛ nkurɔfo bisa me gyidi foforo a na merenya no ho asɛm a, nhoma no na na ɛboa me ma mitumi yi ano.

Bere bi, mihyiaa ɔsɔfo bi, na ɔhaw me ara sɛ memfa Yesu sɛ m’Agyenkwa. Ná watumi anya Saime nuabarima ne me nso me nuabarima akodi n’akyi. Ankyɛ na amannifo a wɔwɔ ɔsom ahorow pii mu nso fii ase bɔɔ me asɔn sɛ memmɛka wɔn ho wɔ wɔn som mu. Ebinom momaa me nhoma bi a ɛkasa tia Yehowa Adansefo. Meka kyerɛɛ akasatiafo no sɛ wɔmfa Bible mfoa wɔn nkyerɛkyerɛ no so, nanso wɔantumi.

Ɔkasatia yi nyinaa rekɔ so no, afei mpo na na merehwehwɛ Bible no mu akɔ akyiri, na Adansefo no nhoma a na wɔde ama me no nso, mede yɛɛ nhwehwɛmu pii. Afei de, mibehui sɛ ɛsɛ sɛ mitu nea meresua no ho anammɔn.

Ɔdansefo biara anhyɛ da ne me anyɛ Bible adesua mpo na mifii ase kɔɔ wɔn asafo nhyiam no bi. Mfiase no, ehu kaa me na na mefɛre, nanso mihui sɛ wɔn a wɔwɔ nhyiam no ase no pɛ nnipa, na m’ani gyee nea misuae no nso ho. Meyɛɛ m’adwene sɛ me nso mɛyɛ Yehowa Dansefo, na mebɔɔ asu wɔ 1981 mu de kyerɛe sɛ mahyira me ho so ama Onyankopɔn.

Ɛwom, ɛtɔ mmere bi a na ɛyɛ me yere sɛ gyama wɔredaadaa me, nanso wankasa antia gyinae a misii no. Ɛda a merekɔbɔ asu no de, ɔbae. Mekɔɔ so kaa nokware a na meresua no bi kyerɛɛ no. M’asubɔ akyi bɛyɛ afe biako no, bere bi, na yɛte yɛn kar mu fi baabi rekɔ fie, ɛnna Saime ka kyerɛɛ me wɔ kar no mu sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ Ɔdansefo. Ɛyɛɛ me nwonwa boroo so! Ɔbɔɔ asu 1982 mu.

Ná ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛyɛ nsakrae wɔ yɛn abrabɔ mu. Migyaee tawa no ho adwuma yɛ, efisɛ na ɛne Bible nhyia. (2 Korintofo 7:1; Yakobo 2:8) Ɛkyɛe kakra ansa na yɛrenya adwuma a ɛho nni asɛm ayɛ de ahwɛ yɛn ho. Bio nso, mfe pii twaam a na yɛn abusuafo bi mpɛ sɛ wɔbɛba yɛn nkyɛn. Yɛbɔɔ mmɔden ne wɔn dii no ɔdɔ so sɛnea Bible kyerɛ no. Ɛyɛɛ kakra no, nneɛma sesae, enti seesei yɛn abusuafo a wɔbɛn yɛn no ne yɛn nyɛ aka bio.

SƐNEA ABOA ME: Mafa ɔhaw pii mu te sɛ fɛre, sikasɛm ho dadwen, ne abusuafo a wɔkasa tia me. Ne nyinaa ama mahu sɛnea Yehowa Nyankopɔn anya abotare reboa me ama madi me nsɛnnennen ho dwuma. Ɛho nhwɛso ne sɛ, seesei meyɛ asafo mu panyin, na ɛno nti ɛsɛ sɛ migyina asafo no anim kyerɛkyerɛ mpɛn pii. Ɛnnɛ nyinaa ɛnyɛ mmerɛw mma me, efisɛ ehu nti, ɛyɛ a mepo dodow. Nanso esiane sɛ mebɔ mpae daa na Yehowa nso boa me nti, mitumi yɛ saa adwuma yi.

Ayɔnkofa a ɛda me ne me yere ntam no ayɛ kɛse, na sɛnea yɛayɛ biako seesei nso, ɛnyɛ agoru koraa. Bere a yɛretete yɛn mma no, ɛnyɛ biribiara na yetumi yɛɛ no pɛpɛɛpɛ, nanso yɛbɔɔ mmɔden yɛɛ nea yebetumi biara de Bible mu nokware duaa wɔn koma mu. (Deuteronomium 6:6-9) Seesei mpo yɛn ba barima panyin no ne ne yere yɛ asɛmpatrɛwfo.

Bere a me ne m’abusua fii ase kɔɔ Adansefo no asafo nhyiam no, mekae biribi a da bi yehui. Yesi fii kar mu no, mehwɛɛ nnipa a wɔwɔ dan no mu, ɛnna mibisaa me yere ne me mma sɛ, “Muhu nea ɛrekɔ so yi dɛn?” Nea ɛte ne sɛ, na nnipa ahorow ahorow wɔ hɔ—Aboriginfo, Albaniafo, Australiafo, Croatiafo. Ne nyinaa akyi no, na obiara tumi ne ne yɔnko bɔ nkɔmmɔ anigye so. Ɛyɛ me dɛ sɛ meka abusua kɛse yi ho. Emufo nyinaa yɛ anuanom Kristofo, nanso ɛnyɛ Australia nko ara na wɔwɔ na mmom wiase nyinaa.—1 Petro 5:9.

“Me Nuabea Ampa Abaw wɔ Me ho Da.”—YELENA VLADIMIROVNA SYOMINA

AFE A WƆWOO NO: 1952

ƆMAN A OFI MU: RUSSIA

TEBEA A NA ƆWOM: ƆKƆWENSANI; ANKA ƆREKUM NE HO

ME KAN ASETENA: Wɔwoo me Krasnogorsk, kurow ketewaa bi a ɛhɔ dwo a ɛbɛn Moscow. Ná me papa ne me maame nyinaa yɛ akyerɛkyerɛfo. Ná minim ade, na misuaa dwonto wɔ sukuu. Ná mewɔ anidaso sɛ ebesi me yiye daakye.

Bere a mewaree no, me ne me kunu tu kɔtenaa baabi a na kasafĩ, nsawe, ne sigaretnom adi nkurɔfo ti. M’ani baa me ho so no, na me nso mereyɛ nneɛma bɔne no bi. Ahyɛase no, na adwene a mede kɔ apontow ahorow ase ne sɛ merekɔto dwom abɔ sanku. Nanso sɛ minya du hɔ a, nkurɔfo frɛfrɛ me ma mekɔnom sigaret ne nsã. Ankyɛ na mebɛyɛɛ ɔkɔwensani.

Asanom no fii ase sɛee me. Nkakrankakra, m’abrabɔ gyigyae koraa ma afei de, na mintumi nnidi mpo. Eduu baabi no, na mepɛ sɛ miwu, enti anka merekum me ho nso anyɛ yiye. Ɛyɛ me dɛ sɛ manwu.

Eyi nyinaa rekɔ so no, na me nuabea taa bɛsra me. Ná wabɛyɛ Yehowa Dansefo, na na ɔpɛ sɛ ɔma mihu sɛ Bible betumi aboa me. Ná mempɛ Bible mu asɛm biara atie, enti mfiase no, misisiw m’aso. Nanso me nuabea no ampa abaw wɔ me ho da. Onyaa me ho abotare, na ɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ me. Ɛno nti mepenee so ma ɔne me yɛɛ Bible adesua.

SƐNEA BIBLE NO SESAA M’ASETENA: Mifii ase suaa Bible, na misii me bo sɛ megyae asanom. Saa bere no mu ara na ɔbarima bi a ɔte mpɔtam hɔ a na wabow nsa tow hyɛɛ me so boroo me. Opirapiraa me ma wɔde me kɔtoo ayaresabea. Me mfe mparow anan bubui, na m’aniwa biako ho kae. Ná nsã no gyae nyɛ mmerɛw, nanso ayaresabea hɔ a mekɔdae no boaa me.

Saa bere yi nyinaa, na metaa bɔ mpae paa. Bible mu asɛm a ɛkyekyee me werɛ paa ne Kwadwom 3:55, 56, na ɛhɔ ka sɛ: “O Yehowa, mifi amoa ase tɔnn na mabɔ wo din afrɛ wo. Wubetie me nne. Nsiw w’aso, m’ahotɔ ne me sufrɛ ho.”

Migye di paa sɛ Yehowa tiee me mpaebɔ. Ɔno na ɔhyɛɛ me den sɛnea ɛbɛyɛ a merensan nkɔ abrabɔ bɔne no ho bio. Ɛtɔ mmere bi a na ɛyɛ me sɛ minkotwa kakra. Nanso, anigyesɛm ne sɛ, nsã amfa me nnommum bio.

Bere a migu so resua Bible no, mibehui sɛ ɛsɛ sɛ mebrɛ me ho ase boa me kunu a ɔyɛ abusua ti no. (1 Petro 3:1, 2) Ná ɛnyɛ mmerɛw mma me, efisɛ me na na mekyerɛ nea ɛsɛ sɛ me kunu yɛ. Mebɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me. Mansesa prɛko pɛ; nkakrankakra, mebɛyɛɛ ɔyere pa a ɔbrɛ ne ho ase boa ne kunu.

Bere a me kunu huu saa nsakrae yi no, ne ho dwiriw no. Besi saa bere no nyinaa, na n’ani nnye Bible ho. Nanso bere a meyɛɛ m’adwene sɛ megyae sigaretnom no, ɔkae sɛ: “Sɛ wugyae sigaretnom a, ɛnde me nso mesua Bible!” Me ne me kunu nyinaa gyaee sigaretnom dakoro.

SƐNEA ABOA ME: Ampa ara me kunu fii ase suaa Bible sɛnea ɔkae no. Seesei yɛkenkan Bible da biara da, yedwinnwen ho, na yɛbɔ mmɔden de emu afotu bɔ yɛn bra.

Anigye a yɛn abusua no anya de, yɛrentumi nka mpo; na m’ankasa nso manya mfaso pii. Meda Yehowa ase paa sɛ watwe me aba ne nkyɛn. (Yohane 6:44) Meda me nuabea no nso ase sɛ wampa abaw wɔ me ho. Ama mahu sɛ Bible no tumi sesa nnipa ampa.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 11]

Mibehui sɛ ɛsɛ sɛ mitu nea meresua no ho anammɔn

[[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 13]

Me nuabea no nyaa me ho abotare, na ɔdaa ɔdɔ adi kyerɛɛ me. Ɛno nti mepenee so ma ɔne me yɛɛ Bible adesua